Yohane 15 – AKCB & CRO

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 15:1-27

Nokware Bobe No

1“Mene nokware bobe no, na mʼAgya ne okuafo no. 2Dua mman biara a ɛnsow aba no otwa kyene, na dua mman biara a ɛsow no, oyiyi ho na asow aba bebree. 3Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho afi dedaw. 4Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua mman biara ankasa rentumi nsow aba gye sɛ ɛfam ne dutan no ho. Saa ara nso na morentumi nsow aba gye sɛ mote me mu.

5“Mene bobe no; na mo ne dua mman no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛsow aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee. 6Obiara a ɔntena me mu no te sɛ dua mman a wɔatwa atow akyene a so nni mfaso; ɛwo a wɔboaboa ano de gu ogya mu hyew. 7Sɛ mote me mu na me nsɛm nso tena mo mu a, ɛno de, biribiara a mopɛ a mubebisa no wɔde bɛma mo. 8Wɔn a wɔyɛ mʼasuafo nokware mu no sow aba bebree de hyɛ mʼAgya anuonyam.

9“Sɛnea Agya no dɔ me no, saa ara na me nso medɔ mo, Montena me dɔ mu. 10Sɛ mudi mʼahyɛde so a mobɛtena me dɔ mu sɛnea madi mʼAgya ahyɛde so na ɛno nti ɔda so dɔ me no. 11Maka eyinom nyinaa akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya mʼanigye no bi na ama mo anigye awie pɛyɛ. 12Mʼahyɛde ne sɛ monnodɔ mo ho mo ho sɛnea medɔ mo no. 13Ɔdɔ biara nsen sɛ obi bewu ama ne nnamfonom. 14Sɛ mudi nea mehyɛ mo sɛ monyɛ no so a na moyɛ me nnamfonom. 15Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ. Mmom mefrɛ mo nnamfo, efisɛ maka biribiara a mete fii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo. 16Ɛnyɛ mo na mpaw me; me na mepaw mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɛ na monsow aba; aba a ɛbɛtena hɔ daa, Na biribiara a mode me din bebisa no, Agya no de bɛma mo. 17Eyi ne mʼahyɛde: Monnodɔ mo ho mo ho.

Wiase Tan Asuafo No

18“Sɛ wiase tan mo a, monkae sɛ me na ɛtan me kan ansa na ɛretan mo. 19Sɛ mote ase ma wiase a ɛno de wiase bɛdɔ mo sɛ wɔn a wɔyɛ ne dea. Nanso miyii mo fii wiasefo mu; ɛno nti monyɛ wiasefo bio; eyi nti na wiasefo tan mo no. 20Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no: ‘Akoa nsen ne wura.’ Sɛ wɔtan me a, mo nso wɔbɛtan mo; sɛ wotie mʼasɛm a meka no a, mo nso wobetie mo. 21Esiane sɛ moyɛ me dea nti na wɔbɛtaa mo, efisɛ wonnim Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 22Sɛ memmɛkaa asɛm biara nkyerɛɛ wɔn a anka wɔrenni bɔne ho fɔ. Afei de, wonni wɔn bɔne ho anoyi biara. 23Obiara a ɔtan me no tan mʼAgya nso. 24Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da no wɔ wɔn mu a anka wɔrenni bɔne ho fɔ; nanso wɔahu nea meyɛe, nso wɔtan me ne mʼAgya. 25Ɛsɛ sɛ eyi ba mu, sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔakyerɛw wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka se, ‘Wɔtan me kwa’ no bɛba mu.

26“Mɛsoma ɔboafo a ɔyɛ nokware Honhom a ofi Agya no nkyɛn no aba mo nkyɛn na wabedi me ho adanse akyerɛ mo. 27Na mo nso mubedi me ho adanse, efisɛ me ne mo na ɛwɔ hɔ fi mfiase pɛɛ.”

Knijga O Kristu

Ivan 15:1-27

Isus, prava loza

1“Ja sam pravi trs, a moj je Otac vinogradar. 2On siječe svaku mladicu na meni koja ne rađa rodom. Pročišćuje mladice koje donose rod kako bi dale još više roda. 3Vi ste već očišćeni kroz riječ koju sam vam govorio. 4Ostanite u meni i ja ću ostati u vama! Jer mladica ne može donijeti rod sama od sebe, otkinuta od trsa. Tako ni vi ne možete biti plodonosni ako ste odvojeni od mene.

5Ja sam trs, a vi ste mladice. Tko ostane u meni i ja u njemu, donijet će velik rod. Jer bez mene ne možete ništa učiniti. 6Ne ostane li tko u meni, bit će izbačen kao beskorisna mladica i osušiti se. A takve se mladice bacaju u oganj da izgore. 7Ali ostanete li u meni i slušate moje zapovijedi, možete tražiti što god hoćete i dat će vam se. 8Moj će se Otac proslaviti time što ćete donijeti mnogo roda i što ćete biti moji učenici.

9Kao što je Otac volio mene, tako sam i ja volio vas. Ostanite u mojoj ljubavi. 10Vršite li moje zapovijedi, ostajete u mojoj ljubavi, kao što sam ja vršio zapovijedi svojeg Oca i ostajem u njegovoj ljubavi.

11To vam kažem da biste u sebi imali moju radost i da vaša radost bude potpuna. 12Moja je zapovijed da volite jedni druge kao što sam ja volio vas. 13A veće ljubavi nitko ne može iskazati nego da život dade za svoje prijatelje. 14Prijatelji ste mi ako činite što vam zapovijedam. 15Ne zovem vas više slugama jer sluga ne zna gospodarove nakane. Sada ste mi prijatelji jer sam vam kazao sve što mi je Otac rekao. 16Niste vi mene izabrali. Ja sam izabrao vas! Odredio sam vas da idete i da rodite trajnim rodom, tako da vam moj Otac dade sve što god zatražite u moje ime. 17Zapovijedam vam da volite jedni druge!”

Mržnja svijeta

18“Mrzi li vas svijet, znajte da je mene mrzio prije vas. 19Svijet bi vas volio kad biste pripadali njemu, ali ne pripadate mu jer sam vas ja izabrao iz svijeta. Zato vas svijet mrzi. 20Sjećate li se što sam vam rekao, da nije sluga veći od svojega gospodara? Pa ako su mene progonili, naravno da će i vas progoniti. Ako su slušali mene, slušat će i vas! 21Svijet će vas progoniti zbog mojega imena jer ne poznaju Oca koji me je poslao. 22Da nisam došao i govorio im, oni ne bi bili krivi, ali ovako nemaju isprike za svoj grijeh. 23Tko mene mrzi, mrzi i mojeg Oca. 24Da nisam među njima činio djela koja nitko drugi nije učinio, ne bi bili krivi. A oni su sve to vidjeli, a ipak su zamrzili i mene i mojeg Oca. 25Time se ispunilo napisano u njihovu Zakonu: ‘Mrzili su me bez razloga.’15:25 Psalam 35:19; Psalam 69:5.

26Ali poslat ću vam Savjetnika15:26 Ili: Utješitelja, Pomagača, Hrabritelja, Zastupnika., Duha Istine, koji dolazi od Oca i svjedočit će o meni. 27I vi ćete govoriti o meni jer ste bili sa mnom od početka.