Yosua 3 – AKCB & NIVUK

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 3:1-17

Israelfo Twa Asubɔnten Yordan

1Ade kyee anɔpahema no, Yosua ne Israelfo no nyinaa tu fii Sitim koduu Asubɔnten Yordan nsunoa, baabi a wɔtenaa nna kakra ansa na wɔretwa. 2Nnansa akyi no, Israelfo ntuanofo no faa atenae hɔ nyinaa 3maa nnipa no akwankyerɛ sɛ, “Sɛ muhu sɛ Lewifo asɔfo no so Awurade, mo Nyankopɔn Apam Adaka no a, munni wɔn akyi. 4Esiane sɛ momfaa ha da no nti, wɔbɛkyerɛ mo kwan. Momma ɔkwansin fa nna mo ne wɔn ntam, na moammɛn Apam Adaka no. Monhwɛ na moammɛn ho.”

5Yosua ka kyerɛɛ nkurɔfo no se, “Munnwira mo ho, efisɛ, ɔkyena Awurade bɛyɛ anwonwade wɔ mo mu.”

6Anɔpa no, Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no se, “Mompagyaw Apam Adaka no na momfa nni nnipa no anim ntwa asubɔnten no.” Ɛno nti wosii mu.

7Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nnɛ, mefi ase ayɛ wo ɔkɛse wɔ Israelfo no nyinaa ani so. Na ɛbɛma wɔahu sɛ, meka wo ho sɛnea na meka Mose ho no. 8Fa saa akwankyerɛ yi ma asɔfo a wɔso Apam Adaka no: ‘Sɛ mudu Asubɔnten Yordan nsunoa hɔ a, monnantew nkɔ nsu no mu kakra na munnyina.’ ”

9Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Mommra mmetie asɛm a Awurade, mo Nyankopɔn aka. 10Nnɛ mubehu sɛ Onyankopɔn teasefo no ka mo ho. Ampa ara ɔbɛpam Kanaanfo, Hetifo, Hewifo, Perisifo, Girgasifo, Amorifo ne Yebusifo. 11Munnwen ho! Apam Adaka a ɛyɛ Awurade a asase nyinaa yɛ ne de no bedi mo anim de mo atwa Asubɔnten Yordan. 12Afei, munyiyi nnipa dumien a ɔbaako biara fi mmusuakuw dumien no mu. 13Asɔfo no bɛsoa Awurade a ɔyɛ asase nyinaa wura no Adaka no. Sɛ wɔn nan nya si asu no mu ara pɛ, nsu no betwa afi atifi ama ano aboa wɔ hɔ.”

14Bere a nnipa no sɔree sɛ wɔrekotwa Yordan no, asɔfo a na wɔso Apam Adaka no dii wɔn anim. 15Na ɛyɛ otwabere mu nti na Yordan no ayiri aba nsunoa. Nanso, asɔfo a wɔso Adaka no anan sii nsu no ano pɛ, 16nsu no ano fitii ase boaa wɔ nʼatifi fam, baabi a wɔfrɛ hɔ Adam a ɛbɛn Saretan. Na nsu a ɛwɔ anafo no nso sen koguu Nkyene Po no mu kosii sɛ asu no subon no yowee. Enti, nnipa no nyinaa twaa wɔ beae bi a ɛbɛn Yeriko kuropɔn no. 17Saa bere no mu, asɔfo a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa asase kesee so wɔ subon no mfimfini maa nnipa no nyinaa twaa mu. Wɔtwɛn wɔ hɔ kosii sɛ obiara faa asase kesee so twaa Yordan.

New International Version – UK

Joshua 3:1-17

Crossing the Jordan

1Early in the morning Joshua and all the Israelites set out from Shittim and went to the Jordan, where they camped before crossing over. 2After three days the officers went throughout the camp, 3giving orders to the people: ‘When you see the ark of the covenant of the Lord your God, and the Levitical priests carrying it, you are to move out from your positions and follow it. 4Then you will know which way to go, since you have never been this way before. But keep a distance of about two thousand cubits3:4 That is, about 900 metres between you and the ark; do not go near it.’

5Joshua told the people, ‘Consecrate yourselves, for tomorrow the Lord will do amazing things among you.’

6Joshua said to the priests, ‘Take up the ark of the covenant and pass on ahead of the people.’ So they took it up and went ahead of them.

7And the Lord said to Joshua, ‘Today I will begin to exalt you in the eyes of all Israel, so that they may know that I am with you as I was with Moses. 8Tell the priests who carry the ark of the covenant: “When you reach the edge of the Jordan’s waters, go and stand in the river.” ’

9Joshua said to the Israelites, ‘Come here and listen to the words of the Lord your God. 10This is how you will know that the living God is among you and that he will certainly drive out before you the Canaanites, Hittites, Hivites, Perizzites, Girgashites, Amorites and Jebusites. 11See, the ark of the covenant of the Lord of all the earth will go into the Jordan ahead of you. 12Now then, choose twelve men from the tribes of Israel, one from each tribe. 13And as soon as the priests who carry the ark of the Lord – the Lord of all the earth – set foot in the Jordan, its waters flowing downstream will be cut off and stand up in a heap.’

14So when the people broke camp to cross the Jordan, the priests carrying the ark of the covenant went ahead of them. 15Now the Jordan is in flood all during harvest. Yet as soon as the priests who carried the ark reached the Jordan and their feet touched the water’s edge, 16the water from upstream stopped flowing. It piled up in a heap a great distance away, at a town called Adam in the vicinity of Zarethan, while the water flowing down to the Sea of the Arabah (that is, the Dead Sea) was completely cut off. So the people crossed over opposite Jericho. 17The priests who carried the ark of the covenant of the Lord stopped in the middle of the Jordan and stood on dry ground, while all Israel passed by until the whole nation had completed the crossing on dry ground.