Yosua 12 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 12:1-24

Ahemfo A Wodii Wɔn So Wɔ Yordan Apuei Fam

1Eyinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam a wokunkum wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no fi Arnon Subon kosi Bepɔw Hermon so a Yordan Bon asase a ɛwɔ apuei fam nyinaa ka ho.

2Wodii Amorihene Sihon a na ɔte Hesbon no so.

Na nʼaheman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subon ano na ɛsen fi ne mfimfini kosi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɔhye ma Amorifo no. Nnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.

3Efi Yordan bon atifi a ɛbɛn Galilea po no atɔe fam mpoano na esian ba anafo fam besi Nkyene Po, fi Bet-Yesimot kosi Pisga nsian so hyɛɛ Sihon ase.

4Basanhene Og a otwa Refaitefo to no tenaa Astarot ne Edrei asase so.

5Na odii hene wɔ ɔman a efi Bepɔw Hermon so de kosi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apuei fam nyinaa, de kɔ atɔe fam kosi Gesurfo ne Maakatfo ahemman hye so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɔfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho.

6Na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no ne Israelfo atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfo ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua fa no.

Yordan Apuei Fam Ahemfo A Wodii Wɔn So

7Saa ahemfo a wɔn din didi so yi na Yosua ne Israel nsraadɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam fi Baal-Gad wɔ Lebanon bon mu de kosi Halak bepɔw a ekosi Seir no. (Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw no sɛ wɔn agyapade, 8a ɛne, bepɔw so man, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, mmepɔw mmepɔw nsian, Yudean sare so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beae hɔ no yɛ Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.)

Eyinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:

9Yerikohene baakoAi a ɛbɛn Bet-El hene baako10Yerusalemhene baakoHebronhene baako11Yarmuthene baakoLakishene baako12Eglonhene baakoGeserhene baako13Debirhene baakoGaderhene baako14Hormahene baakoAradhene baako15Libnahene baakoAdulamhene baako16Makedahene baakoBet-Elhene baako17Tapuahene baakoHeferhene baako18Afekhene baakoLasaronhene baako19Madonhene baakoHasorhene baako20Simronhene baakoAksafhene baako21Taanakhene baakoMegidohene baako22Kedeshene baakoYokneam a ɛwɔ Karmel ase hene baako23Dor a ɛwɔ Dor koko so hene, baakoamanaman a ɛwɔ Gilgal no hene ne baako24Tirsahene baako

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約書亞記 12:1-24

被擊敗的諸王

1以色列人在約旦河東岸殺死了兩個王,佔據了他們的領土:自亞嫩谷直到黑門山,包括東面的整個亞拉巴2這兩個王一個是住在希實本亞摩利西宏。他統轄的地區從亞嫩谷旁的亞羅珥,包括山谷中部和基列的一半,直到亞捫人邊境的雅博河。 3他的領土還包括約旦河谷東部:從加利利海至亞拉巴海,也就是鹽海,到伯·耶西末,直到毗斯迦的山麓。 4另一個王是巴珊,他原是利乏音的遺民,住在亞斯她錄以得來5他所統轄的地區包括黑門山、撒迦、整個巴珊,直到基述人和瑪迦人的邊境,還包括基列的另一半,直到希實本西宏的國界。 6耶和華的僕人摩西帶領以色列人征服了這兩個王,摩西把他們的土地分給呂便支派、迦得支派和瑪拿西半個支派的人作產業。 7約書亞帶領以色列人征服了約旦河西的諸王,佔領的土地包括從黎巴嫩谷地的巴力·迦得直到西珥哈拉山。約書亞以色列的支派把這些土地分給以色列人。 8那裡有山區、丘陵、河谷、山坡、曠野和南地,就是人、亞摩利人、迦南人、比利洗人、希未人、耶布斯人住的地方。 9這些王是耶利哥王、伯特利附近的王、 10耶路撒冷王、希伯崙王、 11耶末王、拉吉王、 12伊磯倫王、基色王、 13底璧王、基德王、 14何珥瑪王、亞拉得王、 15立拿王、亞杜蘭王、 16瑪基大王、伯特利王、 17他普亞王、希弗王、 18亞弗王、拉沙崙王、 19瑪頓王、夏瑣王、 20伸崙·米崙王、押煞王、 21他納王、米吉多王、 22基低斯王、迦密附近的約念王、 23多珥山上的多珥王、吉甲戈印王、 24得撒王,共三十一個王。