1 Mose 11 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 11:1-32

Babel Abantenten

1Ɛberɛ bi, na nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ka kasa korɔ. 2Saa nnipa yi tu baa apueeɛ fam no, wɔbɛtoo asase tamaa wɔ Babilonia asase so, na wɔtenaa hɔ.

3Wɔdwennwenee ho sɛ, “Momma yɛntwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yie.” Wɔde ntayaa no sii aboɔ anan na wɔde ama hyehyɛɛ ntam. 4Afei, wɔdwennwenee ho bio sɛ, “Momma yɛnkyekyere kuro kɛseɛ, na yɛnsi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea duru sorosoro wɔ kuro no mu, na yɛnnye edin, na yɛanhwete wɔ asase so.”

5Awurade siane firii soro baa fam, bɛhunuu kuro kɛseɛ a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no. 6Afei, Awurade kaa sɛ, “Sɛ nnipa korɔ a wɔka kasa baako afiti aseɛ redi saa dwuma yi a, ɛnneɛ biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den. 7Mommra na yɛnkɔ asase so, na yɛnkɔtoto wɔn kasa, na obiara nya ne kasa, sɛdeɛ obiara nte ne yɔnko kasa.”

8Ɛnam yei so maa Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa, ma wɔgyaee kuro kɛseɛ no kyekyere. 9Ɛno enti na wɔfrɛɛ kuro kɛseɛ no Babel,11.9 Edin Babel no kyerɛ basabasa wɔ Hebri kasa mu. ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Awurade totoo kasa baako a na wɔka wɔ ewiase nyinaa saa ɛberɛ no, maa wɔn kasa hodoɔ. Ɛfiri hɔ na Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa.

Sem Awoɔ Ntoatoasoɔ

10Yei ne Sem asefoɔ ho asɛm.

Nsuyire no akyiri, mfeɛ mmienu no a na Sem adi mfeɛ ɔha no, ɔwoo Arfaksad. 11Sem woo Arfaksad akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha enum, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

12Arfaksad nso dii mfeɛ aduasa enum no, ɔwoo Sela. 13Arfaksad woo Sela no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

14Sela dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Eber. 15Sela woo Eber no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

16Eber dii mfeɛ aduasa ɛnan no, ɔwoo Peleg. 17Eber woo Peleg no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne aduasa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

18Peleg dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Reu. 19Peleg woo Reu no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu ne nkron, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

20Reu dii mfeɛ aduasa mmienu no, ɔwoo Serug. 21Reu woo Serug no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu ne nson, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

22Serug dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Nahor. 23Serug woo Nahor no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

24Nahor dii mfeɛ aduonu nkron no, ɔwoo Tera. 25Nahor woo Tera no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ɔha ne dunkron, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

26Tera dii mfeɛ aduɔson no, ɔwoo Abram, Nahor ne Haran.

Tera Asefoɔ

27Yei ne Tera asefoɔ ho asɛm.

Tera woo Abram, Nahor ne Haran. Na Haran woo Lot. 28Ɛberɛ a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu baabi a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur a, ɛwɔ Kaldea asase so no. 29Abram ne Nahor warewareeɛ. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a, na ɔyɛ Haran babaa. Saa Haran yi na ɔwowoo Milka ne Iska. 30Na Sarai yɛ obonini; na ɔnni ba.

31Tera faa ne babarima Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼase baa Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa siim firii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ, wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ.

32Tera dii mfeɛ ahanu ne enum, na ɔwuu wɔ Haran.