1 Mose 31 – ASCB & JCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 31:1-55

Yakob Dwane Firi Laban Nkyɛn

1Yakob tee sɛ Laban mmammarima no reka sɛ, “Yakob afa yɛn agya ho nneɛma nyinaa. Nʼahonya nyinaa firi yɛn agya nneɛma a wafa no.” 2Yakob hunuu sɛ, afei deɛ, Laban nte nʼanim nkyerɛ no sɛ kane no.

3Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Sane kɔ wʼabusuafoɔ ne wo nkurɔfoɔ asase so, na mɛdi wʼakyi.”

4Enti, Yakob soma ma wɔkɔfrɛɛ ne yerenom Rahel ne Lea sɛ, wɔmmra ne nkyɛn wɔ ɛserɛ no so, faako a ɔne ne nnwankuo no wɔ no. 5Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mahunu sɛ, afei deɛ, mo agya Laban anim nyɛ me fɛ sɛ kane no, nanso Onyankopɔn a mʼagya Isak somm no no ka me ho. 6Monim sɛ, mayi me yam, de mʼahoɔden nyinaa ayɛ adwuma, ama mo agya; 7nanso mo agya nam nsisie kwan so, asesa mʼakatua mu mprɛdu. Nanso, yei nyinaa akyiri, Onyankopɔn amma no ɛkwan amma wanyɛ me bɔne. 8Sɛ ɔka sɛ, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ ntokontrama no bɛyɛ wʼakatua,’ na sɛ mmoa no wo a, na wɔawo mma a wɔn ho yɛ ntokontrama. Sɛ ɔka sɛ, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ nsensaneɛ no bɛyɛ wʼakatua’ a, na wɔawowo mma a wɔn ho yɛ nsensaneɛ. 9Ɛkwan a Onyankopɔn nam so agye mo agya nsam nyɛmmoa no de wɔn ama me ama mayɛ ɔdefoɔ no ne no.

10“Ɛduruu ɛberɛ a mmoa no hyiam no, mesoo daeɛ hunuu sɛ, nnwennini a wɔforo nnwammedeɛ no ho yɛ ntokontrama, nsensaneɛ anaa nsisimu. 11Onyankopɔn ɔbɔfoɔ frɛɛ me wɔ daeɛ no mu ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yakob!’ Ɛnna megyee so sɛ, ‘Me nie!’ 12Ɛnna ɔsoro abɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ na hunu sɛ, nnwennini a wɔforo nnwammedeɛ no nyinaa ho yɛ nsensaneɛ, ntokontrama anaa nsisimu, na mahunu ɛkwan a Laban de wo fa so no nyinaa. 13Mene Onyankopɔn a meyii me ho adi kyerɛɛ wo wɔ Bet-El, beaeɛ a wode ɛboɔ sii hɔ, hwiee ngo guu so, somm me, hyɛɛ me bɔ sɛ, wobɛsom me no. Afei, tu firi saa asase yi so ntɛm ara, na sane kɔ asase a wɔwoo wo wɔ so no so.’ ”

14Na Rahel ne Lea bisaa sɛ, “Enti, saa tebea a yɛwɔ mu yi, yɛwɔ kyɛfa bi wɔ yɛn agya agyapadeɛ mu anaa? 15Yɛn agya mfa yɛn sɛ yɛyɛ ahɔhoɔ? Watɔn yɛn, na yɛn tiri sika a ɔgyeeɛ no nso, wadi. 16Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, yɛn agya ahodeɛ a Onyankopɔn gyeeɛ no nyinaa yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti, biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ yɛ no, yɛ.”

17Ɛda bi, Yakob de ne mma ne ne yerenom tenatenaa nyoma so. 18Ɔkaa ne mmoa nyinaa, agyapadeɛ a wanya nyinaa ne mmoa a ɔnyaa wɔ Paddan-Aram nyinaa dii nʼanim sɛ, ɔrekɔ nʼagya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so.

19Ɛberɛ a Laban kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔtwitwa ne nnwan ho nwi no, Rahel faa nʼakyi kɔwiaa nʼagya fie abosom. 20Yakob daadaa Aramni Laban a wamma wanhunu sɛ, ɔredwane. 21Yakob de nʼahodeɛ nyinaa dwaneeɛ. Ɔtwaa Asubɔnten Eufrate, de nʼani kyerɛɛ bepɔ asase Gilead no so.

Laban Ti Yakob

22Yakob ne nʼabusuafoɔ dwaneeɛ no, nnansa akyiri ansa na Laban tee sɛ wɔkɔ. 23Laban faa ne fiefoɔ, kaa ne ho, de anibereɛ tii Yakob. Nnanson akyiri ansa na ɔkɔtoo Yakob ne ne nkurɔfoɔ no wɔ bepɔ Gilead so. 24Saa ɛda no ara anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ daeɛ mu kyerɛɛ Aramni Laban. Ɔka kyerɛɛ no wɔ daeɛ no mu sɛ, “Hwɛ yie na woankɔka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.”

25Ɛberɛ a Laban ne ne fiefoɔ kɔtoo Yakob no, na Yakob asisi ne ntomadan wɔ bepɔ Gilead atifi. Laban ne ne fiefoɔ no nso sisii wɔn ntomadan wɔ bepɔ no ayaase. 26Afei, Laban kɔɔ Yakob nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Woadaadaa me. Asɛm bɛn na wode adi me yi? Woakyekyere me mmammaa de wɔn redwane te sɛ nnommumfoɔ. 27Adɛn enti na wodaadaa me, na wodwane firii me nkyɛn a woankra? Sɛ wokraa me a, anka mɛto wo ɛpono, na mama nnipa abɛbɔ sankuo, ato nnwom wɔ apontoɔ no ase, de agya wo kwan. 28Woamma mankyeakyea me nananom ne me mmammaa yi nsam mpo, amfa annya wɔn kwan. Woadi nkwaseasɛm. 29Mewɔ tumi sɛ anka meyɛ wo bɔne, nanso, nnora anadwo, Onyankopɔn a wo agya somm no no ka kyerɛɛ me wɔ daeɛ mu sɛ, ‘Hwɛ yie na woanka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne, ankyerɛ Yakob.’ 30Esiane sɛ wʼani agyina wo agya fie enti, na ɛsɛ sɛ wokɔ ara, na adɛn enti na wowiaa mʼabosom, de kaa wo nneɛma ho?”

31Yakob buaa Laban sɛ, “Na mesuro. Na ɛyɛ me sɛ wode tumi bɛgye wo mmammaa no afiri me nsam. 32Nanso, obiara a wobɛhunu wʼabosom no wɔ ne nkyɛn no, ɔsɛ owuo. Wʼankasa hwehwɛ, sɛ wobɛhunu biribiara a ɛyɛ wo dea wɔ me nneɛma yi mu wɔ yɛn nuanom yi anim. Sɛ wohunu biribiara a ɛyɛ wo dea a, fa wʼadeɛ.” Ɛberɛ a Yakob kaa saa asɛm yi no, na ɔnnim sɛ Rahel na wawia nʼagya Laban abosom no.

33Ɛno enti, Laban kɔɔ Yakob, Lea, ne nʼasomfoɔ Bilha ne Silpa ntomadan mu kɔhwehwɛɛ hɔ, nanso wanhunu biribiara. Afei, ɔkɔwuraa Rahel ntomadan mu. 34Ɛfiri sɛ, na Rahel awia abosom no de ahyehyɛ ne yoma no atɛ ase, atena so. Enti, Laban kɔhwehwɛɛ nneɛma a ɛwɔ Rahel ntomadan no nyinaa mu, nanso wanhunu abosom no.

35Afei, Rahel ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Agya, mma wo bo mfu me sɛ mete hɔ wɔ wʼanim na mensɔre nnyina hɔ, ɛfiri sɛ, makɔ afikyire.” Enti, Laban toaa so hwehwɛɛ abosom no ara, nanso wanhunu.

36Ɛyɛɛ saa no, Yakob bo fuu Laban yie, bisaa no sɛ, “Bɔne bɛn na mayɛ? Amumuyɛsɛm bɛn na madi a ɛno enti, woataa me ara yi?” 37Wohwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, ɛdeɛn adeɛ na wohunuiɛ a ɛyɛ wo ne wo fiefoɔ dea? Deɛ wohunuiɛ biara no, fa bɛto dwa wɔ me nuanom ne wo nuanom a wɔahyia ha yi nyinaa anim, na wɔnkyerɛ deɛ ɛyɛ ne dea.

38“Mfirinhyia aduonu a wo ne me tenaeɛ, wo nnwan ne wo mmirekyie abereɛ no ampompɔn, na mankum wo nnwennini yi bi amfiri wo nnwankuo yi mu, anwe da. 39Mamfa wʼaboa biara a akekaboa bi atete ne mu ammrɛ wo; wɔn a mmoa kumm wɔn no, mʼankasa mehyɛɛ anan mu. Afei sɛ ɛba sɛ wɔwia wo mmoa no bi, anadwo anaa awia a, woma metua ka. 40Saa na asetena a me ne wo teɛ no teɛ. Meyɛɛ wʼadwuma awia maa owia hyee me. Meyɛɛ wʼadwuma anadwo maa awɔ dee me, maa sɛ, mekɔ kɛtɛ so koraa a, mentumi nna. 41Mfirinhyia aduonu a metenaa wo nkyɛn nyinaa, na saa na mʼasetena teɛ. Mede mfirinhyia dunan na ɛyɛɛ adwuma maa wo, de waree wo mmammaa baanu no. Ɛnna mede mfirinhyia nsia nso hwɛɛ wo nnwan. Deɛ ɛtwa toɔ koraa ne sɛ, wosesaa mʼakatua mpɛn edu. 42Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn a mʼagya somm no, Onyankopɔn a Abraham somm no a ɔwɔ mafa ne suro a mesuro mʼagya Isak a, anka nokorɛm nie, wopamoo me, maa mede me nsapan kɔeɛ. Nanso Onyankopɔn hunuu mʼamanehunu ne me nsa ano adwuma enti na nnora anadwo ɔkaa wʼanim no.”

Laban Ne Yakob Yɛ Apam

43Laban buaa Yakob sɛ, “Mmaa no yɛ me mmammaa, mmɔfra no nso yɛ me nananom, ɛnna nnwankuo no nso yɛ me nnwankuo. Nneɛma a wohunu yi nyinaa yɛ me dea. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ mʼankasa me mmammaa ne me nananom bɔne? 44Afei, bra na me ne wo nyɛ apam a ɛbɛdi me ne wo ntam adanseɛ. Saa apam no so na yɛbɛdi wɔ yɛn asetena nyinaa mu.”

45Enti, Yakob faa ɛboɔ de sii hɔ yɛɛ nkaeɛdum. 46Yakob kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montase aboɔ!” Enti, wɔtasee aboɔ boaa ano. Afei, wɔn nyinaa tenaa ho didiiɛ. 47Laban frɛɛ aboɔ kuo no Yegar-Sahaduta a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo. Yakob nso frɛɛ saa aboɔ kuo no Gal-Ed, a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo saa ara.

48Afei, Laban kaa sɛ, “Aboɔ Kuo yi na ɛdi me ne wo ntam adanseɛ ɛnnɛ!” Ɛno enti na wɔfrɛ no Gal-Ed no. 49Na wɔsane frɛ aboɔ nkaeɛdum no nso bio sɛ, “Mispa” ɛfiri sɛ, Laban kaa sɛ, “Awurade mmoa yɛn, na sɛ yɛn ntam tete mpo a, yɛn mu biara bɛdi saa apam yi so. 50Sɛ woanhwɛ me mmammaa yi yie anaasɛ woware mmaa foforɔ ka me mmammaa yi ho a, ɛwom sɛ merenhunu, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔbɛhunu.”

51Laban sane ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Aboɔ Kuo yi ni. Nkaeɛdum a mede asi me ne wo ntam no nso nie. 52Aboɔ Kuo yi ne nkaeɛdum yi nyɛ adanseɛ sɛ, me Laban, merentra saa Aboɔ Kuo yi ne nkaeɛdum yi mma baabi a wowɔ mmɛtoa wo. Na wo Yakob nso, worentra saa Aboɔ kuo yi ne nkaeɛdum yi mma baabi a mewɔ mmɛtoa me. 53Ma Abraham Onyankopɔn ne Nahor31.53 Na Nahor yɛ Abraham nuabarima (11.26) ɛnna ɔyɛ Laban nana (24.24,29). Laban somm anyame bebree. Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn nyɛ ɔtemmufoɔ wɔ me ne wo ntam.”

Enti, Yakob de nʼagya Isak Onyankopɔn ho suro kaa ntam sɛ, ɔrentra ɛhyeɛ no. 54Afei, Yakob bɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ wɔ bepɔ no atifi, na ɔhyiahyiaa ne nnamfonom bɛdidiiɛ. Ɛno akyiri no, wɔdaa ne nkyɛn wɔ bepɔ no so.

55Laban sɔree anɔpatutuutu fefee ne nananom ne ne mmammaa no ano, hyiraa wɔn. Ɛno akyiri no, ɔsane nʼakyi kɔɔ ne kurom.

Japanese Contemporary Bible

創世記 31:1-55

31

逃げ出すヤコブ

1しかし、そのままですむわけはありません。ラバンの息子たちが不平を言いだしたのです。「ヤコブの財産は、元はと言えばうちのお父さんのものじゃないか。お父さんが犠牲になって、あいつを金持ちにしたようなものだ。」

2そのうちに、ラバンのヤコブに対する態度もよそよそしくなってきました。

3主がヤコブに彼の父の国へ帰るように命じたのは、そのような時でした。「あなたの先祖の国、親族のところへ帰りなさい。わたしがついているから心配はいらない。」

4ヤコブはラケルとレアに使いをやり、自分が今、群れを飼っている所まで来るように言いました。 5そこで相談するためです。

「お義父さんの様子が近ごろどうも変なのだ。だが、心配することはない。今日、私の父の神様が共にいてくださると約束された。 6おまえたちも知っているように、私はお義父さんのために、今まで一生懸命に働いてきた。 7ところが、お義父さんのほうでは、私のことなど少しも考えてくれなかった。報酬のことも、お義父さんは何度も何度も約束を破ったのだ。これまで害されることなく無事にやってこられたのは、ひとえに神様が助けてくださったおかげだと思っている。 8ぶちの群れを私にくれると言えば、ぶちの子ばかり生まれた。それを見て気が変わり、しまのついているのにしなさいと言うと、生まれる羊には全部しまがついていた。 9お義父さんには気の毒だったが、こういうふうに、神様が私を豊かにしてくださったのだ。

10あれは、家畜の群れが交尾する時期のことだった。夢を見たのだ。その中で交尾している雄やぎは、しま、ぶち、まだらのものばかりだった。 11それから、神様の使いが言われたのだ。 12しまや、ぶちのある雄やぎを白い雌といっしょにさせろ、と。続いてこうも言われた。『ラバンがあなたにしたことは全部わかっている。 13わたしはあなたとベテルで出会った神だ。そこであなたは石の柱に油を注ぎ、わたしに仕えると約束した。さあ今、この国を出て、生まれ故郷へ帰りなさい。』」

14ラケルとレアは答えました。「私たちのことなら心配なさらないで。これからもここにいたって、自分たちの財産なんかありませんもの。父の財産だって相続できないでしょう。 15これでは、外国人と変わりないわ。言ってみれば、父は私たちを売ったのよ。あげくの果てに、売ってもうけたお金を、すっかり使い果たしてしまったのです。 16神様が父から取り上げ、あなたに下さった財産は、もともと私たちのものですもの。どうぞ神様がお命じになったとおりにしてください。遠慮はいりませんから。」

17-20それで、ある日、ラバンが牧草地で羊の毛を刈っていた時、ヤコブは妻と子どもたちをらくだに乗せ、黙って出発しました。その時、ラケルは、どさくさにまぎれて父親の守り神の像を盗み出しました。一行の先頭は、パダン・アラムで手に入れた羊、やぎなど家畜の群れです。ヤコブたちは、自分の持ち物すべてを持って、カナンの地にいる父イサクのもとへ帰ろうというのです。 21こうして、逃げるようにしてユーフラテス川を越え、ギルアデの地へ向かいました。

ラバンの追跡

22ラバンがそのことを知ったのは、三日後でした。 23あわてて数名の男を連れ、あとを追いました。七日後にようやく追いついた時は、ギルアデの山地まで来ていました。 24その夜のことです。神が夢の中でラバンに現れて言いました。「ヤコブにものを言う時は気をつけなさい。かってに祝福したり、のろったりしてはいけない。」

25ヤコブが山地で野営していた時、ラバンはようやく追いつき、自分たちもテントを張りました。 26「こそこそ逃げ出すとは、いったいどういうことだ。しかも、私の娘たちまでこんなふうに追い立てるようにして連れ出すとは。それとも、娘らを戦争で奪った捕虜のように思っているのか。」ラバンはヤコブをなじりました。 27「知らせてくれたら、名残を惜しみ、快く送り出すこともできたのに。 28孫たちに別れの口づけさえさせてくれなかった。これでは、あまりにひどすぎる。こんなやり方はないぞ。 29しようと思えば、私は仕返しにおまえを痛めつけることだってできるのだ。だが、ゆうべ、おまえの父の神からお告げがあった。『ヤコブにあまりつらく当たってはいけない』と。しかたがない。今度ばかりは大目に見てやろう。 30それにしても合点がいかないが、いくら故郷が恋しくて帰りたかったとはいえ、私の守り神の像まで盗むことはないだろう。」

31「黙って家を出たのは、そうでもしないと、力ずくでも私の妻たちを奪い取られるのではないかと、心配でたまらなかったからです。 32しかし、お義父さんの守り神のことなど、全く身に覚えがありませんが。もし盗んだ者がいたら、生かしてはおきませんよ。ほかにも、何か一つでも盗品が見つかったら、みなの前で誓いますが、その場でお返しします。」ヤコブは、ラケルが守り神の像を盗んだことを知らなかったのです。

33ラバンは、まずヤコブのテントから捜し始めましたが、何もありません。そのあとは、レアのテント、そばめたちの二つのテントと捜し回っても、やはり守り神の影も形もありません。とうとうラケルのテントを調べる番になりました。 34盗んだ張本人ラケルのテントです。彼女は像をらくだの鞍の下に押し込み、その上に座りました。これでは、いくらしらみつぶしに捜しても見つかるはずがありません。 35「お父さん、座ったままで失礼させていただきますわ。今、生理がきつくて、立てないのです。」ラケルはすまして言いました。

36-37何も出て来なかったのでヤコブは怒って、「どうでした。何か一つでも見つかりましたか? ぬれ衣もいいところですよ。まるで私が犯人だと言わんばかりに追いかけて来て、そこら中を家捜ししたりして……。さあ、見せていただきましょう。私が盗んだ物はどこにありますか。みんなの目の前に並べてください。ほんとうにお義父さんのものかどうか、とくと調べてもらいましょう。 38この二十年間というもの、私はあなたのために働き通しでした。雌羊や雌やぎの世話に明け暮れ、丈夫な子がたくさん生まれるようにしました。それでも自分が食べるためにと、雄羊一匹だってあなたのものに手をつけたことはありません。 39野獣に襲われて殺された時も、証拠の死骸を見せて、『数が減ったのを大目に見てください』などと頼んだことがありますか。私が自分で弁償したのです。私の責任であろうがなかろうが、家畜を盗まれた時は、必ず私が弁償させられました。 40昼は焼けつくような日ざしの中で、夜は夜で、寒さに震えて眠ることもできないままに働きました。 41この二十年間、ずっとですよ。十四年間は二人の娘さんを頂くため、六年間はあなたの群れの世話をして自分の群れを手に入れるため。おまけに、報酬は何度も減らされたのです。 42もし、祖父アブラハムや父イサクが信じる、すばらしい神様の恵みがなかったら、私は一文なしで追い出されていたことでしょう。幸い、神様は何もかもご存じだった。あなたのひどいやり方も、私が一生懸命に働いたことも見ておられた。それでゆうべ、あなたに現れてくださったのです。」

43「ここにいるのは私の娘だし、子どもたちはみな孫だ。家畜の群れもおまえの持ち物一切合財、私のものと言っていいくらいだ。ならば、自分の娘や孫のためにならないことなど、どうしてできよう。 44さあ、契約を結ぼう。これからは、お互いその契約をしっかり守っていこうではないか。」

45そのしるしとして、ヤコブは石を一つ立て、記念碑としました。 46また、召使に石を集めさせて塚を築きました。そのそばで、ヤコブとラバンはいっしょに食事をしました。 47-48それで塚の名は、「証拠の塚」となりました。ラバンの国のことばでは「エガル・サハドタ」、ヤコブの国のことばでは「ガルエデ」です。また、 49ミツパ〔「見張りの塔」の意〕とも呼ばれました。ラバンがこう言ったからです。「お互い遠く離れていても、この約束を守れるように、神様が見張ってくださるように。 50もし私の娘たちにつらく当たったり、ほかの女と結婚したりするなら、神様はお見逃しになるまい。 51-52お互いにこの線を越えて攻撃をしかけたりしないよう、誓いを立てよう。この石塚は誓いの証人だ。 53もしどちらかが誓いを破ったら、アブラハムとナホルの神、その父祖の神に訴えよう。その者は滅ぼされる。」

そこでヤコブも、父親イサクの信じる偉大な神の前で、境界線を尊重すると堅く約束しました。 54そして、山の上で神にも誓いを立て、一同といっしょに食事をしてから、そのまま夜を過ごしました。 55翌朝はいよいよ別れなければなりません。ラバンは、早々と起きて娘たちと孫たちに別れの口づけをし、祝福すると、家へ帰って行きました。