1 Mose 36 – ASCB & KLB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 36:1-43

Esau Asefoɔ

1Yeinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefoɔ.

2Esau waree Kanaanfoɔ mmaa baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babaa, Ana babaa Oholibama a ɔsane yɛ Hewini Sibeon nana ne 3Basmat a ɔyɛ Ismael babaa na ɔyɛ Nebaiot nuabaa.

4Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel. 5Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmammarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no.

6Esau faa ne yerenom, ne mmammarima, ne mmammaa, ne fiefoɔ nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapadeɛ biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu firii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so akyirikyiri. 7Ɛfiri sɛ, na wɔn ahonyadeɛ no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob bɛtumi atena faako. Na wɔn mmoa dodoɔ enti, wɔn baanu no nsene asase a wɔte so no so. 8Ɛno enti, Esau a wɔfrɛ no Edom no kɔbɔɔ nʼatenaeɛ wɔ Seir bepɔ so.

9Yeinom ne Esau a ɔyɛ Edomfoɔ agya no asefoɔ a wɔwoo wɔn maa no ɛberɛ a na ɔwɔ Seir bepɔ so no.

10Esau mmammarima no din na ɛdidi so yi:

Elifas, a ɔyɛ Esau yere panin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima.

11Elifas nso mmammarima din na ɛdidi so yi:

Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. 12Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nananom.

13Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi:

Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nananom.

14Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa, na ɔsane yɛ Sibeon nana no mmammarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne yeinom:

Yeus, Yalam ne Kora.

15Yeinom ne Esau asefoɔ no mu atitire:

Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmammarima din na ɛdidi so yi:

Atitire Teman, Omar, Sefo, Kenas, 16Kora, Gatam ne Amalek. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefoɔ atitire a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitire yi yɛ Ada nananom.

17Esau babarima Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi:

Otitire Nahat, Otitire Serah, Otitire Sama ne Otitire Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Ruel a ɔyɛ Esau ba a ɔtɔ so mmienu no nnipa atitire a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nananom.

18Esau yere Oholibama mmammarima din na ɛdidi so yi:

Otitire Yeus, Otitire Yalam ne Otitire Kora. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no asefoɔ nnipa atitire no.

19Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmammarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitire no.

20Yeinom ne Horini Seir mmammarima a na saa ɛberɛ no wɔtete Seir asase so no:

Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 21Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmammarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitire no.

22Lotan mmammarima ne yeinom:

Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabaa.

23Sobal nso mmammarima ne yeinom:

Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.

24Na yeinom ne Sibeon mmammarima:

Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, ɛberɛ bi ɔde nʼagya Sibeon mfunumu kɔɔ adidi wɔ ɛserɛ no so a ɔkɔhunuu asuo aniwa bi a na nsuohyeɛ firi mu ba no.

25Ana mma nie:

Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no.

26Dison mmammarima nie:

Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.

27Eser mmammarima ne yeinom:

Bilhan, Saawan ne Akan.

28Yeinom ne Disan mma:

Us ne Aran.

29Yeinom ne Horifoɔ nnipa atitire:

Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 30Dison, Eser ne Disan.

Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifoɔ nnipa atitire a ɛberɛ a na wɔwɔ Seir asase so no, wɔdii wɔn mmusua no so.

Edom Ahemfo

31Yeinom ne nnipa a wɔdii ɛkan dii ɔhene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebɛdi Israel mma so ɔhene:

32Bela a ɔyɛ Beor babarima bɛdii ɔhene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkuro din de Dinhaba.

33Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

34Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

35Husam wuo akyiri Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit.

36Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.

37Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene.

38Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene.

39Akbor babarima Baal-Hanan nso wuiɛ no, Hadad bɛdii nʼadeɛ, tenaa nʼahennwa so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkuro no din de Pau, ɛnna ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana.

40Sɛdeɛ wɔn a wɔdidi so yi a wɔyɛ Esau asefoɔ no mmusua ne wɔn tenabea te nie:

Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua,

41Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua,

42Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua,

43Magdiel abusua ne Iram abusua.

Yeinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenaeɛ no edin totoeɛ.

Na wɔn nyinaa yɛ Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ.

Korean Living Bible

창세기 36:1-43

에서의 후손들

1에돔이라고도 하는 에서와 그 후손에 대한 이야기는 이렇다:

2에서는 가나안 여자들과 결혼하였다. 그의 아내는 헷 사람 엘론의 딸 아다와 히위 사람 시브온의 36:2 ‘딸’ 또는 ‘아들’ 로되어있는고대문헌도있다.손녀이며 아나의 딸인 오홀리바마와

3이스마엘의 딸이며 느바욧의 누이인 바스맛이었다.

4아다는 엘리바스를 낳았고 바스맛은 르우엘을,

5오홀리바마는 여우스와 얄람과 고라를 낳았다. 이들은 다 가나안 땅에서 태어난 에서의 아들들이었다.

6에서는 처자들과 집안의 모든 사람들과 함께 자기 짐승과 가나안 땅에서 얻은 재산을 전부 정리하여 동생 야곱을 떠나 다른 곳으로 갔다.

7그가 떠난 것은 그 두 사람의 소유가 너무 많아 그들의 짐승을 함께 기르기에는 그 땅이 부족하였기 때문이었다.

8그래서 에돔이라는 에서는 세일의 산간 지역에서 살게 되었다.

9세일산 일대에 사는 에돔족의 조상이 된 에서의 후손은 이렇다:

10-13에서의 아내 아다는 엘리바스를 낳았 고 엘리바스는 데만, 오말, 스보, 가담, 그나스를 낳았으며 그의 첩 딤나는 아말렉을 낳았다. 에서의 아내 바스맛은 르우엘을 낳았고 르우엘은 나핫, 세라, 삼마, 미사를 낳았다.

14그리고 시브온의 손녀이며 아나의 딸인 에서의 다른 아내 오홀리바마는 여우스와 얄람과 고라를 낳았다.

15에서의 자손 가운데 족장들은 다음과 같다: 에서의 장남 엘리바스의 아들인 데만, 오말, 스보, 그나스,

16고라, 가담, 아말렉은 에돔 땅의 엘리바스에게서 나온 족장들이며 이들은 에서의 아내 아다의 손자들이었다.

17에서의 아들 르우엘의 아들인 나핫, 세라, 삼마, 미사는 에돔 땅의 르우엘에게서 나온 족장들이며 이들은 에서의 아내 바스맛의 손자들이었다.

18에서의 아내 오홀리바마의 아들인 여우스, 얄람, 고라는 아나의 딸이며 에서의 아내인 오홀리바마에게서 나온 족장들이다.

19이상은 에돔이라고도 하는 에서의 자손들로서 족장이 된 사람들이다.

세일의 자손들

20그 땅의 원주민인 호리족 세일의 아들은 로단, 소발, 시브온, 아나,

21디손, 에셀, 디산인데 이들은 에돔 땅에 있는 세일의 자손 중에서 호리족의 족장들이다.

22그리고 로단의 아들은 호리와 헤맘이고 로단의 누이는 딤나이며

23소발의 아들은 알완, 마나핫, 에발, 스보, 오남이다.

24시브온의 아들은 아야와 아나이며 이 아나는 자기 아버지의 나귀를 먹이다가 광야에서 온천을 발견한 자이다.

25그리고 아나의 자손은 아들 디손과 딸 오홀리바마이며

26디손의 아들은 헴단, 에스반, 이드란, 그란이고

27에셀의 아들은 빌한, 사아완, 아간이며

28디산의 아들은 우스와 아란이다.

29이상과 같이 호리족의 족장인 로단, 소발, 시브온, 아나

30디손, 에셀, 디산은 세일 땅에서 자기들의 집안을 따라 족장이 된 사람들이다.

에돔의 왕들

31이스라엘에 왕이 있기 전에 에돔 땅을 다스린 왕들을 그 순서대로 열거하면 다음과 같다:

32딘하바 사람인 브올의 아들 벨라,

33보스라 사람인 세라의 아들 요밥,

34데만 지방 출신인 후삼,

35모압 들에서 미디안 족을 친 아윗 출신 브닷의 아들 하닷,

36마스레가 출신 삼라,

37강변에 위치한 르호봇 출신 사울,

38악볼의 아들인 바알 – 하난,

39그리고 36:39 또는 ‘바이 출신 하달’바우 출신 하닷이었는데 그의 아내는 메사합의 손녀이며 마드렛의 딸인 므헤다벨이었다.

40-43에돔족의 조상은 에서이며 이들 부족 들이 사는 지방의 이름을 딴 에돔의 족장들은 딤나, 알와, 여뎃, 오홀리바마, 엘라, 비논, 그나스, 데만, 밉살, 막디엘, 그리고 이람이었다.