1 Mose 30 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 30:1-43

1Ɛberɛ a Rahel hunuu sɛ ɔne Yakob nwo no, nʼani beree ne nuabaa no. Enti, ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Sɛ wo ne me anwo mma a, mɛwu!”

2Yakob bo fuu Rahel, ma ɔkaa sɛ, “Meyɛ Onyankopɔn? Ɔno na wasi wo yafunu ano.”

3Ɛnna Rahel ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mʼafenaa Bilha nie, wo ne no nkɔda, na ɔnwo mma me, na ɛnam ne so ama me nso manya abusua.”

4Enti, Rahel de nʼafenaa Bilha maa Yakob wareeɛ. Yakob ne no daeɛ. 5Ɔnyinsɛn, woo babarima maa Yakob. 6Na Rahel kaa sɛ, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me. Wate mʼadesrɛ ama me ɔbabarima.” Ne saa enti, ɔtoo no edin Dan a asekyerɛ ne, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me.”

7Rahel afenaa Bilha nyinsɛnee bio, woo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob. 8Na Rahel kaa sɛ, “Me ne me nua Lea adi yɛn ho aperedie na madi nkonim.” Ɛno enti, ɔtoo abɔfra no edin Naftali a asekyerɛ ne, “Mʼakodie.”

9Ɛberɛ a Lea hunuu sɛ nʼawoɔ ate kɔ no, ɔno nso de nʼafenaa Silpa maa Yakob wareeɛ. 10Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima maa Yakob. 11Na Lea kaa sɛ, “Akrayɛ bɛn nie.” Enti, ɔtoo abɔfra no edin Gad a asekyerɛ ne, “Asi me yie.”

12Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob. 13Na Lea kaa sɛ, “Mʼani agye! Afei deɛ, mmaa no bɛfrɛ me anigyeɛ.” Enti, ɔtoo no edin Aser a asekyerɛ ne “Anigyeɛ.”

14Ayuotwaberɛ mu ɛda bi, Ruben kɔɔ afuom kɔhunuu afifideɛ bi a wɔfrɛ no dudaim. Ɔde bi brɛɛ ne maame Lea. Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ, “Mesrɛ wo, ma me wo ba no dudaim30.14 dudaim: Yei ne sɛdeɛ wɔfrɛ dua no wɔ Hebri kasa mu. no bi.”

15Nanso, Lea de abufuo buaa sɛ, “Woabɛgye me kunu akyiri no, woresane abɛgye me ba dudaim a ɔde abrɛ me no bi apaa so?”

Na Rahel de awerɛhoɔ kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛnneɛ, Yakob mmɛda wo nkyɛn ɛnnɛ anadwo yi, na ma me dudaim no bi.”

16Enti, ɛda no anwummerɛ a Yakob firi afuom reba no, Lea kɔhyiaa no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wobɛda me nkyɛn ɛnnɛ anadwo yi, ɛfiri sɛ, mede me ba dudaim atɔ wo.” Enti, Yakob kɔdaa Lea nkyɛn anadwo no.

17Onyankopɔn tiee Lea mpaeɛbɔ, na ɔnyinsɛn, woo ɔbabarima a ɔtɔ so enum maa Yakob. 18Na Lea kaa sɛ, “Mede mʼafenaa Silpa maa me kunu Yakob no, Onyankopɔn adom me.” Enti, wɔtoo abɔfra no edin Isakar a asekyerɛ ne “Akyɛdeɛ.”

19Lea sane nyinsɛnee bio, na ɔwoo ne babarima a ɔtɔ so nsia maa Yakob. 20Enti, Lea kaa sɛ, “Onyankopɔn akyɛ me akyɛdeɛ a ɛsom bo yie. Afei deɛ, manya me kunu anim animuonyam. Ɔde obuo ne anidie bɛma me, ɛfiri sɛ, mawo mmammarima baasia ama no. Enti, ɔtoo abarimaa no edin Sebulon a, asekyerɛ ne Animuonyam.”

21Akyire no, Lea woo ɔbabaa too no edin Dina.

22Afei, Onyankopɔn kaee Rahel, tiee ne mpaeɛbɔ, buee nʼawotwaa ano. 23Rahel nyinsɛne, woo ɔbabarima, na ɔkaa sɛ, “Afei deɛ, Onyankopɔn apepa mʼanimguaseɛ, ama me nso mawo ɔba.” 24Rahel too ne ba no edin Yosef a asekyerɛ ne “Awurade mfa ɔbabarima baako nka me ho.”

Yakob Ahonya

25Rahel woo Yosef no, ankyɛre na ɛda koro bi, Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ, “Mepɛ sɛ mesane kɔ mʼankasa mʼasase so ne me fie enti, mesrɛ wo, gya me ɛkwan na menkɔ, 26Fa me yerenom ne me mma a wɔn enti mebɛsom wo no ka ho. Wʼankasa ara wonim ɔsom pa a masom wo.”

27Laban buaa sɛ, “Mesrɛ wo, nkɔ nnya me. Makɔ abisa ahunu sɛ, nhyira dodoɔ a manya yi nyinaa firi te a wote me nkyɛn yi so.” 28Laban ka kaa ho sɛ, “Kyerɛ me akatua biara a wobɛgye, na mɛtua.”

29Yakob buaa Laban sɛ, “Wʼankasa wonim som a masom wo, ne sɛdeɛ mahwɛ wʼanantwie ne wo nnwan ama wɔn ase afɛe afa. 30Wʼahodeɛ kakra a na wowɔ ɛberɛ a mebaeɛ no, ɛnnɛ, adɔɔso, abu so. Biribiara a meyɛ maa wo no nso, Awurade ahyira so. Na me nso, ɛberɛ bɛn na mɛtumi apɛ biribi de agya mʼabusuafoɔ?”

31Laban bisaa Yakob sɛ, “Akatua ahe na memfa mma wo?”

Yakob nso buaa sɛ, “Mma me hwee, na mmom, sɛ wobɛyɛ mʼabisadeɛ baako pɛ yi ama me deɛ a, mɛkɔ so ayɛn wo mmoa no. 32Ɛnnɛ, ma menkɔhwehwɛ wo mmoa no nyinaa mu, na mennyi odwan biara a ne ho yɛ ntokontrama, odwan ba biara a ɔyɛ tuntum ne abirekyie biara a ɔyɛ ntokontrama. Yeinom na ɛbɛyɛ mʼakatua. 33Yei bɛma woahunu sɛ, medi nokorɛ anaa menni nokorɛ. Sɛ wohunu nnwan anaa mmirekyie a wɔyɛ fufuo, na wɔnyɛ ntokontrama wɔ me mmoa no mu a, na ɛkyerɛ sɛ mawia wɔn afiri wo deɛ mu.”

34Laban buaa Yakob sɛ, “Ɛyɛ, yɛ no sɛdeɛ woaka no.” 35Ɛda no ara, Laban yiyii nnwennini a wɔyɛ ntokontrama no nyinaa ne nnwammedeɛ a wɔyɛ ntokontrama no nso; mmoa no mu biara a fufuo wɔ ne ho ne odwan ba biara a ɔyɛ tuntum no, ɔde wɔn kɔmaa ne mmammarima. 36Na Laban mma no faa mmoa no, de wɔn twaa nnansa ɛkwan, firii baabi a na Yakob wɔ hɔ. Saa ɛberɛ no mu, Yakob tenaa hɔ, hwɛɛ Laban nnwan no.

37Na Yakob faa saa nnua yi: ɔsɛsɛ, ɛdwono ne ɔkyɛnkyɛn mman mono, yiyii ho akamakam, ma ɛkɔtoo dua kwatii no. 38Afei, ɔde mman mono a wayiyi ho no nyinaa guguu mmoa no adidi nnaka mu, sɛdeɛ ɛba sɛ, mmoa no ba sɛ wɔrebɛnom nsuo no bi a, wɔbɛhunu. Saa ɛberɛ no na anini no foro abereɛ no. 39Enti, sɛ mmoa no hyia mu wɔ dua mman ntokontrama no ho, na wɔnyinsɛn na wɔwowo a, wɔn mma no ho yɛ ntokontrama. 40Ɔnam saa ɛkwan yi so yii Laban nnwankuo no mu abereɛ no guu faako, ma ɛkaa anini no. Na ɔmaa wɔne Yakob nnwan a wɔyɛ tuntum no hyiaa mu. Saa ɛkwan yi so na ɔfa gyinaa ne nnwankuo firii Laban deɛ mu. 41Ɛduru ɛberɛ a nnwammedeɛ a wɔwɔ ahoɔden no pɛ sɛ wɔhyia nnwennini no a, Yakob de mman a wayiyi ho akamakam no gu wɔn anim. 42Nanso, wanyɛ nnwan abereɛ a wɔyɛ mmerɛ no saa. Enti, nnwammaa a wɔnni ahoɔden no bɛyɛɛ Laban dea, ɛnna wɔn a wɔwɔ ahoɔden no nso bɛyɛɛ Yakob dea. 43Ɛnam yei so maa Yakob nyaa ne ho tam. Ɔnyaa mmoa, mfenaa, nkoa, nyoma ne mfunumu bebree.

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Mose 30:1-43

1Bere a Rahel huu sɛ ɔne Yakob nwo no, nʼani beree ne nuabea no. Enti ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Sɛ wo ne me anwo mma a, mewu!”

2Yakob bo fuw Rahel ma ɔkae se, “Meyɛ Onyankopɔn? Ɔno na wasiw wo yafunu ano.”

3Na Rahel ka kyerɛɛ Yakob se, “Mʼafenaa Bilha ni, wo ne no nkɔda, na ɔnwo mma me, na ɛnam ne so ama me nso manya abusua.”

4Enti Rahel de nʼabaawa Bilha maa Yakob waree. Yakob ne no dae. 5Onyinsɛn woo ɔbabarima maa Yakob. 6Na Rahel kae se, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me. Wate mʼadesrɛ ama me ɔbabarima.” Ne saa nti, ɔtoo no din Dan a ne nkyerɛase ne, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me.”

7Rahel afenaa Bilha nyinsɛnee bio, woo ɔbabarima a ɔto so abien maa Yakob. 8Na Rahel kae se, “Me ne me nua Lea adi yɛn ho aperepere na madi nkonim.” Ɛno nti, ɔtoo abofra no din Naftali a ne nkyerɛase ne, “Mʼakodi.”

9Bere a Lea huu sɛ nʼawo atew kɔ no, ɔno nso de nʼafenaa Silpa maa Yakob waree. 10Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima maa Yakob. 11Na Lea kae se, “Akraye bɛn ni!” Enti ɔtoo abofra no din Gad a ne nkyerɛase ne, “Asi me yiye.”

12Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima a ɔto so abien maa Yakob. 13Na Lea kae se, “Mʼani agye! Afei de, mmea no bɛfrɛ me anigye.” Enti, ɔtoo no din Aser a ne nkyerɛase ne “Anigye.”

14Awitwabere mu da bi, Ruben kɔɔ afum kohuu afifide bi a wɔfrɛ no dudaim. Ɔde bi brɛɛ ne na Lea. Rahel ka kyerɛɛ Lea se, “Mesrɛ wo, ma me wo ba no dudaim30.14 dudaim: Eyi ne sɛnea wɔfrɛ dua no wɔ Hebri kasa mu. no bi.”

15Nanso Lea de abufuw buae se, “Woabegye me kunu akyi no, woresan abegye me ba dudaim a ɔde abrɛ me no bi apaa so?”

Na Rahel de awerɛhow kae se, “Eye, ɛno de, Yakob mmɛda wo nkyɛn nnɛ anadwo yi, na ma me dudaim no bi.”

16Enti da no anwummere a Yakob fi afum reba no, Lea kohyiaa no, ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wobɛda me nkyɛn anadwo yi, efisɛ mede me ba dudaim atɔ wo.” Enti Yakob kɔdaa Lea nkyɛn anadwo no.

17Onyankopɔn tiee Lea mpaebɔ, na onyinsɛn woo ɔbabarima a ɔto so anum maa Yakob. 18Na Lea kae se, “Mede mʼafenaa Silpa maa me kunu Yakob no, Onyankopɔn adom me.” Enti wɔtoo abofra no din Isakar a nkyerɛase ne “Akyɛde.”

19Lea san nyinsɛnee bio, na ɔwoo ne babarima a ɔto so asia maa Yakob. 20Enti Lea kae se, “Onyankopɔn ama me akyɛde a ɛsom bo yiye. Afei de, manya me kunu anim anuonyam. Ɔde obu ne nidi bɛma me, efisɛ mawo mmabarima baasia ama no. Enti ɔtoo abarimaa no din Sebulon a ne nkyerɛase ne Anuonyam.”

21Akyiri no, Lea woo ɔbabea too no din Dina.

22Afei, Onyankopɔn kaee Rahel, tiee ne mpaebɔ, buee nʼawotwaa ano. 23Rahel nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔkae se, “Afei de, Onyankopɔn apepa mʼanimguase ama me nso mawo ɔba.” 24Rahel too ne ba no din Yosef a ne nkyerɛase ne “Awurade mfa ɔbabarima baako nka me ho.”

Yakob Ahonya

25Rahel woo Yosef no, ankyɛ na da koro bi, Yakob ka kyerɛɛ Laban se, “Mepɛ sɛ mesan kɔ mʼankasa mʼasase so ne me fi, enti mesrɛ wo, gya me kwan na menkɔ. 26Fa me yerenom ne me mma a wɔn nti mebɛsom wo no ka ho. Wʼankasa ara wunim ɔsom pa a masom wo.”

27Laban buae se, “Mesrɛ wo, nkɔ nnya me. Makɔ abisa ahu sɛ, nhyira dodow a manya yi nyinaa fi te a wote me nkyɛn yi.” 28Laban ka kaa ho se, “Kyerɛ me akatua biara a wubegye, na metua.”

29Yakob buaa Laban se, “Wʼankasa wunim som a masom wo, ne sɛnea mahwɛ wʼanantwi ne wo nguan ama wɔn ase afɛe afa. 30Wʼahode kakra a na wowɔ bere a mebae no, nnɛ, adɔɔso abu so. Biribiara a meyɛ maa wo no nso, Awurade ahyira so. Na me nso, bere bɛn na metumi apɛ biribi de agyaw mʼabusuafo?”

31Laban bisaa Yakob se, “Akatua ahe na memfa mma wo?”

Yakob nso buae se, “Mma me hwee, na mmom, sɛ wobɛyɛ mʼabisade baako pɛ yi ama me de a, mɛkɔ so ayɛn wo mmoa no. 32Nnɛ, ma menkɔhwehwɛ wo mmoa no nyinaa mu, na minnyi oguan biara a ne ho yɛ ntokontrama, oguan ba biara a ɔyɛ tuntum ne abirekyi biara a ɔyɛ ntokontrama. Eyinom na ɛbɛyɛ mʼakatua. 33Eyi bɛma me nokwaredi adi me adanse, bere biara a wobɛhwehwɛ akatua a wode ama me no mu no. Sɛ wuhu abirekyi biara a ɔnyɛ ntokontrama anaa oguan biara a nʼahosu mmiri wɔ me mmoa no mu a, na ɛkyerɛ sɛ mawia wɔn afi wo de mu.”

34Laban buaa Yakob se, “Eye, yɛ no sɛnea woaka no.” 35Da no ara, Laban yiyii adwennini a wɔyɛ ntokontrama no nyinaa ne nguanbere a wɔyɛ ntokontrama no nso; mmoa no mu biara a fufu wɔ ne ho ne oguan ba biara a ɔyɛ tuntum no, ɔde wɔn kɔmaa ne mmabarima. 36Na Laban mma no faa mmoa no de wɔn twaa nnansa kwan, fii baabi a na Yakob wɔ hɔ. Saa bere no mu no, Yakob tenaa hɔ, hwɛɛ Laban nguan no.

37Na Yakob faa saa nnua yi: ɔsɛsɛ, odwen ne ɔfo mman amono, yiyii ho akamakam ma ɛkɔtoo dua kwatii no. 38Afei, ɔde mman amono a wayiyi ho no nyinaa guguu mmoa no adidi nnaka mu, sɛnea ɛba sɛ, mmoa no ba sɛ wɔrebɛnom nsu no bi a, wobehu. Saa bere no na anini no foro abere no. 39Enti sɛ mmoa no hyia mu wɔ dua mman ntokontrama no ho, na wonyinsɛn na wɔwowo a, wɔn mma no ho yɛ ntokontrama. 40Ɔnam saa kwan yi so yii Laban nguankuw no mu abere no guu faako ma ɛkaa anini no. Na ɔmaa wɔne Yakob nguan a wɔyɛ tuntum no hyiaa mu. Saa ɔkwan yi so na ɔfa tew nʼankasa ne nguankuw fii Laban de ho. 41Edu bere a nguanbere a wɔwɔ ahoɔden no pɛ sɛ wohyia adwennini no a, Yakob de mman a wayiyi ho akamakam no gu wɔn anim. 42Nanso wanyɛ nguan abere a wɔyɛ mmerɛw no saa. Enti nguantenmma a wonni ahoɔden no bɛyɛɛ Laban dea, na wɔn a wɔwɔ ahoɔden no nso bɛyɛɛ Yakob dea. 43Ɛnam eyi so maa Yakob nyaa ne ho tam. Onyaa mmoa, mfenaa, nkoa, yoma ne mfurum bebree.