Yohane 19 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 19:1-42

1Pilato ma wɔbɔɔ Yesu mmaa. 2Asraafo no de nsɔe nwenee ahenkyɛw hyɛɛ Yesu; afei, wɔde atade kɔkɔɔ nso hyɛɛ no. 3Wodii ne ho fɛw, bobɔɔ nʼani so kae se, “Yudafo hene, wo nkwa so!”

4Pilato fii adi kɔka kyerɛɛ dɔm no bio se, “Mɛsan de no abrɛ mo ama moahu sɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.” 5Bere a Yesu fii adi bae no, na ɔhyɛ ahenkyɛw a wɔde nsɔe anwen ne atade kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no se, “Onipa no ni!”

6Bere a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no huu Yesu no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!”

Pilato ka kyerɛ wɔn se, “Mo ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asennua mu, efisɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.”

7Yudafo no buae se, “Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ owu, efisɛ ɔkae se ɔyɛ Onyankopɔn Ba.”

8Bere a Pilato tee asɛm a wɔkae no, ɔbɔɔ hu yiye. 9Ɔsan kɔɔ ahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Ɛhe na wufi?” Nanso Yesu ammua no. 10Pilato bisaa no se, “Woremmua me ana? Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ mewɔ tumi sɛ migyaa wo na mewɔ tumi nso sɛ mema wɔbɔ wo asennua mu!”

11Yesu buaa no se, “Sɛ Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a anka wunni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso.”

12Bere a Pilato tee asɛm a Yesu kae no, ɔhwehwɛɛ ɔkwan bi a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafo no teɛteɛɛ mu se, “Sɛ wugyaa no a na wonyɛ Kaesare adamfo! Obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no tia Kaesare!”

13Bere a Pilato tee asɛm a Yudafo no kae no, ɔde Yesu fii adi na ɔbɛtenaa nʼatemmu agua so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Abo Nsɛmee, (a Hebri kasa mu no, ɛyɛ “Gabata”). 14Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu so no, ɛbɛyɛ owigyinae no.

Pilato ka kyerɛɛ Yudafo no se, “Mo hene no ni!”

15Dɔm no nso teɛteɛɛ mu bio se, “Fa no kɔ! Bɔ no asennua mu!”

Pilato bisaa wɔn se, “Mopɛ sɛ mebɔ mo hene no asennua mu ana?”

Asɔfo mpanyin no kae se, “Yɛn hene a yɛwɔ ara ne Kaesare!”

16Afei Pilato de Yesu maa Yudafo no sɛ wɔnkɔbɔ no asennua mu.

Wɔbɔ Yesu Asennua Mu

17Enti wɔde Yesu a nʼasennua da ne kɔn ho no kɔɔ kurow no mfikyiri baabi a wɔfrɛ hɔ “Nitiri So”, a Hebri kasa mu ɛyɛ “Golgota”. 18Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asennua mu. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asennua mu kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so na ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfimfini.

19Pilato kyerɛw se,

Yesu Nasareni, Yudafo Hene

de taree nʼasennua no atifi. 20Esiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asennua mu ne kurow no mu kwan nware, na bio wɔakyerɛw nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no nti, nnipa bebree hu kenkanee. 21Yudafo asɔfo mpanyin no ka kyerɛɛ Pilato se, “Nkyerɛw se, ‘Yudafo hene’ na mmom kyerɛw se, ‘Saa ɔbarima yi na ɔkaa se mene Yudafo hene!’ ”

22Pilato kae se, “Nea makyerɛw no, makyerɛw.”

23Asraafo no bɔɔ Yesu asennua mu wiei no, wɔkyɛɛ ne ntade mu maa asraafo baanan no. Na saa atade no yɛ atade bi a wɔanwen fi ne soro kosi ne fam a enni mpamee.

24Asraafo no nyinaa kae se, “Mommma yɛnntetew mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yenhu onipa a obenya.”

Ade a wɔyɛɛ yi sii, sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se,

“Wɔkyekyɛɛ me ntama mu,

bɔɔ mʼatade so ntonto fae” no bɛba mu.

Nea asraafo no yɛe ne no.

25Nnipa a na wogyina Yesu asennua no ho pɛɛ no ne ne na, ne na nuabea, Maria a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene. 26Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wogyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne na se, “Ɔbea, wo ba ni.” 27Afei ɔka kyerɛɛ osuani no se, “Wo na ni.” Efi saa bere no, osuani no faa no ne no kɔtenae.

Yesu Wu

28Saa bere no Yesu huu sɛ afei de, biribiara aba nʼawie, na sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu no nti, ɔkae se, “Osukɔm de me.” 29Wɔde sapɔw a etua adwerɛ ano bɔɔ nsa a emu keka mu de kaa nʼano. 30Yesu nom wiei no, ɔkae se, “Mawie!” Ɔkaa eyi wiee no, osii ne ti ase na ogyaa ne honhom mu.

31Na da no yɛ ahosiesie da, na Yudafo mpanyimfo no mpɛ sɛ wɔma amu no sensɛn asennua no so kosi nʼadekyee a wobedi Twam Afahyɛ no. Enti wɔkɔka kyerɛɛ Pilato se wɔpɛ sɛ wobubu nnipa no anan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayiyi wɔn amu no afi asennua no so. 32Asraafo no kobubuu ɔbarima a odi kan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asennua mu ho no anan; wowiei no, wokobubuu ɔbarima a ɔto so abien no nso anan19.32 Wokobubuu: wɔyɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a onipa a wɔabɔ no asennua mu no bewu ntɛm.. 33Nanso woduu Yesu so no wohuu sɛ ɔno de, na wawu dedaw enti wɔammu ne nan bi. 34Asraafo no mu baako de ne peaw wɔɔ ne mfe maa mogyasufi fii ne mfe mu bae. 35Onipa a ohuu nea esii no na wadi ho adanse. Nʼadanse no yɛ nokware, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nso mubegye adi. 36Eyinom nyinaa sii sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Wɔremmu ne dompe bi” 37ne “Nnipa bɛhwɛ nea wɔwɔɔ ne mfe mu peaw” no bɛba mu.

Wosie Yesu

38Eyi akyi no, Yosef a ofi Arimatea a esiane Yudafo ho hu nti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kokoa mu no kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no kwan na onkoyi Yesu amu no. Pilato penee nʼadesrɛ no so. Ɛno nti okoyii Yesu amu no. 39Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de kurobow ne aduhuam mfrafrae a emu duru bɛyɛ kilogram aduasa abiɛsa bae. 40Wɔn baanu no de nwera ne aduhuam mfrafrae no kyekyeree Yesu amu no sɛnea Yudafo kwan a wɔfa so sie wɔn amu no te no. 41Na ɔboda foforo bi a wonsiee obi wɔ mu da wɔ turo bi a ɛbɛn baabi a wɔbɔɔ Yesu asennua mu no. 42Esiane sɛ na saa ɔboda no bɛn no nti, wosiee Yesu amu no wɔ hɔ.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約翰福音 19:1-42

1於是彼拉多命人鞭打耶穌。 2士兵用荊棘編成冠冕戴在祂頭上,又拿紫袍給祂穿上, 3來到祂面前說:「猶太人的王萬歲!」然後又用手掌打祂。

4彼拉多又走到外面對眾人說:「我把祂帶到你們面前,好讓你們知道我查不出祂有什麼罪。」 5於是,耶穌戴著荊棘冠冕、穿著紫色長袍出來。彼拉多對眾人說:「你們看這個人!」

6祭司長和差役一見耶穌,就喊道:「把祂釘在十字架上!把祂釘在十字架上!」

彼拉多說:「你們自己把祂帶去釘十字架吧!因為我查不出祂有什麼罪。」

7猶太人回答說:「我們有律法,按照那律法,祂應當被處死,因為祂自稱是上帝的兒子。」

8彼拉多聽了這話,更加害怕, 9連忙將耶穌帶回總督府,問祂:「你到底是從哪裡來的?」但耶穌沒有回答。

10彼拉多說:「你不回答我嗎?難道你不知道我有權釋放你,也有權把你釘在十字架上嗎?」

11耶穌回答說:「除非從上面賜下權柄給你,否則你無權處置我。因此,把我交給你的那人罪更大。」

12從那時起,彼拉多想要釋放耶穌,可是猶太人卻一直喊叫:「如果你釋放這個人,你就不是凱撒的忠臣19·12 忠臣」希臘文是「朋友」。。凡自以為王的,就是背叛凱撒。」

13彼拉多聽了這話,就帶著耶穌來到一個地方,名叫「鋪石地」,那地方希伯來話叫厄巴大彼拉多在那裡開庭審判祂。 14那天正是逾越節的預備日,大約在中午十二時,彼拉多猶太人說:「看啊!你們的王。」

15眾人喊道:「除掉祂!除掉祂!把祂釘在十字架上!」

彼拉多說:「我可以把你們的王釘在十字架上嗎?」

祭司長答道:「除了凱撒,我們沒有別的王!」

16於是,彼拉多將耶穌交給他們去釘十字架,他們就把耶穌帶走了。

釘十字架

17耶穌背著自己的十字架出來,前往髑髏地19·17 可能當地的石灰岩地形看起來像一具骷髏頭,故此得名。,那地方希伯來話叫各各他18他們在那裡把耶穌釘在十字架上。同時還釘了兩個人,一邊一個,耶穌在當中。 19彼拉多寫了一個告示,安在十字架上,上面寫著「猶太人的王,拿撒勒人耶穌」。 20因為耶穌被釘十字架的地方離城不遠,告示上面的字是用希伯來羅馬希臘三種文字寫的,所以很多猶太人讀了上面的字。

21猶太人的祭司長對彼拉多說:「不要寫『猶太人的王』,應該寫『這人自稱是猶太人的王』。」

22彼拉多說:「我寫了就寫了。」

23士兵把耶穌釘在十字架上,又把祂的衣服分成四份,每人一份。剩下的內衣從上到下是一塊布,沒有縫口, 24他們就商量說:「不要撕破它,讓我們抽籤決定給誰吧。」這件事是要應驗聖經上的話:「他們分了我的外衣,又為我的內衣抽籤。」士兵果然這樣做了。

25耶穌的十字架旁邊站著祂母親、祂母親的一個姊妹、革羅罷的妻子瑪麗亞抹大拉瑪麗亞26耶穌看見祂的母親和祂所愛的門徒都站在旁邊,就對母親說:「婦人,看啊,他是你的兒子。」 27然後對門徒說:「看啊,她是你的母親。」從那天起,那個門徒就把她接到自己家裡去了。

耶穌之死

28後來,耶穌知道一切的事已經完成,就說:「我渴了。」這是要應驗聖經上的話。 29那裡有一個器皿盛滿了醋酒。有人用海綿蘸滿了醋酒綁在牛膝草上送到祂的嘴裡, 30耶穌嚐了那醋酒,然後說:「成了!」就垂下頭來,將靈魂交給了上帝。

31因為那天是預備日,第二天的安息日是個大日子,為了避免在安息日有屍首留在十字架上,猶太人便求彼拉多叫人打斷他們的腿,好把他們搬走。 32於是,士兵上前把與耶穌同釘十字架的兩個人的腿都打斷了。 33但是他們來到耶穌那裡時,發現祂已經死了,就沒有打斷祂的腿, 34只是有一個士兵用矛刺了一下祂的肋旁,頓時有血和水流了出來。 35看見這事的人為此做見證,他的見證是真實的,他知道自己所說的是事實,好讓你們可以相信。 36這些事的發生是為了應驗聖經上的話:「祂的骨頭一根也不會折斷」; 37「他們要仰望自己所刺的那位。」

安葬耶穌

38事後,有一個名叫約瑟亞利馬太人請求彼拉多讓他為耶穌收屍。他因為畏懼猶太人,只是暗中做耶穌的門徒。彼拉多批准了,他就把耶穌的遺體領去。 39曾經夜訪耶穌的尼哥德慕也來了,他帶來了沒藥和沉香調成的香料,重約三十四公斤。 40他們按照猶太人殯葬的習俗,用細麻布加上香料把耶穌的遺體裹好。 41在耶穌被釘十字架的地方有一個園子,裡邊有一座新墳墓,從來沒有安葬過人。 42因為那天是猶太人的預備日,這座新墳墓也在附近,他們就把耶穌安放在那裡。