Yosua 16 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 16:1-10

Efraim Ne Manase Agyapade

1Yosef asefo no kyɛfa fi Asubɔnten Yordan fa a ɛbɛn Yeriko, wɔ Yeriko nsuwa no apuei fam, kɔfa sare no so kopue Bet-El bepɔw asase no so. 2Efi Bet-El, a ɛyɛ Lus, a ɛfa Atarot a ɛwɔ Arkifo mantam mu. 3Esian fa atɔe fam kosi Bet-Horon Anafo a ɛwɔ Yafletifo mantam mu. Ɛtoa so kɔ Geser na afei akosi Po Kɛse no mu.

4Yosef mmabarima Manase ne Efraim mmusua nyaa wɔn agyapade.

Asase A Wɔde Maa Efraim

5Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua sɛ wɔn agyapade.

Wɔn agyapade no hye a ɛwɔ apuei fam no fi Atarot-Adar. Efi hɔ kɔ Bet-Horon Soro, 6na akɔ Po Kɛse no ho. Atifi fam hye no fi Po Kɛse no, ɛfa apuei fam, twa mu wɔ Mikmetat, na akɔntɔn afa apuei fam, atwa mu wɔ Taanat-Silo akɔ Yanoa apuei fam. 7Efi Yanoa a, ɛdan fa anafo fam kɔ Atarot ne Naara, ɛka Yeriko, na akɔpem Asubɔnten Yordan. 8Efi Tapua a, ɔhye no kɔ atɔe fam, nam Kana Suka no mu kosi Po Kɛse no. Saa agyapade yi na wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Efraim abusuakuw no.

9Wɔde nkurow bi ne wɔn nkuraase a ɛwɔ Manase abusuakuw no fa mantam mu maa Efraim.

10Wɔampam Kanaanfo no amfi Geser, enti Geserfo te hɔ sɛ nkoa de besi nnɛ.

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 16:1-10

Efraim Ne Manase Agyapadeɛ

1Yosef asefoɔ no kyɛfa firi Asubɔnten Yordan fa a ɛbɛn Yeriko, wɔ Yeriko nsuwa no apueeɛ fam, kɔfa ɛserɛ no so kɔpue Bet-El bepɔ asase no so. 2Ɛfiri Bet-El (a ɛyɛ Lus) a, ɛfa Atarot a ɛwɔ Arkifoɔ mantam mu. 3Esiane fa atɔeɛ fam kɔsi Bet-Horon Anafoɔ a ɛwɔ Yafletifoɔ mantam mu. Ɛtoa so kɔ Geser na afei akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no mu.

4Yosef mmammarima Manase ne Efraim mmusua nyaa wɔn agyapadeɛ.

Asase A Wɔde Maa Efraim

5Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua sɛ wɔn agyapadeɛ.

Wɔn agyapadeɛ no ɛhyeɛ a ɛwɔ apueeɛ fam no firi Atarot-Adar. Ɛfiri hɔ kɔ Bet-Horon Soro, 6na akɔ Ɛpo Kɛseɛ no ho. Atifi fam ɛhyeɛ no firi Ɛpo Kɛseɛ no, ɛfa apueeɛ fam, twam wɔ Mikmetat, na akontono afa apueeɛ fam, atwam wɔ Taanat-Silo akɔ Yanoa apueeɛ fam. 7Ɛfiri Yanoa a, ɛdane fa anafoɔ fam kɔ Atarot ne Naara, ɛka Yeriko, na akɔpem Asubɔnten Yordan. 8Ɛfiri Tapua a, ɛhyeɛ no kɔ atɔeɛ fam, nam Kana Suka no mu kɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. Saa agyapadeɛ yi na wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Efraim abusuakuo no.

9Wɔde nkuro bi ne wɔn nkuraaseɛ a ɛwɔ Manase abusuakuo no fa mantam mu maa Efraim.

10Wɔampamo Kanaanfoɔ no amfiri Geser, enti Geserfoɔ te hɔ sɛ nkoa bɛsi ɛnnɛ.