Yohane 5 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 5:1-47

Ɔtare Bi Ho Ayaresa

1Eyi akyi no Yudafo afahyɛ bi nti Yesu san kɔɔ Yerusalem. 2Na ɔtare bi wɔ kurow no mu a wɔfrɛ no Betseda a na ɛbɛn kurow no ano pon kɛse bi a wɔfrɛ no Nguan Pon no. Na wɔabɔ pata ahorow anum atwa ho ahyia. 3Saa pata yi ase na na ayarefo pii sɛ, anifuraefo, mpakye ne mmubuafo wɔ retwɛn sɛ Awurade bɔfo fi ɔsoro bɛba abɛfono nsu no. 4Nea ɛte ne sɛ, sɛ ɔbɔfo no fono nsu no wie a, ɔyarefo a obedi kan atɔ mu no nya ayaresa. 5Na ɔbarima bi ayare ada ɔtare no ho mfe aduasa awotwe. 6Yesu huu sɛ wayare ada hɔ akyɛ no, obisaa no se, “Wopɛ sɛ wo ho tɔ wo ana?”

7Ɔyarefo no buaa no se, “Me wura, sɛ ɔbɔfo no bɛfono nsu no a, minnya obi a ɔbɛma me so ato mu. Bere biara a mɛbɔ me ho mmɔden sɛ merekɔ mu no, obi di me kan.”

8Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɔre! Bobɔw wo kɛtɛ na kɔ fie.” 9Amono mu hɔ ara, ɔbarima no nyaa ahoɔden bobɔw ne kɛtɛ, fii ase nantewee.

Na saa da no yɛ homeda. 10Yudafo mpanyin huu ɔbarima no sɛ ɔso ne kɛtɛ no, wɔn bo fuw yiye. Wobisaa no se, “Wunnim sɛ nnɛ yɛ homeda na etia mmara sɛ wobɛsoa wo kɛtɛ ana?”

11Ɔbarima yi de ahopopo yii ne ho ano se, “Onipa a ɔsaa me yare no na ɔka kyerɛɛ me se mensoa me kɛtɛ na menkɔ.”

12Wɔtee saa no wobisaa no se, “Hena ne saa onipa no?”

13Nanso na nea wɔsaa no yare no nnim Yesu. Afei nso na Yesu afa nnipa no mu kɔ.

14Akyiri no, Yesu hyiaa ɔbarima no wɔ asɔredan mu tuu no fo se, “Afei a wo ho atɔ wo yi, hwɛ yiye na woankɔyɛ bɔne bio amma biribi a ɛsen kan yare no amma wo so.” 15Ɔbarima yi fii hɔ kɔka kyerɛɛ Yudafo mpanyin no se ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yare no.

Tumi A Ɔba No Wɔ

16Yudafo mpanyin yi fii ase tan Yesu ani, efisɛ wabu wɔn homeda mmara no so. 17Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mʼagya yɛ adwuma bere biara enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma bere biara.” 18Saa asɛm a Yesu kaa yi maa Yudafo mpanyin no bo fuwii, na wɔyɛɛ wɔn adwene se wobekum no, efisɛ na ɛnyɛ homeda mmara no nko na obu so na na ɔsan frɛ ne ho se Onyankopɔn Ba de kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ.

19Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɔba no ntumi mfi ne pɛ mu nyɛ biribi, na mmom ɔyɛ nea ohu sɛ nʼAgya yɛ no bi. 20Efisɛ Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɛ no ɔma Ɔba no hu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛse a ɛsen saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiriw mo. 21Na sɛnea Agya no nyan awufo no, saa ara nso na Ɔba no nyan awufo a ɔpɛ sɛ onyan wɔn no. 22Afei koraa mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmu tumi no ahyɛ Ɔba no nsa 23sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bedi Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Obiara a onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no nso ni.

24“Mereka nokware akyerɛ mo se: Obiara a otie me nsɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ nkwa a enni awiei. Wɔremmu no atɛn, efisɛ wafi owu mu aba nkwa mu. 25Mereka nokware bio sɛ, bere bi reba, na mpo saa bere no anya aba a awufo bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no benya nkwa. 26Sɛnea Agya no yɛ nkwamafo no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafo. 27Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, efisɛ ɔno ne Onipa Ba no.

28“Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ bere bi reba a awufo a wɔwɔ wɔn nna mu mpo bɛte me nne, 29na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no benyan atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn fɔ. 30Merentumi mfi mʼankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na migyina bu atɛn. Ɛno nti atɛn a mibu no yɛ nokware.

Yesu Ho Adansedi Ahorow

31“Sɛ me ara midi me ho adanse a, mʼadansedi no nni mu. 32Na obi wɔ hɔ a odi me ho adanse a minim sɛ nʼadanse a odi fa me ho no yɛ nokware.

33“Moasoma nnipa akɔ Yohane nkyɛn na wadi adanse a ɛyɛ nokware. 34Nnipa adansedi ho nhia me ansa na moahu onipa ko a meyɛ. Na mmom meka Yohane adanse a odii no kyerɛ mo sɛ nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn begye mo nkwa. 35Yohane nsɛm a ɔkae yɛ kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn, na ɛmaa mo ani gyei.

36“Me nnwuma a mʼAgya de ama me sɛ menyɛ no di me ho adanse sen Yohane. 37Ɛwɔ mu sɛ munhuu Agya no anim da, na montee ne nne nso da, nanso wadi me ho adanse. 38Na nʼasɛm no nso mommfa nsie mo tirim, efisɛ munnnye me a ɔsomaa me no nni. 39Musua Kyerɛwsɛm no, efisɛ mugye di sɛ ɛno na ɛbɛma moanya nkwa a enni awiei. Nanso saa Kyerɛwsɛm koro no ara di me ho adanse! 40Eyi nyinaa akyi no, mommpɛ sɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa!

41“Menhwehwɛ nnipa anim anuonyam. 42Minim nnipa ko a moyɛ. Minim sɛ munni Onyankopɔn ho dɔ. 43Mebaa wɔ mʼAgya din mu nanso moannye me. Nanso sɛ obi ba wɔ ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ a, ɛno de, mugye no. 44Mopɛ sɛ nnipa kamfo mo mmom sen sɛ Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi?

45“Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo wɔ Agya no anim, na mmom ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so se ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu no. 46Sɛ mugyee Mose dii a anka me nso mubegye me adi, efisɛ nsɛm a ɔkyerɛw no di me ho adanse. 47Na esiane sɛ moannye nsɛm a ɔkyerɛw no anni no nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ munnye me nni.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约翰福音 5:1-47

耶稣在毕士大池边治病

1这事以后,犹太人的一个节期到了,耶稣便上耶路撒冷2耶路撒冷靠近羊门的地方有一个水池,希伯来话叫毕士大,池边有五条走廊, 3里面躺着瞎眼的、瘸腿的、瘫痪的等许多病人。 4他们都在等候天使来搅动池水。水动时,第一个下去的,无论患什么病都会痊愈。5:4 有些经卷无“他们都在等候天使来搅动池水。水动时,第一个下去的,无论患了什么病都会痊愈。”

5那里有一个人病了三十八年。 6耶稣看他躺着,知道他病了很久,就问他:“你想痊愈吗?”

7那人回答说:“先生,水动的时候,没有人把我放进池子里,我要下去的时候,别人总是先我一步。”

8耶稣对他说:“起来,拿起你的垫子走吧!”

9那人立刻痊愈了,拿起垫子开始行走。那天正好是安息日, 10犹太人便对那人说:“今天是安息日,你不可拿着垫子走路。”

11他说:“那位医好我的叫我拿起垫子走。”

12他们问他:“叫你拿起垫子走的人是谁?”

13那人不知道是谁,因为那里人多,耶稣已经躲开了。

14后来,耶稣在圣殿里遇见他,对他说:“现在你已经完全好了,别再犯罪了,免得你遭遇更不幸的事。”

15那人便去告诉犹太人医好他的是耶稣。 16因为耶稣在安息日给人治病,犹太人开始迫害祂。 17耶稣对他们说:“我父一直在工作,我也一直在工作。”

18犹太人听了,更想杀祂,因祂不但违犯了安息日的规矩,还称上帝为父,把自己看作与上帝平等。

圣子的权柄

19耶稣说:“我实实在在地告诉你们,子凭自己什么都不能做,唯有看见父做什么,子才做什么。无论父做什么,子也照样做。 20父因为爱子,便把自己的一切作为给祂看,而且还要把比这些更大的作为给祂看,叫你们惊奇。 21父如何使死人复活、赐生命给他们,子也照样想赐生命给谁,就赐给谁。 22父不审判人,祂将审判的事全交给子, 23叫人尊敬子如同尊敬父。不尊敬子的,就是不尊敬差子来的父。

24“我实实在在地告诉你们,谁听从我的话,又信差我来的那位,谁就有永生,不被定罪,已经出死入生了。 25我实实在在地告诉你们,时候快到了,现在就是,死人将听见上帝儿子的声音,听见的将存活。 26因为正如父自己是生命的源头,祂也同样让子作生命的源头, 27又把审判的权柄交给祂,因为祂是人子。 28你们不要因此而惊奇,时候一到,一切在坟墓里的死人都要听见上帝儿子的声音, 29他们都要从坟墓里出来。行善的人复活后得永生,作恶的人复活后被定罪。”

见证耶稣

30耶稣继续说:“我凭自己不能做什么,我按父上帝的旨意审判,我的审判是公平的;因为我不是按自己的旨意行,而是按差我来者的旨意行。

31“如果我为自己做见证,我的见证是无效的。 32然而,有别的人给我做见证,我知道他为我做的见证是真实的。 33你们曾派人到约翰那里,他为真理做过见证。 34其实我并不需要人的见证,我之所以提起这些事是为了使你们得救。 35约翰是一盏点亮的明灯,你们情愿暂时享受他的光。 36但是我有比约翰更大的见证,因为父交待我去完成的工作,就是我现在所做的工作,证明我是父差来的。 37差我来的父曾亲自为我做过见证。你们从未听过祂的声音,从未见过祂, 38心里也没有祂的道,因为你们不信祂所差来的那位。 39你们研读圣经,以为从圣经中可以得到永生。其实为我做见证的正是这圣经, 40但你们却不肯到我这里来得生命。

41“我不接受人所给予的荣耀, 42我知道你们没有爱上帝的心。 43我奉我父的名来,你们不接受我;若有人奉自己的名来,你们却接受他。 44你们喜欢互相恭维,却不追求从独一上帝来的荣耀,怎能信我呢? 45不要以为我会在父面前控告你们,其实控告你们的是你们一直信赖的摩西46你们若信摩西,就应该信我,因为他的书里也提到我。 47如果你们连他写的都不信,又怎能信我的话呢?”