Yohane 13 – AKCB & HHH

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 13:1-38

Yesu Hohoro Nʼasuafo Anan Ase

1Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu no, Yesu huu sɛ afei bere aso sɛ ofi wiase kɔ nʼAgya nkyɛn. Yesu yɛ obi a na ɔdɔ nʼakyidifo, na ɔdɔɔ wɔn kosii sɛ owui.

2Bere a na Yesu ne nʼasuafo te adidii no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu sɛ onyi Yesu mma. 3Yesu nim sɛ nʼAgya de tumi nyinaa ahyɛ ne nsa, na ofi Onyankopɔn nkyɛn na ɔbae, na ɔresan akɔ ne nkyɛn. 4Yesu sɔre fii didipon no ho, yii nʼatade nguguso guu hɔ, de mpepaho twaa nʼasen. 5Ohwiee nsu guu guasɛn bi mu na ofii ase hohoroo asuafo no anan ase de mpepaho no pepae.

6Bere a Yesu duu Simon Petro so no, Petro bisaa no se. “Awurade, worebɛhohoro me nan ase ana?”

7Yesu buaa no se, “Nea mereyɛ yi, worente ase mprempren, nanso akyiri no wobɛte ase.”

8Petro ampene asɛm a ɔkae no so kae se, “Ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wohohoro mʼanan ase.”

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ manhohoro wʼanan ase a na wonka me ho.”

9Simon Petro kae se, “Awurade, ɛno de na ɛnyɛ mʼanan ase nko, na mmom me nsa ho ne me tirim nso ka ho.”

10Yesu ka kyerɛɛ no se, “Obiara a waguare no aguaree ho nhia no bio gye nʼanan ase nko na ɛsɛ sɛ ɔhohoro, ne nipadua no de, efi biara nni ho. Mo nyinaa ho afi, gye mo mu baako pɛ.” 11Na Yesu nim onipa ko a ɔrebeyi no ama no, ɛno nti na ɔkae se ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ho afi no.

12Yesu hohoroo wɔn anan ase wiei no, ɔfaa nʼatade nguguso no hyɛe, san kɔtenaa didipon no ho. Afei obisaa nʼasuafo no se, “Mote nea mayɛ yi ase ana? 13Mofrɛ me ‘Kyerɛkyerɛfo’ ne ‘Awurade’ a mudi me frɛ; efisɛ ɛno ne nea meyɛ. 14Sɛ me a meyɛ mo Awurade ne Kyerɛkyerɛfo no mpo ahohoro mʼanan ase a ɛno de, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro hohoro mo ho mo ho anan ase. 15Mayɛ eyi de ayɛ nhwɛso ama mo sɛnea mo nso mobɛyɛ saa ara. 16Mereka nokware akyerɛ mo se, akoa nsen ne wura; saa ara na ɔsomafo nso nsen nea ɔsomaa no no. 17Afei a moate nea meyɛe no ase yi, sɛ moyɛ saa bi a mubenya nhyira.

18“Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka saa asɛm yi akyerɛ mo, minim wɔn a mayi wɔn. Nanso ɛsɛ sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, ‘Onipa a ɔne me to nsa didi no beyi me ama’ no ba mu.

19“Mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo ansa na aba mu sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi. 20Mereka nokware akyerɛ mo se, obiara a obegye nea masoma no no gye me nso, na obiara a ogye me nso no gye nea ɔsomaa me no.”

Yesu Hyɛ Nea Obeyi No Ama Ho Nkɔm

21Yesu kaa eyinom nyinaa wiei no, ne ho yeraw no ma ɔpaee mu kae se, “Mereka nokware akyerɛ mo, mo mu baako beyi me ama!”

22Asuafo no de ahodwiriw hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim pɛɛ sɛ wohu nea ɔde no no. 23Na asuafo no mu baako a Yesu pɛ nʼasɛm no te ne nkyɛn pɛɛ. 24Simon Petro buu nʼani se, “Bisa no na ɔnkyerɛ wo onipa ko a ɔreka ne ho asɛm no.”

25Ɛno nti saa osuani no twiw bɛn Yesu bisaa no se, “Awurade, ɛyɛ hena?”

26Yesu buae se, “Nea mede brodo bɛbɔ mu ama no no, ɔno na obeyi me ama.” Na ɔde brodo bɔɔ mu maa Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no. 27Bere a Yuda gyee brodo no pɛ, na ɔbonsam bɛhyɛɛ ne mu.

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nea wopɛ sɛ woyɛ no, yɛ no ntɛm!” 28Wɔn a na wɔte adidii no mu biara ante asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no ase. 29Esiane sɛ Yuda na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na wosusuw sɛ Yesu reka akyerɛ no se ɔnkɔtɔ biribi a ɛho hia ma afahyɛ no anaasɛ ɔnkɔma ahiafo biribi. 30Yuda gyee brodo no pɛ na ofii adi; saa bere no na ɛyɛ anadwo.

Ahyɛde Foforo

31Yuda fii adi kɔe akyi no, Yesu kae se, “Afei na Onipa Ba no anuonyam ada adi; na Onyankopɔn nam Ɔba no so ada nʼanuonyam adi. 32Na sɛ ɛnam Ɔba no so na Onyankopɔn anuonyam da adi a, Onyankopɔn nso nam ne tumi so bɛda Onipa Ba no anuonyam adi. Ɔbɛyɛ eyi ntɛm so.

33“Me mma, ɛrenkyɛ biara na megyaw mo hɔ. Sɛnea meka kyerɛɛ Yudafo mpanyin no, mobɛhwehwɛ me nanso morentumi mma faako a merekɔ hɔ no.

34“Ahyɛde foforo na mede regyaw mo sɛ, ‘Monnodɔ mo ho mo ho sɛnea medɔ mo no. 35Na sɛ mododɔ mo ho mo ho a obiara behu sɛ moyɛ mʼasuafo.’ ”

Yesu Hyɛ Petro Ho Nkɔm

36Simon Petro bisaa Yesu se “Awurade, ɛhe na worekɔ?” Yesu buaa no se, “Faako a merekɔ no de, worentumi nni mʼakyi; daakye bi wobɛba abɛka me ho.”

37Petro bisaa no se, “Awurade, adɛn nti na merentumi nni wʼakyi saa bere yi? Ɛyɛ owu mpo a, mewu ama wo.”

38Yesu bisaa no se, “Woasiesie wo ho ampa ara sɛ wubewu ama me ana? Mereka nokware akyerɛ wo se, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa.”

Habrit Hakhadasha/Haderekh

הבשורה על-פי יוחנן 13:1-38

1לפני חג הפסח, ישוע ידע שהגיעה שעתו לעזוב את העולם ולשוב אל אביו. ישוע תמיד אהב מאוד את בחיריו בעולם הזה, ועתה עמד להוכיח להם כי אין גבול לאהבתו. 2לעט סעודת הערב השטן כבר המריץ את יהודה איש־קריות להסגיר את ישוע. 3ישוע ידע כי אביו נתן בידו את הכול, וכי הוא בא מאלוהים וישוב אל אלוהים. 4לכן הוא קם מהשולחן בארוחת הערב, הסיר את בגדיו וקשר למותניו מגבת. 5אחר כך לקח קערה, מילא אותה מים, החל לרחוץ את רגלי תלמידיו וניגב אותן במגבת הקשורה למתניו. 6כאשר הגיע תורו של שמעון פטרוס הוא קרא: ”אדוני, איך ייתכן שאתה תרחץ את רגלי?“

7”כעת אינך מבין מדוע אני עושה זאת, אולם יבוא יום שתבין זאת“, השיב ישוע.

8”לא,“ מחה פטרוס, ”לעולם לא תרחץ את רגלי!“

”אם לא ארחץ אותך, לא יהיה לך חלק בי“, השיב ישוע.

9”אם כך,“ קרא פטרוס, ”רחץ לא רק את רגלי, אלא גם את ידי וראשי.“

10”מי שרחץ כבר את כל גופו צריך לרחוץ את רגליו בלבד כדי להיות נקי וטהור. עתה אתם נקיים, אבל לא כולכם.“ 11ישוע אמר דברים אלה מפני שידע מי עמד להסגירו.

12כשסיים ישוע לרחוץ את רגליהם לבש את בגדיו, התיישב ושאל: ”האם אתם מבינים מה עשיתי לכם? 13אתם קוראים לי ’מורה‘ ו’אדון‘, ואכן נוהגים אתם בצדק, כי זוהי האמת. 14לכן אם אני, האדון והמורה, רחצתי את רגליכם, גם אתם צריכים לרחוץ איש את רגלי רעהו. 15נתתי לכם דוגמה כדי שתנהגו כמוני. 16האמינו לי, העבד אינו חשוב מאדוניו, והשליח אינו חשוב משולחו. 17כאשר תבינו את משמעות הדברים האלה ותנהגו לפיהם, יהיה לכם טוב ותתברכו.

18”איני מתכוון לכולכם, כי אני יודע במי בחרתי. הכתובים מנבאים שאחד מאוכלי לחמי יבגוד בי. 19אני מספר לכם זאת עכשיו כדי שתאמינו לי כשכל זה יתרחש.

20”אמן אומר אני לכם: כל המקבל את מי שאני שולח מקבל למעשה אותי, וכל המקבל אותי מקבל למעשה את שולחי.“

21בסיימו דברים אלה נאנח ישוע אנחה עמוקה ואמר: ”אכן, זוהי האמת – אחד מכם יבגוד בי.“ 22התלמידים הביטו איש ברעהו בתמיהה ובמבוכה, משום שלא ידעו למי התכוון. 23תלמידו החביב של ישוע היה סמוך לחיקו, 24ולכן רמז לו שמעון פטרוס לשאל אותו למי כוונתו.

25התלמיד הטה את ראשו וקרבו לראשו של ישוע. ”אדוני, למי כוונתך?“ שאל בלחישה.

26”למי שאגיש את פרוסתי הטבולה ברוטב“, השיב ישוע.

הוא טבל את הפרוסה והגישה ליהודה בן שמעון איש־קריות. 27כאשר סיים יהודה לאכול את הלחם נכנס השטן ללבו. ”סיים את העניין במהירות“, אמר לו ישוע.

28איש מהנוכחים לא ידע למה ישוע התכוון. 29היו שחשבו כי ישוע ביקש ממנו לקנות את צרכי החג או לתת כסף לעניים, מפני שיהודה היה הגזבר. 30יהודה עזב מיד את המקום ויצא. היה אז לילה.

31לאחר שעזב יהודה את החדר אמר ישוע: ”הגיעה שעתי; עתה יתפאר בן־האדם, ואלוהים יפואר בו. 32אם אלוהים יפואר בי, הוא בעצמו יפאר אותי ואף יעשה זאת במהרה. 33ילדי היקרים, עוד מעט עלי ללכת מאתכם. לאחר שאלך לא תוכלו לבוא אלי גם אם תחפשו אותי, כפי שכבר אמרתי למנהיגי היהודים.

34”אני מפקיד בידיכם מצווה חדשה: אהבו איש את רעהו כשם שאני אוהב אתכם. 35אהבתכם החזקה איש לרעהו תוכיח לעולם שאתם תלמידי.“

36”לאן אתה הולך, אדון?“ שאל שמעון פטרוס.

”אינך יכול לבוא איתי עכשיו, אולם עוד זמן מה תצטרף אלי גם אתה“, השיב ישוע.

37”אבל מדוע איני יכול ללכת איתך כעת?“ פטרוס לא הבין. ”אני מוכן אפילו למות למענך!“

38”למות למעני?“ שאל ישוע. ”אני אומר לך שעד מחר בבוקר לפני קריאת התרנגול, תכחיש שלוש פעמים אפילו את העובדה שאתה מכיר אותי!“