Yosua 14 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 14:1-15

Yordan Atɔe Fam Asase No Mu Kyekyɛ

1Israelfo mmusuakuw nkae no nyaa nsase wɔ Kanaan sɛ agyapade, sɛnea ɔsɔfo Eleasar,14.1 Aaron babarima ne Eleasar. Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuw ntuanofo no de maa wɔn no. 2Saa mmusuakuw akron ne fa yi nam ntontobɔ so na wonyaa wɔn agyapade no sɛnea Awurade faa Mose so hyɛe no. 3Na Mose ama mmusuakuw abien ne fa no nsase sɛ wɔn agyapade wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam dedaw. 4Yosef abusuakuw no de, na abɛyɛ mmusuakuw abien a wɔne Manase ne Efraim. Lewifo no de, wɔamma wɔn asase no mu bi koraa, gye nkurow a wɔbɛtena so ne adidibea a wɔn nguan ne wɔn anantwi bɛkɔ so adidi. 5Enti asase no mu kyekyɛ no, wogyinaa mmara a Awurade de maa Mose no so pɛpɛɛpɛ.

Kaleb Bisa Nʼasase Ase

6Wotuu asomafo fi Yuda abusuakuw mu a Kaleb a ɔyɛ Kenesini, Yefune babarima di wɔn anim baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Kaleb ka kyerɛɛ Yosua se, “Kae asɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose, Onyankopɔn nipa, a ɛfa me ne wo ho, bere a na yɛwɔ Kades-Barnea no. 7Bere a Mose, Awurade somfo no somaa me fi Kades-Barnea sɛ menkɔhwehwɛ Kanaan asase no so no, na madi mfe aduanan. Mesan mʼakyi na mifi koma pa mu bɛkaa nea mihuu nyinaa, 8nanso me nuanom a wɔkaa me ho kɔe no hunahunaa nnipa no, buu wɔn aba mu sɛ wonntu wɔn nan nsi Bɔhyɛ Asase no so. Na me fam mu de, mede me ho nyinaa dii Awurade, me Nyankopɔn akyi. 9Enti saa da no, Mose hyɛɛ me bɔ se, ‘Kanaan asase a wokɔnantew so yi bɛyɛ wo ne wʼasefo agyapade sononko daa nyinaa, efisɛ wufi wo koma nyinaa mu adi Awurade, me Nyankopɔn akyi.’

10“Afei, sɛnea wuhu yi, Awurade ahwɛ me so yiye mfe aduanan anum fi bere a Mose hyɛɛ saa bɔ yi bere a na Israelfo nenam sare so no. Nnɛ, madi mfe aduɔwɔtwe anum. 11Me ho yɛ den nnɛ te sɛ da a Mose somaa me no na metumi atu kwan akɔ ɔko ano mprempren te sɛ kan no. 12Enti merebisa na wode bepɔw asase a Awurade de hyɛɛ me bɔ no ama me. Wobɛkae sɛ na yɛyɛ akwansrafo no, yehuu sɛ Anakfo tete nkuropɔn akɛse a wato ɔfasu afa ho mu. Nanso sɛ Awurade ka me ho a, mɛpam wɔn afi asase no so sɛnea Awurade kae no.”

13Na Yosua hyiraa Kaleb, Yefune babarima no de Hebron maa no sɛ agyapade. 14Hebron da so yɛ Kaleb, Yefune a ɔyɛ Kenesini babarima no asefo de, efisɛ ɔde ne koma nyinaa dii Awurade Israel Nyankopɔn akyi. 15Kan no na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba. Wɔde Arba yi too Anakfo mu okunini pa ara bi.

Na akokoakoko fii asase no so.

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 14:1-15

Yordan Atɔeɛ Fam Asase No Mu Kyekyɛ

1Israelfoɔ mmusuakuo nkaeɛ no nyaa nsase wɔ Kanaan sɛ agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔsɔfoɔ Eleasa,14.1 Aaron babarima ne Eleasa. Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuo ntuanofoɔ no de maa wɔn. 2Saa mmusuakuo nkron ne fa yi nam ntontobɔ so na wɔnyaa wɔn agyapadeɛ no sɛdeɛ Awurade faa Mose so hyɛɛ no. 3Na Mose ama mmusuakuo mmienu ne fa no nsase sɛ wɔn agyapadeɛ wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam dada. 4Yosef abusuakuo no deɛ, na abɛyɛ mmusuakuo mmienu a wɔn ne Manase ne Efraim. Lewifoɔ no deɛ, wɔamma wɔn asase no mu bi koraa, gye nkuro a wɔbɛtena so ne adidibea a wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ so adidi. 5Enti, asase no mu kyekyɛ no, wɔgyinaa mmara a Awurade de maa Mose no so pɛpɛɛpɛ.

Kaleb Bisaa Nʼasase Ase

6Wɔtuu asomafoɔ firi Yuda abusuakuo mu a Kaleb a ɔyɛ Kenesini, Yefune babarima di wɔn anim baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Kaleb ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Kae asɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose, Onyankopɔn onipa, a ɛfa me ne wo ho wɔ ɛberɛ a na yɛwɔ Kades-Barnea no. 7Ɛberɛ a Mose, Awurade ɔsomfoɔ no somaa me firi Kades-Barnea sɛ menkɔhwehwɛ Kanaan asase no so no, na madi mfeɛ aduanan. Mesane mʼakyi na mefiri akoma pa mu bɛkaa deɛ mehunuiɛ nyinaa, 8nanso me nuanom a wɔkaa me ho kɔɔ no, hunahunaa nnipa no, tuu wɔn aba mu sɛ wɔnntu wɔn nan nnsi Bɔhyɛ Asase no so. Na me fam mu deɛ, mede me ho nyinaa dii Awurade, me Onyankopɔn akyi. 9Enti saa ɛda no, Mose hyɛɛ me bɔ sɛ, ‘Kanaan asase a wokɔnantee so yi bɛyɛ wo ne wʼasefoɔ agyapadeɛ sononko daa nyinaa, ɛfiri sɛ, wofiri wʼakoma nyinaa mu adi Awurade, me Onyankopɔn akyi.’

10“Afei, sɛdeɛ wohunu yi, Awurade ahwɛ me so yie mfeɛ aduanan enum firi ɛberɛ a Mose hyɛɛ saa bɔ yi wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ nenam ɛserɛ so no. Ɛnnɛ madi mfeɛ aduɔwɔtwe enum. 11Me ho yɛ den ɛnnɛ te sɛ ɛda a Mose somaa me no na mɛtumi atu kwan akɔ ɔko ano seesei te sɛ kane no. 12Enti merebisa na wode bepɔ asase a Awurade de hyɛɛ me bɔ no ama me. Wobɛkae sɛ na yɛyɛ akwansrafoɔ no, yɛhunuu sɛ Anakfoɔ tete nkuropɔn akɛseɛ a wato ɔfasuo afa ho mu. Nanso sɛ Awurade ka me ho a, mɛpam wɔn afiri asase no so sɛdeɛ Awurade kaa no.”

13Na Yosua hyiraa Kaleb, Yefune babarima no de Hebron maa no sɛ agyapadeɛ. 14Hebron da so yɛ Kaleb, Yefune a ɔyɛ Kenesini babarima no asefoɔ dea, ɛfiri sɛ ɔde nʼakoma nyinaa dii Awurade Israel Onyankopɔn akyi. 15(Kane no na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba. Wɔde Arba yi too Anakfoɔ mu okunini kɛseɛ pa ara bi.)

Na akokoakoko firii asase no so.