Yohane 7 – AKCB & NUB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 7:1-53

Yesu Ho Akyinnyegye

1Eyi akyi no Yesu kyinkyinii wɔ Galilea. Wampɛ sɛ obekyinkyin wɔ Yudea, efisɛ na Yudafo mpanyin no rehwehwɛ no akum no. 2Bere a Yudafo Asese Afahyɛ no reyɛ adu no, 3Yesu nuanom ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wufi ha san kɔ Yudea sɛnea ɛbɛyɛ na wʼakyidifo behu nsɛnkyerɛnne a woyɛe no. 4Sɛ obi pɛ sɛ ogye din a ɔmmfa ne nneyɛe nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hu ne nneyɛe.” 5Na nʼankasa ne nuanom mpo nnye no nni.

6Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me bere nnuu ɛ, na mo de bere biara ye ma mo. 7Mo de, nnipa tan mo a ɛnyɛ ye, nanso me de wɔtan me a ɛyɛ ye, efisɛ daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn. 8Mo de, munni kan nkɔ afahyɛ no na me de, minnya nkɔɔ ɛ, efisɛ me bere nnuu ɛ.” 9Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ wɔn akyi no ɔtenaa Galilea.

10Yesu nuanom kɔɔ akyi no na ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase bi a wanna ne ho adi wɔ hɔ. 11Yudafo mpanyin no hwehwɛɛ no wɔ afahyɛ no ase na wɔanhu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa a yɛrehwehwɛ no no wɔ he?”

12Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu efisɛ na wosuro Yudafo mpanyin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.”

Na afoforo nso se, “Ɔyɛ ɔdaadaafo.” 13Yudafo mpanyin no ho hu nti obiara antumi anyi nʼanim anka ne ho asɛm wɔ bagua mu.

Yesu Kyerɛkyerɛ Wɔ Afahyɛ No Ase

14Afahyɛ no duu ne mpɔmpɔnso no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛe. 15Bere a Yudafo mpanyin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa na wobisae se, “Onipa yi nsuaa nhoma da, na ɛyɛɛ dɛn na otumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?”

16Yesu buaa wɔn se, “Nea merekyerɛ no mfi mʼankasa, na mmom efi Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 17Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde a obehu sɛ me nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn nkyɛn anaa efi mʼankasa. 18Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ anuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ anuonyam ma nea ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafo a nnaadaa biara nni ne mu. 19Mose amma mo mmara no ana? Nanso mo mu biara nni saa mmara no so! Adɛn nti na mopɛ sɛ mukum me?”

20Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Gyama honhommɔne bi hyɛ wo so? Hena na ɔrehwehwɛ wo akum wo?”

21Yesu buaa wɔn se, “Anwonwade baako pɛ a mayɛ nti na mo ho adwiriw mo sɛɛ yi. 22Mose maa mo twetiatwa (mpo ɛnyɛ sɛ Mose na ɔhyɛɛ ho mmara na ɛyɛ mo nenanom) nanso, mutwa twetia homeda. 23Sɛ mutwa twetia homeda na moanto Mose mmara a, adɛn nti na sɛ mesa obi yare homeda a, mo bo fuw me? 24Mummmu atɛn kwa. Monhwɛ biribiara a muhu no yiye ansa na moabu ho atɛn.”

Yesu Ne Agyenkwa No Ana?

25Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem no mu bi bisae se, “Ɛnyɛ saa onipa yi ne nea wɔpɛ sɛ wokum no no ana? 26Ɔno na ɔrekasa wɔ bagua mu a obiara nka hwee nkyerɛ no yi! Gyama afei de mpanyimfo no agye no ato mu sɛ ɔne Agyenkwa no? 27Yenim sɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ofi bae nanso saa onipa yi de, yenim faako a ofi.”

28Yesu gu so rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔkaa no dennen se, “Ɛwɔ mu sɛ munim me na munim faako nso a mifi bae, nanso ɛnyɛ me ara me pɛ na mede bae, na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo, nanso munnim no; 29na me de, minim no, efisɛ mifi ne nkyɛn na mebae na ɔno na ɔsomaa me.”

30Nʼano sii no, wɔpɛe sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnui ɛ. 31Nnipa no mu fa kɛse no ara gyee no dii na wobisae se, “Sɛ Agyenkwa no ba a obetumi ayɛ anwonwade bebree sen nea ɔbarima yi ayɛ no ana?”

32Farisifo no tee huhuhuhu no a nnipa no yɛ faa Yesu ho no, wɔne asɔfo mpanyin no somaa hyiadan awɛmfo bi se wɔnkɔkyere Yesu mmra.

33Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, “Nna kakraa bi na aka me a me ne mo bɛtena na masan akɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. 34Mobɛhwehwɛ me nanso morenhu me, efisɛ faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ.”

35Bere a Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhefa na ose ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhu no yi? Anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Helafo nkurow a Yudafo tete mu no mu akɔkyerɛkyerɛ wɔn? 36Sɛ ɔka se, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, efisɛ faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ’ a, na ɔkyerɛ dɛn?”

Nsu A Ɛma Nkwa

37Afahyɛ no da a edi akyi a ɛyɛ da titiriw no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa dennen se, “Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsu. 38Na Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Obiara a ogye me di no, nsu a ɛma nkwa bɛsen afi ne mu.’ ” 39Yesu kaa saa asɛm yi faa Honhom Kronkron a wɔn a wogyee no dii no nsa bɛka no ho. Saa bere no na onya mfaa Honhom Kronkron no mmaa wɔn ɛ, efisɛ na wonnya mmaa no so nkɔɔ ɔsoro nhyɛɛ no anuonyam ɛ.

40Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kae se, “Ampa ara onipa yi ne odiyifo no!”

41Afoforo nso kae se, “Ɔno ne Kristo no!”

Ebinom nso bisae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo no befi Galilea? 42Kyerɛwsɛm no anka se saa Kristo no befi Dawid abusua mu na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kurow a Dawid tenaa mu no mu ana?” 43Yesu nti nnipa no mu kyekyɛe. 44Ebinom pɛɛ sɛ wɔkyere no nanso obiara amfa ne nsa anka no.

Yudafo Mpanyin Akyinnyegye

45Asomfo no san kɔe no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moamfa no amma?”

46Asomfo no buae se, “Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwonwa na yɛntee bi da.”

47Farisifo no san bisaa asomfo no se, “Mo nso wadaadaa mo ana? 48Moahu sɛ mpanyimfo anaa Farisifo no bi agye no adi ana? 49Dabi, ɛremma sa, na mmom ɛyɛ wɔn a wonnim mmara no na wɔadome wɔn no na wobegye no adi.”

50Saa bere no na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi owiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi. 51Ɔno na obisae se, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yebu obi fɔ wɔ bere a yɛntee nʼanom asɛm, nhuu nea wayɛ ana?”

52Wobuaa no se, “Wo nso wufi Galilea ana? Hwehwɛ Kyerɛwsɛm no mu yiye na wubehu sɛ odiyifo biara rentumi mfi Galilea da.”

53Afei obiara fii hɔ kɔe a wɔantumi ansi gyinae biara.

Swedish Contemporary Bible

Johannes 7:1-53

Jesus blir hånad av sina bröder

1Efter detta vandrade Jesus omkring i Galileen. Han ville hålla sig borta från Judeen, eftersom judarna var ute efter att döda honom. 2Men snart var det dags för lövhyddefesten7:2 Lövhyddefesten var en åtta dagar lång fest som firades på hösten. Det var dels en skördefest, dels en minnesfest över att Gud hade bevarat Israels folk under vandringen från Egypten. Jfr 3 Mos 23:34-43., 3och Jesus bröder sa till honom: ”Du borde gå härifrån till Judeen, så att också dina lärjungar får se vad du gör. 4Ingen som vill bli känd håller sin verksamhet hemlig. När du nu gör allt detta, så visa dig för världen.” 5Inte ens hans bröder trodde nämligen på honom.

6Men Jesus svarade: ”Tiden har inte kommit för mig än, men för er är det rätt tid när som helst. 7Världen kan inte hata er. Men mig hatar den, eftersom jag vittnar om att dess gärningar är onda. 8Gå ni iväg till högtiden. Jag går ännu inte till den här högtiden, för min tid har inte helt och fullt kommit.” 9Och så stannade han kvar i Galileen.

Jesus undervisar i templet

10När bröderna hade gett sig iväg till högtiden gick Jesus sedan dit i hemlighet, inte offentligt. 11Judarna försökte få tag i honom under högtiden och frågade om någon visste var han var. 12Folket pratade mycket om honom i smyg. Några sa: ”Han är en god människa”, medan andra sa: ”Nej, han bedrar folket.” 13Ingen hade mod nog att prata öppet om honom, för alla var rädda för judarna.

14Men när halva högtiden redan var över, gick Jesus upp till templet och började undervisa, 15och judarna blev förvånade när de hörde honom. De sa: ”Hur kan han veta så mycket om Skrifterna trots att han saknar utbildning?”

16Då svarade Jesus dem: ”Min lära är inte min utan hans som har sänt mig. 17Om någon vill göra hans vilja, så kommer han att förstå om min undervisning är från Gud eller om jag bara talar av mig själv. 18Den som talar av sig själv söker sin egen ära, men den som söker hans ära som har sänt honom talar sanning. Hos honom finns ingen orättfärdighet. 19Har inte Mose gett er lagen? Men ingen av er följer lagen. Varför försöker ni döda mig?”

20Folket svarade: ”Du är besatt av en ond ande! Det är väl ingen som försöker döda dig.”

21Jesus svarade: ”Jag gjorde något som förvånade er mycket. 22Mose har gett er omskärelsen, fastän den inte kommer från Mose utan från förfäderna, och ni utför omskärelse även på en sabbat. 23Om man nu omskär en människa på en sabbat för att inte bryta mot Moses lag, varför retar ni upp er för att jag gjorde någon helt och hållet frisk på sabbaten? 24Döm inte efter hur saker och ting ser ut, utan fäll en rättvis dom.”

Olika åsikter om vem Jesus är

25En del av dem som bodde i Jerusalem sa: ”Är det inte den här mannen som de vill döda? 26Här står han ju helt öppet och undervisar, och ingen säger något till honom. Har rådsmedlemmarna kanske blivit övertygade om att han är Messias? 27Ändå vet vi varifrån den här mannen är. När Messias kommer ska ingen veta varifrån han är.”

28Då ropade Jesus där han stod och undervisade i templet: ”Så ni känner mig och vet varifrån jag kommer! Ändå har jag inte kommit av mig själv, utan det finns en som har sänt mig, en som är trovärdig, en som ni inte känner. 29Men jag känner honom, för jag kommer från honom, och han har sänt mig.”

30De ville då gripa Jesus genast, men ingen rörde honom, eftersom hans stund ännu inte hade kommit. 31Men många bland folket började tro på honom, och de sa: ”När Messias än kommer kan han väl inte göra fler tecken än denne man har gjort.”

32När fariseerna fick veta att folket pratade om Jesus i smyg, skickade de och översteprästerna ut några män ur tempelvakten för att gripa honom. 33Jesus sa: ”Jag kommer bara att stanna hos er en kort tid till. Sedan ska jag återvända till honom som har sänt mig. 34Ni ska söka efter mig men inte hitta mig, för där jag är, dit kan ni inte komma.”

35Då sa judarna till varandra: ”Vart tänker han ta vägen, eftersom vi inte ska kunna hitta honom? Tänker han gå till dem som bor kringspridda bland greker? Ska han undervisa greker? 36Vad menar han när han säger: ’Ni ska söka efter mig, men inte hitta mig, för där jag är, dit kan ni inte komma’?”

37På sista dagen, som var lövhyddefestens höjdpunkt, stod Jesus upp och ropade: ”Om någon är törstig så kom till mig och drick! 38Den som tror på mig, ur hans inre ska strömmar av levande vatten flyta fram såsom det står skrivet7:38 Hes 36:25-27; 47:1ff; Joel 3:18; Neh 9:15..” 39Med detta menade han Anden, som de som trodde på honom skulle få. Men Anden hade inte kommit än, eftersom Jesus ännu inte hade förhärligats.

40När folket hörde honom säga detta, sa några av dem: ”Han måste vara profeten.7:40 Jfr 5 Mos 18:15,18, där Mose säger att en profet lik honom ska komma.41Andra sa: ”Han är Messias.” Ytterligare några: ”Nej. Messias ska väl inte komma från Galileen! 42Står det inte i Skriften att Messias ska vara av Davids släkt och komma från Betlehem, småstaden där David bodde?”7:42 Jfr Mika 5:2. 43Människorna hade alltså delade meningar om honom. 44Några ville också arrestera honom, men ingen rörde honom.

45Tempelvakterna, som hade skickats ut för att gripa honom, återvände nu till översteprästerna och fariseerna, som frågade dem: ”Varför tog ni inte med honom hit?”

46Men vakterna svarade: ”Aldrig har någon människa talat som han!”

47”Har ni också blivit vilseledda?” frågade fariseerna. 48”Finns det någon i rådet eller någon farisé som tror på honom? 49Men folkhopen här vet inget om lagen7:49 Med lagen menas här hela Skriften, dvs. Gamla testamentet., och de är förbannade.”

50Då sa Nikodemos, den medlem i rådet som tidigare hade sökt upp Jesus: 51”Är det förenligt med vår lag att förklara någon skyldig innan man har hållit rättegång och hört vad han gör?”

52De svarade: ”Är du också från Galileen? Läs i Skriften så får du se att ingen profet kommer från Galileen.”

Kvinnan som varit otrogen

[53Sedan gick alla hem var och en till sitt.