1 Mose 32 – ASCB & NIV

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 32:1-32

Yakob Yɛ Ahoboa Kɔhyia Esau

1Yakob ne ne fiefoɔ toaa nʼakwantuo no so. Onyankopɔn abɔfoɔ bɛhyiaa no. 2Yakob hunuu wɔn no, ɔkaa sɛ, “Ɛha yɛ Onyankopɔn fie!” Enti ɔtoo saa beaeɛ hɔ edin “Mahanaim,” a asekyerɛ ne Onyankopɔn asase.

3Yakob somaa abɔfoɔ dii nʼanim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir a ɛwɔ Edom asase so. 4Nkra a ɔde maa wɔn nie: “Monka nkyerɛ me wura Esau sɛ, ‘Wʼakoa Yakob se, yɛn wɔfa Laban nkyɛn na makɔtena sɛ ɔhɔhoɔ ara de bɛsi ɛnnɛ yi. 5Ɛnnɛ deɛ, mewɔ anantwie ne mfunumu, nnwan ne mmirekyie, nkoa ne mfenaa bebree. Masoma mʼabɔfoɔ yi aba wo, me wura nkyɛn, sɛ wɔmmɛka nkyerɛ wo sɛ, mereba. Mewɔ anidasoɔ nso sɛ, mɛnya wʼanim animuonyam ama woagye me fɛ so.’ ”

6Asomafoɔ no sane baa Yakob nkyɛn no, wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛkɔɔ wo nua Esau nkyɛn kɔkaa wo nkra no kyerɛɛ no, na ɔse ɔreba abɛhyia wo, na mmarima ahanan na wɔka ne ho reba.”

7Yakob de ehu ne awerɛhoɔ kyekyɛɛ nnipa a ɔne wɔn nam no ne mmoa no mu akuo mmienu. 8Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ ɛba sɛ, Esau ne ne dɔm no ba bɛto hyɛ ekuo baako so a, ekuo a ɛtɔ so mmienu no bɛdwane.”

9Afei, Yakob bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade Onyankopɔn a mʼagya Abraham ne mʼagya Isak somm wo, Ao, Awurade a woka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sane kɔ wʼasase so ne wʼabusua mu, na mɛma woayɛ ɔdefoɔ.’ 10Wʼadɔeɛ a wode ayɛ me ne nokorɛ a woadi wʼakoa no mu kakra bi mpo, mfata me. Ɛda a mefirii fie kɔtwaa Asubɔnten Yordan no, na me poma nko ara na ɛkura me, nanso ɛnnɛ, me na mekura ɛdɔm ahodoɔ mmienu yi. 11Mesrɛ wo, gye me firi me nua Esau nsam. Mesuro sɛ ɔbɛto ahyɛ me ne me yerenom ne me mma so. 12Nanso, wo na woahyɛ me bɔ sɛ, ‘Nokorɛ mu, mɛma woanya wo ho, na mama wʼase afɛe ayɛ sɛ mpoano anwea a wɔntumi nkan.’ ”

13Saa ɛda no, ɔdaa hɔ. Na ɔyii nʼagyapadeɛ no bi sɛ akyɛdeɛ a ɔde bɛma ne nua Esau. 14Nneɛma no nie: Mmirekyibereɛ ahanu, mpapo aduonu, nnwammedeɛ ahanu, nnwennini aduonu. 15Nyoma bereɛ aduasa ne wɔn mma, anantwibereɛ aduanan, anantwinini edu, mfunumubereɛ aduonu, mfunumunini edu. 16Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuakuo, de maa nʼasomfoɔ a ekuo baako biara hyɛ ɔsomfoɔ baako nsa. Ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, “Monni mʼanim nkɔ, na mmom, momma akwan nneda mmoa akuakuo no ntam.”

17Yakob sane ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔdi ɛkan no sɛ, “Sɛ me nua Esau hyia mo, na ɔbisa mo sɛ, ‘Hwan asomfoɔ ne mo? Mofiri he na morekɔ he na hwan mmoa na mode wɔn nam yi a,’ 18monka nkyerɛ no sɛ, ‘Mmoa no yɛ wʼakoa Yakob dea. Ne nyinaa yɛ akyɛdeɛ a ɔde rebrɛ ne wura Esau, na nʼankasa di akyire reba.’ ”

19Saa ara nso na Yakob ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔtɔ so mmienu, mmiɛnsa ne wɔn a wɔdidi so a wɔde mmoa no rekɔ no sɛ, “Sɛ mohyia Esau a, monka saa asɛm korɔ no ara nkyerɛ no. Monka nka ho sɛ, 20‘Wʼakoa Yakob ankasa di yɛn akyiri reba.’ ” Ɛfiri sɛ, na Yakob ayɛ nʼadwene sɛ, “Mede akyɛdeɛ ahodoɔ a mede asoma adi ɛkan yi bɛpata no, na sɛ akyire no ɔhunu me a, wagye me ato mu.” 21Enti, wɔde Yakob akyɛdeɛ ahodoɔ no dii ɛkan kɔeɛ. Na nʼankasa deɛ, ɔdaa nʼatenaeɛ hɔ anadwo no.

Yakob Ne Onyankopɔn Atentam

22Anadwo no ara, Yakob sɔre faa ne yerenom baanu ne ne mfenaa baanu no ne ne mma dubaako no, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan wɔ Yabok asutwareɛ hɔ. 23Ɔde wɔn twaa asubɔnten no wieeɛ no, ɔsane bɛfaa nʼagyapadeɛ a aka nyinaa de twaa asuo no. 24Afei, ɛkaa Yakob nko ara wɔ nʼatenaeɛ hɔ. Anadwo no, obi ne no bɛtentameeɛ ara kɔsii adekyeɛ wɛɛ. 25Ɛberɛ a ɔbarima a ɔne no tentameeɛ no hunuu sɛ ɔrentumi nni Yakob so no, ɔbɔɔ Yakob dwonku, ma ɛhwaneeɛ. 26Afei, ɔbarima no ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Adeɛ akye enti, gyaa me ma menkɔ.”

Nanso, Yakob buaa no sɛ, “Sɛ woanhyira me a, meremma wonkɔ.”

27Ɔbarima no bisaa Yakob sɛ, “Wo din de sɛn?”

Ɔbuaa sɛ, “Me din de Yakob.”

28Ɔbarima no kaa sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel, ɛfiri sɛ, wo ne Onyankopɔn ne nnipa atentam, na woadi nkonim.”

29Yakob bisaa sɛ, “Mesrɛ wo, wɔfrɛ wo sɛn?”

Ɔbarima no nso bisaa no sɛ, “Adɛn enti na worebisa me din?” Yei akyiri no, ɔhyiraa Yakob.

30Ɛmaa Yakob too beaeɛ hɔ edin Peniel, a asekyerɛ ne “Onyankopɔn Anim.” Na ɔkaa sɛ, “Mahunu Onyankopɔn animuanimu, nanso meda so te nkwa mu ara.”

31Yakob refiri Peniel no na owia agyina. Esiane ne dwonku a na ahwan no enti, na ɔtɔ gu ne nan no so. 32Ɛno enti na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Israelfoɔ nwe aboa dwonku koraa sɛ nkaedeɛ no. Saa ntini kɛseɛ a ɛwɔ Yakob dwonku no na ɔbarima a ɔne no tentameeɛ no bɔeɛ, maa Yakob dwonku hwaneeɛ no.

New International Version

Genesis 32:1-32

Jacob Prepares to Meet Esau

In Hebrew texts 32:1-32 is numbered 32:2-33. 1Jacob also went on his way, and the angels of God met him. 2When Jacob saw them, he said, “This is the camp of God!” So he named that place Mahanaim.32:2 Mahanaim means two camps.

3Jacob sent messengers ahead of him to his brother Esau in the land of Seir, the country of Edom. 4He instructed them: “This is what you are to say to my lord Esau: ‘Your servant Jacob says, I have been staying with Laban and have remained there till now. 5I have cattle and donkeys, sheep and goats, male and female servants. Now I am sending this message to my lord, that I may find favor in your eyes.’ ”

6When the messengers returned to Jacob, they said, “We went to your brother Esau, and now he is coming to meet you, and four hundred men are with him.”

7In great fear and distress Jacob divided the people who were with him into two groups,32:7 Or camps and the flocks and herds and camels as well. 8He thought, “If Esau comes and attacks one group,32:8 Or camp the group32:8 Or camp that is left may escape.”

9Then Jacob prayed, “O God of my father Abraham, God of my father Isaac, Lord, you who said to me, ‘Go back to your country and your relatives, and I will make you prosper,’ 10I am unworthy of all the kindness and faithfulness you have shown your servant. I had only my staff when I crossed this Jordan, but now I have become two camps. 11Save me, I pray, from the hand of my brother Esau, for I am afraid he will come and attack me, and also the mothers with their children. 12But you have said, ‘I will surely make you prosper and will make your descendants like the sand of the sea, which cannot be counted.’ ”

13He spent the night there, and from what he had with him he selected a gift for his brother Esau: 14two hundred female goats and twenty male goats, two hundred ewes and twenty rams, 15thirty female camels with their young, forty cows and ten bulls, and twenty female donkeys and ten male donkeys. 16He put them in the care of his servants, each herd by itself, and said to his servants, “Go ahead of me, and keep some space between the herds.”

17He instructed the one in the lead: “When my brother Esau meets you and asks, ‘Who do you belong to, and where are you going, and who owns all these animals in front of you?’ 18then you are to say, ‘They belong to your servant Jacob. They are a gift sent to my lord Esau, and he is coming behind us.’ ”

19He also instructed the second, the third and all the others who followed the herds: “You are to say the same thing to Esau when you meet him. 20And be sure to say, ‘Your servant Jacob is coming behind us.’ ” For he thought, “I will pacify him with these gifts I am sending on ahead; later, when I see him, perhaps he will receive me.” 21So Jacob’s gifts went on ahead of him, but he himself spent the night in the camp.

Jacob Wrestles With God

22That night Jacob got up and took his two wives, his two female servants and his eleven sons and crossed the ford of the Jabbok. 23After he had sent them across the stream, he sent over all his possessions. 24So Jacob was left alone, and a man wrestled with him till daybreak. 25When the man saw that he could not overpower him, he touched the socket of Jacob’s hip so that his hip was wrenched as he wrestled with the man. 26Then the man said, “Let me go, for it is daybreak.”

But Jacob replied, “I will not let you go unless you bless me.”

27The man asked him, “What is your name?”

“Jacob,” he answered.

28Then the man said, “Your name will no longer be Jacob, but Israel,32:28 Israel probably means he struggles with God. because you have struggled with God and with humans and have overcome.”

29Jacob said, “Please tell me your name.”

But he replied, “Why do you ask my name?” Then he blessed him there.

30So Jacob called the place Peniel,32:30 Peniel means face of God. saying, “It is because I saw God face to face, and yet my life was spared.”

31The sun rose above him as he passed Peniel,32:31 Hebrew Penuel, a variant of Peniel and he was limping because of his hip. 32Therefore to this day the Israelites do not eat the tendon attached to the socket of the hip, because the socket of Jacob’s hip was touched near the tendon.