Yosua 18 – AKCB & HOF

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 18:1-28

Asase A Aka No Mu Kyekyɛ

1Afei a asase no abedi Israelfo nsam no, Israelfo nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo18.1 Silo a efi Yerusalem kɔ hɔ no yɛ kilomita aduanan no bɛyɛɛ amanyɛsɛm ne gyidi som man wɔ Israel. Na Ahyiae Ntamadan no si hɔ ara kosii Samuel bere so (1 Sam 4.1-11) a wɔde kɔɔ Gibeon (1 Be 21.29). na wosii hyiadan. 2Nanso na aka mmusuakuw ason a wɔmfaa wɔn kyɛfa no mmaa wɔn ɛ.

3Enti Yosua bisaa wɔn se, “Moretwɛn akosi da bɛn ansa na moafa asase no nkae a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no? 4Munyi nnipa baasa mfi abusuakuw biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wonnii hɔ so no. Wɔsan ba a, wɔbɛkyerɛw nea wohui agu krataa so akyerɛ me sɛnea wɔbɛkyekyɛ agyapade no. 5Akwansrafo no bɛkyekyɛ asase no mu ason, na wɔmmfa Yuda asase a ɛda anafo fam ne Yosef asase a ɛwɔ atifi fam no nka ho. 6Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho tew wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuw biara. 7Nanso Lewifo no rennya asase biara. Wɔn dwumadi sɛ Awurade asɔfo no bɛyɛ wɔn agyapade. Na Gad ne Ruben mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no nso nnya asase no bi bio, efisɛ wɔanya wɔn agyapade a Mose a ɔyɛ Awurade somfo de maa wɔn wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam no dedaw.”

8Mmarima a wɔrekosusuw asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsan mfa nea muhui ho nsɛm a moakyerɛw agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no Awurade anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuw no.” 9Mmarima no yɛɛ sɛnea wɔhyɛɛ wɔn no, kyekyɛɛ asase no nyinaa mu ason, kyerɛw nkurow a ɛwɔ asase no nkyekyɛ mu biara so. Wɔsan kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Silo atenae hɔ.

10Silo hɔ na Yosua bɔɔ ntonto kronkron wɔ Awurade anim de pɛɛ asasetaw a ɛsɛ sɛ abusuakuw biara fa.

Asase A Wɔde Maa Benyamin

11Asase no nkyekyɛ mu a edi kan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuw no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuw no ntam.

12Atifi fam hye no fi Asubɔnten Yordan kɔ Yeriko nsian no atifi, na afei, afa bepɔw mantam ne Bet-Awen sare so akɔ atɔe fam. 13Ɔhye no fi hɔ kɔ Lus (a ɛyɛ Bet-El) wɔ anafo fam, na ɛtoa so kɔ Atarot-Adar ne bepɔw atifi a ɛwɔ Bet-Horon Anafo wɔ anafo fam.

14Afei ɔhye no fa anafo fam, nam bepɔw a anim hwɛ Bet-Horon wɔ atɔe fam no ntentenso, kosi Kiriat-Yearim, a ɛyɛ Kiriat-Baal akuraa; Yuda abusuakuw no nkurow no mu baako. Eyi ne atɔe fam hye.

15Anafo fam hye no, fi Kiriat-Yearim mfikyiri. Efi hɔ fa atɔe fam kɔ Neftoa nsuwansuwa asuti ho, 16na asian akɔ bepɔw a ɛwɔ Hinom bon a ɛwɔ Refaim bon no atifi fam no ase. Ɛtoa so kɔ Hinom wɔ anafo fam, na atwam wɔ nsian a na Yebusifo te no anafo fam na akodu En-Rogel. 17Ɔhye no fi En-Rogel a ɛkɔ atifi fam, kosi En-Semes na atoa so akɔpem Gelilot a ɛne Adumim di nhwɛanim na afei asian akɔ Bohan a na ɔyɛ Ruben babarima no bo ho. 18Ɛtoa so fa nsian a ɛhwɛ Yordan Bon no atifi fam. Afei ɔhye no kɔ obon no mu, 19ɛkɔfa Bet-Hogla nsian no atifi fam na akɔpem Nkyene Po no atifi awiei ano a ɛyɛ Asubɔnten Yordan anafo fam abɔe.

20Apuei fam hye no yɛ Asubɔnten Yordan.

Eyi ne agyapade a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw no.

Nkurow A Wɔde Maa Benyamin

21Nkurow a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw na edidi so yi:

Yeriko, Bet-Hogla ne Emek-Kesis, 22Bet-Araba, Semaraim ne Bet-El, 23Awim, Para ne Ofra, 24Kefar-Amonai, Ofni ne Geba, nkurow dumien ne wɔn nkuraa.

25Gibeon, Rama ne Beerot, 26Mispa, Kefira ne Mosa, 27Rekem, Yirpeel ne Tarala, 28Sela, Ha-Elef ne Yebusifo kuropɔn (a ɛyɛ Yerusalem), Gibea ne Kiriat-Yearim, nkurow dunan ne wɔn nkuraa.

Eyi ne agyapade a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw no.

Hoffnung für Alle

Josua 18:1-28

Die sieben übrigen Stämme erhalten Gebiete

1Als das Land erobert war, versammelte sich die ganze Gemeinschaft der Israeliten in Silo und errichtete dort das heilige Zelt, in dem Gott ihnen begegnen wollte.

2Sieben Stämme hatten sich noch kein eigenes Gebiet zuteilen lassen. 3Josua ermahnte sie: »Wie lange wollt ihr noch so träge sein? Wann endlich werdet ihr das Land in Besitz nehmen, das euch der Herr, der Gott eurer Väter, gegeben hat? 4Wählt drei Männer aus jedem Stamm! In meinem Auftrag sollen sie im Land umherziehen, die Städte und Gebiete in Listen eintragen und dann wieder zu mir kommen. 5Sie sollen das Land in sieben Abschnitte aufteilen, dabei aber die Grenzen von Juda im Süden und von Josef im Norden unverletzt lassen. 6Sie schreiben auf, wo die Grenzen der sieben neuen Stammesgebiete verlaufen sollen, und bringen mir die Verzeichnisse. Dann werde ich hier in der Gegenwart des Herrn, unseres Gottes, das Los werfen und euch das Land zuteilen. 7Nur die Leviten bleiben ohne Gebiet. Dafür dürfen sie Priester des Herrn sein. Auch die Stämme Gad und Ruben und der halbe Stamm Manasse bekommen nichts mehr zugeteilt, denn sie haben bereits östlich des Jordan Land erhalten. Mose, der Diener des Herrn, hat es ihnen gegeben.«

8Die Männer, die man ausgesucht hatte, machten sich zum Aufbruch fertig. Josua befahl ihnen: »Geht durch das ganze Land und schreibt alle Städte auf! Wenn ihr fertig seid, bringt eure Verzeichnisse zu mir. Ich werde dann hier in Silo vor dem Herrn das Los für euch werfen.« 9Die Männer brachen auf, durchzogen das Land und fertigten eine Liste aller Städte an. Sie teilten das Land in sieben Gebiete auf und verzeichneten alles auf einer Schriftrolle, die sie Josua im Lager bei Silo übergaben. 10Dort warf Josua in der Gegenwart des Herrn das Los und teilte den restlichen sieben Stämmen und ihren Sippen die Gebiete zu.

Das Gebiet des Stammes Benjamin

11Das erste Los fiel auf den Stamm Benjamin. Er erhielt für seine Sippen ein Gebiet zwischen den Stämmen Juda und Josef. 12Seine Nordgrenze begann am Jordan, führte zum Höhenzug nördlich von Jericho hinauf und in westlicher Richtung durch die Berge bis zur Steppe von Bet-Awen. 13Von dort ging sie nach Lus, dem heutigen Bethel, auf dem Höhenzug südlich an der Stadt vorbei, nach Atrot-Addar hinab und bis zu dem Hügel, der südlich des unteren Bet-Horon liegt. 14Dort wandte sie sich nach Süden und führte als Westgrenze bis nach Kirjat-Baal, dem heutigen Kirjat-Jearim, das zu Juda gehörte. 15Die Südgrenze verlief vom westlichen Stadtrand Kirjat-Jearims bis zur Quelle Neftoach. 16Dann führte sie zum Fuß des Berges hinab, der westlich vom Hinnomtal und nördlich der Refaïm-Ebene liegt. Sie durchquerte das Hinnomtal südlich der Jebusiterstadt und erreichte die Quelle Rogel. 17Dort wandte sie sich nördlich zur Quelle Schemesch, weiter nach Gelilot gegenüber dem Adummimpass und hinab zum Stein von Bohan, dem Rubeniter. 18Sie verlief nördlich über den Bergrücken am Rand der Jordan-Ebene, führte dann hinab durch die Ebene 19bis zum Hügel bei Bet-Hogla, ging nördlich daran vorbei und endete am Nordufer des Toten Meeres, wo der Jordan einmündet. 20Die Ostgrenze bildete der Jordan. Dies war das Gebiet, das dem Stamm Benjamin und seinen Sippen gegeben wurde.

21Folgende Städte gehörten dazu: Jericho, Bet-Hogla, Emek-Keziz, 22Bet-Araba, Zemarajim, Bethel, 23Awim, Para, Ofra, 24Kefar-Ammoni, Ofni und Geba. Es waren zwölf Städte mit ihren Dörfern. 25Dazu kamen Gibeon, Rama, Beerot, 26Mizpe, Kefira, Moza, 27Rekem, Jirpeel, Tarala, 28Zela, Elef, die Jebusiterstadt – also Jerusalem –, Gibea und Kirjat-Jearim: zusammen 14 Städte mit ihren Dörfern. Diese Städte gehörten dem Stamm Benjamin und seinen Sippen.