1 Mose 42 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 42:1-38

Yosef Nuammarima Kɔ Misraim

1Ɛberɛ a Yakob tee sɛ aburoo wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Adɛn enti na moatete agyinagyina rehwehwɛhwehwɛ mo ho mo ho anim yi?” 2Yakob toaa so sɛ, “Mate sɛ aburoo wɔ Misraim. Monkɔ hɔ, na monkɔtɔ bi mmra na ɛkɔm ankum yɛn.”

3Enti, Yosef nuammarima mpanimfoɔ edu no kɔɔ Misraim sɛ wɔrekɔtɔ aburoo no bi. 4Nanso, Yakob amma Benyamin a ɔyɛ Yosef nua kumaa no ankɔ bi, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ biribi bɛyɛ no. 5Enti, Israel mmammarima no de wɔn ho bɔɔ atɔfoɔ a wɔfifiri aman ahodoɔ so kɔtɔ aburoo wɔ Misraim no ho, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm no atrɛ akɔduru Kanaan asase so mmaa nyinaa.

6Na Yosef yɛ amrado wɔ Misraim asase so. Ɔno na ɔtɔn aburoo ma nnipa nyinaa wɔ ɔman no mu. Yosef nuammarima no kɔduruu nʼanim no, wɔbuu no nkotodwe, de wɔn anim nso butubutuu fam. 7Ɛberɛ a Yosef ani bɔɔ anuanom no so ara pɛ, ɔhunuu sɛ wɔyɛ ne nuanom, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛdeɛ ɔnnim wɔn, kasaa anihanehane so kyerɛɛ wɔn. Ɔpoopoo nʼani, bisaa wɔn sɛ, “Mofiri he?”

Anuanom no buaa no sɛ, “Yɛfiri Kanaan asase so, na yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ aduane.”

8Ɛwom sɛ na Yosef ahunu wɔn sɛ ne nuanom, nanso ne nuanom no deɛ, na wɔnhunuu sɛ, ɔno ne Yosef. 9Yosef kaee daeɛ a mmerɛ bi ɔso faa wɔn ho no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ akwansrafoɔ! Morebɛhwɛ sɛdeɛ ɛkɔm yi ama yɛn asase yi agyigya.”

10Anuanom no teaam sɛ, “Dabi yɛn wura, ɛnte saa. Yɛbaeɛ sɛ yɛrebɛtɔ aduane. 11Yɛn nyinaa firi agya baako. Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafoɔ saa.”

12Nanso, Yosef ka tii mu sɛ, “Dabi, morebɛhwɛ sɛdeɛ asase no asi agyigya afa.”

13Anuanom no buaa sɛ, “Yɛn, wʼasomfoɔ, yɛyɛ anuanom dumienu. Yɛyɛ ɔpanin bi a ɔte Kanaan asase so mma. Seesei, yɛn kaakyire no wɔ yɛn agya nkyɛn, ɛnna ɔbaako nso afiri mu.”

14Nanso, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Asɛm a meka kyerɛɛ mo sɛ moyɛ akwansrafoɔ no, ɛno ara ne no. 15Ɛkwan a mepɛ sɛ mefa so de sɔ mo hwɛ nie: mmerɛ dodoɔ a Farao te ase yi, meremma mo mfiri Misraim asase so ha nkɔ da, kɔsi sɛ mode mo kaakyire no bɛba. 16Monsoma mo mu baako, na ɔnkɔfa mo kaakyire no mmra. Mede mo a moaka no nyinaa bɛgu afiase. Ɛno na ɛbɛma yɛahunu sɛ, mo asɛm a moreka no yɛ nokorɛ anaa ɛnyɛ nokorɛ. Sɛ ɛkɔba sɛ monni nuabarima kumaa a ɔyɛ mo kaakyire a, mmerɛ dodoɔ a Farao te ase yi, na ɛkyerɛ sɛ moyɛ akwansrafoɔ ampa!” 17Enti, ɔde wɔn guu afiase hɔ nnansa.

18Ne nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno enti, merebɛma mo ɛkwan ama moasane mo ho sɛ monyɛ akwansrafoɔ. 19Sɛ moyɛ nokwafoɔ ampa ara a, momma mo nua baako nna afiase ha. Mo a moaka no nso, monkɔtɔ aburoo no bi nkɔma mo fiefoɔ a ɛkɔm rekum wɔn no. 20Nanso, ɛkwan biara so no, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahunu sɛ, asɛm a moreka no yɛ nokorɛ anaasɛ ɛnyɛ nokorɛ. Na sɛ nokorɛ na moreka deɛ a, mɛgyaa mo.” Wɔpenee abisadeɛ a Yosef de too wɔn anim no so.

21Afei, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Nokorɛm, yɛn nuabarima yi enti na wɔretwe yɛn aso. Yɛhunuu sɛdeɛ wabɔ huboa ne sɛdeɛ ɔsrɛɛ ne nkwa no, nanso yɛantie. Ɛno enti na saa amanehunu yi a aba yɛn so ɛnnɛ yi.”

22Afei, anuanom no mu panin a wɔfrɛ no Ruben no kaa sɛ, “Manka mankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yɛbu ne mogya ho akonta” 23Esiane sɛ na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no enti, na wɔnnim sɛ Yosef te wɔn kasa.

24Yosef sɔre firii wɔn nkyɛn kɔsuiɛ. Ɔsane baeɛ ne wɔn bɛkasaa bio. Ɔyii Simeon firii wɔn mu, ma wɔkyekyeree no wɔ wɔn anim.

25Yosef hyɛɛ sɛ, wɔnhyɛ wɔn nkotokuo no aburoo ma ma, na wɔnsane mfa obiara sika a anka ɔde rebɛtɔ aburoo nhyɛ ne kotokuo mu, na wɔmma wɔn akwansoduane nso nka ho. Wɔyɛɛ yei maa wɔn. 26Wɔhyehyɛɛ wɔn aburoo nkotokuo no wɔ mfunumu no so, siim sɛ wɔrekɔ wɔn kurom.

27Wɔrekɔ no ara, wɔgyinaa ɛkwan so anadwo homeeɛ. Ɛhɔ na wɔn mu baako sanee ne kotokuo ano sɛ ɔrema nʼafunumu aduane adi. Ɔsanee ne kotokuo no ano no, ɔhunuu sɛ ne sika a anka ɔde rekɔtɔ aburoo no hyɛ kotokuo no fa baabi. 28Ɔka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Wɔde me sika no asane ahyɛ me kotokuo no mu. Monhwɛ. Ɛno nie!”

Saa asɛm yi maa wɔn akoma tutuiɛ. Enti, wɔhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim kaa sɛ, “Ɛdeɛn anwanwadeɛ na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?”

29Wɔduruu wɔn agya Yakob nkyɛn wɔ Kanaan no, wɔbɔɔ no nsɛm a asisi no nyinaa ho amaneɛ. Wɔkaa sɛ, 30“Yɛduruu Misraim asase so no, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so no a ɔyɛ asase no so ɔhene ɔboafoɔ no poopoo nʼani, kasaa anihanehane so kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛyɛ akwansrafoɔ. 31Nanso, yɛbuaa no sɛ, ‘Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafoɔ. 32Yɛyɛ anuanom dumienu a yɛfiri agya baako. Ɔbaako afiri mu. Seesei, yɛn kaakyire no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan.’

33“Afei, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Ɛkwan a mepɛ sɛ mefa so de sɔ mo hwɛ nie: Monnya mo nuanom baako wɔ me nkyɛn ha, na monkɔtɔ aburoo no bi nkɔma mo fiefoɔ a ɛkɔm rekum wɔn no. 34Nanso, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahunu sɛ monyɛ akwansrafoɔ na moyɛ nnipa pa. Na mede mo nua no bɛma mo, na mobɛtumi abɛtɔ aburoo no bi wɔ asase yi so mpɛn dodoɔ biara a mopɛ.’ ”

35Ɛberɛ a wɔrehwiehwie wɔn aburoo no afiri wɔn nkotokuo no mu no, obiara hunuu ne sika a anka ɔde rekɔtua aburoo no ka wɔ ne kotokuo no ano. Wɔne wɔn agya hunuu sika no, wɔn akoma tutuiɛ. 36Ɛyɛɛ saa maa wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moama mahwere me mma. Yosef nni hɔ; Simeon nso nni hɔ; afei mopɛ sɛ mofa Benyamin nso ka ho! Biribiara ko tia me.”

37Ruben ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Sɛ mamfa Benyamin ansane amma a, wowɔ ho kwan sɛ wokum me mmammarima baanu no si anan. Fa no hyɛ me nsa, na mɛsane mede no abrɛ wo.”

38Nanso, Yakob buaa sɛ, “Me babarima no ne monnkɔ hɔ, ɛfiri sɛ, ne nuabarima awu ama aka ɔno nko. Sɛ saa akwantuo a morebɛtu yi, asiane bi kɔsiane no a, mɛwu.”

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Mose 42:1-38

Yosef Nuabarimanom Kɔ Misraim

1Bere a Yakob tee sɛ aburow wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Adɛn nti na morehwehwɛhwehwɛ mo ho mo ho anim kɛkɛ yi?” 2Yakob toaa so se, “Mate sɛ aburow wɔ Misraim. Monkɔ hɔ, na monkɔtɔ bi mmra na ɔkɔm ankunkum yɛn.”

3Enti Yosef nuabarimanom mpanyimfo du no kɔɔ Misraim sɛ wɔrekɔtɔ aburow no bi. 4Nanso Yakob amma Benyamin a ɔyɛ Yosef nua kumaa no ankɔ bi, efisɛ na osuro sɛ biribi bɛyɛ no. 5Enti Israel mmabarima no de wɔn ho bɔɔ atɔfo a wofifi aman ahorow so kɔtɔ aburow wɔ Misraim no ho, efisɛ na ɔkɔm no atrɛw akodu Kanaan asase so mmaa nyinaa.

6Na Yosef yɛ amrado wɔ Misraim asase so. Ɔno na ɔtɔn aburow ma nnipa nyinaa wɔ ɔman no mu. Yosef nuabarimanom no koduu nʼanim no, wobuu no nkotodwe, de wɔn anim nso butubutuw fam. 7Bere a Yosef ani bɔɔ anuanom no so no, ohuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛnea onnim wɔn ma ɔhaahaa nʼani kasa kyerɛɛ wɔn se, “Mufi he?”

Anuanom no buaa no se, “Yefi Kanaan asase so, na yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ aduan.”

8Na Yosef ahu ne nuanom no de, nanso wɔn de, na wonhuu no ɛ. 9Yosef kaee dae a mmere bi ɔso faa wɔn ho no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ akwansrafo! Morebɛhwɛ baabi a yɛn asase yi nni bammɔ.”

10Anuanom no buae se, “Dabi da yɛn wura, wo nkoa bae sɛ yɛrebɛtɔ aduan. 11Yɛn nyinaa fi agya baako. Wo nkoa yɛ anokwafo, na yɛnyɛ akwansrafo.”

12Nanso Yosef tii mu se, “Dabi da, morebɛhwɛ baabi a yɛn asase yi nni bammɔ.”

13Anuanom no buae se, “Na wo nkoa yɛ anuanom dumien, ɔpanyin bi a ɔte Kanaan asase so mma. Mprempren, yɛn kaakyiri no wɔ yɛn agya nkyɛn, na ɔbaako nso afi mu.”

14Yosef ka kyerɛɛ wɔn se, “Asɛm no ara na meka kyerɛɛ mo no: Moyɛ akwansrafo! 15Ɔkwan a mɛfa so de asɔ mo ahwɛ ni: Sɛ Farao te ase yi, moremfi ha nkɔ da, kosi sɛ mode mo kaakyiri no bɛba. 16Monsoma mo mu baako, na ɔnkɔfa mo kaakyiri no mmra. Mede mo a moaka no nyinaa begu afiase. Ɛno na ɛbɛma yɛahu sɛ mo asɛm a moreka no yɛ nokware. Sɛ ɛnte saa a na Farao te ase yi, na moyɛ akwansrafo!” 17Na ɔde wɔn nyinaa guu afiase nnansa.

18Nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno nti, monyɛ eyi na moanya nkwa. 19Sɛ moyɛ nokwafo ampa ara a, momma mo nua baako nna afiase ha na mo a moaka no nso nkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no. 20Nanso nea ɛte biara no, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu mo nsɛm no mu nokware na moanwuwu.” Wɔyɛɛ nea ɔkaa no.

21Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Nokware, yɛn nuabarima yi nti na wɔretwe yɛn aso. Yehuu sɛnea ɔpaa yɛn kyɛw sɛ yenyaa no nanso yɛantie no; ɛno nti na saa amanehunu yi aba yɛn so no.”

22Ruben buae se, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yebu ne mogya ho akontaa” 23Esiane sɛ na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no nti, na wonnim sɛ Yosef te wɔn kasa no.

24Yosef sɔre fii wɔn nkyɛn kosui. Ɔsan bae ne wɔn bɛkasae bio. Oyii Simeon fii wɔn mu, maa wɔkyekyeree no wɔ wɔn anim.

25Yosef hyɛɛ sɛ, wɔnhyɛ wɔn nkotoku no aburow amaama, na wɔnsan mfa obiara sika a anka ɔde rebɛtɔ aburow no nhyɛ ne kotoku mu, na wɔmma wɔn akwansoduan nso nka ho. Wɔyɛɛ eyi maa wɔn. 26Wɔhyehyɛɛ wɔn aburow nkotoku no wɔ wɔn mfurum no so ma wofii hɔ.

27Wɔrekɔ no ara, wogyinaa kwan so anadwo homee. Ɛhɔ na wɔn mu baako san ne kotoku sɛ ɔrema nʼafurum aduan adi. Ɔsan ne kotoku no, ohuu sɛ ne sika a anka ɔde rekɔtɔ aburow no hyɛ kotoku no fa baabi. 28Ɔka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Wɔde me sika no asan ahyɛ me kotoku no mu. Monhwɛ. Ɛno ni!”

Saa asɛm yi maa wɔn koma tutui. Enti wɔhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim kae se, “Dɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?”

29Woduu wɔn agya Yakob nkyɛn wɔ Kanaan no, wɔbɔɔ no nsɛm a asisi no nyinaa ho amanneɛ. Wɔkae se, 30“Yeduu Misraim asase so no, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so no poopoo nʼani, kyerɛɛ yɛn sɛ yɛyɛ akwansrafo. 31Nanso yebuaa no se, ‘Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafo. 32Yɛyɛ anuanom dumien a yefi agya baako. Ɔbaako afi mu. Mprempren, yɛn kaakyiri no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan.’

33“Na ɔbarima a ɔhwɛ asase no so ka kyerɛɛ yɛn se, ‘Ɔkwan a mepɛ sɛ mefa so sɔ mo hwɛ ni: Munnyaw mo nuanom baako wɔ me nkyɛn ha, na monkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no. 34Nanso momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu sɛ monyɛ akwansrafo na moyɛ nnipa pa. Na mede mo nua no bɛma mo, na mubetumi adi gua wɔ asase yi so.’ ”

35Bere a wɔrehwiehwie wɔn aburow no afi wɔn nkotoku no mu no, obiara huu ne sika a anka ɔde rekotua aburow no ka wɔ ne kotoku no ano. Wɔne wɔn agya huu sika no, wɔn koma tutui. 36Ɛyɛɛ saa maa wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn se, “Moama mahwere me mma. Yosef nni hɔ; Simeon nso nni hɔ; afei mopɛ sɛ mofa Benyamin nso ka ho! Biribiara ko tia me.”

37Ruben ka kyerɛɛ nʼagya se, “Sɛ mamfa Benyamin ansan amma a, wowɔ ho kwan sɛ wukum me mmabarima baanu no si anan. Fa no hyɛ me nsa, na mɛsan de no abrɛ wo.”

38Nanso Yakob buae se, “Me babarima no ne morenkɔ hɔ, efisɛ ne nuabarima awu ama aka ɔno nko. Sɛ saa kwan a morebetu yi, asiane bi kosiane no a, mewu.”