Ɛster 8 – ASCB & CCBT

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛster 8:1-17

Mmara Foforɔ Boa Yudafoɔ

1Ɛda no ara, Ɔhene Ahasweros de Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no agyapadeɛ8.1 Saa berɛ no, Ɔhene no de ne nsa to obi a wɔabu no kumfɔ no agyapadeɛ so. maa Ɔhemmaa Ɛster. Na afei, wɔde Mordekai baa ɔhene anim, ɛfiri sɛ, na Ɛster akyerɛ sɛdeɛ ɔne no bɔ abusua. 2Ɔhene no worɔɔ kawa a ɔgye firii Haman nkyɛn no de hyɛɛ Mordekai. Na Ɛster yii Mordekai sɛ ɔno na ɔnhwɛ Haman agyapadeɛ so.

3Bio, Ɛster baa ɔhene no nkyɛn bɛhwee ne nan ase, de su srɛɛ no sɛ, Haman atirisopam a ɔpam de tiaa Yudafoɔ no, wɔmma wɔnnyae. 4Bio, ɔhene no sɔɔ sika ahempoma no mu, de kyerɛɛ Ɛster so. Enti, ɔsɔre gyinaa nʼanim 5kaa sɛ, “Sɛ mesɔ Ɔhenkɛseɛ ani na sɛ ɔdwene sɛ ɛyɛ a, hyɛ mmara a ɛtia sɛeɛ a na Hamedata babarima Haman pɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ ɔhene amantam nyinaa no mu. 6Na mɛyɛ dɛn matena ase ahwɛ sɛ wɔrekunkum me nkurɔfoɔ ne mʼabusuafoɔ, asɛe wɔn?”

7Na ɔhene Ahasweros ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ɛster ne Yudani Mordekai sɛ, “Mede Haman agyapadeɛ ama Ɛster, na wɔasɛn no dua so, ɛfiri sɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ. 8Afei, kɔ so fa ɔhene din to nkra kɔma Yudafoɔ, ka deɛ wopɛ biara kyerɛ wɔn, na fa ɔhene kawa no sɔ ano. Nanso, kae sɛ, biribiara a wɔatwerɛ wɔ ɔhene din mu de ne kawa asɔ ano no, wɔnnane ani.”

9Enti, Siwan bosome (bɛyɛ Ayɛwohomumu) da a ɛtɔ so aduonu enum no, wɔfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ. Mordekai kaa nsɛm no, na wɔtwerɛɛ mmara kɔmaa Yudafoɔ ne mmapɔmma, amradofoɔ ne mpasua no mu adwumayɛfoɔ a wɔwɔ amantam ɔha aduonu nson no mu, ɛfiri India kɔsi Etiopia. Wɔtwerɛɛ mmara no wɔ kasa hodoɔ a nnipa no ka no ahemman no mu, a Yudafoɔ no ka ho. 10Mordekai de Ɔhene Ahasweros din na ɛtwerɛeɛ, na ɔde ɔhene no kawa sɔɔ ano. Ɔde nkrataa no somaa abɔfoɔ ahoɔherɛfoɔ a wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no som no so.

11Ɔhene no mmara no maa Yudafoɔ a wɔwɔ kuro biara so tumi ma wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu, bɔɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔmaa wɔn ho kwan sɛ, ɔman anaa ɔmantam biara a ɛbɛtu wɔn mma anaa wɔn yerenom so sa no, wɔwɔ ho kwan sɛ, wɔkunkum wɔn, tɔre wɔn ase, fo wɔn atamfoɔ no agyapadeɛ. 12Ɛda pɔtee a wɔtu sii hɔ maa adeyɛ yi wɔ ɔhene Ahasweros mantam mu no yɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson wɔ afe a na wɔrebɛsim no mu. 13Ɛsɛ sɛ wɔfa mmara yi sɛso wɔ ɔmantam biara mu sɛ mmara, na wɔda no adi kyerɛ ɔmanfoɔ nyinaa. Sɛ ɛba saa a, saa da no, Yudafoɔ no bɛsiesie wɔn ho, atɔ wɔn atamfoɔ so were.

14Ɔhene asɛm no enti, abɔfoɔ no de apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no tuu mmirikatɛntɛ. Wɔhyɛɛ mmara korɔ no ara bi wɔ Susa aban no mu.

15Na Mordekai hyɛɛ ahentadeɛ tuntum ne fufuo ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ, na ɔhyɛɛ batakari afasebire ngugusoɔ fɛfɛ bi guu so. Na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Susa no hyɛɛ mmara foforɔ no ho fa. 16Anigyeɛ ne ahosɛpɛ hyɛɛ Yudafoɔ no ma ma, na wɔhyɛɛ wɔn animuonyam wɔ baabiara. 17Kuropɔn biara ne ɔmantam biara a ɔhene no mmara no duruiɛ no, Yudafoɔ no sɛpɛɛ wɔn ho, hyɛɛ fa kɛseɛ na wɔdii ho afoofi. Na asase no so nnipa bebree yɛɛ wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri sɛ, na wɔsuro deɛ Yudafoɔ no bɛyɛ wɔn.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以斯帖記 8:1-17

猶太人獲拯救

1當天,亞哈隨魯王把猶太人的仇敵哈曼的家產賜給以斯帖王后。末底改也來到王面前,因為以斯帖陳明了他們的親屬關係。 2王摘下自己的戒指,就是從哈曼手中取回的,賜給末底改以斯帖末底改管理哈曼的家產。

3以斯帖又俯伏在王的腳前,流淚哀求王廢掉亞甲哈曼加害猶太人的陰謀。 4王向以斯帖伸出金杖,以斯帖就起來站在王面前, 5說:「王若願意,我若得到王的恩寵,王若認為好,並且喜悅我,就請王降旨,廢除亞甲哈米大他的兒子哈曼陰謀滅絕各省猶太人的諭旨。 6我怎能忍心看我本族的人受害?我怎能忍心看我的親族被殺?」 7亞哈隨魯王對以斯帖王后和猶太末底改說:「我已把哈曼的家產賜給以斯帖,並把他吊在木架上了,因為他想害猶太人。 8現在,你們盡可奉王的名寫諭旨給猶太人,用王的戒指蓋印,因為奉王的名所寫、用王的戒指蓋印的諭旨是不可廢除的。」

9三月,即西彎月二十三日,王的書記被召來,按照末底改的一切吩咐用各省的文字和各族的語言,包括猶太人的文字和語言寫諭旨,傳給從印度古實的一百二十七省的猶太人、總督、省長和官員。 10末底改亞哈隨魯王的名寫諭旨,用王的戒指蓋印,讓信差騎王室快馬送往各地。 11-12諭旨上說,王准許各城的猶太人在十二月,即亞達月十三日,聚集起來自衛,剷除、殺光、滅盡各族各省攻擊他們的仇敵及其兒女、妻子,奪取仇敵的財物。 13諭旨的抄本頒佈到各省,昭告各族,使猶太人在那天預備好向仇敵報仇。 14信差接到王的命令,急忙騎上王室快馬上路。在書珊城也頒佈了諭旨。

15末底改身穿藍色和白色朝服,頭戴大金冠,披著紫色細麻布外袍,從王那裡出來,書珊城的人都歡呼雀躍。 16猶太人高興歡喜,感到快樂光榮。 17各省各城,凡諭旨所到之處,猶太人都歡喜快樂,設宴慶祝。許多當地人因懼怕猶太人而入了猶太籍。