Gibeonfo Daadaa Israelfo
1Afei, ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔe fam no nyinaa tee nsɛm a asisi. Eyinom ne Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo ahemfo a na wɔtete mmepɔw nsase a ɛwɔ atɔe fam mmepɔw no ase ne Po Kɛse no mpoano kosi Lebanon atifi fam mmepɔw no so tɔnn. 2Saa ahemfo yi boaa wɔn nsraadɔm ano ntɛm so sɛ wɔbɛko atia Yosua ne Israelfo.
3Nanso Gibeonfo tee asɛm a ato Yeriko ne Ai no, 4wɔfaa nnaadaa kwan so de gyee wɔn ho nkwa. Wɔsomaa ananmusifo kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔde nkotoku a atetew ne mmoa nhoma nsa nkotoku a ayɛ dedaw na wɔatetare mu soaa wɔn mfurum. 5Wɔhyehyɛɛ ntade dedaw ne mpaboa a akyɛ na wɔapempam. Afei wɔfaa brodo a abɔ ntuw sɛ wɔn aduan. 6Woduu Israelfo atenae wɔ Gilgal no, wɔka kyerɛɛ Yosua ne Israel mmarima no se, “Yefi akyirikyiri man bi so na aba rebɛsrɛ mo sɛ mo ne yɛn nyɛ asomdwoe apam.”
7Israelfo no buaa saa Hewifo9.7 Na Hewifo yɛ nnipa bi a wɔn ase fi Mesopotamia. 2 Samuel mu, wɔka se wɔyɛ Amonfo. yi sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahu sɛ monnte mmɛn ha? Efisɛ sɛ ɛte saa a, yɛrentumi ne mo nnyɛ apam.”
8Wobuae se, “Yɛbɛyɛ mo asomfo.”
Yosua bisaa wɔn se, “Moyɛ ɛhefo na mufi he?”
9Wobuaa se, “Yefi akyirikyiri asase bi so. Yɛate Awurade, mo Nyankopɔn no kɛseyɛ ne nea ɔyɛɛ wɔ Misraim nyinaa. 10Afei yɛate nea ɔyɛɛ Amorifo ahemfo baanu wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og (a ɔtenaa Astarot no). 11Ɛno nti, yɛn mpanyimfo ne ɔmanfo no ka kyerɛɛ yɛn ɔhyɛ so sɛ, ‘Munsiesie mo ho mma akwantu tenten. Munkohyia Israelfo na mompae mu nka se “Yɛn nkurɔfo bɛyɛ wɔn asomfo na mompere asomdwoe.” ’ 12Yɛresi mu no, na brodo yi yɛ hyerehyere a efi fonoo mu. Nanso sɛnea muhu no, akyenkyen na abɔ ntuw. 13Saa mmoa nhoma nsa nkotoku yi, bere a yɛde nsa guu mu no na ɛyɛ foforo, nanso mprempren, apaapae ayɛ dedaw. Na yɛn ntade ne mpaboa nso, esiane akwantu tenten nti, atetew.”
14Enti Israelfo no hwehwɛɛ wɔn brodo no ho nanso wɔammisa Awurade. 15Yosua kɔɔ so ne wɔn yɛɛ asomdwoe apam no na Israel mpanyimfo no kekaa ntam a emu yɛ den nam so gye too mu.
16Nnansa akyi no, nokware no daa adi sɛ saa nnipa a wɔyɛ Gibeonfo no te bɛn. 17Enti Israelfo no anna so koraa na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu. Nnansa akyi no woduu wɔn nkurow no so. Saa nkurow no ne Gibeon, Kefira, Beerot ne Kiriat-Yearim. 18Nanso Israelfo no antow anhyɛ nkurow no so, efisɛ na wɔn mpanyimfo aka ntam akyerɛ Awurade, Israel Nyankopɔn.
Esiane Apam no nti, Israelfo no nwiinwii hyɛɛ wɔn mpanyimfo no. 19Na mpanyimfo no buae se, “Yɛaka ntam wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn anim. Yɛrentumi mfa yɛn nsa nka wɔn. 20Ɛsɛ sɛ yɛma wɔtena. Sɛ yebu yɛn ntam no so a, Onyankopɔn bo befuw yɛn. 21Momma wɔntena. Nanso, yɛbɛma wɔabu nnua, akɔ asu ama asafo no nyinaa.” Enti Israelfo no dii bɔ a wɔahyɛ Gibeonfo no so.
22Na Yosua frɛɛ Gibeonfo mpanyimfo no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na mutwaa atoro kyerɛɛ yɛn? Adɛn nti na mokaa se mote akyirikyiri asase so wɔ bere a mote yɛn mu pɛɛ? 23Nnome mmra mo so! Efi nnɛ rekɔ, mubebu nnua, atwe nsu de akɔ me Nyankopɔn fi.”
24Wobuaa Yosua se, “Yɛyɛɛ saa, efisɛ wɔka kyerɛɛ yɛn se, Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ ne somfo Mose sɛ ɔmmɛko nni saa asase yi nyinaa so na ɔnsɛe nnipa a wɔte so nyinaa. Yesuroo sɛ mubekunkum yɛn. Ɛno nti na ɛma yɛyɛɛ saa. 25Mprempren yɛdan mo. Nea mususuw sɛ eye ma mo biara no, monyɛ.”
26Yosua amma Israelfo no ankum wɔn. 27Na ɛda no, ɔmaa Gibeonfo no yɛɛ nnuabufo ne asukɔfo maa Israelfo ne Awurade afɔremuka no wɔ baabiara a Awurade bɛka sɛ wonsi no no. Saa nhyehyɛe no wɔ hɔ de besi nnɛ.
Обман израильтян гаваонитянами
1Когда об этом услышали все цари к западу от Иордана – в нагорьях, в западных предгорьях и по всему побережью Великого моря до самого Ливана (цари хеттов, аморреев, хананеев, ферезеев, хиввеев и иевусеев), 2они собрались вместе, чтобы воевать с Иисусом и Израилем.
3Но жители Гаваона, услышав о том, что Иисус сделал с Иерихоном и Гаем, 4прибегли к хитрости: они пошли и собрали в дорогу еды9:4 Возможный вариант; смысл этого места в еврейском тексте неясен. и нагрузили своих ослов ветхими мешками и ветхими мехами для вина, изорванными и заплатанными. 5На ногах у них были поношенные и залатанные сандалии, их одежда также была очень ветхой. Весь хлеб, что они взяли с собой, был черствым и заплесневелым. 6Они пришли к Иисусу в гилгалский лагерь и сказали ему и израильтянам:
– Мы пришли из далекой страны; заключите же с нами союз.
7Израильтяне сказали хиввеям:
– А вдруг вы живете рядом с нами? Как же нам тогда заключать с вами союз?
8– Мы твои слуги, – сказали они Иисусу.
Но Иисус спросил:
– Кто вы такие и откуда вы пришли?
9Они ответили:
– Твои слуги пришли из очень далекой страны, узнав о славе Господа, твоего Бога. Мы слышали о Нем: обо всем, что Он сделал в Египте, 10и обо всем, что Он сделал с двумя царями аморреев к востоку от Иордана – с Сигоном, царем Хешбона, и Огом, царем Башана, который правил в Аштароте. 11Наши старейшины и все жители нашей страны сказали нам: «Соберите в дорогу пищу, идите, встретьтесь с ними и скажите им: „Мы ваши слуги; заключите с нами союз“». 12Вот наш хлеб. Он был еще теплым, когда, отправляясь к вам, мы дома запасались им в дорогу. Но посмотрите теперь, как он зачерствел и заплесневел. 13А эти мехи для вина, когда мы их наполняли, были новыми, но посмотрите, как они изорвались теперь. А наша одежда и сандалии совсем износились за долгую дорогу.
14Израильтяне попробовали их припасы, но не спросили Господа. 15Иисус заключил с ними мир, охраняя их жизни договором, а вожди общества скрепили его клятвой.
16Спустя три дня после того, как они заключили союз с гаваонитянами, израильтяне узнали, что это – их соседи, живущие рядом. 17Тогда израильтяне отправились в путь и на третий день пришли к их городам – Гаваону, Кефире, Беэроту и Кирьят-Иеариму. 18Но израильтяне не напали на них, потому что вожди общества поклялись им Господом, Богом Израиля. Все общество роптало против вождей, 19но они ответили:
– Мы поклялись им Господом, Богом Израиля, и не можем теперь тронуть их. 20Вот что мы сделаем с ними: мы оставим их в живых, чтобы на нас не обрушился гнев за нарушение клятвы, которую мы им дали.
21И вожди продолжили:
– Пусть они живут, но будут дровосеками и водоносами для всего нашего общества.
Так обещание вождей не было нарушено.
22Иисус призвал гаваонитян и сказал:
– Почему вы обманули нас, сказав: «Мы живем далеко от вас», тогда как вы живете рядом с нами? 23Теперь вы прокляты. Вы всегда будете работать дровосеками и водоносами для дома моего Бога.
24Они ответили Иисусу:
– Твои слуги узнали наверняка, что Господь, твой Бог, повелел Своему слуге Моисею отдать вам всю эту землю и истребить перед вами всех ее жителей. Мы очень испугались за свою жизнь и потому поступили так. 25Теперь мы в твоих руках. Поступай с нами, как сочтешь лучшим и справедливым.
26Иисус защитил их от израильтян, и те не убили их. 27В тот день он сделал гаваонитян дровосеками и водоносами для общества и для жертвенника Господа на том месте, какое бы Господь ни избирал. Они делают это и до сих пор.