1 Mose 40 – ASCB & NIV

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 40:1-23

Yosef Kyerɛ Daeɛ Ase

1Mmerɛ tiawa bi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene Farao nsãhyɛfoɔ panin ne ne burodotofoɔ panin fom no. 2Farao bo fuu ne nsãhyɛfoɔ panin no ne ne burodotofoɔ panin no yie. 3Enti, ɔde wɔn too afiase wɔ ɔwɛmfoɔ panin Potifar no fie, baabi korɔ no ara a wɔde Yosef kɔtoeɛ hɔ. 4Ɔwɛmfoɔ panin Potifar de wɔn hyɛɛ Yosef nsa sɛ, ɔnhwɛ na ɔnyɛ deɛ ɛhia wɔn nyinaa mma wɔn.

Wɔdaa afiase hɔ kyɛɛ kakraa no, 5nnipa baanu no nyinaa a na wɔyɛ ɔhene Farao burodotofoɔ panin ne nsãhyɛfoɔ panin a na wɔgu afiase hɔ no sosoo daeɛ anadwo korɔ no ara. Na saa daeɛ mmienu no mu biara wɔ ne nkyerɛaseɛ.

6Adeɛ kyeeɛ a Yosef baa nneduafoɔ baanu no nkyɛn no, ɔhunuu sɛ wɔn nyinaa ayeyɛ mosomosoo. 7Enti, ɔbisaa Farao fie mpanimfoɔ nneduafoɔ a na wɔne no gu afiase hɔ no sɛ, “Adɛn enti na ɛnnɛ deɛ, mo werɛ aho mo ho sɛɛ?”

8Nneduafoɔ no buaa Yosef sɛ, “Anadwo yi, yɛn baanu nyinaa sosoo daeɛ, nanso yɛnnya obiara wɔ ha nkyerɛ yɛn aseɛ.”

Yosef nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛwom sɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ daeɛ ase deɛ, nanso monka mo daeɛ a mososoeɛ no nkyerɛ me.”

9Enti, Farao nsãhyɛfoɔ panin no dii ɛkan kaa ne daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ Yosef sɛ, “Me daeɛ mu no, mehunuu bobe dua. 10Na saa bobe dua no apan mman mmiɛnsa. Ɛguu nhyerɛnne, hyehyɛeɛ, nyiniiɛ, yɛɛ siaka bereeɛ. 11Na mekura ɔhene Farao nsã kuruwa. Metetee bobe aba no, kyikyi guu ɔhene Farao nsã kuruwa no mu, de maa no sɛ ɔnnom.”

12Yosef ka kyerɛɛ nsãhyɛfoɔ panin deduani no sɛ, “Wo daeɛ no ase nie: mman mmiɛnsa a wohunuiɛ no kyerɛ nnansa. 13Nnansa ntam no, Farao bɛyi wo, ama woakɔdi wo dibea sɛ ɔhene nsãhyɛfoɔ panin. Na wode Farao kuruwa bɛhyɛ ne nsa sɛdeɛ na woyɛ no kane no. 14Na sɛ ɛsi wo yie a, kae me. Mesrɛ wo, ɛyɛ a, ka me ho asɛm kyerɛ ɔhene Farao, na ɔmma wɔmmɛyi me mfiri afiase ha. 15Ɛfiri sɛ, nokorɛ ni, manyɛ bɔne biara na wɔkyeree me firii me manfoɔ Hebrifoɔ asase so de mebaa ha. Na ɛha nso mpo a meda yi, manyɛ afɔdisɛm biara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so de me to afiase.”

16Ɛberɛ a burodotofoɔ panin deduani no hunuu sɛ Yosef akyerɛ nsãhyɛfoɔ panin no daeɛ no ase, ama atɔ asom no, ɔka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Me nso, mesoo daeɛ bi. Me daeɛ no mu, na mesoso nkɛntɛn mmiɛnsa a burodo gugu mu. 17Kɛntɛn a ɛsi ɛsoro pɛɛ no, na nnuane ahodoɔ a wɔato a mede rekɔma Farao gu mu a na nnomaa sisi aduane no so wɔ mʼatifi, redi.”

18Yosef ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo daeɛ a wosoeɛ no asekyerɛ ni. Nkɛntɛn mmiɛnsa no gyina hɔ ma nnansa. 19Nnansa ntam no, Farao bɛma wɔabɛyi wo afiri afiase ha, atwa wo ti, de wo kuntunsini no akɔsɛn dua so, ama nnomaa asosɔ wo ɛnam.”

20Ne nnansa so no, na Farao redi nʼawoda. Enti, ɔtoo ɛpono kɛseɛ bi maa ne mpanimfoɔ ne ne fiefoɔ nyinaa. Ɔsoma ma wɔkɔyii ne burodotofoɔ panin ne ne nsãhyɛfoɔ panin nneduafoɔ no firii afiase hɔ baa nʼanim. 21Ɔhene Farao sane de ne nsãhyɛfoɔ panin no sii ne siberɛ, ma ɔhyɛɛ ɔhene Farao nsã. 22Nanso, ne burodotofoɔ panin no deɛ, Farao ma wɔkɔsɛn no sɛdeɛ Yosef kyerɛɛ ne daeɛ no ase kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ.

23Nsãhyɛfoɔ panin no nso werɛ firii Yosef a wankae no koraa.

New International Version

Genesis 40:1-23

The Cupbearer and the Baker

1Some time later, the cupbearer and the baker of the king of Egypt offended their master, the king of Egypt. 2Pharaoh was angry with his two officials, the chief cupbearer and the chief baker, 3and put them in custody in the house of the captain of the guard, in the same prison where Joseph was confined. 4The captain of the guard assigned them to Joseph, and he attended them.

After they had been in custody for some time, 5each of the two men—the cupbearer and the baker of the king of Egypt, who were being held in prison—had a dream the same night, and each dream had a meaning of its own.

6When Joseph came to them the next morning, he saw that they were dejected. 7So he asked Pharaoh’s officials who were in custody with him in his master’s house, “Why do you look so sad today?”

8“We both had dreams,” they answered, “but there is no one to interpret them.”

Then Joseph said to them, “Do not interpretations belong to God? Tell me your dreams.”

9So the chief cupbearer told Joseph his dream. He said to him, “In my dream I saw a vine in front of me, 10and on the vine were three branches. As soon as it budded, it blossomed, and its clusters ripened into grapes. 11Pharaoh’s cup was in my hand, and I took the grapes, squeezed them into Pharaoh’s cup and put the cup in his hand.”

12“This is what it means,” Joseph said to him. “The three branches are three days. 13Within three days Pharaoh will lift up your head and restore you to your position, and you will put Pharaoh’s cup in his hand, just as you used to do when you were his cupbearer. 14But when all goes well with you, remember me and show me kindness; mention me to Pharaoh and get me out of this prison. 15I was forcibly carried off from the land of the Hebrews, and even here I have done nothing to deserve being put in a dungeon.”

16When the chief baker saw that Joseph had given a favorable interpretation, he said to Joseph, “I too had a dream: On my head were three baskets of bread.40:16 Or three wicker baskets 17In the top basket were all kinds of baked goods for Pharaoh, but the birds were eating them out of the basket on my head.”

18“This is what it means,” Joseph said. “The three baskets are three days. 19Within three days Pharaoh will lift off your head and impale your body on a pole. And the birds will eat away your flesh.”

20Now the third day was Pharaoh’s birthday, and he gave a feast for all his officials. He lifted up the heads of the chief cupbearer and the chief baker in the presence of his officials: 21He restored the chief cupbearer to his position, so that he once again put the cup into Pharaoh’s hand— 22but he impaled the chief baker, just as Joseph had said to them in his interpretation.

23The chief cupbearer, however, did not remember Joseph; he forgot him.