Yona 4 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yona 4:1-11

Yona Abufuw Wɔ Awurade Ahummɔbɔ Ho

1Nanso na eyi yɛ mfomso kɛse ma Yona, na ne bo fuwii. 2Ɔbɔɔ Awurade mpae se, “Awurade, bere a na mewɔ fie no, ɛnyɛ sɛɛ na mekae? Eyi nti na meperee sɛ miguan akɔ Tarsis no, efisɛ na minim sɛ, woyɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunu Nyankopɔn a wo bo kyɛ fuw, na wo dɔ boro so. Woyɛ Onyankopɔn a ɔtwentwɛn nʼanan ase wɔ bɔne amanehunu ho. 3Afei, Awurade! Gye me nkwa fi me nsɛm. Eye ma me sɛ mewu sen sɛ mɛtena ase.”

4Na Awurade buae se, “Eye sɛ wo bo fuw wɔ saa asɛm yi ho ana?”

5Na Yona kɔɔ kuropɔn no apuei fam baabi kɔtenaa hɔ. Ɔbɔɔ pata tenaa ne nwini no mu, twɛn nea ɛbɛba kuropɔn no so. 6Na Awurade Nyankopɔn maa dua bi a ɛwɔ nhaban pii nyin ntɛmntɛm wɔ nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahotɔ, na nʼani gyee dua no ho. 7Nanso ahemadakye no, Onyankopɔn maa ɔsa bɛwee dua no maa nhaban no poe. 8Owia puei no, Onyankopɔn maa apuei mframa bi a mu yɛ hyew bɔe, na owia hyee Yona apampam ma ɔtɔɔ beraw. Ɔpɛɛ sɛ owu, na ɔkae se, “Eye ma me sɛ miwu sen sɛ metena ase.”

9Onyankopɔn bisaa Yona se, “Eye sɛ wofa abufuw wɔ dua no ho ana?”

Yona buae se, “Yiw, me bo afuw, na sɛ miwu a anka mepɛ.”

10Na Awurade kae se, “Dua yi ho asɛm ahaw wo, nanso woanni ho dwuma biara, na ɛnyɛ wo na woma enyinii. Efifii ntɛmntɛm na ewuu ntɛmntɛm. 11Nanso nnipa mpem ɔha ne aduonu wɔ Ninewe a wonnim wɔn benkum ne wɔn nifa. Na mmoa bebree nso wɔ hɔ. Ɛnsɛ sɛ mema Ninewe kuropɔn yi ho asɛm haw me ana?”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約拿書 4:1-11

1這事令約拿十分不悅,非常惱怒。 2他向耶和華禱告說:「耶和華啊,我在家鄉的時候豈不早就說過你會這樣做嗎?我知道你是一位有恩典、有憐憫的上帝,不輕易發怒,充滿慈愛,不忍心降災,所以我才急速逃往他施3耶和華啊,求你收回我的性命吧,我死了比活著還好!」 4耶和華對他說:「你這樣大發脾氣合理嗎?」

5於是,約拿跑到城外,在城東為自己搭了一個棚,坐在棚下蔭涼處,要看看尼尼微城究竟會怎樣。 6後來,耶和華上帝安排了一棵蓖麻迅速地長起來,為約拿遮蔭,使他的頭免受日曬。約拿因有這棵蓖麻而非常歡喜。 7第二天黎明的時候,上帝卻安排了一條蟲來咬這棵蓖麻,蓖麻就枯萎了。 8太陽出來的時候,上帝颳起燥熱的東風,烈日把約拿曬得發昏,他就再次求死說:「我死了比活著還好!」

9上帝對約拿說:「你為這棵蓖麻大發脾氣合理嗎?」約拿回答說:「我就是氣死了也合理。」 10耶和華說:「這棵蓖麻不是你種的,也不是你栽培的,它在一夜之間長成,又在一夜之間死去,你尚且如此愛惜, 11我怎能不愛惜這尼尼微大城呢?城中單是連左右手都分不清的人就有十二萬多,還有許多的牲畜。」