1 Mose 26 – ASCB & KLB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 26:1-35

Isak Ne Ɔhene Abimelek

1Afei, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so. Saa ɛkɔm kɛseɛ no sene deɛ ɛbaa Abraham berɛ so no. Ɛno enti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifoɔ ɔhene Abimelek kuro mu. 2Ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Isak, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkɔ Misraim, na mmom, tena asase a mɛkyerɛ wo no so. 3Tena asase yi so kakra, ɛfiri sɛ, mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ, na mede asi ɛbɔ a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua. 4Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso te sɛ nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase aman ahodoɔ nyinaa. 5Ɛfiri sɛ, Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛdeɛ ne me mmara nyinaa so.” 6Enti, Isak tenaa Gerar.

7Ɛberɛ a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ me nuabaa.” Ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, na ɔsusu sɛ, ɛsiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ enti, anhwɛ a, na kurom hɔ mmarima akum no.

8Isak tenaa hɔ kyɛɛ kakra no, ɛda bi, Filistifoɔ ɔhene Abimelek gyina ne mpomma mu na ɔhunuu sɛ Isak regoro ne yere Rebeka ho. 9Ɛno enti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak baeɛ no, ɔbisaa no sɛ, “Ɔbaa no yɛ wo yere ankasa. Adɛn enti na woka sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa?’ ”

Isak buaa no sɛ, “Mesusuu sɛ, sɛ meka sɛ ɔyɛ me yere a, ne enti, ebia, na wɔakum me.”

10Ɛnna ɔhene Abimelek kaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm na wo ne yɛn adi yi? Nokorɛ a woamma anna adi enti, anka obi bɛtumi afa wo yere no, na wode mmusuo aba yɛn so.”

11Ɛno enti, Abimelek bɔɔ ne manfoɔ no kɔkɔ sɛ, “Obiara a ɔde ne nsa bɛka saa ɔbarima yi, anaa ne yere no, ɛkwan biara so, wɔbɛkum no.”

12Saa afe no ara Yakob dɔɔ afuo. Na Awurade hyiraa nʼadwumadeɛ so. Ne nnɔbaeɛ baa bebree. 13Isak yɛɛ ɔdefoɔ. Nʼahonya kɔɔ so dɔɔso, ma ɔdii taamu. 14Ɔnyaa nnwan, anantwie, ne asomfoɔ bebree, ma ɛyɛɛ saa maa Filistifoɔ no ani beree no yie. Saa anibereɛ yi enti, Filistifoɔ no de dɔteɛ kɔsisii 15abura ahodoɔ a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu wɔ ne berɛ so no nyinaa ano.

16Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak sɛ, “Tu firi yɛn asase so, ɛfiri sɛ, wʼahonya dodoɔ aka yɛn ahyɛ.”

17Isak tu firii Gerar kuro no mu, kɔɔ Gerar subɔnhwa mu de hɔ kɔyɛɛ nʼatenaeɛ. 18Enti, Isak maa ne nkoa sane tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuiɛ a ne wuo akyiri no, Filistifoɔ no sisii ne nyinaa no. Ɔsane de edin korɔ no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio.

19Isak nkoa no tuu abura foforɔ bi wɔ Gerar subɔnhwa no mu, kɔtoo nsuo a ɛyɛ korɔgyenn. 20Nanso, Gerar nnwanhwɛfoɔ ne Isak nnwanhwɛfoɔ gyee abura no ho akyinnyeɛ. Gerar nnwanhwɛfoɔ no kaa sɛ, “Abura yi yɛ yɛn dea.” Yei maa Isak too saa abura no edin Esek, a aseɛ kyerɛ akyinnyegyeɛ abura. 21Isak nkoa no sane tuu abura foforɔ, nanso Gerar nnwanhwɛfoɔ no sane ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Yei maa Isak sane too saa abura no nso edin Sitna, a aseɛ kyerɛ Aperedie. 22Isak gyaa saa abura no hɔ kɔtuu abura foforɔ. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Yei maa Isak too saa abura yi edin Rehobot a aseɛ ne “Afei deɛ Awurade abɔ yɛn atenaseɛ na yɛbɛnya yɛn ho wɔ asase yi so.”

23Isak tu firii hɔ kɔɔ Beer-Seba. 24Anadwo no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene wʼagya, Abraham Onyankopɔn. Nsuro, ɛfiri sɛ, me ne wo na ɛwɔ hɔ. Ɛbɔ a mahyɛ mʼakoa Abraham enti, mɛhyira wo, na mama wʼasefoɔ adɔɔso, na wɔayɛ ɔman kɛseɛ.”

25Isak sii afɔrebukyia, somm Awurade wɔ hɔ. Ɔsii ntomadan, tenaa hɔ, na ne nkoa nso tuu abura maa no.

26Ɛda bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufoɔ Ahusad ne ne sahene Pikol firi Gerar bɛsraa Isak. 27Isak bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mo a na mo ne me nka, na mopamoo me firii mo nkyɛn aba me ha ɛnnɛ sɛ morebɛsra me?”

28Wɔbuaa no sɛ, “Yɛhunu pefee sɛ Awurade wɔ wʼafa enti, yɛasi gyinaeɛ sɛ, yɛne wo bɛyɛ apam. Apam no bɛda wo ne yɛn ntam. Pene so, na yɛne wo nyɛ saa apam no, 29Ka yɛn ntam sɛ, worenha yɛn, sɛdeɛ yɛn nso, yɛanha wo no. Yɛne wo tenaa yie. Yɛgyaa wo kwan asomdwoeɛ mu. Afei, hwɛ sɛdeɛ Awurade ahyira wo.”

30Isak too wɔn ɛpono, na wɔdidi nomeeɛ de twɛn apam a wɔne no rebɛyɛ no. 31Adeɛ kyee anɔpa no, Isak ne mmarima no kekaa wɔn ho wɔn ho ntam, de sii wɔn apam a wɔayɛ no so dua. Afei, Isak gyaa wɔn kwan, ma wɔkɔɔ asomdwoeɛ mu.

32Ɛda no ara, Isak asomfoɔ bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no sɛ, “Yɛato nsuo.” 33Isak too abura no edin Seba, a aseɛ kyerɛ sɛ “Ntanka abura.” Kuro a akyire no wɔkyekyeree wɔ hɔ no, wɔtoo hɔ edin Beer-Seba a ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔda so frɛ hɔ saa ara.

34Esau dii mfeɛ aduanan no, ɔwaree ababaawa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau sane waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon. 35Nanso, Isak ne Rebeka bo annwo saa awadeɛ no so.

Korean Living Bible

창세기 26:1-35

이삭과 아비멜렉

1아브라함의 때에 있었던 것과 같은 흉년이 그 땅에 다시 들자 이삭은 블레셋 왕 아비멜렉이 사는 그랄로 갔다.

2그때 여호와께서 그에게 나타나 말씀하셨다. “너는 이집트로 내려가지 말고 내가 지시하는 대로 이 땅에 머물러 있거라.

3네가 이 땅에서 살면 내가 너와 함께하여 너를 축복하고 이 모든 땅을 너와 네 후손에게 주겠다. 내가 네 아버지 아브라함에게 약속한 것을 지켜

4네 후손들을 하늘의 별처럼 많게 하며 이 모든 땅을 그들에게 주겠다. 네 후손을 통해서 세상의 모든 민족이 복을 받을 것이다.

5이것은 아브라함이 나에게 순종하였고 나의 법과 명령을 지켰기 때문이다.”

6그래서 이삭은 그랄에서 살았다.

7그 곳 사람들이 그의 아내에 대해 물으면 그는 자기 아내를 누이동생이라고 하였다. 그가 이렇게 말한 것은 리브가가 아름다우므로 그 곳 사람들이 그녀를 탐내서 자기를 죽일지도 모른다고 생각했기 때문이었다.

8이삭은 그 곳에 오랫동안 살았는데 어느 날 이삭이 그의 아내 리브가를 껴안고 있는 것을 블레셋 왕 아비멜렉이 창문으로 보게 되었다.

9그래서 아비멜렉이 이삭을 불러 “그녀가 분명히 당신의 아내인데도 어째서 당신은 그녀를 누이동생이라고 하였소?” 하고 따져 물었다. 이삭이 그에게 “그녀를 내 아내라고 말하면 내가 죽음을 당하게 될 것이라고 생각했기 때문입니다” 하고 대답하자

10아비멜렉이 말하였다. “당신은 어째서 우리에게 이런 짓을 하였소? 하마터면 내 백성 중 하나가 당신 아내를 가까이하여 당신 때문에 우리가 죄를 지을 뻔하였소.”

11그러고서 아비멜렉은 모든 백성들에게 “이 사람과 그의 아내를 괴롭히는 자는 누구든지 죽음을 당할 것이다” 하고 경고하였다.

12이삭은 그 땅에 농사를 지었다. 여호와께서 축복하시므로 그 해에 백 배의 결실을 얻었고

13점점 번창하여 마침내 큰 부자가 되었다.

14그에게 양과 소와 종들이 많아지자 블레셋 사람들이 그를 시기하여

15아브라함이 살아 있을 당시 그의 아버지 아브라함의 종들이 판 우물들을 모조리 흙으로 메워 버렸다.

16이때 아비멜렉이 이삭에게 “당신은 우리에게 너무 강력한 사람이 되었소. 이제 우리를 떠나시오” 하였다.

17그래서 이삭은 그 곳을 떠나 그랄 골짜기에 천막을 치고 거기에 정착하여

18그의 아버지 아브라함 때에 팠던 우물들을 다시 팠는데 이것들은 아브라함이 죽은 후에 블레셋 사람들이 막은 우물들이었다. 이삭은 그 우물들의 이름을 자기 아버지가 부르던 대로 불렀다.

19이삭의 종들이 골짜기에 우물을 파서 샘의 물줄기를 찾았으나

20그랄의 목자들이 이삭의 목자들과 다투며 “이 우물은 우리 것이다” 하고 주장하였다. 그래서 이삭은 그 우물 이름을 26:20 히 ‘에섹’‘다툼의 우물’ 이라고 지었다.

21이삭의 종들은 또 다른 우물을 팠다. 그랄의 목자들이 그것도 자기들 것이라고 우기므로 이삭은 그 우물 이름을 26:21 히 ‘싯나’‘적대의 우물’ 이라고 지었다.

22이삭이 거기서 옮겨 또 다른 우물을 파자 그들이 더 이상 다투지 않았으므로 이삭은 그 우물 이름을 26:22 히 ‘르호봇’‘넓은 우물’ 이라고 짓고 “여호와께서 우리에게 넓은 장소를 주셨으니 이제는 우리가 번창할 것이다” 하고 말하였다.

23이삭은 거기서 브엘세바로 올라갔다.

24그런데 그 날 밤 여호와께서 그에게 나타나 말씀하셨다. “나는 네 아버지 아브라함의 하나님이다. 너는 두려워하지 말아라. 내 종 아브라함을 생각해서 내가 너와 함께하여 너를 축복하고 네 자손을 번성하게 하겠다.”

25그래서 이삭은 그 곳에 단을 쌓아 여호와께 경배하고 거기에 천막을 쳤으며 그의 종들은 거기서도 우물을 팠다.

26이때 그랄에서 아비멜렉이 그의 고문 아훗삿과 군사령관 비골과 함께 이삭을 찾아왔다.

27이삭이 그들에게 “당신들은 나를 미워하여 쫓아내고서 무슨 일로 나를 찾아왔소?” 하고 묻자

28그들이 이렇게 대답하였다. “우리는 여호와께서 당신과 함께 계시는 것을 분명히 보았소. 그래서 우리가 당신과 계약을 맺는 것이 필요하다고 생각하였소. 이제 당신과 우리 사이에 계약을 맺읍시다.

29우리가 당신을 해하지 않고 당신에게 친절을 베풀어 평안히 가게 한 것처럼 당신도 우리를 해하지 않겠다고 약속하시오. 당신은 여호와께 복을 받은 사람이오.”

30이삭은 그들을 위해 잔치를 베풀었다. 그들은 먹고 마시고

31다음날 아침 일찍 일어나 서로 계약을 지키기로 맹세하였다. 그러고서 이삭이 그들을 보내자 그들은 평안히 떠났다.

32바로 그 날 이삭의 종들이 와서 자기들이 판 우물에 대하여 이야기하며 “우리가 물을 찾아냈습니다” 하였다.

33이삭이 그 우물의 이름을 맹세란 뜻으로 ‘세바’ 라고 지었으므로 그 곳 성 이름이 맹세의 우물 곧 브엘세바가 되었다.

34에서는 40세에 헷족의 두 여자와 결혼했는데 그들은 브에리의 딸 유딧과 엘론의 딸 바스맛이었다.

35그러나 그들은 이삭과 리브가의 마음에 근심이 되었다.