1 Mose 35 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 35:1-29

Yakob Sane Kɔ Bet-El

1Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Kɔ Bet-El kɔtena hɔ. Sɛ woduru hɔ a, si afɔrebukyia ma me. Me na meyii me ho adi kyerɛɛ wo ɛberɛ a na woredwane afiri wo nua Esau nkyɛn no.”

2Enti, Yakob ka kyerɛɛ ne fiefoɔ ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ, “Monsɛe mo anyame a mode wɔn firi amanɔne baeɛ no nyinaa. Monwira mo ho, na monsesa mo ntadeɛ nso.” 3Ɔtoaa so sɛ, “Yɛrebɛtu ɛkwan akɔ Bet-El. Na sɛ yɛduru hɔ a, yɛbɛsi afɔrebukyia ama Onyankopɔn a ɔtiee me mpaeɛbɔ wɔ mʼamanehunu mu, na ɔkaa me ho wɔ mʼakwantuo mu no.” 4Enti, wɔn nyinaa de wɔn ahoni ne nsonkawa maa Yakob. Yakob tuu fam wɔ odum bi ase wɔ Sekem, de ne nyinaa hyɛɛ hɔ. 5Afei, wɔsiim. Wɔrekɔ no, Onyankopɔn bɔɔ nkuro a wɔfaa so no nyinaa mu nnipa no hu a, ɛno enti obiara antumi anti wɔn.

6Yakob ne ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no bɛduruu Lus a ɛno ara ne Bet-El a ɛwɔ Kanaan asase so no. 7Ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, too hɔ edin El-Bet-El, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na ɛberɛ a ɔredwane afiri ne nua Esau nkyɛn no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ no.

8Yei akyiri no, Debora a ɔyɛ Rebeka bagyegyefoɔ no wuiɛ, ma wɔsiee no wɔ odum bi a ɛwɔ Bet-El bɔn mu no ase. Ɛfiri saa ɛberɛ no, wɔtoo beaeɛ hɔ edin Alon-Bakut, a asekyerɛ ne Agyaadwotwa Dum.

9Yakob firi Paddan-Aram bɛduruu Bet-El no, Onyankopɔn sane yii ne ho adi kyerɛɛ no, hyiraa no. 10Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛwom sɛ wɔfrɛ wo Yakob deɛ, nanso ɛfiri ɛnnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel a asekyerɛ ne Onipa a ɔne Onyankopɔn adi asie. Enti Onyankopɔn too ne din sɛ, Israel.”

11Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mene Onyankopɔn tumfoɔ no. Wʼase nnɔre, na wʼase mfɛe. Ɔman ne aman asafo bɛfiri wo mu aba. Saa ara na ahemfo nso bɛfiri wo mu aba. 12Mede asase a mede maa Abraham ne Isak no bɛma wo. Aane, mede saa asase korɔ yi ara bɛma wʼasefoɔ.” 13Yei akyiri no, Onyankopɔn firii beaeɛ a na ɔne Yakob rekasa hɔ no kɔɔ ɔsoro.

14Afei, Yakob sii ɔbodum wɔ hɔ, hwiee afɔresa guu so, de bɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɔsane de afɔrengo sraa odum no ho. 15Yakob too beaeɛ a Onyankopɔn ne no kasaeɛ no Bet-El, a asekyerɛ ne Onyankopɔn fie.

Benyamin Awoɔ Ne Rahel Wuo

16Yakob ne ne fiefoɔ siim firii Bet-El, de wɔn ani kyerɛɛ Efrat. Wɔrekɔ no, awoɔ kaa Rahel wɔ akwantemfi. 17Ɛberɛ a ɔreko awoɔ no, ɔbaa ɔwogyefoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro na worebɛwo ɔbabarima bio.” 18Nanso, Rahel koo awoɔ tɔeɛ. Na ɛberɛ a ne kra refiri ne mu na ɔreyɛ awuo no, ɔtoo ne babarima a wawo no no edin Ben-Oni, a asekyerɛ ne Mʼawerɛhoɔ Mu Ba. “Nanso, nʼagya sane too no edin Benyamin, a asekyerɛ ne Me dɔba.”

19Rahel wuiɛ, ma wɔsiee no wɔ Efrat a ɛno ara ne Betlehem no akwantemfi. 20Yakob yɛɛ nkaeɛdum sii Rahel ɛda no so a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.

21Israel toaa nʼakwantuo no so, kɔsii ne ntomadan wɔ Edir abantenten no akyiri nohoa baabi. 22Ɛberɛ a Israel te saa asase no so no, ɔtee sɛ ne ba panin Ruben ne Bilha a ɔyɛ nʼagya afenaa a waware no no akɔda.

Na Yakob wɔ mmammarima dumienu:

23Lea mma na wɔn din didi so yi:

Ruben a ɔno ne Israel abakan,

Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon.

24Rahel nso mmammarima baanu no ne

Yosef ne Benyamin.

25Rahel afenaa Bilha mmammarima baanu no ne

Dan ne Naftali

26Lea afenaa Silpa nso mmammarima baanu no ne

Gad ne Aser.

Yeinom ne Yakob mmammarima a wɔwoo wɔn wɔ Paddan-Aram no.

Isak Wuo

27Akyire no, Yakob baa nʼagya Isak nkyɛn wɔ Mamrɛ wɔ Kiriat-Arba, a ɛno ara ne Hebron, baabi a Abraham ne Isak tenaa sɛ ahɔhoɔ no. 28Isak dii mfeɛ ɔha ne aduɔwɔtwe. 29Isak wuiɛ, ma wɔfaa no kɔkaa ne mpanimfoɔ ho; na wabɔ akɔkoraa posoposo. Ne mmammarima Esau ne Yakob na wɔsiee no.

New International Reader’s Version

Genesis 35:1-29

Jacob Returns to Bethel

1Then God said to Jacob, “Go up to Bethel and live there. Build an altar there to honor me. That’s where I appeared to you when you were running away from your brother Esau.”

2So Jacob spoke to his family and to everyone with him. He said, “Get rid of the statues of false gods you have with you. Make yourselves pure by washing and changing your clothes. 3Come, let’s go up to Bethel. There I’ll build an altar to honor God. He answered me when I was in trouble. He’s been with me everywhere I’ve gone.” 4So they gave Jacob all the statues of false gods they had. They also gave him their earrings. Jacob buried those things under the oak tree at Shechem. 5Then Jacob and everyone with him started out. The terror of God fell on the towns all around them. So no one chased them.

6Jacob and all the people with him came to Luz. Luz is also called Bethel. It’s in the land of Canaan. 7Jacob built an altar at Luz. He named the place El Bethel. There God made himself known to Jacob when he was running away from his brother.

8Rebekah’s attendant Deborah died. They buried her body under the oak tree outside Bethel. So it was called Allon Bakuth.

9After Jacob returned from Paddan Aram, God appeared to him again. And God blessed him. 10God said to him, “Your name is Jacob. But you will not be called Jacob anymore. Your name will be Israel.” So he named him Israel.

11God said to him, “I am the Mighty God. Have children so that there will be many of you. You will become the father of a nation and a community of nations. Your later family will include kings. 12I am giving you the land I gave to Abraham and Isaac. I will also give it to your children after you.” 13Then God left him at the place where he had talked with him.

14Jacob set up a sacred stone at the place where God had talked with him. He poured out a drink offering on it. He also poured olive oil on it. 15Jacob named the place Bethel. That’s where God had talked with him.

Rachel and Isaac Die

16They moved on from Bethel. Ephrath wasn’t very far away when Rachel began to have a baby. She was having a very hard time of it. 17The woman who helped her saw that she was having problems. So she said to Rachel, “Don’t be afraid. You have another son.” 18But Rachel was dying. As she took her last breath, she named her son Ben-Oni. But his father named him Benjamin.

19So Rachel died. She was buried beside the road to Ephrath. Ephrath was also called Bethlehem. 20Jacob set up a stone marker over her tomb. To this day, the stone marks the place where Rachel was buried.

21Israel moved on again. He set up his tent beyond Migdal Eder. 22While Israel was living in that area, Reuben went in and slept with Bilhah. She was the concubine of Reuben’s father. And Israel heard about it.

Here are the 12 sons Jacob had.

23Leah was the mother of

Reuben, Jacob’s oldest son.

Her other sons were Simeon, Levi, Judah, Issachar and Zebulun.

24The sons of Rachel were

Joseph and Benjamin.

25The sons of Rachel’s female servant Bilhah were

Dan and Naphtali.

26The sons of Leah’s female servant Zilpah were

Gad and Asher.

These were Jacob’s sons. They were born in Paddan Aram.

27Jacob came home to his father Isaac in Mamre. Mamre is near Kiriath Arba, where Abraham and Isaac had stayed. The place is also called Hebron. 28Isaac lived 180 years. 29Then he took his last breath and died. He was very old when he joined the members of his family who had already died. His sons Esau and Jacob buried him.