Yohane 14 – AKCB & HHH

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 14:1-31

Yesu Ne Ɔkwan No

1Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mommma mo koma ntu. Munnye Onyankopɔn nni na munnye me nso nni. 2Tenabea bebree wɔ mʼAgya fi, ɛno nti merekɔ akosiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokware a anka merenka nkyerɛ mo. 3Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi ma mo a, mɛsan aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena. 4Munim faako a merekɔ no ne ɔkwan ko a mobɛfa so aba hɔ bi.”

5Toma bisaa no se, “Awurade yennim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahu ɔkwan aba hɔ bi?”

6Yesu buae se, “Mene ɔkwan ne nokware ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so.” 7Yesu kaa bio se, “Afei a moahu onipa ko a meyɛ yi, saa ara nso na mubehu mʼAgya no, na efi saa bere yi munim no, efisɛ moahu no!”

8Filipo bisaa no se, “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, efisɛ nea yɛrehwehwɛ ara ne no.”

9Yesu buaa no se, “Filipo, enti me ne mo nantewee dedaada yi, wunnim onipa ko a meyɛ? Obiara a onim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn nti na woka se, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no? 10Filipo wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu ana? Yesu san ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, nsɛm a maka akyerɛ mo no mfi mʼankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so yɛ nʼadwuma. 11Munnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ munnnye nsɛm a maka no nni a, nnwuma a mayɛ no nti, munnye nni. 12Mereka nokware akyerɛ mo, obiara a ogye me di no bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛse, efisɛ merekɔ mʼAgya no nkyɛn. 13Na biribiara a mubebisa wɔ me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛnea ɛbɛyɛ a Agya no anuonyam nam ne Ba no so bɛda adi. 14Biribiara a mode me din bebisa no, mɛyɛ ama mo.”

Honhom Kronkron Ho Bɔhyɛ

15“Sɛ modɔ me a munni mʼahyɛde so. 16Mebisa Agya no na wama mo ɔboafo foforo a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokware nyinaa adi no na ɔne mo atena daa. 17Wiase rentumi nnye no, efisɛ wonhu no, na wonnim no. Nanso mo de, munim no, efisɛ ɔne mo na ɛte. 18Merennyaw mo sɛ ayisaa; mɛsan aba mo nkyɛn bio. 19Ɛrenkyɛ biara nnipa renhu me bio, nanso mo de, mubehu me; na esiane sɛ mete ase no nti mo nso mobɛtena ase. 20Na da a mɛsɔre afi awufo mu no du a, mubehu sɛ mewɔ mʼAgya no mu na mo nso mowɔ me mu, sɛnea me nso mewɔ mo mu no. 21Obiara a odi mʼahyɛde so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no.”

22Yuda a ɛnyɛ Iskariot no, kae se, “Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?”

23Yesu buaa no se, “Obiara a ɔdɔ me no bedi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena. 24Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm, na mmom efi mʼAgya a ɔsomaa me no nkyɛn.

25“Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo. 26Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafo a Agya no bɛsoma no wɔ me din mu no bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no. 27Asomdwoe na mede regyaw mo; mʼasomdwoe na mede regyaw mo. Ɛnyɛ wiase asomdwoe na mede regyaw mo. Mommma mo koma ntu; na munnsuro nso.

28“Motee sɛ mekae se, ‘Merekɔ nanso mɛsan aba mo nkyɛn bio’ no. Sɛ modɔ me ampa ara a, anka mo ani begye, efisɛ afei de, metumi akɔ Agya a ɔwɔ tumi sen me no nkyɛn. 29Maka eyinom akyerɛ mo sɛnea ɛba mu a mubegye me adi. 30Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, efisɛ ɔbonsam no reba, nanso onni me so tumi. 31Na ɛsɛ sɛ nnipa hu sɛ medɔ Agya no, ɛno nti na asɛm biara a ɔbɛka no meyɛ no.

“Afei mommra mma yɛnkɔ.”

Habrit Hakhadasha/Haderekh

הבשורה על-פי יוחנן 14:1-31

1”אל תתנו מקום לדאגה בלבבכם; האמינו באלוהים והאמינו בי. 2בבית אבי מעונות רבים, ואני הולך להכין לכם מקום. לולא היה הדבר נכון, לא הייתי מספר לכם זאת. 3לאחר שהכול יהיה מוכן אחזור ואקח אתכם אלי, כדי שתהיו תמיד במקום שבו אני נמצא. 4אתם יודעים לאן אני הולך וכיצד להגיע לשם.“

5”לא, איננו יודעים לאן אתה הולך“, קרא תומא. ”כיצד אתה מצפה שנדע את הדרך?“

6אולם ישוע ענה: ”אני עצמי הדרך, האמת והחיים. איש אינו יכול לבוא אל האב אלא באמצעותי. 7אילו ידעתם מי אני, הייתם יודעים גם מיהו אבי. מעתה ואילך אתם מכירים אותו וגם ראיתם אותו.“

8”אדוני, הראה לנו את האב ונסתפק בכך“, ביקש פיליפוס. 9אולם ישוע השיב: ”פיליפוס, לאחר שהייתי אתכם במשך כל הזמן הזה, עדיין אינך יודע מי אני? מי שראה אותי ראה את אבי, אם כן מדוע מבקש אתה לראותו? 10האם אינך מאמין שאני חי באבי, ושאבי חי בי? אין אלה המילים שלי, כי אם של אבי השוכן בקרבי והפועל דרכי.

11”האמינו לי שאני חי באבי ואבי חי בי; האמינו לי לפחות בזכות הנסים והנפלאות שחוללתי. 12אני אומר לכם בכנות וברצינות: כל מי שמאמין בי יוכל לעשות את כל מה שאני עושה, ואף הרבה יותר מזה, כי אני הולך אל אבי. 13אעשה למענכם כל מה שתבקשו בשמי, כדי שהאב יכובד בבנו. 14אכן, אעשה את כל מה שתבקשו בשמי.

15”אם אתם אוהבים אותי, שמעו בקולי; 16ואני אבקש מאבי שיתן לכם יועץ אחר שלא יעזוב אתכם לעולם – 17את רוח הקודש והאמת. רוב האנשים בעולם אינם יכולים לקבל את רוח הקודש, מפני שאינם מכירים אותו ואינם מעונינים בו כלל. אולם אתם מכירים אותו, כי עתה הוא נמצא אתכם ובקרוב אף ישכון בקרבכם. 18לא אעזוב אתכם כיתומים; אני אחזור אליכם. 19בעוד זמן קצר העולם כבר לא יראה אותי, אך אתם תראו אותי, כי אני חי וגם אתם תחיו. 20ביום ההוא תדעו שאני שוכן באבי, אתם שוכנים בי ואני בכם. 21כל השומע בקולי אוהב אותי; על כן אבי ואני נאהב אותו, ואני אתוודע אליו.“

22יהודה תלמידו (לא איש־קריות) פנה אליו: ”אדוני, מדוע רוצה אתה להתוודע אלינו בלבד, אל תלמידיך, ולא אל העולם כולו?“

23”מפני שאגלה את עצמי רק למי שאוהב אותי ושומע בקולי“, השיב ישוע. ”גם אבי יאהב את מי שאוהב אותי, ואנחנו נשכון בתוכו. 24מי שאינו שומע בקולי אינו אוהב אותי. זכרו, אין אלה דברי, כי אם דברי אבי אשר שלחני. 25אני אומר לכם דברים אלה כל עוד אני נמצא אתכם. 26כאשר אבי ישלח בשמי את המנחם, את רוח הקודש, הוא ילמד אתכם דברים רבים ויזכיר לכם כל מה שאמרתי.

27”אני משאיר לכם שלווה ושלום. לא לפי מושגי העולם, אלא שלומי שלי. לכן אל תפחדו ואל תדאגו. 28זכרו את מה שאמרתי לכם: אני הולך עכשיו, אולם אשוב אליכם. אם אתם באמת אוהבים אותי, תשמחו לשמוע שאני חוזר אל אבי, כי הוא גדול ממני. 29אני מספר לכם את כל הדברים האלה לפני התרחשותם, כדי שתאמינו בי כאשר הם יתרחשו.

30‏-31”לא נותר לי זמן רב לדבר אליכם, כי שר הרשע של העולם הזה מתקרב. הוא אינו יכול לגבור עלי, אך על העולם לדעת שאני אוהב את אבי; משום כך אני עושה כל מה שאבי מצווה עלי. הבה נלך מכאן.“