Yosua 10 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 10:1-43

Israel Di Atɔe Fam Ahemfo So

1Yerusalemhene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, akum ɛhɔ hene, sɛnea wasɛe Yeriko kuropɔn akum ɛhɔ hene no. Ɔtee nso sɛ Gibeonfo ne Israelfo ayɛ asomdwoe apam, na wɔayɛ baako. 2Ɛno nti, ɔne ne nkurɔfo bo tuu yiye, efisɛ Gibeon yɛ kuropɔn kɛse te sɛ ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sen Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso yɛ akofo a wɔyɛ den. 3Enti Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforo bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn se, 4“Mommra mmɛboa me na yɛnsɛe Gibeon, efisɛ wɔne Yosua ne Israelfo ayɛ asomdwoe apam.”

5Enti Amorifo ahemfo baanum no de wɔn nsraadɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn nsraadɔm no gyinagyinae, na afei wɔtow hyɛɛ Gibeon so.

6Na Gibeonfo no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no se, “Nnyaa wʼasomfo. Bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, efisɛ Amorifo ahemfo a wɔte mmepɔw so de wɔn nsraadɔm rebɛko atia yɛn.”

7Enti Yosua ne Israel nsraadɔm nyinaa fii Gilgal sɛ wɔrekɔboa Gibeonfo. 8Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nsuro wɔn; mɛma woadi wɔn so nkonim. Wɔn mu biara rentumi ne wo nnyina.”

9Yosua nantew anadwo mu no nyinaa fii Gilgal kofii Amorifo nsraadɔm no mu. 10Awurade ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfo no anim, na wokunkum wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfo no taa atamfo no faa ɔkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔtow hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn wɔ Aseka ne Makeda. 11Bere a Amorifo reguan wɔ ɔkwan a ɛkɔ Bet-Horon so no, Awurade him abo akɛse guu wɔn so kosii sɛ woduu Aseka. Abo no kunkum wɔn mu bebree sen dodow a Israelfo de afoa kunkum wɔn no.

12Da a Awurade de Amorifo no hyɛɛ Israelfo no nsa no, Yosua bɔɔ Awurade mpae wɔ Israelfo no anim se,

“Ma owia nnyina dinn wɔ Gibeon so

na ɔsram nso nnyina wɔ Ayalon bon mu.”

13Na owia ne ɔsram gyinaa dinn,

kosii sɛ Israelfo dii atamfo no so.

Wɔnkyerɛw saa nsɛm yi wɔ Teefo Nhoma no mu ana?

Owia gyinae wɔ wim mfimfini na ankɔtɔ sɛnea ɛyɛ daa no. 14Awurade ko maa Israel da no. Ebi nsii saa da na bi rensi da sɛ saa da no a Awurade tiee abisade sɛɛ fii onipa nkyɛn.

15Na Yosua ne Israel nsraadɔm no san kɔɔ Gilgal atenae hɔ.

Yosua Kum Ahemfo Baanum

16Ɔko no mu, ahemfo baanum no guan kɔhyɛɛ Makeda ɔbodan mu. 17Yosua tee sɛ wɔahu wɔn no, 18ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa abotan akɛse nsiw ɔbodan no ano kwan, na momma awɛmfo no nwɛn ano na ahemfo no nhyɛ mu. 19Mo a moaka no nso, montaa atamfo no na munkunkum wɔn mfi akyi. Mommma wɔnnkɔ wɔn nkurow so, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn bɛma mo adi wɔn so nkonim.”

20Enti Yosua ne Israel nsraadɔm toaa so kunkum wɔn, tɔree nsraadɔm anum no ase ma ɛkaa dɔm no kakraa bi a wotumi guan kɔɔ wɔn nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu. 21Afei, Israelfo no san baa Yosua nkyɛn asomdwoe mu wɔ Makeda. Ɛno akyi, obiara suroo sɛ ɔbɛkasa atia Israel.

22Afei, Yosua kae se, “Munyiyi abotan a ɛkata ɔbodan no ano no na momfa ahemfo baanum no mmrɛ me.” 23Wokoyii ahemfo baanum no fii ɔbodan no mu bae: Yerusalemhene, Hebronhene, Yarmuthene, Lakishene ne Eglonhene. 24Yosua ka kyerɛɛ nʼakofodɔm asahene no se, “Mommra mmetiatia ahemfo no kɔn so.” Na wɔyɛɛ sɛnea wɔkyerɛɛ wɔn no.

25Yosua ka kyerɛɛ nʼasraafo no se, “Munnsuro na mommma mo aba mu mmu da. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru, efisɛ Awurade rebɛyɛ eyi atia mo atamfo nyinaa.” 26Yosua kunkum ahemfo baanum no mmaako mmaako de wɔn sensɛn nnua anum so kosii anwummere.

27Owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛɛ sɛ wonyiyi ahemfo no amu no mfi nnua no so na wɔnkɔtow wɔn ngu ɔbodan a wɔkɔtetɛw mu no mu. Afei, wɔde abotan akɛse mmoano sii ɔbodan no ano a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ.

Israelfo Sɛe Anafo Fam Nkuropɔn

28Da no ara, Yosua sɛee Makeda kuropɔn no pasaa, kum obiara a ɔwɔ mu ne ɛhɔ hene no. Onipa baako koraa anka wɔ kuropɔn no mu. Okum Makedahene te sɛnea okum Yerikohene no.

29Afei, Yosua ne Israelfo no kɔɔ Libna kɔtow hyɛɛ wɔn so. 30Ɛhɔ nso, Awurade de kuropɔn no ne ɛhɔ hene no maa wɔn. Wokunkum obiara a ɔwɔ kuropɔn no mu a anka ɔteasefo baako po. Na Yosua kum Libnahene sɛnea okum Yerikohene no.

31Yosua ne Israelfo no fi Libna no, wɔkɔɔ Lakis kɔtow hyɛɛ wɔn so. 32Na ne nnaanu so no, Awurade de Lakis maa Israelfo. Ɛhɔ nso, wokunkum kuropɔn no mu nnipa nyinaa sɛnea wɔyɛɛ Libna no. 33Wɔto hyɛɛ Lakis so no, Geserhene Horam de nʼakofo bae sɛ wɔrebɛboa abɔ kuropɔn no ho ban. Nanso Yosua mmarima no kum no sɛee nʼakofo no nyinaa.

34Ɛnna Yosua ne ne Israel nsraadɔm no kɔɔ Eglon kɔtow hyɛɛ so. 35Wɔde da koro faa kurow no dommum na ɛhɔ nso, wokum obiara wɔ kuropɔn no mu sɛnea wɔyɛɛ Lakis.

36Wofi Eglon no, wɔkɔtow hyɛɛ Hebron so, 37faa hɔ ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na sɛnea wɔyɛɛ Eglon no, wokunkum ɛhɔ nnipa nyinaa. Onipa baako koraa anka.

38Afei, wɔsan wɔn akyi kɔtow hyɛɛ Debir so. 39Wɔfaa kuropɔn no, wɔn hene ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na wokum obiara a ɔwɔ mu a anka ɔbaako mpo. Wɔsɛee Debir pasaa sɛnea wɔsɛee Libna ne Hebron no.

40Na Yosua dii ɔmantam no nyinaa so. Odii ahemfo no, nnipa a wɔte mmepɔw man no so, Negeb, atɔe fam nkoko ne wɔn a wɔte mmepɔw nsian so no nyinaa so. Ɔsɛee wɔn nyinaa pasaa a anka ɔteasefo baako mpo sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, hyɛe no. 41Yosua kunkum wɔn fi Kades-Barnea kosii Gasa, de fii Gosen10.41 Ɛnsɛ sɛ wɔde saa Gosen yi ma Gosen a ɛwɔ Nil hɔ no. koduu Gibeon. 42Akodi baako mu no, Yosua dii ahemfo yi nyinaa so faa wɔn nsase, efisɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, reko ama ne manfo.

43Afei, Yosua ne Israel nsraadɔm no san kɔɔ wɔn atenae wɔ Gilgal.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約書亞記 10:1-43

太陽停止

1耶路撒冷亞多尼·洗德聽說約書亞奪取並毀滅了城,像對付耶利哥耶利哥王一樣對付城和城的王,又聽說基遍人已經跟以色列人立了盟約,住在他們中間, 2便大為恐懼。因為基遍是一座大城,宏偉得像座都城,比城更大,城中的人都驍勇善戰。 3耶路撒冷亞多尼·洗德便派遣使者去見希伯崙何咸耶末毗蘭拉吉雅非亞伊磯倫底璧,說: 4「求你們上來幫助我攻打基遍,因為這城已經與約書亞以色列人立了和約。」 5這五位亞摩利王便聯合起來,率領他們所有的軍隊在基遍附近紮營,攻打基遍

6基遍人派人去吉甲告訴約書亞說:「住在山區的亞摩利眾王正聯合起來攻打我們,求你趕快來救我們!不要不顧你的僕人。」 7於是,約書亞便率領他的全軍,包括所有的精兵,從吉甲上去。 8耶和華對約書亞說:「不要害怕,我已經把他們交在你手中,他們沒有一人能抵擋你。」 9約書亞吉甲出發,連夜趕路,突襲敵人。 10耶和華使亞摩利聯軍陣腳大亂,以色列人就在基遍大敗敵軍,在去伯·和崙的上坡路上追殺他們,一直追到亞西加瑪基大11敵人在從伯·和崙亞西加的下坡路上逃竄的時候,耶和華降下大冰雹,被冰雹砸死的人比以色列人用刀殺死的還要多。

12耶和華將亞摩利人交在以色列人手中,那天約書亞當眾向耶和華禱告:

「太陽啊,停在基遍

月亮啊,停在亞雅崙谷!」

13果然太陽停住了,

月亮也不動了,

直到以色列人殺敗敵人。

《雅煞珥書》記載了這事。約有一天的時間,太陽停留在天空,沒有西沉。 14耶和華這樣垂聽一個人的祈求是空前絕後的,這是因為耶和華要為以色列爭戰。

15後來,約書亞率領以色列軍返回了吉甲的營地。

亞摩利五王被殺

16那五王逃進瑪基大的山洞裡,躲藏起來。 17有人告訴約書亞那五個王藏在瑪基大的山洞裡, 18約書亞便下令說:「滾幾塊大石頭堵住洞口,派人看守。 19你們不可停下來,要繼續追殺敵人,不要讓他們逃回城,你們的上帝耶和華已經把他們交在你們手中了。」 20約書亞以色列人把敵人殺得大敗,幾乎全軍覆沒,一些殘餘都逃進了堅固的城壘。 21以色列人都安然無恙地回到約書亞駐紮的瑪基大營。再也沒有人敢威脅以色列人了。

22約書亞說:「打開洞口,把裡面的五個王押出來見我。」 23眾人便把耶路撒冷王、希伯崙王、耶末王、拉吉王、伊磯倫王從洞裡押出來,帶到約書亞面前。 24約書亞召來全體以色列人,然後對那些跟他一起出征的將領說:「你們上前來,用腳踏在這些王的頸上。」各將領便照著約書亞的吩咐做了。 25約書亞對他們說:「你們不要害怕,也不要驚慌,應該剛強勇敢,因為耶和華要使你們所有的仇敵都落此下場。」 26隨後約書亞將這五個王殺死,把屍體分別掛在五棵樹上,直到傍晚。 27日落時,約書亞才下令把屍體放下,丟在他們先前躲藏的山洞裡,用大石頭堵住洞口,石頭至今還在那裡。

28約書亞在當天佔領了瑪基大,把瑪基大王和所有的居民都殺了,一個沒留。他對待瑪基大王跟以前對待耶利哥王一樣。

29約書亞以色列軍又從瑪基大出發,去攻打立拿30耶和華將立拿城和立拿王交在以色列人手中,他們殺了全城的人,一個沒留。他們對待立拿王跟以前對待耶利哥王一樣。

31約書亞以色列軍從立拿前往拉吉,他們在城外紮營,攻打拉吉32耶和華將拉吉交在以色列人手中,第二天約書亞便攻佔了拉吉,殺了全城的人,就像在立拿所行的一樣。 33基色何蘭前來支持拉吉,結果也被約書亞殺得一個不剩。

34約書亞又率領以色列全軍從拉吉前往伊磯倫,在城外紮營,攻打伊磯倫35他們當天就攻陷該城,殺了城內所有的人,就像在拉吉所行的一樣。

36約書亞和全體以色列人又從伊磯倫去攻打希伯崙37他們攻陷該城及其附屬城邑,殺了希伯崙王和城邑中的居民,一個沒留,就像在伊磯倫所行的一樣。

38然後,約書亞和全體以色列人再回兵攻打底璧39攻取了該城及其附屬城邑,擒獲底璧王,殺了城中所有的人,一個沒留,就像對待希伯崙立拿立拿王一樣。

40這樣,約書亞征服了整個地區,包括山區、南地、丘陵和山坡,按照以色列的上帝耶和華的吩咐殺了當地的諸王和所有的居民,一個沒留。 41約書亞征服了各地,從加低斯·巴尼亞加薩歌珊全境,直到基遍42約書亞能一鼓作氣殺敗諸王,征服他們的土地,都是因為有以色列的上帝耶和華為以色列人爭戰。 43之後,約書亞率領以色列人回到吉甲的營地。