Yohane 6 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 6:1-71

Yesu Ma Nnipa Mpem Anum Aduan

1Eyi akyi no, Yesu kɔɔ tɔnn kotwaa Galilea Po, a ɛyɛ Tiberia Po no. 2Esiane sɛ nkurɔfo huu sɛ Yesu nam anwonwakwan so asa nnipa pii yare no nti, wodii nʼakyi. 3Yesu ne nʼasuafo no kɔɔ bepɔw bi so kɔtenaa hɔ kakra. 4Saa bere no na Twam Afahyɛ no abɛn.

5Bere a Yesu twaa nʼani, huu sɛ nnipakuw no reba ne nkyɛn no, obisaa Filipo se, “Ɛhe na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi?” 6Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛe, efisɛ na onim nea ɔbɛyɛ.

7Filipo buae se, “Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ sɛ yenya asram awotwe akatua.”

8Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kae se, 9“Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ brodo anum ne kyenam abien; na eyi betumi aso nnipa dodow yi di?”

10Yesu hyɛɛ nʼasuafo no se, “Momma obiara ntena ase.” Asuafo no ma wɔtenatenaa sare no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodow bɛyɛ mpem anum. 11Yesu faa brodo no bɔɔ mpae na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa kwan koro no ara so kyɛɛ kyenam no nso maa wɔn.

12Wodidi mee akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommoaboa aduan a aka no ano na bi ansɛe.” 13Wɔboaboaa aduan a ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.

14Nnipa no huu nsɛnkyerɛnne a Yesu ayɛ no, wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifo a yɛrehwɛ no kwan no.” 15Yesu huu sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere no asi no hene no, ɔtwee ne ho fii wɔn mu kɔɔ bepɔw no so bio.

Yesu Nantew Po So

16Onwini dwoe no, Yesu asuafo no kɔɔ Galilea mpoano. 17Wɔtwɛn kosii sɛ ade sae na ɔmma no, wɔkɔtenaa ɔkorow mu se wɔrekɔ Kapernaum. 18Saa bere no na ahum retu wɔ po so ama po no ani afono. 19Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohuu sɛ obi nam po no so reba; eyi maa ehu kaa wɔn kosii sɛ, 20Yesu kae se, “Ɛyɛ me, Munnsuro!” 21Asuafo no pɛɛ sɛ anka wɔde no tena ɔkorow no mu, nanso ntɛm ara ɔkorow no koduu Kapernaum.

22Ade kyee no, nnipa a na wɔwɔ Galilea po no agya no huu sɛ ɔkorow baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, nanso asuafo no tenaa mu kɔe a na Yesu nka wɔn ho. 23Ankyɛ koraa na akorow afoforo bi fi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuw no aduan dii no. 24Bere a nnipa no huu sɛ Yesu ne nʼasuafo no nni hɔ no, wɔtenatenaa akorow no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no.

Yesu, Nkwa Aduan No

25Woduu Kapernaum na wohuu Yesu no, wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na wobaa ha?”

26Yesu buaa wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se, ɛnyɛ sɛ muhuu anwonwade a meyɛe no nti na morehwehwɛ me, na mmom sɛ munyaa aduan di mee no nti. 27Monnsɛe mo bere nyinaa mpere nhwehwɛ aduan a etumi sɛe no akyi kwan, na mmom mompere nhwehwɛ aduan a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a enni awiei a Onipa Ba no de bɛma mo no akyi kwan. Efisɛ eyi nti na mʼAgya somaa me.”

28Nnipa no bisaa no se, “Dɛn na yɛnyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?”

29Yesu buaa wɔn se, “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ, munnye nea wasoma no no nni.”

30Nnipa no bisaa no bio se, “Anwonwade bɛn na wobɛyɛ akyerɛ yɛn ama yɛagye wo adi? 31Sɛ wopɛ sɛ yegye wo di sɛ wone Agyenkwa no de a, ɛno de ma yɛn aduan nni daa sɛnea Kyerɛwsɛm no di ho adanse sɛ, Mose maa yɛn nenanom ɔsoro aduan dii wɔ sare no so.”

32Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nenanom aduan a efi ɔsoro no dii wɔ sare so hɔ no na mmom ɛyɛ mʼAgya. Na afei de, ɔma mo aduan a efi ɔsoro a ɛma nkwa a enni awiei no di daa. 33Saa aduan a efi Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ofi ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ wiase no.”

34Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Owura, ma yɛn saa aduan no bi nni daa.”

35Yesu kae se, “Mene brodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no, ɔkɔm anaa osukɔm renne no da. 36Sɛnea maka akyerɛ mo no, moahu me nnwuma, nanso munnye me nni. 37Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no. 38Na mifi ɔsoro baa asase so sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na ɛnyɛ mʼapɛde. 39Na nea ɔsomaa me no apɛde ne sɛ mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yiye na da a edi akyiri no, manyan wɔn ama wɔn nkwa foforo. 40MʼAgya apɛde ne sɛ obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no benya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no manyan no ama no nkwa foforo.”

41Yudafo no tee sɛ Yesu aka se, “Mene aduan a efi ɔsoro” no, wonwiinwii. 42Wɔkɔɔ so kae se, “Ɛnyɛ Yosef ne Maria ba ne saa Yesu yi? Ɛyɛɛ dɛn na otumi ka se ofi ɔsoro na ɔbae?”

43Yesu buaa wɔn se, “Munnyae anwiinwii no. 44Mommma ɛnyɛ mo nwonwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a obetumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a edi akyiri no, menyan no. 45Adiyifo no akyerɛw se, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno nti, obiara a otie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn. 46Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahu Agya no pɛn, gye onipa a ofi Agya no nkyɛn no. 47Mereka nokwasɛm akyerɛ mo se, nea ogye di no nya nkwa a enni awiei. 48Mene brodo a ɛma nkwa no. 49Mo nenanom dii mana wɔ sare so nso wowuwui, 50nanso brodo a efi ɔsoro ba no yɛ brodo a obi di a ɔrenwu da. 51Mene brodo a efi ɔsoro no; sɛ obi di saa brodo yi a ɔbɛtena ase daa. Brodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no ne me honam a mede ma, sɛnea ɛbɛyɛ na wiase benya nkwa.”

52Asɛm a Yesu kaa yi maa Yudafo no bo fuwii, ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi betumi de ne honam ama yɛn sɛ aduan ama yɛadi?”

53Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduan na moannom ne mogya a, morennya nkwa a enni awiei. 54Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya no nya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no menyan no ama no nkwa foforo. 55Me honam ne aduan pa no, na me mogya nso ne nsu pa no. 56Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya sɛ nsu no te me mu, na me nso mete ne mu. 57Sɛnea Agya teasefo no somaa me na ɔno nti mete ase no, saa ara nso na obiara a odi me honam sɛ aduan no, me nti ɔbɛtena ase. 58Eyi ne brodo a efi ɔsoro bae. Ɛnte sɛ mana a yɛn nenanom dii wɔ sare so na wowuwui no. Saa brodo yi de, obiara a obedi bi no bɛtena ase daa.” 59Bere a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi.

Yesu Akyidifo No Mu Pii Twe Wɔn Ho

60Yesu akyidifo no mu pii tee asɛm a ɔkae no, wɔkae se, “Saa asɛm yi de, ɛkyerɛ yɛn adwene. Hena na ɔbɛte ase?”

61Yesu huu sɛ nʼakyidifo no renwiinwii no, obisaa wɔn se, “Asɛm a mekae yi to mo hintidua ana? 62Ɛno de ɛba sɛ Onipa Ba no resan akɔ ɔsoro, faako a ofi bae no a, dɛn na mobɛyɛ? 63Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu, 64nanso mo mu bi nnye nni.” Efi mfiase no na Yesu huu wɔn a wonnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afi ne ho no. 65Ɔkɔɔ so kae se, “Eyi nti na meka kyerɛɛ mo se obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no ho kwan” no.

66Esiane saa nsɛm a Yesu kae no nti, nʼakyidifo no mu pii twee wɔn ho fii ne ho na wɔanni nʼakyi bio.

67Yesu huu saa no, obisaa asuafo dumien no se, “Mo nso mubegyae mʼakyidi ana?”

68Simon Petro buaa no se, “Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a enni awiei. 69Na yegye wo nsɛm no di na yenim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.”

70Yesu kɔɔ so kae sɛ, “Me ara na miyii mo dumien yi, nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.” 71Asɛm a Yesu kae no, na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako a obeyi Yesu ama no ho.

New International Version

John 6:1-71

Jesus Feeds the Five Thousand

1Some time after this, Jesus crossed to the far shore of the Sea of Galilee (that is, the Sea of Tiberias), 2and a great crowd of people followed him because they saw the signs he had performed by healing the sick. 3Then Jesus went up on a mountainside and sat down with his disciples. 4The Jewish Passover Festival was near.

5When Jesus looked up and saw a great crowd coming toward him, he said to Philip, “Where shall we buy bread for these people to eat?” 6He asked this only to test him, for he already had in mind what he was going to do.

7Philip answered him, “It would take more than half a year’s wages6:7 Greek take two hundred denarii to buy enough bread for each one to have a bite!”

8Another of his disciples, Andrew, Simon Peter’s brother, spoke up, 9“Here is a boy with five small barley loaves and two small fish, but how far will they go among so many?”

10Jesus said, “Have the people sit down.” There was plenty of grass in that place, and they sat down (about five thousand men were there). 11Jesus then took the loaves, gave thanks, and distributed to those who were seated as much as they wanted. He did the same with the fish.

12When they had all had enough to eat, he said to his disciples, “Gather the pieces that are left over. Let nothing be wasted.” 13So they gathered them and filled twelve baskets with the pieces of the five barley loaves left over by those who had eaten.

14After the people saw the sign Jesus performed, they began to say, “Surely this is the Prophet who is to come into the world.” 15Jesus, knowing that they intended to come and make him king by force, withdrew again to a mountain by himself.

Jesus Walks on the Water

16When evening came, his disciples went down to the lake, 17where they got into a boat and set off across the lake for Capernaum. By now it was dark, and Jesus had not yet joined them. 18A strong wind was blowing and the waters grew rough. 19When they had rowed about three or four miles,6:19 Or about 5 or 6 kilometers they saw Jesus approaching the boat, walking on the water; and they were frightened. 20But he said to them, “It is I; don’t be afraid.” 21Then they were willing to take him into the boat, and immediately the boat reached the shore where they were heading.

22The next day the crowd that had stayed on the opposite shore of the lake realized that only one boat had been there, and that Jesus had not entered it with his disciples, but that they had gone away alone. 23Then some boats from Tiberias landed near the place where the people had eaten the bread after the Lord had given thanks. 24Once the crowd realized that neither Jesus nor his disciples were there, they got into the boats and went to Capernaum in search of Jesus.

Jesus the Bread of Life

25When they found him on the other side of the lake, they asked him, “Rabbi, when did you get here?”

26Jesus answered, “Very truly I tell you, you are looking for me, not because you saw the signs I performed but because you ate the loaves and had your fill. 27Do not work for food that spoils, but for food that endures to eternal life, which the Son of Man will give you. For on him God the Father has placed his seal of approval.”

28Then they asked him, “What must we do to do the works God requires?”

29Jesus answered, “The work of God is this: to believe in the one he has sent.”

30So they asked him, “What sign then will you give that we may see it and believe you? What will you do? 31Our ancestors ate the manna in the wilderness; as it is written: ‘He gave them bread from heaven to eat.’6:31 Exodus 16:4; Neh. 9:15; Psalm 78:24,25

32Jesus said to them, “Very truly I tell you, it is not Moses who has given you the bread from heaven, but it is my Father who gives you the true bread from heaven. 33For the bread of God is the bread that comes down from heaven and gives life to the world.”

34“Sir,” they said, “always give us this bread.”

35Then Jesus declared, “I am the bread of life. Whoever comes to me will never go hungry, and whoever believes in me will never be thirsty. 36But as I told you, you have seen me and still you do not believe. 37All those the Father gives me will come to me, and whoever comes to me I will never drive away. 38For I have come down from heaven not to do my will but to do the will of him who sent me. 39And this is the will of him who sent me, that I shall lose none of all those he has given me, but raise them up at the last day. 40For my Father’s will is that everyone who looks to the Son and believes in him shall have eternal life, and I will raise them up at the last day.”

41At this the Jews there began to grumble about him because he said, “I am the bread that came down from heaven.” 42They said, “Is this not Jesus, the son of Joseph, whose father and mother we know? How can he now say, ‘I came down from heaven’?”

43“Stop grumbling among yourselves,” Jesus answered. 44“No one can come to me unless the Father who sent me draws them, and I will raise them up at the last day. 45It is written in the Prophets: ‘They will all be taught by God.’6:45 Isaiah 54:13 Everyone who has heard the Father and learned from him comes to me. 46No one has seen the Father except the one who is from God; only he has seen the Father. 47Very truly I tell you, the one who believes has eternal life. 48I am the bread of life. 49Your ancestors ate the manna in the wilderness, yet they died. 50But here is the bread that comes down from heaven, which anyone may eat and not die. 51I am the living bread that came down from heaven. Whoever eats this bread will live forever. This bread is my flesh, which I will give for the life of the world.”

52Then the Jews began to argue sharply among themselves, “How can this man give us his flesh to eat?”

53Jesus said to them, “Very truly I tell you, unless you eat the flesh of the Son of Man and drink his blood, you have no life in you. 54Whoever eats my flesh and drinks my blood has eternal life, and I will raise them up at the last day. 55For my flesh is real food and my blood is real drink. 56Whoever eats my flesh and drinks my blood remains in me, and I in them. 57Just as the living Father sent me and I live because of the Father, so the one who feeds on me will live because of me. 58This is the bread that came down from heaven. Your ancestors ate manna and died, but whoever feeds on this bread will live forever.” 59He said this while teaching in the synagogue in Capernaum.

Many Disciples Desert Jesus

60On hearing it, many of his disciples said, “This is a hard teaching. Who can accept it?”

61Aware that his disciples were grumbling about this, Jesus said to them, “Does this offend you? 62Then what if you see the Son of Man ascend to where he was before! 63The Spirit gives life; the flesh counts for nothing. The words I have spoken to you—they are full of the Spirit6:63 Or are Spirit; or are spirit and life. 64Yet there are some of you who do not believe.” For Jesus had known from the beginning which of them did not believe and who would betray him. 65He went on to say, “This is why I told you that no one can come to me unless the Father has enabled them.”

66From this time many of his disciples turned back and no longer followed him.

67“You do not want to leave too, do you?” Jesus asked the Twelve.

68Simon Peter answered him, “Lord, to whom shall we go? You have the words of eternal life. 69We have come to believe and to know that you are the Holy One of God.”

70Then Jesus replied, “Have I not chosen you, the Twelve? Yet one of you is a devil!” 71(He meant Judas, the son of Simon Iscariot, who, though one of the Twelve, was later to betray him.)