1 Mose 37 – ASCB & KLB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 37:1-36

Yosef Daeɛso

1Yosef tenaa Kanaan asase a na nʼagya te so sɛ ɔhɔhoɔ no so.

2Yosef abusua ho asɛm nie:

Ɛberɛ a Yakob ba Yosef dii mfirinhyia dunson no, na ɔne ne nuanom hwɛ wɔn agya Yakob nnwan so. Na ɔyɛ Bilha ne Silpa a wɔyɛ nʼagya yerenom no mmammarima no ɔboafoɔ. Na ɔyɛ obi a nneɛma a ne nuanom no yɛ a ɛnyɛ no, ɔtaa bɛka kyerɛ wɔn agya Yakob.

3Na Israel pɛ ne ba Yosef asɛm sene ne mma a aka no nyinaa, ɛfiri sɛ, ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu; ɛno enti, ɔpam batakari bi a ɛyɛ fɛ maa no. 4Ɛberɛ a ne nuanom no hunuu sɛ wɔn agya pɛ nʼasɛm sene wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no.

5Ɛda bi, Yosef soo daeɛ. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom mmarima no, wɔtan no kyɛnee kane no mpo. 6Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie daeɛ bi a maso. 7Mesoo daeɛ, na yɛrekyekyere aburoo afiafi wɔ afuom. Ɛberɛ a yɛgu so rekyekyere aburoo no, amonom hɔ ara, me afiafi a makyekyere no sɔre gyinaa ntenten. Mo afiafi a moakyekyere no nso twaa me deɛ no ho hyiaeɛ, kotoo no.”

8Yosef nuanom no bisaa no sɛ, “Enti, wʼadwene ne sɛ wobɛdi yɛn so anaa? Wogye di sɛ, ampa ara, wobɛtumi aka yɛn ahyɛ?” Esiane ne daeɛ a ɔsoeɛ no ne asɛm a ɔkaeɛ no enti, ɛmaa ne nuanom no kyirii no kɔkɔɔkɔ.

9Afei, ɔsane soo daeɛ bio. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie: Maso daeɛ foforɔ bio. Mesoo daeɛ, na owia, ɔsrane ne nsoromma dubaako rekoto me.”

10Saa daeɛ yi deɛ, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne nuammarimanom no. Nʼagya tee saa daeɛ no, ɔkaa nʼanim sɛ, “Ɛdeɛn daeɛ na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo maame ne me ne wo nuammarimanom no bɛba abɛkoto wo anaa?” 11Yei maa ne nuammarimanom no ani beree no mmorosoɔ. Nanso, nʼagya deɛ, ɔdwenee asɛm no ho kɔɔ akyiri.

Yosef Nuanom Bɔ Ne Ho Pɔ

12Ɛda bi, Yosef nuammarimanom no de wɔn agya nnwan kɔɔ adidi wɔ Sekem. 13Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Sɛdeɛ wonim no, wo nuanom no de mmoa no kɔ adidi wɔ Sekem. Bra, na mensoma wo wɔn nkyɛn.”

Yosef buaa sɛ, “Yoo, agya, mate.”

14Enti, Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ho te sɛn, na nnwan no nso, na sane bɛka biribi kyerɛ me.” Enti, Israel somaa Yosef firii Hebron subɔnhwa no mu.

Ɛberɛ a Yosef duruu Sekem no, 15ɔbarima bi hunuu no sɛ ɔnenam wura no mu. Ɔbarima no bisaa no sɛ, “Worehwehwɛ ɛdeɛn?”

16Yosef buaa no sɛ, “Merehwehwɛ me nuammarima. Mesrɛ wo, wobɛtumi akyerɛ me baabi a wɔde wɔn nnwan no kɔ adidi?”

17Ɔbarima no buaa no sɛ, “Wo nuammarimanom no afiri ha kɔ. Metee sɛ wɔreka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’ ”

Enti, Yosef tii ne nuanom no, kɔtoo wɔn wɔ Dotan hɔ. 18Ɛberɛ a Yosef fitiiɛ no, wɔhunuu no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba. Ansa na ɔreduru wɔn nkyɛn no, wɔbɔɔ ne ho pɔ sɛ wɔbɛkum no.

19Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Monhwɛ! Ɔdaeɛsofoɔ no na ɔreba no! 20Mommra seesei ara, na yɛnkum no, na yɛnto no ntwene amena no bi mu, na yɛnkɔka nkyerɛ yɛn agya sɛ, aboa bi akye no awe, na yɛnhwɛ sɛ biribi bɛfiri ne daeɛ ahodoɔ no mu aba anaa.”

21Ruben a ɔyɛ wɔn nua panin tee saa asɛm yi no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛgye Yosef nkwa. Ɔkaa sɛ, “Mommma yɛnkum no. 22Monnhwie mogya ngu. Momma yɛnto no ntwene amena a ɛwɔ ɛserɛ yi so no bi mu. Na mommma yɛmfa yɛn nsa nka no.” Ruben kaa saa asɛm yi de gyee no firii wɔn nsam, sɛdeɛ ɔbɛnya ɛkwan de no akɔhyɛ wɔn agya nsa.

23Yosef bɛduruu ne nuammarimanom no nkyɛn no, wɔworɔɔ ne batakari fɛfɛ a ɛhyɛ no no. 24Afei, wɔtoo no twenee amena bi mu. Saa amena no, na nsuo biara nni mu.

Wɔtɔn Yosef

25Afei, ɛberɛ a anuanom no tenaa ase sɛ wɔredidi no, wɔtoo wɔn ani hunuu sɛ nyoma bebree sa so reba faako a na wɔrebɛdidi hɔ no. Wɔhunuu sɛ saa nkurɔfoɔ no yɛ Ismaelfoɔ adwadifoɔ bi a wɔsoso hyehwam, akyenkyennuro ne kurobo a wɔde firi Gilead rekɔtɔn no wɔ Misraim asase so.

26Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Sɛ yɛkum yɛn nua yi, kata ne mogya so a, ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya. 27Momma yɛnyi no, na yɛntɔn no mma Ismaelfoɔ adwadifoɔ yi, sene sɛ yɛbɛkum no. Ɛkɔsi sɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua kumaa a ɔyɛ yɛn busuani.” Ne nuanom mmarima no penee nʼadebisa no so.

28Ɛberɛ a Midian adwadifoɔ no bɛduru hɔ no, Yosef nuanom no yii no firii amena no mu, tɔn no gyee dwetɛ gram ahanu aduonu nwɔtwe (228) maa Ismaelfoɔ no, maa wɔde no kɔɔ Misraim.

29Ruben sane nʼakyi baa amena no ho, na ɔhunuu sɛ Yosef nni amena no mu no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu. 30Ɔkɔɔ ne nuammarimanom no hɔ, kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Abarimaa no nni hɔ oo! Enti, seesei menyɛ me ho dɛn ni!”

31Afei, anuanom no faa Yosef batakari no, kumm abirekyie, de batakari no nuu ne mogya no mu. 32Wɔde Yosef batakari fɛfɛ no kɔɔ wɔn agya nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛhunuu saa atadeɛ yi wɔ wura mu hɔ baabi. Hwɛ sɛ ɛyɛ Yosef atadeɛ anaa?”

33Wɔn agya hunuiɛ ampa, kaa sɛ, “Nokorɛ, ɛyɛ me ba Yosef atadeɛ! Aboa bi akye no awe. Ampa ara sɛ, aboa ko no atete Yosef ɛnam pasaa.”

34Na Yakob sunsuanee ne ntadeɛ mu, hyɛɛ ayitadeɛ, suu ne ba no nna bebree. 35Ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, kyekyeree ne werɛ, nanso ankɔsi hwee. Yakob kaa sɛ, “Dabi, mede awerɛhoɔ bɛwu akɔto me ba no asamando.” Enti, nʼagya Yakob suu no.

36Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, Midianfoɔ no nso kɔtɔn Yosef maa Potifar wɔ Misraim. Saa Potifar no na ɔyɛ ɔhene Farao dabehene ne nʼawɛmfoɔ so panin.

Korean Living Bible

창세기 37:1-36

요셉의 꿈 이야기

1야곱은 자기 아버지가 살던 가나안 땅에서 계속 살았다.

2다음은 그의 가족에 대한 이야기이다: 17세의 소년 요셉은 자기 아버지의 첩 빌하와 실바가 낳은 아들들과 함께 양을 치면서 형들의 잘못을 아버지에게 일일이 일러바쳤다.

3야곱은 노년에 요셉을 얻었으므로 다른 아들보다 그를 특별히 사랑하여 화려하게 장식한 긴 겉옷을 만들어 입혔다.

4그러자 그의 형들은 아버지가 자기들보다 요셉을 더 사랑하는 것을 보고 그를 미워하여 그에게 말도 잘 하지 않았다.

5한번은 요셉이 꿈을 꾸고 형들에게 그 꿈 이야기를 하자 그들은 그를 더욱 미워하였다.

6요셉이 그들에게 “내 꿈 이야기를 들어 보십시오.

7우리가 들에서 곡식단을 묶고 있는데 갑자기 내 단이 일어서고 형님들의 단은 내 단을 둘러서서 절하였습니다” 하자

8형들이 그에게 “네가 우리의 왕이 될 작정이냐? 네가 정말 우리를 지배하겠느냐?” 하고 조소하며 그 꿈 이야기 때문에 그를 더욱 미워하였다.

9요셉은 다시 꿈을 꾸고 형들에게 “내가 또 다른 꿈을 꾸었는데 꿈에 보니 해와 달과 열한 개의 별이 나에게 절하였습니다” 하고

10또 그 꿈 이야기를 자기 아버지에게도 하였다. 그러자 아버지는 “네가 꾸었다는 그 꿈이 도대체 무엇이냐? 나와 네 어머니와 네 형들이 정말 네 앞에 가서 땅에 엎드려 절하겠느냐?” 하고 그를 꾸짖었다.

11요셉의 형들은 그를 시기하였으나 그의 아버지는 그 말을 마음에 새겨 두었다.

형들에 의해서 팔려가는 요셉

12요셉의 형들이 세겜에 가서 양을 치고 있을 때

13야곱이 요셉에게 말하였다. “네 형들이 세겜에서 양을 치고 있지 않느냐? 네가 형들에게 좀 다녀와야겠다.” 요셉이 아버지에게 “예, 다녀오겠습니다” 하고 대답하자

14야곱이 그에게 “가서 네 형들과 양떼가 잘 있는지 보고 오너라” 하며 헤브론 골짜기에서 그를 보냈다. 요셉이 세겜에 도착하여

15들에서 방황하고 있는데 어떤 사람이 그를 보고 물었다. “네가 무엇을 찾고 있느냐?”

16“내 형들을 찾고 있습니다. 죄송하지만 그들이 양치는 곳을 말씀해 주실 수 있겠습니까?”

17“그들은 이 곳을 떠났다. 나는 그들이 ‘도단으로 가자’ 고 하는 소리를 들었다.” 그래서 요셉은 형들을 뒤쫓아가 도단에서 그들을 찾았다.

18그러나 그들은 멀리 요셉이 오는 것을 보고 그가 가까이 오기 전에 그를 죽일 음모를 꾸미며

19“저기 꿈꾸는 자가 오고 있다.

20자, 그를 죽여 구덩이에 던져 넣고 맹수가 잡아먹었다고 하자. 그리고 그 꿈이 어떻게 되는지 한번 보자” 하고 서로 말하였다.

21그때 르우벤이 이 말을 듣고 요셉을 구하려고 이렇게 말하였다. “우리가 그를 죽이지는 말자.

22그를 이 구덩이에 던져 넣고 그에게 손은 대지 말아라.” 르우벤이 이렇게 말한 것은 요셉을 그들에게서 구출하여 그를 아버지에게 돌려보내기 위해서였다.

23요셉이 형들에게 이르자 그들은 화려하게 장식한 요셉의 긴 겉옷을 벗기고

24그를 구덩이에 던져 넣었는데 그 구덩이는 물이 없고 텅 비어 있었다.

25그들이 앉아서 음식을 먹다가 눈을 들어 보니 이스마엘족의 대상들이 길르앗에서 오고 있었다. 그들은 낙타에 향품과 유향과 몰약을 싣고 이집트로 내려가는 중이었다.

26이때 유다가 자기 형제들에게 “우리가 우리 동생을 죽이고 37:26 또는 ‘그의피를’그 사실을 숨긴들 무슨 유익이 있겠느냐?

27자, 그를 이스마엘 사람들에게 팔아 넘기고 그에게 손을 대지 말자. 그도 우리와 살과 피를 나눈 우리의 형제이다” 하자 그의 형제들이 그의 말에 동의하였다.

28미디안 상인들이 지나갈 때 그들은 요셉을 구덩이에서 끌어올려 37:28 은 230그램은화 20개를 받고 그를 이스마엘 사람들에게 팔았다. 그러자 그 대상들은 요셉을 데리고 이집트로 갔다.

29르우벤이 그 구덩이에 돌아와 보니 거기에 요셉이 없었다. 그래서 그는 자기 옷을 찢고

30자기 형제들에게 돌아와 “애가 없어지고 말았다! 이제 나는 어디로 가야 한단 말이냐?” 하고 슬퍼하였다.

31그들은 염소를 죽이고 요셉의 옷을 가져다가 그 피에 적셔

32그것을 아버지에게 갖다 드리며 “우리가 이것을 주웠는데 요셉의 옷인지 보십시오” 하였다.

33그러자 그는 그것을 알아보고 “이것은 내 아들의 옷이다. 맹수가 그를 잡아먹었구나. 내 아들 요셉은 찢겨 죽은 것이 틀림없다” 하고 통곡하며

34자기 옷을 찢고 허리에 굵은 삼베를 두르고 오랫동안 아들의 죽음을 슬퍼하였다.

35그의 모든 자녀들이 그를 위로하였으나 아무 소용이 없었다. 그는 “내가 슬퍼하다가 37:35 또는 ‘음부’저 세상에 있는 내 아들에게 가겠다” 하고 계속 아들의 죽음을 슬퍼하며 울었다.

36한편 미디안 사람들은 이집트에서 바로의 신하이며 경호대장인 보디발에게 요셉을 팔았다.