Yosua 11 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 11:1-23

Israelfo Di Amantifi Ahemfo So

1Bere a Hasorhene Yabin tee asɛm a asi no, ɔtoo ahemfo a wodidi so yi nkra denneennen: Madonhene Yobab, Simronhene ne Aksafhene; 2ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔw so, ahemfo a wɔwɔ Yordan Bon a ɛda Galilea anafo fam; ahemfo a wɔwɔ atɔe fam nkoko so; ahemfo a wɔwɔ Nafɔt Dor atɔe fam; 3Kanaan ahemfo a wɔwɔ apuei ne atɔe; Amorifo ahemfo ne Hetifo ahemfo ne Perisifo ahemfo ne ahemfo a wɔwɔ Yebusifo mmepɔw asase so; ne Hewifo a wɔwɔ nkurow a ɛwɔ Hermon bepɔw ase wɔ Mispa asase so. 4Saa ahemfo yi nyinaa gyee pene, boaboaa wɔn nsraadɔm ano sɛ wɔbɛka abɔ mu ako atia Israel. Wɔn nsraadɔm no nyinaa apɔnkɔ dodow ne nteaseɛnam yɛɛ asase no so ma te sɛ mpoano nwea. 5Wɔbɔɔ wɔn atenae wɔ asu a ɛbɛn Merom ho sɛ wɔrebɛko atia Israel.

6Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nsuro wɔn. Ɔkyena sesɛɛ bere mu na wɔn nyinaa atotɔ. Bubu wɔn apɔnkɔ no nan na hyew wɔn nteaseɛnam no.”

7Na Yosua ne nʼakofo kɔɔ Merom asu no ho kɔtow hyɛɛ wɔn so mpofirim. 8Na Awurade ma wodii wɔn atamfo no so nkonim. Israelfo no taa wɔn ara kosii Sidon Kɛse ne Misrefot-Maim ho ne Mispa Bon no mu wɔ apuei fam, kosii sɛ atamfo no akofo baako mpo anka. 9Ɛnna Yosua bubuu apɔnkɔ no anan, san hyew nteaseɛnam no sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no.

10Yosua san nʼakyi begyee Hasor kurow no fae, kum ɛhɔ hene. (Na anka Hasor yɛ saa ahemman nkabom no nyinaa kuropɔn.) 11Israelfo no sɛee biribiara a nkwa wɔ mu wɔ kuropɔn no so. Wɔannya ɔkra fua mpo. Na Yosua too Hasor kuropɔn no mu gya.

12Yosua kunkum ahemfo a wɔaka no nyinaa ne wɔn manfo sɛee wɔn pasaa sɛnea Mose, Awurade somfo, hyɛe no pɛpɛɛpɛ. 13Mmom, Yosua anhyew kuropɔn biara a esi siw so gye Hasor. 14Na Israelfo no faa asade ne anantwi a wɔwɔ nkurow mmubui no mu nanso wokum emu nnipa no nyinaa. 15Sɛnea Awurade hyɛɛ ne somfo Mose no, saa ara na Mose nso hyɛɛ Yosua. Na Yosua nso yɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ no no, dii nea Awurade hyɛɛ Mose no nyinaa so.

16Enti Yosua ko gyee ɔmantam no nyinaa a ɛyɛ mmepɔw man, Negeb, Gosen asase, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, Israel mmepɔw ne nsase tataw fae. 17Enti afei, Israel nsase bɛyɛɛ nea efi Halak bepɔw a ekosi Seir wɔ atifi fam toa so kɔ Baal-Gad a ɛwɔ Bepɔw Hermon ase wɔ Lebanon bon mu. Yosua kunkum nsase no so ahemfo nyinaa, 18wɔ mmere tenten akokoakoko mu. 19Kurow biara nni ɔmantam yi mu a ɔne Israelfo yɛɛ asomdwoe apam gye sɛ Hewifo a wɔte Gibeon no. Wodii wɔn a aka no nyinaa so nkonim. 20Awurade pirim wɔn koma ma wɔko tiaa Israelfo wɔ bere a anka ɛsɛ sɛ wɔ ne wɔn yɛ asomdwoe nhyehyɛe. Enti wɔsɛee wɔn pasaa a ahummɔbɔ biara nni mu sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

21Saa bere no mu, Yosua tɔree Anak asefo a na wɔte bepɔw nkurow Hebron, Debir, Anab ne bepɔw man Yuda ne Israel nyinaa ase. Okum wɔn nyinaa na ɔsɛee wɔn nkurow no pasaa. 22Wɔn mu ɔbaako koraa anka wɔ Israel asase so, mmom, wɔn mu bi kaa Gasa, Gat ne Asdod.

23Enti Yosua faa asase no nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Ɔde maa Israelfo sɛ wɔn agyapade sononko kyekyɛɛ mu maa mmusuakuw no. Enti awiei no asase no so dwoe.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约书亚记 11:1-23

打败北方诸王

1夏琐耶宾听见这些消息,就派人去见玛顿约巴伸仑王、押煞王, 2还有北方山区、基尼烈南面的亚拉巴、西部丘陵和多珥高原的各王, 3以及东西两面的迦南人、山区的亚摩利人、人、比利洗人、耶布斯人和黑门山麓米斯巴地区的希未人。 4这些王便率领自己的军队,带着许多马匹和战车倾巢出动,人数多如海边的沙。 5他们在米伦河会师,一同扎营,要跟以色列人交战。

6耶和华对约书亚说:“你不要惧怕他们。明天这个时候,我必把他们全部交给以色列人杀戮,你要砍断他们马匹的蹄筋,烧毁他们的战车。” 7于是,约书亚率领所有的军兵在米伦河边突袭敌军。 8耶和华把敌军交在以色列人手中,以色列人打败了他们,追杀他们直到西顿大城、米斯利弗·玛音和东面的米斯巴谷,全部消灭了他们,一个没留。 9约书亚照耶和华的吩咐,砍断他们马匹的蹄筋,烧毁他们的战车。

10然后,约书亚回师攻陷夏琐,杀了夏琐王。夏琐在诸国中为首。 11以色列人杀了城内的人,一个没留。约书亚放火烧了夏琐12约书亚攻占了诸王所有的城池,擒获诸王。他照耶和华的仆人摩西的吩咐,将诸王全部杀死,毁掉城池。 13以色列人只烧毁了夏琐,没有烧建在山丘上的其他城池。 14他们杀掉城内所有的居民,一个没留,掳掠了城内所有的财物和牲畜。 15耶和华怎样吩咐祂的仆人摩西摩西也怎样吩咐约书亚约书亚都一一照办,没有遗漏任何耶和华吩咐摩西的事。

16约书亚占领了整个地区,包括山区、南地、歌珊全境、丘陵、亚拉巴以色列山区及平原, 17哈拉山起到西珥,直到黑门山山麓黎巴嫩山谷的巴力·迦得城。约书亚擒获了各城的王,杀死了他们。 18约书亚跟这些地区的诸王争战了很久。 19除了基遍希未人以外,其他没有一城向以色列人求和,以色列人全部攻占了这些城。 20原来耶和华使他们心里刚硬,跟以色列人作战,好让他们遭受无情的毁灭,正如耶和华对摩西的吩咐。

21那时,约书亚又出兵把希伯仑底璧亚拿伯以色列犹大各山区的亚衲人和他们的城邑全部毁灭。 22除了在迦萨迦特亚实突有一些残余之外,以色列境内没有亚衲人了。 23约书亚照耶和华对摩西的指示,夺取整个地区,把土地按照支派分给以色列人作产业。于是境内国泰民安,没有战事了。