Yona 3 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yona 3:1-10

Yona Kɔ Ninewe

1Afei, Awurade asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so se, 2“Kɔ Ninewe kuropɔn no mu, na kɔpae mu ka asɛm a mede rema wo yi.”

3Yona yɛɛ osetie maa Awurade asɛm no, na ɔkɔɔ Ninewe. Na Ninewe yɛ kuropɔn titiriw a wɔde nnansa na etwa mu nyinaa. 4Da a edi kan no, Yona hyɛn kuropɔn no mu, na ofii ase pae mu kae se, “Aka adaduanan na wɔadan Ninewe abutuw.” 5Ninewefo gyee Nyankopɔn dii. Wɔhyɛɛ sɛ wɔn nyinaa bedi mmuada, efi ɔkɛse so kosi aketewa so, na wɔafurafura atweaatam.

6Bere a Ninewehene tee asɛm no, ɔsɔre fii nʼahengua so, ɔworɔw nʼahentade, ofuraa atweaatam, na ɔtenaa mfutuma mu. 7Afei, ɔma wɔbɔɔ dawuru wɔ Ninewe se,

“Mmara a wofi ɔhene ne nʼatitiriw hɔ ni:

“Obiara, sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa, anantwikuw anaa nguankuw, mmfa hwee nka nʼano; onnnidi anaa ɔnnom. 8Na mmom nnipa ne mmoa mfa atweaatam nkata wɔn ho. Obiara mfa anibere nsu mfrɛ Onyankopɔn. Womfi wɔn akwammɔne so, na wonnyae basabasayɛ. 9Hena na onim? Ebia, Onyankopɔn behu yɛn mmɔbɔ, na watwe nʼabufuwhyew no a ɔnam so rebɛsɛe yɛn no asan.” 10Na Onyankopɔn huu sɛnea wɔyɛɛ ne sɛnea wɔsan fii wɔn akwammɔne ho no, ohuu wɔn mmɔbɔ, na wansɛe wɔn sɛnea ɔkae no.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約拿書 3:1-10

1耶和華第二次對約拿說: 2「你起身前往尼尼微大城,向那裡的居民宣告我先前吩咐你的話。」 3約拿便照耶和華的吩咐前往尼尼微城。尼尼微城很大,要三天才能走遍。 4約拿進城走了一天,宣告說:「再過四十天尼尼微就要毀滅了!」 5尼尼微城的人相信了上帝的話,便宣告禁食,所有的人,無論大小貴賤都換上麻衣。 6尼尼微王聽到這消息後,便走下寶座,脫下王袍,披上麻衣,坐在爐灰中。 7王又向全城頒佈命令,說:「王和大臣有令,所有的人都必須禁食,牛羊牲畜都不許吃草也不許喝水。 8人和牲畜都必須披上麻衣,眾人要向上帝懇切呼求,改邪歸正,停止作惡。 9上帝或許會施憐憫,收回烈怒,使我們不致滅亡,也未可知。」 10上帝看見他們改邪歸正,不再作惡,就憐憫他們,沒有像所說的那樣毀滅他們。