Yohane 12 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 12:1-50

Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania

1Aka nnansia na Twam Afahyɛ no adu no, Yesu kɔɔ Betania, kurow a na Lasaro a Yesu nyan no fii awufo mu no te mu no mu. 2Wɔtoo Yesu pon. Marta na ɔsomee wɔ saa aponto yi ase. Lasaro tenaa Yesu nkyɛn pɛɛ wɔ ɔpon no ho. 3Wɔredidi no, Maria faa ngohuam bi a ne bo yɛ den behwie guu Yesu nan ase de ne tinwi pepae. Ngo no hua gyee fie hɔ nyinaa.

4Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo no mu baako a akyiri no obeyi Yesu ama no ani annye nea ɔbea yi yɛe no ho, 5enti ɔkae se, “Adɛn nti na woantɔn saa ngohuam yi na yɛamfa sika no amma ahiafo?” 6Ɛnyɛ sɛ na odwen ahiafo ho nti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfo, na esiane sɛ na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na owiawia bi.

7Yesu kae se, “Munnyaa ɔbea yi haw! Nea ɔbea yi ayɛ yi, ɔde asiesie me ama me wu. 8Mo ne ahiafo na ɛwɔ hɔ bere biara, na me de, me ne mo rentena hɔ daa.”

9Bere a Yudafo no tee sɛ Yesu wɔ Betania no, wɔn mu pii kɔɔ hɔ. Ɛnyɛ Yesu nko nti na wɔkɔɔ hɔ, na mmom, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ Lasaro a Yesu nyan no fii awufo mu no nso. 10Afei, asɔfo mpanyin no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Lasaro nso, 11efisɛ esiane Lasaro wusɔre no nti, na nnipa bebree retwe wɔn ho afi Yudafo mpanyin no ho abedi Yesu akyi.

Yesu Hyɛn Yerusalem Sɛ Ɔhene

12Ade kyee no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, 13wobubuu berɛw de kohyiaa no kwan de ahurusi teɛteɛɛ mu se,

“Hosiana!”

“Nhyira nka nea ɔreba wɔ Awurade din mu no!”

“Nhyira nka Israelhene!”

14Yesu rekɔ no, na ɔte afurum ba bi so sɛnea Kyerɛwsɛm hyɛɛ ho nkɔm se,

15“Nsuro, Ɔbabea Sion!

Hwɛ sɛ wo hene te afurum ba so

reba wo nkyɛn.”

16Mfiase no, asuafo no ante eyinom nyinaa ase kosii sɛ wɔhyɛɛ Yesu anuonyam no ansa na wɔrekae se, Kyerɛwsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa ne ho dedaw, na ɛno ara ne nea wɔayɛ no.

17Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wohuu sɛ Yesu nyan Lasaro fii awufo mu no kaa asɛm a esii no kyerɛɛ afoforo. 18Eyi nti na nnipa bebree kɔɔ se wɔrekohyia Yesu kwan no, efisɛ na wɔate sɛ wayɛ anwonwade. 19Farisifo no huu nea ɛrekɔ so no, wɔkae se, “Anyɛ yiye! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!”

Yesu Hyɛ Ne Wu Ho Nkɔm

20Afahyɛbere no mu no, Helafo bi nso kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔsom. 21Wɔkɔɔ Filipo a ofi Betsaida no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu.” 22Filipo kɔbɔɔ Andrea amanneɛ ma wɔn baanu kɔka kyerɛɛ Yesu.

23Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Bere no aso sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no anuonyam. 24Mereka nokware akyerɛ mo se, sɛ wɔamfa burofua anhyɛ fam amma amporɔw na amfifi a, ɛda so yɛ burofua no ara, nanso sɛ ɛporɔw na efifi a, ɛsow aba pii. 25Obiara a ɔdɔ ne kra no bɛhwere ne nkwa, na nea ɔnnɔ ne kra no benya nkwa a enni awiei. 26Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom me no, ɛsɛ sɛ odi mʼakyi, na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ sɛ mʼasomfo nso wɔ hɔ bi.”

27Yesu kae se, “Afei de, me kra ho yeraw no na asɛm bɛn na menka? Menka se, ‘Agya, gye me fi saa amanehunu yi mu ana?’ Nanso, eyi nti na wosomaa me baa wiase sɛ mimmehu amane. 28Agya, hyɛ wo din anuonyam!”

Ɔkasa wiee no, nne bi fi ɔsoro kae se, “Mahyɛ no anuonyam dedaw na mɛsan mahyɛ no bio.” 29Nnipakuw a na wɔwɔ hɔ no tee nne no, wɔkae se aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kae se, ɔsoro ɔbɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no.

30Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nti na saa nne yi kasae na ɛnyɛ me nti. 31Afei, bere adu sɛ wobu wiase atɛn na wotu ɔbonsam a odi wiase so no gu. 32Sɛ wonya ma me so fi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.” 33Ɔkaa eyi de kyerɛɛ owu ko a obewu no.

34Nnipa no kae se, “Kyerɛwsɛm no di adanse sɛ, Agyenkwa no renwu da. Adɛn nti na woka kyerɛ yɛn se, ‘Ɛsɛ sɛ wɔma Onipa Ba no so’. Hena ne saa Onipa Ba no?”

35Yesu buaa wɔn se, “Me hann no bɛhyerɛn ama mo mmere tiaa bi mu. Ɛno nti, monnantew mu bere a mowɔ saa hann no mu yi nkɔ baabiara a mopɛ sɛ mokɔ, ansa na sum aduru; anyɛ saa a morenhu kwan. 36Bere a mowɔ hann mu yi, munnye hann no nni na moayɛ hann no mma.” Yesu kaa nsɛm yi wiee no, ofii hɔ de ne ho kohintawee.

Yudafo Gu So Gye Akyinnye

37Ɛwɔ mu sɛ na Yesu ayɛ anwonwade ahorow ama Yudafo no ahu de, nanso na wonnye no nni ara. 38Eyi ne Odiyifo Yesaia asɛm a ɔkae se,

“Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi?

Na hena nso na Awurade wʼanwonwadwuma no ada adi akyerɛ no?”

39Yudafo no annye anni efisɛ, na Odiyifo Yesaia asan aka se,

40“Onyankopɔn afura wɔn ani,

na wapirim wɔn koma,

sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentumi nnan

mma me nkyɛn na masa wɔn yare.”

41Yesaia kaa eyi faa Yesu anuonyam a daakye obenya a Onyankopɔn yi kyerɛɛ no no ho.

42Mpo, na Yudafo mpanyimfo no mu pii gye Yesu di, nanso na wosuro sɛ, sɛ Farisifo no hu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio. 43Na wɔpɛ sɛ nnipa bɛkamfo wɔn sen sɛ Onyankopɔn bɛhyɛ wɔn anuonyam.

44Yesu teɛɛ mu se, “Obiara a ogye me di no, ɛnyɛ me nko na ogye me di, na ogye nea ɔsomaa me no nso di. 45Na nea ohu me no hu nea ɔsomaa me no nso. 46Maba wiase sɛ hann, na obiara a ogye me di no ankɔ so antena sum mu.

47“Obiara a ɔte mʼasɛm na onni so no, meremmu no atɛn. Efisɛ mamma sɛ merebebu nnipa atɛn, na mmom, mebae sɛ merebegye wɔn nkwa. 48Obiara a ɔpo me na onnye mʼasɛm nni no, otemmufo bi wɔ hɔ a obebu no atɛn. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no na atemmuda no ebebu mo atɛn. 49Nsɛm a maka no nyinaa, ɛnyɛ mʼankasa mʼadwene na mede ka kyerɛɛ mo, na mmom ɛyɛ nea Agya no ka kyerɛɛ me se menka nkyerɛ mo no. 50Minim sɛ asɛm biara a Agya no ahyɛ me sɛ menka no de nnipa kɔ nkwa a enni awiei mu; enti asɛm a ɔbɛka akyerɛ me sɛ menka biara no, ɛno na meka!”

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 12:1-50

Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania

1Aka nna nsia na Twam Afahyɛ no aduru no, Yesu kɔɔ Betania, kuro a na Lasaro a Yesu nyanee no firi awufoɔ mu no te mu no mu. 2Wɔtoo Yesu ɛpono. Marta na ɔsomee wɔ saa apontoɔ yi ase. Lasaro tenaa Yesu nkyɛn pɛɛ wɔ ɛpono no ho. 3Wɔredidi no, Maria faa ngohwam bi a ne boɔ yɛ den bɛhwie guu Yesu nan ase de ne tirinwi pepaeɛ. Ngo no hwa gyee efie hɔ nyinaa.

4Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako a akyire no ɔbɛyi Yesu ama no ani annye deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no ho, 5enti ɔkaa sɛ, “Adɛn enti na wantɔn saa ngohwam yi na yɛamfa sika no amma ahiafoɔ?” 6Ɛnyɛ sɛ na ɔdwene ahiafoɔ ho enti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfoɔ na ɛsiane sɛ na ɔhwɛ asuafoɔ no sika so enti, na ɔwiawia bi.

7Yesu kaa sɛ, “Monnyaa ɔbaa yi haw! Deɛ ɔbaa yi ayɛ yi, ɔde resiesie me ama me wuo. 8Mo ne ahiafoɔ na ɛwɔ hɔ ɛberɛ biara, na me deɛ, me ne mo rentena hɔ daa.”

9Ɛberɛ a Yudafoɔ no tee sɛ Yesu wɔ Betania no, wɔn mu pii kɔɔ hɔ. Ɛnyɛ Yesu nko enti na wɔkɔɔ hɔ, na mmom, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ Lasaro a Yesu nyanee no firii awufoɔ mu no nso. 10Afei, asɔfoɔ mpanin no bɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum Lasaro nso, 11ɛfiri sɛ, ɛsiane Lasaro wusɔreɛ no enti, na nnipa bebree retwe wɔn ho afiri Yudafoɔ mpanin no ho abɛdi Yesu akyi.

Yesu Kɔ Yerusalem

12Adeɛ kyeeɛ no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, 13wɔbubuu ɛberɛ de kɔhyiaa no ɛkwan de ahurisie teateaam sɛ,

“Hosiana!”

“Nhyira nka deɛ ɔreba wɔ Awurade din mu no!”

“Nhyira nka Israelhene!”

14Yesu rekɔ no, na ɔte afunumu ba bi so sɛdeɛ Atwerɛsɛm hyɛɛ ho nkɔm sɛ,

15“Nsuro, Ɔbabaa Sion!

Hwɛ sɛ wo ɔhene te afunumu ba so

reba wo nkyɛn.”

16Ahyɛaseɛ no, asuafoɔ no ante yeinom nyinaa ase kɔsii sɛ wɔhyɛɛ Yesu animuonyam no ansa na wɔrekae sɛ, Atwerɛsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa ne ho dada, na ɛno ara ne deɛ wɔayɛ no.

17Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wɔhunu sɛ Yesu nyanee Lasaro firii awufoɔ mu no kaa asɛm a ɛsii no kyerɛɛ afoforɔ. 18Yei enti na nnipa bebree kɔeɛ sɛ wɔrekɔhyia Yesu ɛkwan no, ɛfiri sɛ, na wɔate sɛ wayɛ anwanwadeɛ. 19Farisifoɔ no hunuu deɛ ɛrekɔ so no, wɔkaa sɛ, “Anyɛ yie! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!”

Yesu Hyɛ Ne Owuo Ho Nkɔm

20Afahyɛberɛ no mu no, Helafoɔ bi nso kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔsom. 21Wɔkɔɔ Filipo a ɔfiri Betsaida no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, yɛpɛ sɛ yɛhunu Yesu.” 22Filipo kɔbɔɔ Andrea amaneɛ maa wɔn baanu kɔka kyerɛɛ Yesu.

23Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛberɛ no aso sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam. 24Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, sɛ wɔamfa burofua anhyɛ fam amma amporɔ na amfifiri a, ɛda so yɛ burofua no ara, nanso sɛ ɛporɔ na ɛfifiri a, ɛso aba pii. 25Obiara a ɔdɔ ne kra no bɛhwere ne nkwa, na deɛ ɔnnɔ ne kra no ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. 26Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom me no, ɛsɛ sɛ ɔdi mʼakyi, na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ sɛ mʼasomfoɔ nso wɔ hɔ bi.”

27Yesu kaa sɛ, “Afei deɛ, me kra ho yera no na asɛm bɛn na menka? Menka sɛ, ‘Agya, gye me firi saa amanehunu yi mu anaa?’ Nanso, yei enti na wosomaa me baa ewiase sɛ memmɛhunu amane. 28Agya, hyɛ wo din animuonyam!”

Ɔkasa wieeɛ no, nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Mahyɛ no animuonyam dada na mɛsane mahyɛ no bio.” 29Nnipakuo a na wɔwɔ hɔ no tee nne no, wɔkaa sɛ aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kaa sɛ, ɔsoro ɔbɔfoɔ na ɔkasa kyerɛɛ no.

30Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo enti na saa nne yi kasaeɛ na ɛnyɛ me enti. 31Afei, ɛberɛ aduru sɛ wɔbu ewiase atɛn na wɔtu ɔbonsam a ɔdi ewiase so no gu. 32Sɛ wɔnya ma me so firi asase mu a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.” 33Ɔkaa yei de kyerɛɛ owuo ko a ɔbɛwu no.

34Nnipa no kaa sɛ, “Atwerɛsɛm no di adanseɛ sɛ, Agyenkwa no renwu da. Adɛn enti na wɔka kyerɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma Onipa Ba no so? Hwan ne saa Onipa Ba no?”

35Yesu buaa wɔn sɛ, “Me hann no bɛhyerɛn ama mo mmerɛ tiawa bi mu. Ɛno enti, monnante mu ɛberɛ a mowɔ saa hann no mu yi nkɔ baabiara a mopɛ sɛ mokɔ, ansa na esum aduru; anyɛ saa a morenhunu kwan. 36Ɛberɛ a mowɔ hann mu yi, monnye hann no nni na moayɛ hann no mma.” Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ no, ɔfirii hɔ de ne ho kɔhintaeɛ.

Yudafoɔ Gu So Gye Akyinnyeɛ

37Ɛwom sɛ na Yesu ayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ ama Yudafoɔ no ahunu deɛ, nanso na wɔnnye no nni ara. 38Yei ne Odiyifoɔ Yesaia asɛm a ɔkaa sɛ,

“Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?

Na hwan nso na ɔbɛgye wʼanwanwadwuma no adi sɛ adansedie?”

39Yudafoɔ no annye anni ɛfiri sɛ, na Odiyifoɔ Yesaia asane aka sɛ,

40“Onyankopɔn afira wɔn ani,

na wapirim wɔn akoma,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentumi nnane

mma me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.”

41Yesaia kaa yei faa Yesu animuonyam a daakye ɔbɛnya a Onyankopɔn yi kyerɛɛ no no ho.

42Mpo, na Yudafoɔ mpanin no mu pii gye Yesu di, nanso na wɔsuro sɛ, sɛ Farisifoɔ no hunu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio. 43Na wɔpɛ sɛ nnipa bɛkamfo wɔn sene sɛ Onyankopɔn bɛhyɛ wɔn animuonyam.

44Yesu teaam sɛ, “Obiara a ɔgye me di no, ɛnyɛ me nko na ɔgye me di, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no nso di. 45Na deɛ ɔhunu me no hunu deɛ ɔsomaa me no nso. 46Maba ewiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me di no ankɔ so antena sum mu.

47“Obiara a ɔte mʼasɛm na ɔnni so no, meremmu no atɛn. Ɛfiri sɛ, mamma sɛ merebɛbu nnipa atɛn, na mmom, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn nkwa. 48Obiara a ɔpo me na ɔnnye mʼasɛm nni no, ɔtemmufoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛbu no atɛn. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no na Atemmuo da no ɛbɛbu mo atɛn. 49Nsɛm a maka no nyinaa, ɛnyɛ mʼankasa mʼadwene na mede ka kyerɛɛ mo, na mmom ɛyɛ deɛ Agya no ka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no. 50Menim sɛ asɛm biara a Agya no ahyɛ me sɛ menka no de nnipa kɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu; enti asɛm a ɔbɛka akyerɛ me sɛ menka biara no, ɛno na meka!”