1 Berɛsosɛm 25 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 25:1-31

Nnwontofoɔ No Nnwuma

1Dawid ne asahene no yiyii mmarima firii Asaf, Heman ne Yedutun mmusua mu sɛ wɔmfa nsankuten, mmɛnta ne kyankyan mmɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro. Wɔn din ne wɔn nnwuma na ɛdidi soɔ yi:

2Na Asaf mmammarima no nie:

Sakur, Yosef, Netania ne Asarela. Na wɔhyɛ wɔn agya Asaf ase. Ɔno na ɔhene hyɛɛ no ma ɔbɔɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro.

3Na Yedutun wɔ mmammarima a wɔn nie:

Gedalia, Seri, Yesaia, Simei, Hasabia ne Matitia. Wɔyɛ baasia a wɔhyɛ wɔn agya Yedutun ase. Ɔno na ɔnam sankuten so de aseda ne nkamfo maa Awurade de bɔɔ Onyankopɔn asɛm no ho dawuro.

4Na Heman mmammarima din nie:

Bukia, Matania, Usiel, Sebuel, Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti, Romamti-Eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, ne Mahasiot. 5Yeinom ne Heman a ɔyɛ ɔhene nkɔmhyɛni no mmammarima. Onyankopɔn domm no mmammarima dunan ne mmammaa baasa.

6Na saa mmarima yi nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase, na wɔnam so too nnwom wɔ Awurade fie. Wɔn nnwuma ne sɛ wɔbɔ kyankyan, mmɛnta ne nsankuten wɔ Onyankopɔn fie.

Na Asaf, Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene no ase. 7Na wɔatete wɔn ne wɔn abusuafoɔ nyinaa wɔ nnwom a wɔbɔ wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ahanu aduɔwɔtwe nwɔtwe (288) na wɔn mu biara wɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ. 8Wɔnam ntontobɔ kronkron so yiyii nnwomtofoɔ tuatuaa nnwuma ahodoɔ ano a wɔanhwɛ sɛ obi yɛ abɔfra anaa ɔpanin, ɔkyerɛkyerɛfoɔ anaa osuani.

9Ntonto a ɛdi ɛkan no bɔɔ Yosef a ɔfiri Asaf abusua mu, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

Ntonto a ɛtɔ so mmienu no bɔɔ Gedalia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

10Ntonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɔɔ Sakur, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

11Ntonto a ɛtɔ so ɛnan no bɔɔ Yisri, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

12Ntonto a ɛtɔ so enum no bɔɔ Netania, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

13Ntonto a ɛtɔ so nsia no bɔɔ Bukia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

14Ntonto a ɛtɔ so nson no bɔɔ Yesarela, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

15Ntonto a ɛtɔ so nwɔtwe no bɔɔ Yesaia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

16Ntonto a ɛtɔ so nkron no bɔɔ Matania, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

17Ntonto a ɛtɔ so edu no bɔɔ Simei, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

18Ntonto a ɛtɔ so dubaako no bɔɔ Asarel, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

19Ntonto a ɛtɔ so dumienu no bɔɔ Hasabia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

20Ntonto a ɛtɔ so dumiɛnsa no bɔɔ Subael, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

21Ntonto a ɛtɔ so dunan no bɔɔ Matitia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

22Ntonto a ɛtɔ so dunum no bɔɔ Yeremot, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

23Ntonto a ɛtɔ so dunsia no bɔɔ Hanania, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

24Ntonto a ɛtɔ so dunson no bɔɔ Yosbekasa, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

25Ntonto a ɛtɔ so dunwɔtwe no bɔɔ Hanani, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

26Ntonto a ɛtɔ so dunkron no bɔɔ Maloti, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

27Ntonto a ɛtɔ so aduonu no bɔɔ Eliata, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

28Ntonto a ɛtɔ so aduonu baako no bɔɔ Hotir, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

29Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmienu no bɔɔ Gidalti, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

30Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no bɔɔ Mahasiot, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

31Ntonto a ɛtɔ so aduonu ɛnan no bɔɔ Romamti-Eser, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

New International Reader’s Version

1 Chronicles 25:1-31

The Musicians

1David and the commanders of the army set apart some of the sons of Asaph, Heman and Jeduthun. They set them apart to serve the Lord by prophesying while harps, lyres and cymbals were being played. Here is the list of the men who served in that way.

2From the sons of Asaph came

Zakkur, Joseph, Nethaniah and Asarelah. The sons of Asaph were under the direction of Asaph. He prophesied under the king’s direction.

3From the sons of Jeduthun came

Gedaliah, Zeri, Jeshaiah, Shimei, Hashabiah and Mattithiah. The total number was six. They were under the direction of their father Jeduthun. He prophesied while playing the harp. He used it to thank and praise the Lord.

4From the sons of Heman came

Bukkiah, Mattaniah, Uzziel, Shubael, Jerimoth, Hananiah, Hanani, Eliathah, Giddalti, Romamti-Ezer, Joshbekashah, Mallothi, Hothir and Mahazioth. 5All of them were sons of the king’s prophet Heman. They were given to Heman to bring him honor. That’s what God had promised. God gave him 14 sons and three daughters.

6All of them were under the direction of their father. They played music for the Lord’s temple. They served at the house of God by playing cymbals, lyres and harps. Asaph, Jeduthun and Heman were under the king’s direction.

7All of them were trained and skilled in playing music for the Lord. Their total number was 288. That included their relatives. 8Young and old alike cast lots for their duties. That was true for students as well as teachers.

9The 1st lot chosen was for Asaph. It was for Joseph and his sons and relatives. The total number was 12.

The 2nd lot was for Gedaliah and his relatives and sons. The total number was 12.

10The 3rd was for Zakkur and his sons and relatives. The total number was 12.

11The 4th was for Izri and his sons and relatives. The total number was 12.

12The 5th was for Nethaniah and his sons and relatives. The total number was 12.

13The 6th was for Bukkiah and his sons and relatives. The total number was 12.

14The 7th was for Jesarelah and his sons and relatives. The total number was 12.

15The 8th was for Jeshaiah and his sons and relatives. The total number was 12.

16The 9th was for Mattaniah and his sons and relatives. The total number was 12.

17The 10th was for Shimei and his sons and relatives. The total number was 12.

18The 11th was for Azarel and his sons and relatives. The total number was 12.

19The 12th was for Hashabiah and his sons and relatives. The total number was 12.

20The 13th was for Shubael and his sons and relatives. The total number was 12.

21The 14th was for Mattithiah and his sons and relatives. The total number was 12.

22The 15th was for Jerimoth and his sons and relatives. The total number was 12.

23The 16th was for Hananiah and his sons and relatives. The total number was 12.

24The 17th was for Joshbekashah and his sons and relatives. The total number was 12.

25The 18th was for Hanani and his sons and relatives. The total number was 12.

26The 19th was for Mallothi and his sons and relatives. The total number was 12.

27The 20th was for Eliathah and his sons and relatives. The total number was 12.

28The 21st was for Hothir and his sons and relatives. The total number was 12.

29The 22nd was for Giddalti and his sons and relatives. The total number was 12.

30The 23rd was for Mahazioth and his sons and relatives. The total number was 12.

31The 24th was for Romamti-Ezer and his sons and relatives. The total number was 12.