1 Mose 23 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 23:1-20

Sara Wuo

1Sara dii mfeɛ ɔha aduonu nson. 2Ɔwuu wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kɔgyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ.

3Abraham gyaa ne yere Sara amu no hɔ, kɔɔ Hetifoɔ mpanimfoɔ nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn sɛ, 4“Meyɛ ɔhɔhoɔ ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na mensie me yere wɔ so.”

5Hetifoɔ no buaa Abraham sɛ, 6“Owura, yɛsrɛ wo, tie asɛm a yɛrebɛka yi. Woyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ kɛseɛ wɔ yɛn mu. Yɛn boda biara a ɛsɔ wʼani a wopɛ sɛ wosie wo yere wɔ hɔ no, yɛma wo ho kwan, kɔsie no. Yɛn mu biara remfa ne boda nkame wo.”

7Ɛhɔ ara, Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase wɔ Hetifoɔ no anim, 8ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moapene so sɛ mensie mʼamu no wɔ ha deɛ a, mepa mo kyɛw, monsrɛ Efron a ɔyɛ Sohar babarima no mma me, 9na ɔntɔn Makpela ɔboda a ɛwɔ nʼafuo ano no mma me. Monka nkyerɛ no na ɔntɔn no sɛdeɛ ne boɔ die pɛpɛɛpɛ mma me, na mede hɔ ayɛ me ne mʼabusuafoɔ amusieeɛ.”

10Saa ɛberɛ no na Hetini Efron a ɔte ne manfoɔ mu no buaa Abraham maa ne nkurɔfoɔ a wɔahyia wɔ kuro no ɛpono ano nyinaa tee sɛ, 11“Dabi, me wura, tie me! Mede afuo no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Megyina me manfoɔ anim, na mede kyɛ wo. Kɔsie wʼamu no wɔ hɔ.”

12Bio Abraham de obuo ne anidie bɔɔ ne mu ase wɔ ɔmanfoɔ no anim, 13ka kyerɛɛ Efron maa wɔn a wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa tee asɛm a ɔkaeɛ no sɛ, “Mesrɛ mo, ɔmanfoɔ, monyɛ aso mma me. Momma mentua asase no ka. Mompene so mma me, na mennya ɛkwan nkɔsie mʼamu no.”

14Efron buaa Abraham sɛ, 15“Me wura, tie me! Asase no boɔ yɛ dwetɛ kilogram ɛnan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako anaa? Meregye saa sika yi ayɛ ɛdeɛn? Kɔsie wʼamu no!”

16Abraham penee Efron asɛm no so. Ɔkarii dwetɛ kilogram ɛnan ne fa a ɛyɛ asase no boɔ de maa Efron. Saa ara na na adwadifoɔ tɔn asase wɔ Hetifoɔ ɔman mu, na Hetifoɔ mpanimfoɔ no dii dwumadie no ho adanseɛ.

17Enti, wɔde Efron asase a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ, a ɛyɛ afuo no, ɔboda a ɛwɔ mu no, nnua a ɛwɔ afuo no mu ne nʼahyeɛ so nyinaa maa 18Abraham sɛ nʼagyapadeɛ. Yei nyinaa sii wɔ Hetifoɔ no ne wɔn a wɔbaa kuro no ɛpono no ano nyinaa anim. 19Afei, Abraham siee ne yere Sara wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela afuo a ɛbɛn Mamrɛ a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no mu. 20Enti, Hetifoɔ no yɛɛ nhyehyɛeɛ de afuo no ne ɔboda a ɛwɔ mu no maa Abraham sɛ, nʼagyapadeɛ ne nʼamusieeɛ.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

创世记 23:1-20

亚伯拉罕买地葬撒拉

1撒拉享年一百二十七岁, 2迦南境内的基列·亚巴,即希伯仑去世。亚伯拉罕在那里痛哭,哀悼她。 3他从妻子尸体旁边站起来对人说: 4“我是寄居在你们这里的异乡人,请你们给我一块地,我好埋葬我的亡妻。” 5人回答说: 6“我主,请听我们说,你在我们中间是一位尊贵的王子,你可以选我们这里最好的坟地,没有人会反对你使用他的坟地埋葬你的妻子。” 7亚伯拉罕就向他们下拜,说: 8“如果你们真的准我安葬妻子,就请你们代我求琐辖的儿子以弗仑9请他当着你们的面,把他田地尽头的麦比拉洞按实价卖给我作坟地。”

10当时以弗仑正坐在人当中,于是他在城门口人聚集的地方当众答复亚伯拉罕说: 11“不可!我主,请听我说,我当着族人的面,把那块地和山洞送给你,你只管去安葬你的妻子!” 12亚伯拉罕向当地的人下拜, 13当众对以弗仑说:“你若愿意,请听我说,我要把地钱给你,请你收下,好让我安葬我的妻子。” 14以弗仑回答说: 15“我主,请听我说,四公斤半银子的地对你我来说算什么呢?去安葬你的妻子吧!” 16于是,亚伯拉罕就照以弗仑当众提出的价钱,按通用的重量单位秤了四公斤半银子给他。

17这样,以弗仑麦比拉、靠近幔利的那块地和山洞及地界内所有的树木, 18都归了亚伯拉罕。这是在城门口的人面前买下的。

19之后,亚伯拉罕把妻子撒拉安葬在迦南幔利附近、麦比拉田间的洞里。幔利就是希伯仑20这块人的地和其中的山洞从此成了亚伯拉罕家的坟地。