Yona 2 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yona 2:1-10

1Yona wɔ apataa no yam no, ɔbɔɔ Awurade ne Nyankopɔn mpae se,

2“Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade,

na ogyee me so.

Mifi ɔda ase tɔnn srɛɛ mmoa

na wutiee me sufrɛ.

3Wotow me kyenee bun mu

wɔ po ase tɔnn,

na ɔhweam twaa me ho hyiae;

wʼasorɔkye ne mframa

bu faa me so.

4Na mekae se, ‘Woapam me afi wʼanim;

nanso mede mʼani bɛkyerɛ

wʼasɔredan kronkron no bio’

5Nsu a abu afa me so no bɔɔ me hu,

bun no twaa me ho hyiae;

po mu nwura kyekyeree me ti ho.

6Memem kɔɔ mmepɔw no ase pɛɛ;

asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ.

Nanso wugyee me nkwa fii amoa mu,

Awurade, me Nyankopɔn.

7“Bere a me nkwa resen akɔ no,

mekaee wo Awurade,

na me mpaebɔ foro baa wo nkyɛn,

wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.

8“Wɔn a wɔde wɔn ho bata ahoni huhuw ho no

hwere adom a anka ɛyɛ wɔn de.

9Nanso me, mede ayeyi nnwom

bɛbɔ afɔre ama wo.

Nea mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ.

Nkwagye fi Awurade.”

10Na afei, Awurade hyɛɛ apataa no ma ɔfee Yona too asase so.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約拿書 2:1-10

約拿的禱告

1約拿在魚腹中向他的上帝耶和華禱告說:

2「我遭遇患難的時候向你求告,

你就應允我。

我在陰間的深處呼求你,

你也垂聽我的聲音。

3你把我拋進深海,

茫茫大海把我吞沒,

你的巨浪洪濤淹沒我。

4我心想,你已經驅逐我離開你的面,

但我要再瞻仰你的聖殿。

5波濤環繞我,

深淵吞沒我,

海草纏繞著我的頭。

6我下沉到山的根基,

大地的門把我永遠關住;

然而,我的上帝耶和華啊,

你卻把我的性命從深坑中拯救出來。

7我的生命漸漸消逝的時候,

我就想起了耶和華。

我的禱告進入你的聖殿,

達到你面前。

8那些信奉虛無神明的人,

背棄了憐愛他們的主2·8 背棄了憐愛他們的主」或譯「背棄了他們對主的忠誠」。

9但我要用感謝的聲音向你獻祭,

我必還我許的願,

因為救恩來自耶和華。」

10於是,耶和華命令那條魚,

魚就把約拿吐到陸地上。