Yohane 8 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 8:1-59

1Yesu san kɔɔ Ngo Bepɔw no so.

Ɔbea Guamanfo No

2Ade kyee anɔpa no ɔsan baa hyiadan no mu. Nnipa bebree baa ne nkyɛn ma ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. 3Ogu so rekasa no, Yudafo mpanyin ne Farisifo de ɔbea bi a wɔkyeree no sɛ ɔrebɔ aguaman baa nʼanim. 4Wɔka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛkyeree ɔbea yi sɛ ɔrebɔ aguaman, 5nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbea biara a wɔbɛkyere no wɔ saa ɔkwan no so no, ɛsɛ sɛ wosiw no abo. Dɛn na woka wɔ ho?” 6Wobisaa no eyi de sum no afiri sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asɛm bi agyina so atoto nʼano.

Nanso Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa kyerɛkyerɛw fam. 7Wogu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no nni kan ntow ɔbo mmɔ no.” 8Ɔsan bɔɔ ne mu ase kyerɛkyerɛw fam.

9Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, wofii ase fii hɔ mmaako mmaako fii mpanyin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbea no nko ara. 10Yesu maa ne mu so no, obisaa ɔbea no se, “Nnipa a wɔde wo bae no wɔ he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?”

11Ɔbea no buaa Yesu se, “Dabi, Owura.”

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ saa na ɛte de a, ɛno de me nso minni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio.”

Yesu, Wiase Hann

12Yesu san toaa ne kasa no so ka kyerɛɛ nnipa no se, “Mene wiase hann no. Obiara a odi mʼakyi no rennantew sum mu da, na obenya hann a ɛkyerɛ nnipa kwan ma wɔkɔ nkwa mu.”

13Farisifo no tee asɛm a Yesu kae no, wɔka kyerɛɛ no se, “Asɛm a woreka yi de, yɛrennye nto mu, efisɛ wo ara na woredi wo ho adanse.”

14Yesu nso buaa wɔn se, “Sɛ me ara meredi me ho adanse mpo a, asɛm a meka no yɛ nokware, efisɛ minim faako a mifi bae ne faako a merekɔ. Na mo de, munnim faako a mifi bae ne faako a merekɔ nso. 15Mo ankasa mode mo adwene na ebu atɛn na me de, mimmu obiara atɛn. 16Nanso sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mibu atɛn a mʼatemmu bɛyɛ atɛntrenee, efisɛ ɛnyɛ me nko na mebu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho. 17Wɔakyerɛw wɔ mo mmara mu se sɛ nnansefo baanu adanse hyia a, na ɛkyerɛ sɛ wɔn adanse no yɛ nokware. 18Midi me ho adanse na mʼAgya a ɔsomaa me no nso di me ho adanse.”

19Nnipa no bisaa no se, “Ɛhe na wʼAgya no wɔ?”

Yesu buaa wɔn se, “Munnim me na munnim mʼAgya no nso. Sɛ munim me a, anka mubehu mʼAgya no nso.” 20Yesu kaa eyinom nyinaa wɔ bere a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan no mu sikakorabea hɔ no. Obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnu ɛ.

21Yesu san ka kyerɛɛ wɔn se, “Mefi mo nkyɛn akɔ; mobɛhwehwɛ me na morenhu me. Na mo de, mubewu wɔ mo bɔne mu. Faako a merekɔ no morentumi mma hɔ bi.”

22Yudafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhe na ɔrekɔ a ose ‘obi rentumi nkɔ hɔ bi no?’ Gyama ɔrekokum ne ho?”

23Yesu buaa wɔn se, “Mo de, mufi asase so ha nanso me de, mifi ɔsoro na mebae. Mo de, mufi wiase nanso me de, mimfi wiase, 24Ɛno nti na meka kyerɛ mo se mubewu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ, mene nea mene a, mubewu wɔ mo bɔne mu.”

25Wobisaa no se, “Wo koraa wone hena?”

Yesu buaa wɔn se, “Mene nea daa meka kyerɛ mo se meyɛ. 26Mewɔ mo ho nsɛm pii a anka mɛka atia mo. Nanso nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo na asɛm a meka no yɛ nea mate afi ne nkyɛn.”

27Nnipa no ante no ase sɛ nʼagya ho asɛm na ɔreka akyerɛ wɔn no. 28Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ munya ma Onipa Ba no so wɔ asennua no so a na mubehu sɛ mene nea mene no, na afei mubehu bio sɛ mimfi me ara me pɛ mu nyɛ biribiara, na mmom nea Agya no somaa me sɛ menka no nko ara na meka. 29Nea ɔsomaa me no ka me ho daa. Onnyaw me da efisɛ meyɛ nea ɛsɔ nʼani.” 30Nnipa a wɔtee nea Yesu kaa no mu dodow no ara gyee no dii.

Yudafo Ahohoahoa

31Yesu ka kyerɛɛ Yudafo a wogyee no dii no se, “Sɛ mudi me nsɛm so a, moyɛ mʼasuafo. 32Ɛno ansa na mubehu nokware no na nokware no bɛma moade mo ho.”

33Nnipa no buaa no se, “Yɛn de, yɛyɛ Abraham asefo. Yɛnkɔɔ nkoasom mu da, na adɛn nti na woka se wobɛma yɛade yɛn ho?”

34Yesu buaa wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa. 35Akoa biara nni kyɛfa wɔ abusua mu nanso ɔba de, daa ɔwɔ kyɛfa wɔ abusua mu. 36Ɛno nti sɛ ɔba no ma mode mo ho a mobɛde mo ho ampa. 37Migye to mu sɛ moyɛ Abraham asefo, nanso morehwehwɛ me akum me, efisɛ munni ne nkyerɛkyerɛ so. 38Nea mʼAgya ayi akyerɛ me no na meka ho asɛm, na mo de, nea mo agya aka akyerɛ mo no na mudi so.”

39Nnipa no kae se, “Yɛn agya ne Abraham.”

Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ Abraham asefo ampa a anka ne nnwuma a ɔyɛe no bi pɛpɛɛpɛ na mobɛyɛ. 40Nea mayɛ ne sɛ maka nokware a mote fii Agya no nkyɛn akyerɛ mo, nanso mohwehwɛ me akum me. Abraham anyɛ biribi a ɛte sɛ eyi. 41Moreyɛ nea mo agya yɛe.”

Nnipa no san kae se, “Onyankopɔn nko ara ne Agya a yɛwɔ na yɛyɛ ne mma ankasa.”

42Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya ampa ara a anka mobɛdɔ me, efisɛ ne nkyɛn na mifi bae na mewɔ ha. Mamfi me pɛ mu na mebae; ɔno na ɔsomaa me. 43Adɛn nti na monte nsɛm a mereka yi ase? Efisɛ mompɛ sɛ mote ase. 44Mo de, ɔbonsam ne mo agya na mopɛ sɛ moyɛ nneɛma a ɔyɛ no nso bi. Ɔyɛ owudifo fi mfiase. Onni nokware da efisɛ ɔnyɛ ɔnokwafo. Sɛ odi atoro a, ɛnyɛ nwonwa efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya. 45Nanso me de, esiane sɛ meka nokware nti na munnye me nni no. 46Mo mu hena na obetumi aka se midi bɔne bi ho fɔ? Sɛ meka nokware a adɛn nti na munnye me nni? 47Obiara a ofi Onyankopɔn mu no tie Onyankopɔn asɛm. Na mo de, esiane sɛ mumfi Onyankopɔn mu no nti na muntie nʼasɛm no.”

Yesu Ne Abraham

48Yudafo no bisaa Yesu se, “Sɛ yɛka se woyɛ Samariani a honhommɔne ahyɛ wo ma a na yɛboa ana?”

49Yesu buae se, “Minni honhommɔne. Midi mʼAgya ni na mo de, munni no ni. 50Memmpere nhwehwɛ anuonyam mma mʼankasa me ho. Obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ ma me na ɔno nso na odi ma me. 51Meka nokware pefee kyerɛ mo se, obiara a odi mʼasɛm so no renwu da.”

52Yudafo no nso ka kyerɛɛ no se, “Afei na yɛahu ampa sɛ wowɔ honhommɔne! Abraham wui. Adiyifo no nso wuwui. Nanso wo de, woka se, ‘Obiara a odi mʼasɛm so no renwu da.’ 53Woyɛ ɔkɛse sen yɛn agya Abraham ana? Owui; saa ara nso na adiyifo no wuwui. Wususuw sɛ woyɛ hena?”

54Yesu buaa wɔn se, “Sɛ mʼankasa mehyɛ me ho anuonyam a, mʼanuonyam no nka hwee. MʼAgya a mo nso moka se ɔyɛ mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔhyɛ me anuonyam. 55Mo de, munnim no, nanso me de, minim no. Sɛ meka sɛ minnim no a na meyɛ ɔtorofo sɛ mo ara. Minim no na madi nʼasɛm nso so. 56Mo agya Abraham ani gyee sɛ obehu me ba a mɛba no. Ohui na nʼani gyei.”

57Yudafo no nso bisaa no se, “Wunnii mfe aduonum koraa na woyɛɛ dɛn na wuhuu Abraham?”

58Yesu buae se, “Mereka nokware pefee akyerɛ mo se, ansa na wɔrebɛwo Abraham no, na mete ase.” 59Yudafo no tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no, nanso Yesu hintawee. Eyi akyi no, ofii asɔredan no mu hɔ kɔe.

New International Version

John 8:1-59

1but Jesus went to the Mount of Olives.

2At dawn he appeared again in the temple courts, where all the people gathered around him, and he sat down to teach them. 3The teachers of the law and the Pharisees brought in a woman caught in adultery. They made her stand before the group 4and said to Jesus, “Teacher, this woman was caught in the act of adultery. 5In the Law Moses commanded us to stone such women. Now what do you say?” 6They were using this question as a trap, in order to have a basis for accusing him.

But Jesus bent down and started to write on the ground with his finger. 7When they kept on questioning him, he straightened up and said to them, “Let any one of you who is without sin be the first to throw a stone at her.” 8Again he stooped down and wrote on the ground.

9At this, those who heard began to go away one at a time, the older ones first, until only Jesus was left, with the woman still standing there. 10Jesus straightened up and asked her, “Woman, where are they? Has no one condemned you?”

11“No one, sir,” she said.

“Then neither do I condemn you,” Jesus declared. “Go now and leave your life of sin.”

Dispute Over Jesus’ Testimony

12When Jesus spoke again to the people, he said, “I am the light of the world. Whoever follows me will never walk in darkness, but will have the light of life.”

13The Pharisees challenged him, “Here you are, appearing as your own witness; your testimony is not valid.”

14Jesus answered, “Even if I testify on my own behalf, my testimony is valid, for I know where I came from and where I am going. But you have no idea where I come from or where I am going. 15You judge by human standards; I pass judgment on no one. 16But if I do judge, my decisions are true, because I am not alone. I stand with the Father, who sent me. 17In your own Law it is written that the testimony of two witnesses is true. 18I am one who testifies for myself; my other witness is the Father, who sent me.”

19Then they asked him, “Where is your father?”

“You do not know me or my Father,” Jesus replied. “If you knew me, you would know my Father also.” 20He spoke these words while teaching in the temple courts near the place where the offerings were put. Yet no one seized him, because his hour had not yet come.

Dispute Over Who Jesus Is

21Once more Jesus said to them, “I am going away, and you will look for me, and you will die in your sin. Where I go, you cannot come.”

22This made the Jews ask, “Will he kill himself? Is that why he says, ‘Where I go, you cannot come’?”

23But he continued, “You are from below; I am from above. You are of this world; I am not of this world. 24I told you that you would die in your sins; if you do not believe that I am he, you will indeed die in your sins.”

25“Who are you?” they asked.

“Just what I have been telling you from the beginning,” Jesus replied. 26“I have much to say in judgment of you. But he who sent me is trustworthy, and what I have heard from him I tell the world.”

27They did not understand that he was telling them about his Father. 28So Jesus said, “When you have lifted up8:28 The Greek for lifted up also means exalted. the Son of Man, then you will know that I am he and that I do nothing on my own but speak just what the Father has taught me. 29The one who sent me is with me; he has not left me alone, for I always do what pleases him.” 30Even as he spoke, many believed in him.

Dispute Over Whose Children Jesus’ Opponents Are

31To the Jews who had believed him, Jesus said, “If you hold to my teaching, you are really my disciples. 32Then you will know the truth, and the truth will set you free.”

33They answered him, “We are Abraham’s descendants and have never been slaves of anyone. How can you say that we shall be set free?”

34Jesus replied, “Very truly I tell you, everyone who sins is a slave to sin. 35Now a slave has no permanent place in the family, but a son belongs to it forever. 36So if the Son sets you free, you will be free indeed. 37I know that you are Abraham’s descendants. Yet you are looking for a way to kill me, because you have no room for my word. 38I am telling you what I have seen in the Father’s presence, and you are doing what you have heard from your father.8:38 Or presence. Therefore do what you have heard from the Father.

39“Abraham is our father,” they answered.

“If you were Abraham’s children,” said Jesus, “then you would8:39 Some early manuscripts “If you are Abraham’s children,” said Jesus, “then do what Abraham did. 40As it is, you are looking for a way to kill me, a man who has told you the truth that I heard from God. Abraham did not do such things. 41You are doing the works of your own father.”

“We are not illegitimate children,” they protested. “The only Father we have is God himself.”

42Jesus said to them, “If God were your Father, you would love me, for I have come here from God. I have not come on my own; God sent me. 43Why is my language not clear to you? Because you are unable to hear what I say. 44You belong to your father, the devil, and you want to carry out your father’s desires. He was a murderer from the beginning, not holding to the truth, for there is no truth in him. When he lies, he speaks his native language, for he is a liar and the father of lies. 45Yet because I tell the truth, you do not believe me! 46Can any of you prove me guilty of sin? If I am telling the truth, why don’t you believe me? 47Whoever belongs to God hears what God says. The reason you do not hear is that you do not belong to God.”

Jesus’ Claims About Himself

48The Jews answered him, “Aren’t we right in saying that you are a Samaritan and demon-possessed?”

49“I am not possessed by a demon,” said Jesus, “but I honor my Father and you dishonor me. 50I am not seeking glory for myself; but there is one who seeks it, and he is the judge. 51Very truly I tell you, whoever obeys my word will never see death.”

52At this they exclaimed, “Now we know that you are demon-possessed! Abraham died and so did the prophets, yet you say that whoever obeys your word will never taste death. 53Are you greater than our father Abraham? He died, and so did the prophets. Who do you think you are?”

54Jesus replied, “If I glorify myself, my glory means nothing. My Father, whom you claim as your God, is the one who glorifies me. 55Though you do not know him, I know him. If I said I did not, I would be a liar like you, but I do know him and obey his word. 56Your father Abraham rejoiced at the thought of seeing my day; he saw it and was glad.”

57“You are not yet fifty years old,” they said to him, “and you have seen Abraham!”

58“Very truly I tell you,” Jesus answered, “before Abraham was born, I am!” 59At this, they picked up stones to stone him, but Jesus hid himself, slipping away from the temple grounds.