1 Mose 29 – ASCB & NIVUK

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 29:1-35

Yakob Kɔduru Paddan-Aram

1Yakob toaa nʼakwantuo so kɔduruu apueeɛfoɔ asase so. 2Asase no so baabi na ɔkɔhunuu abura bi a nnwankuo mmiɛnsa butubutu ho. Ɛfiri sɛ, saa abura no mu nsuo na wɔsa ma nnwan no nom. Na ɛboɔ kɛseɛ bi na ɛkata abura no so. 3Ɛberɛ biara a nnwankuo no bɛboa wɔn ho ano wɔ hɔ no, nnwanhwɛfoɔ no pire ɛboɔ no firi abura no ano ma nnwan no nsuo nom. Sɛ nnwan no nom nsuo no wie a, na nnwanhwɛfoɔ no asane de ɛboɔ no akata abura no ano.

4Yakob bisaa wɔn sɛ, “Anuanom, mofiri he na mobaa ha?”

Wɔbuaa Yakob sɛ, “Yɛfiri Haran.”

5Yakob sane bisaa wɔn sɛ, “Monim Nahor nana Laban anaa?”

Nnwanhwɛfoɔ no nso buaa no sɛ, “Aane, yɛnim no.”

6Afei, Yakob bisaa wɔn sɛ, “Na ne ho te sɛn?”

Wɔbuaa no sɛ, “Ne ho yɛ. Na ne babaa Rahel koraa na ɔne ne nnwan reba yi.”

7Yakob kaa sɛ, “Monhwɛ. Owia no ano yɛ den dodo. Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔboaboa mmoa no ano nnuruiɛ. Momma wɔn nsuo nnom, na monka wɔn nkɔ wɔn adidibea.”

8Nnwanhwɛfoɔ no buaa Yakob sɛ, “Sɛ yɛmmoaboaa nnwan no nyinaa ano, na yɛmpiree ɛboɔ no mfirii abura no ano a, yɛrentumi mma wɔn nsuo nnom.”

9Yakob gu so ne wɔn rekasa no ara na Rahel a ɔno nso yɛ odwanhwɛfoɔ no de nʼagya nnwan baa hɔ. 10Ɛberɛ a Yakob hunuu ne maame nuabarima Laban babaa Rahel ne ne wɔfa Laban nnwan no, ɔkɔpiree ɛboɔ no firii abura no ano. Afei, wɔmaa nnwan no nsuo nomeeɛ. 11Afei, Yakob fee Rahel ano, na ɔsuiɛ. 12Na Yakob aka akyerɛ Rahel sɛ, ɔno Yakob yɛ Rahel no agya busuani a ɔsane yɛ nʼagya Laban no nuabaa Rebeka babarima. Enti, Rahel tuu mmirika kɔka kyerɛɛ nʼagya.

13Laban tee ne nuabaa Rebeka ba Yakob ho asɛm no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa no. Laban yɛɛ no atuu, fee nʼano, de no baa ne fie, maa Yakob bɔɔ no nʼananteseɛ. 14Laban ka kyerɛɛ no sɛ, nokorɛ ni, “woyɛ me busuani.” Na Yakob tenaa Laban nkyɛn bosome.

Yakob Ware Laban Mmammaa Lea Ne Rahel

15Ɛda koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Ɛwom sɛ woyɛ me busuani deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ sɛ metua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo.”

16Na Laban wɔ mmammaa baanu. Na ɔpanin no din de Lea ɛnna akumaa no nso de Rahel. 17Na Lea aniwa aba yɛ fɛ, ɛnna Rahel yɛ ɔbaa fɛfɛ a nʼanim yɛ nyam yie. 18Na Yakob dɔ Rahel awadeɛ kwan so, enti ɔka kyerɛɛ Rahel agya Laban sɛ, “Sɛ wode wo babaa kumaa Rahel bɛma me aware a, anka me nso mɛsom wo mfeɛ nson.”

19Laban kaa sɛ, “Mepene so! Ɛyɛ sɛ mede no bɛma wo aware mmom sene sɛ mede no bɛma obi foforɔ bi a mennim no. Enti, tena me nkyɛn.” 20Esiane ɔdɔ a na Yakob dɔ Rahel enti, ɔsomm Laban mfeɛ nson, na wanhunu koraa sɛ, wasom akyɛre saa. Ɛyɛɛ no sɛ gyama ɔsomee nnansa bi pɛ.

21Yakob som wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Laban sɛ, “Masom awie enti, fa Rahel ma me na menware no.”

22Ɛno enti, Laban too ɛpono kɛseɛ, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa a na ɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa baa apontoɔ no ase. 23Na ɛduruu anadwo a esum aduru no, Laban de ne babaa Lea kɔmaa Yakob, maa ɔne no daeɛ. 24Ɛno akyiri no, Laban de nʼafenawa Silpa kaa Lea ho sɛ ɔnkɔsom no.

25Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Lea mmom na ɔda nʼakyi. Ɛnna Yakob bisaa Laban sɛ, “Asɛm bɛn na wo ne me adi yi? Ɛnyɛ Rahel enti na mesom wo? Adɛn enti na woadaadaa me sei?”

26Laban buaa Yakob sɛ, “Ɛha deɛ, ɛnyɛ yɛn amanneɛ sɛ yɛde ɔbabaa kumaa ma aware wɔ ɛberɛ a ɔpanin no nwareeɛ. 27Ma Lea nni nnawɔtwe wɔ wo nkyɛn, na nnawɔtwe no akyiri no, sɛ wopɛ Rahel ara a, mɛma woasane asom mfirinhyia nson bio, na mede no ama wo aware.”

28Yakob penee so ne Lea tenaa nnawɔtwe. Ɛno akyiri, ɔsomm mfeɛ nson ansa na Laban de ne babaa Rahel nso maa no wareeɛ. 29Laban de nʼafenawa Bilha nso maa ne babaa Rahel sɛ ɔnkɔsom no. 30Yakob de ne ho kaa Rahel nso. Na ɔdɔ Rahel sene Lea. Yakob tenaa Laban nkyɛn, somm no mfirinhyia nson bio sɛdeɛ ɔne no hyehyɛeɛ no.

Yakob Mma

31Awurade hunuu sɛ Yakob ani nnye Lea ho no, ɔbuee ne yafunu mu, nanso Rahel deɛ, na ɔnwo. 32Lea nyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima. Ɔtoo no edin Ruben a asekyerɛ ne “Awurade ahunu mmɔborɔ a meyɛ.” Na Lea kaa sɛ, “Awurade ahunu me mmɔbɔ. Nokorɛm, afei na me kunu ani bɛgye me ho.”

33Lea nyinsɛnee bio na ɔsane woo ɔbabarima bio no, ɔkaa sɛ, “Esiane sɛ Awurade hunuu sɛ me kunu ani nnye me ho enti, wasane akyɛ me ɔbabarima bio.” Enti, ɔtoo ne din Simeon a asekyerɛ ne “Awurade ate!”

34Lea sane nyinsɛnee bio. Na ɔwoo ɔbabarima bio no, ɔkaa sɛ, “Afei deɛ, me kunu de ne ho bɛfam me ho, ɛfiri sɛ, mawo mmammarima baasa ama no.” Ɛno enti, ɔtoo no edin Lewi a asekyerɛ ne “Ahofam.”

35Lea sane nyinsɛnee. Ɛberɛ a ɔsane woo ɔbabarima bio no, ɔkaa sɛ, “Saa ɛberɛ yi deɛ, mɛkamfo Awurade.” Ɛno enti, ɔtoo no edin Yuda, a asekyerɛ ne “Nkamfoɔ.” Yei akyiri no, ɔhomee awoɔ so.

New International Version – UK

Genesis 29:1-35

Jacob arrives in Paddan Aram

1Then Jacob continued on his journey and came to the land of the eastern peoples. 2There he saw a well in the open country, with three flocks of sheep lying near it because the flocks were watered from that well. The stone over the mouth of the well was large. 3When all the flocks were gathered there, the shepherds would roll the stone away from the well’s mouth and water the sheep. Then they would return the stone to its place over the mouth of the well.

4Jacob asked the shepherds, ‘My brothers, where are you from?’

‘We’re from Harran,’ they replied.

5He said to them, ‘Do you know Laban, Nahor’s grandson?’

‘Yes, we know him,’ they answered.

6Then Jacob asked them, ‘Is he well?’

‘Yes, he is,’ they said, ‘and here comes his daughter Rachel with the sheep.’

7‘Look,’ he said, ‘the sun is still high; it is not time for the flocks to be gathered. Water the sheep and take them back to pasture.’

8‘We can’t,’ they replied, ‘until all the flocks are gathered and the stone has been rolled away from the mouth of the well. Then we will water the sheep.’

9While he was still talking with them, Rachel came with her father’s sheep, for she was a shepherd. 10When Jacob saw Rachel daughter of his uncle Laban, and Laban’s sheep, he went over and rolled the stone away from the mouth of the well and watered his uncle’s sheep. 11Then Jacob kissed Rachel and began to weep aloud. 12He had told Rachel that he was a relative of her father and a son of Rebekah. So she ran and told her father.

13As soon as Laban heard the news about Jacob, his sister’s son, he hurried to meet him. He embraced him and kissed him and brought him to his home, and there Jacob told him all these things. 14Then Laban said to him, ‘You are my own flesh and blood.’

Jacob marries Leah and Rachel

After Jacob had stayed with him for a whole month, 15Laban said to him, ‘Just because you are a relative of mine, should you work for me for nothing? Tell me what your wages should be.’

16Now Laban had two daughters; the name of the elder one was Leah, and the name of the younger was Rachel. 17Leah had weak29:17 Or delicate eyes, but Rachel had a lovely figure and was beautiful. 18Jacob was in love with Rachel and said, ‘I’ll work for you seven years in return for your younger daughter Rachel.’

19Laban said, ‘It’s better that I give her to you than to some other man. Stay here with me.’ 20So Jacob served seven years to get Rachel, but they seemed like only a few days to him because of his love for her.

21Then Jacob said to Laban, ‘Give me my wife. My time is completed, and I want to make love to her.’

22So Laban brought together all the people of the place and gave a feast. 23But when evening came, he took his daughter Leah and brought her to Jacob, and Jacob made love to her. 24And Laban gave his servant Zilpah to his daughter as her attendant.

25When morning came, there was Leah! So Jacob said to Laban, ‘What is this you have done to me? I served you for Rachel, didn’t I? Why have you deceived me?’

26Laban replied, ‘It is not our custom here to give the younger daughter in marriage before the elder one. 27Finish this daughter’s bridal week; then we will give you the younger one also, in return for another seven years of work.’

28And Jacob did so. He finished the week with Leah, and then Laban gave him his daughter Rachel to be his wife. 29Laban gave his servant Bilhah to his daughter Rachel as her attendant. 30Jacob made love to Rachel also, and his love for Rachel was greater than his love for Leah. And he worked for Laban another seven years.

Jacob’s children

31When the Lord saw that Leah was not loved, he enabled her to conceive, but Rachel remained childless. 32Leah became pregnant and gave birth to a son. She named him Reuben,29:32 Reuben sounds like the Hebrew for he has seen my misery; the name means see, a son. for she said, ‘It is because the Lord has seen my misery. Surely my husband will love me now.’

33She conceived again, and when she gave birth to a son she said, ‘Because the Lord heard that I am not loved, he gave me this one too.’ So she named him Simeon.29:33 Simeon probably means one who hears.

34Again she conceived, and when she gave birth to a son she said, ‘Now at last my husband will become attached to me, because I have borne him three sons.’ So he was named Levi.29:34 Levi sounds like and may be derived from the Hebrew for attached.

35She conceived again, and when she gave birth to a son she said, ‘This time I will praise the Lord.’ So she named him Judah.29:35 Judah sounds like and may be derived from the Hebrew for praise. Then she stopped having children.