1 Mose 17 – ASCB & JCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 17:1-27

Twetiatwa Apam

1Abram dii mfeɛ aduɔkron nkron no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no kaa sɛ, “Mene Otumfoɔ Onyankopɔn, nante mʼanim na yɛ pɛ. 2Mɛsi apam a ɛda me ne wo ntam no so dua, na mama wʼasefoɔ adɔɔso.”

3Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, 4“Me fa mu deɛ, saa apam yi na ɛda me ne wo ntam: wobɛyɛ aman bebree agya. 5Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, ɛfiri sɛ, mayɛ wo aman bebree agya. 6Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso. Wɔbɛyɛ amanaman bebree na ahemfo nso afiri wɔn mu. 7Mɛma mʼapam no ayɛ daapem apam a ɛbɛda me ne wo ne wʼasefoɔ ne awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no ntam. Na mɛyɛ wo ne wʼasefoɔ Onyankopɔn. 8Mede Kanaan asase a ɛnnɛ wote so sɛ ɔhɔhoɔ no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no nyinaa. Ɛbɛyɛ asase a ɛyɛ wʼagyapadeɛ afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn.”

9Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Wo deɛ, ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefoɔ ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no di mʼapam no so. 10Yei ne mʼapam a ɛda me ne wo ntam a ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefoɔ ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no di so. Ɛsɛ sɛ wɔtwa ɔbarima biara twetia. 11Ɛsɛ sɛ motwa twetia. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛda me ne mo ntam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. 12Ɔbarima biara a ɔyɛ wʼaseni a wɔbɛwo no no, ɔdi nnawɔtwe pɛ a, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia. Nkoa a wɔwoo wɔn wɔ wo fie ne ɔnanani biara a woyii sika tɔɔ no firii ɔmamfrani nkyɛn a ɔnyɛ wʼaseni no nso, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia saa ara. 13Sɛ wɔwoo no wo fie oo, sɛ nso, wokarii sika kɔtɔɔ no oo, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia. Saa honam mu apam yi bɛyɛ daapem apam. 14Wɔbɛpam ɔbarima biara a wɔntwaa no twetia no afiri ne nkurɔfoɔ mu, ɛfiri sɛ, saa onipa no anni mʼapam no so.”

15Onyankopɔn sane ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛfa wo yere Sarai ho nso, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, woremfrɛ no Sarai bio. Wobɛfrɛ no Sara. 16Mɛhyira no, na mɛma no awo ɔbabarima ama wo. Mɛhyira no ma wabɛyɛ aman nyinaa maame. Nʼasefoɔ mu na amanaman mu ahemfo bɛfiri.”

17Abraham de nʼanim butuu fam bio. Ɔsere bisaa ne ho sɛ, “Ɛbɛtumi aba sɛ ɔbarima a wadi mfeɛ ɔha bɛwo ɔba anaa? Sara nso a wadi mfeɛ aduɔkron no nso, ɔbɛtumi awo ɔba anaa?” 18Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Ao, Onyankopɔn ɛnneɛ, hyira Ismael!”

19Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Mmom, wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na wobɛto no edin Isak, a aseɛ ne Sereɛ. Me ne no bɛyɛ daapem apam a ɛbɛtena hɔ ama nʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no nyinaa. 20Na Ismael ho asɛm a wokaeɛ no nso, mate. Mɛhyira no ama nʼase adɔre bebree. Ɔbɛyɛ aberempɔn dumienu agya. Na mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ. 21Nanso, me ne Isak a Sara bɛwo no, afe sɛsɛɛ no, na ɛbɛyɛ mʼapam no.” 22Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Abraham wieeɛ no, ɔgyaa no hɔ kɔeɛ.

Wɔtwa Abraham Twetia

23Saa ɛda no ara, Abraham faa ne babarima Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fie ne mmarima a wɔtɔɔ wɔn firii ananafoɔ nkyɛn, twitwaa wɔn nyinaa twetia, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. 24Wɔtwaa Abraham twetia no, na wadi mfeɛ aduɔkron nkron. 25Ne babarima Ismael nso, wɔtwaa no twetia no, na wadi mfeɛ dumiɛnsa. 26Saa ɛda no ara, na wɔtwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia. 27Ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fie, wɔn a wɔwoo wɔn wɔ Abraham fie ne ɔbarima biara a wɔtɔɔ no firii ɔnanani bi nkyɛn no, wɔtwitwaa wɔn nyinaa twetia, kaa Abraham ho.

Japanese Contemporary Bible

創世記 17:1-27

17

契約と割礼

1アブラムが九十九歳になった時、主が彼に現れました。「わたしは全能の神である。わたしの命令に従って正しく生きなさい。 2-4わたしはあなたと契約を結ぶ。あなたが大いなる国民となることを保証する契約である。これから、あなたは一つの国民だけでなく、たくさんの国々の先祖となるのだ。」主が語るのを、アブラムは地にひれ伏し、額をすりつけんばかりにして聞いていました。

5「契約はもう一つある。わたしはあなたの名前を変える。これからは『アブラム』〔「地位の高い父」の意〕ではなく、『アブラハム』〔「国々の父」の意〕と名乗りなさい。 6あなたの子孫を数えきれないほど増やすので、たくさんの国ができるだろう。その子孫からは王も出る。 7-8この契約を、わたしは何世代にもわたって永遠に守り続ける。あなたとの間だけでなく、あなたの子孫との間の契約でもあるからだ。わたしがあなたの神となり、また、あなたの子孫の神となるという契約である。このカナンの全土は永久にあなたとその子孫のものだ。すなわち、わたしがあなたがたの神となる。

9-10あなたは契約の条件を忠実に守らなければならない。あなたもあなたの子孫も、一人残らずそうしなければならない。その条件とは、男子はみな割礼を受けるということ、 11つまり、性器の包皮の一部を切り取ることが、あなたがたがこの契約を受け入れたしるしとなる。 12男子はみな、生まれて八日目に割礼を受けなければならない。あなたの家の子だけでなく、外国人の奴隷もみな受けなければならない。これは永遠に、あなたの子孫全員に適用すべきものである。 13割礼は、あなたたちの体そのものが、永遠の契約にあずかっていることのしるしだからだ。 14これを拒否する者はだれでも、わたしとの契約を破ったことになり、部族の一員とはみなされない。」

15神はさらに続けました。「あなたの妻サライの名だが、これからは『サライ』ではなく、『サラ』〔「王女」の意〕にしなさい。 16わたしは彼女を祝福する。彼女はあなたに男の子を産むだろう。すばらしい祝福を与えて、彼女を国々の母とする。彼女の子孫からは多くの王が出る。」

17これを聞いたアブラハムは、地にひれ伏して神を礼拝しました。しかし、とても信じられないことなので、心の中で笑って言いました。「この私が父親になるだって? この百歳の老人が? それにサラだってもう九十歳だ。赤ん坊なんかできるはずがない。」 18そこでアブラハムは神に申し上げました。「それはありがたいことです。どうぞ、イシュマエルを祝福してくださいますように。」

19「いや、わたしはそうは言っていない。妻のサラが、あなたに男の子を産むのだ。その子をイサク〔「笑い声」の意〕と名づけなさい。わたしは永遠の契約を、彼と彼の子孫との間に結ぶ。 20イシュマエルのことはわかった。あなたの願いどおり彼を祝福し、彼の子孫を増やして、大きな国にしよう。十二人の族長が彼から出る。 21しかし、わたしが契約を結ぶのはイサクである。来年の今ごろ、サラはイサクを産む。」

22こう言い終えると、神はアブラハムのもとを去りました。 23その日アブラハムは、直ちに息子イシュマエルをはじめ、すべての男子を集めました。彼の家で生まれた者も外部から買い入れた奴隷も。そして、神に命じられたとおり、全員に性器の包皮を切り取る儀式を行いました。 24-27その時アブラハムは九十九歳、イシュマエルは十三歳で、二人とも同じ日に割礼を受けました。家の中の男子は、そこで生まれた者も奴隷として買い取られた者もみな、いっしょに割礼を受けたのです。