Yohane 16 – AKCB & NIVUK

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 16:1-33

Awerɛhow Ne Anigye Wɔ Yɛn Anim

1“Mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo na moatumi agyina pintinn. 2Wɔbɛpam mo afi wɔn asɔredan mu. Na bere bi bɛba a obiara a obekum mo no besusuw sɛ, sɛ ɔyɛ saa a na ɔresom Onyankopɔn. 3Wɔde saa nneɛma yi bɛyɛ mo, efisɛ wonnim Agya no na me nso wonnim me. 4Nanso mereka eyi akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ bere no du a, mobɛkae nea meka kyerɛɛ mo no. Mfiase no manka eyi ankyerɛ mo, efisɛ na meka mo ho.”

Honhom Kronkron Dwumadi

5“Afei de, merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. Nanso mo mu biara mmisaa me se, ‘Ɛhe na worekɔ?’ 6Nea maka akyerɛ mo yi ama mo werɛ ahow. 7Nanso meka nokware kyerɛ mo; eye ma mo sɛ mɛkɔ, efisɛ sɛ mankɔ a ɔboafo no remma mo nkyɛn, nanso sɛ mekɔ a mɛsoma no aba mo nkyɛn. 8Na sɛ ɔba a, ɔbɛma wiasefo ahu wɔn bɔne ne nea ɛyɛ trenee ne Onyankopɔn atemmu. 9Nea wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokware, efisɛ wonnye me nni. 10Nea wɔka fa trenee ho no nyɛ nokware, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn na morenhu me bio. 11Saa ara na nea wɔka fa atemmu ho no nso nyɛ nokware, efisɛ wɔabu wiase yi temmufo no atɛn dedaw.

12“Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso mprempren de, morentumi nte ase. 13Sɛ nokware Honhom no ba a, ɔbɛma moahu nokware no nyinaa. Ɔrenkasa mma ne ho, na mmom nea ɔte no na ɔbɛka, na ɔbɛka nneɛma a ɛbɛba no ho nsɛm akyerɛ mo. 14Ɔbɛhyɛ me anuonyam, efisɛ obetie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo. 15Biribiara a mʼAgya wɔ no yɛ me dea. Ɛno nti na mekae se Honhom no betie biribiara a meka kyerɛ no na wabɛka akyerɛ mo no.”

Asuafo No Awerɛhow Bɛdan Anigye

16“Aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no ɛrenkyɛ koraa, mubehu me bio.”

17Asuafo no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Eyi ase ne dɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn se, ‘Aka kakraa bi morenhu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa na moasan ahu me.’ Ɔsan kaa bio se, ‘Efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn.’ ” 18Wɔsan bisaa bio se, “Saa asɛm, ‘aka kakra’ yi ase ne dɛn? Yɛnte nea ɔreka yi ase.”

19Yesu huu sɛ wɔpɛ sɛ wobisa no asɛm a ɔkae no ase no nti ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mekae se, ‘aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa mubehu me bio.’ Eyi ne asɛm a monte ase a enti morebisabisa mo ho mo ho yi? 20Mereka nokware akyerɛ mo; mo werɛ bɛhow na moasu, nanso wiasefo ani begye. Mubedi awerɛhow nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye. 21Sɛ ɔbea rebɛwo a, ne werɛ how, efisɛ nʼamanehunu bere adu so, nanso sɛ onya wo a ne werɛ fi ne yaw, efisɛ nʼani gye sɛ wawo onipa aba wiase. 22Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Mprempren yɛ mo awerɛhow bere, nanso mehu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigye no mfi mo nsam. 23Sɛ saa da no du a moremmisa me biribiara. Mereka nokware akyerɛ mo, Agya no de biribiara a mode me din bebisa no bɛma mo. 24Ebesi saa bere yi momfaa me din mmisaa biribiara da. Mummisa na wɔde bɛma mo na mo anigye awie pɛyɛ.

Wiase So Nkonimdi

25“Menam mmebu mu na maka eyinom akyerɛ mo. Nanso bere bi bɛba a merenkasa wɔ mmebu mu bio, na mmom mɛka biribiara a ɛfa Agya no ho no pefee akyerɛ mo. 26Sɛ saa da no du a mode me din bebisa no biribiara a ɛho hia mo. Menka se me na mebisa Agya no ama mo, 27efisɛ Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, efisɛ modɔ me na moagye adi sɛ mifi Onyankopɔn nkyɛn na mebae. 28Mifi Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na afei merefi wiase akɔ Agya no nkyɛn.”

29Nʼasuafo no ka kyerɛɛ no se, “Afei de, wokasa pefee ma yɛte wo ase. 30Yɛahu sɛ wunim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Eyi ama yɛagye adi sɛ wufi Onyankopɔn nkyɛn.”

31Yesu buaa wɔn se. “Afei de, mugye di ana? 32Bere bi rebedu; na mpo adu dedaw a mo nyinaa bɛbɔ ahwete na obiara akɔ nʼankasa fi na aka me nko. Nanso ɛrenka me nko efisɛ Agya no ka me ho.

33“Maka eyinom akyerɛ mo na moanya asomdwoe wɔ me mu. Mubehu amane wɔ wiase. Nanso munnyina pintinn! Madi wiase so nkonim!”

New International Version – UK

John 16:1-33

1‘All this I have told you so that you will not fall away. 2They will put you out of the synagogue; in fact, the time is coming when anyone who kills you will think they are offering a service to God. 3They will do such things because they have not known the Father or me. 4I have told you this, so that when their time comes you will remember that I warned you about them. I did not tell you this from the beginning because I was with you, 5but now I am going to him who sent me. None of you asks me, “Where are you going?” 6Rather, you are filled with grief because I have said these things. 7But very truly I tell you, it is for your good that I am going away. Unless I go away, the Advocate will not come to you; but if I go, I will send him to you. 8When he comes, he will prove the world to be in the wrong about sin and righteousness and judgment: 9about sin, because people do not believe in me; 10about righteousness, because I am going to the Father, where you can see me no longer; 11and about judgment, because the prince of this world now stands condemned.

12‘I have much more to say to you, more than you can now bear. 13But when he, the Spirit of truth, comes, he will guide you into all the truth. He will not speak on his own; he will speak only what he hears, and he will tell you what is yet to come. 14He will glorify me because it is from me that he will receive what he will make known to you. 15All that belongs to the Father is mine. That is why I said the Spirit will receive from me what he will make known to you.’

The disciples’ grief will turn to joy

16Jesus went on to say, ‘In a little while you will see me no more, and then after a little while you will see me.’

17At this, some of his disciples said to one another, ‘What does he mean by saying, “In a little while you will see me no more, and then after a little while you will see me,” and “Because I am going to the Father”?’ 18They kept asking, ‘What does he mean by “a little while”? We don’t understand what he is saying.’

19Jesus saw that they wanted to ask him about this, so he said to them, ‘Are you asking one another what I meant when I said, “In a little while you will see me no more, and then after a little while you will see me”? 20Very truly I tell you, you will weep and mourn while the world rejoices. You will grieve, but your grief will turn to joy. 21A woman giving birth to a child has pain because her time has come; but when her baby is born she forgets the anguish because of her joy that a child is born into the world. 22So with you: now is your time of grief, but I will see you again and you will rejoice, and no-one will take away your joy. 23In that day you will no longer ask me anything. Very truly I tell you, my Father will give you whatever you ask in my name. 24Until now you have not asked for anything in my name. Ask and you will receive, and your joy will be complete.

25‘Though I have been speaking figuratively, a time is coming when I will no longer use this kind of language but will tell you plainly about my Father. 26In that day you will ask in my name. I am not saying that I will ask the Father on your behalf. 27No, the Father himself loves you because you have loved me and have believed that I came from God. 28I came from the Father and entered the world; now I am leaving the world and going back to the Father.’

29Then Jesus’ disciples said, ‘Now you are speaking clearly and without figures of speech. 30Now we can see that you know all things and that you do not even need to have anyone ask you questions. This makes us believe that you came from God.’

31‘Do you now believe?’ Jesus replied. 32‘A time is coming and in fact has come when you will be scattered, each to your own home. You will leave me all alone. Yet I am not alone, for my Father is with me.

33‘I have told you these things, so that in me you may have peace. In this world you will have trouble. But take heart! I have overcome the world.’