Yohane 11 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 11:1-57

Lasaro Wu

1Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kurow a na Maria ne ne nua Marta fi mu. Da bi, saa ɔbarima yi yaree. 2Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no na ohwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tinwi pepae no. 3Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, wo dɔfo no yare.”

4Yesu tee nkra no ɔkae se, “Ɛnyɛ saa ɔyare yi na ebekum Lasaro. Mmom Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa ɔyare yi so hyɛ ne ho anuonyam, na saa anuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.” 5Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabea Marta ne Lasaro asɛm yiye. 6Bere a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare denneennen no wankɔ saa bere no ara mu; ɔtenaa hɔ nnaanu. 7Afei ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma yɛnsan nkɔ Yudea.”

8Nanso asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛnkyɛe biara na Yudafo no pɛɛ sɛ wosiw wo abo na afei wuse yɛnsan nkɔ hɔ bio yi?”

9Yesu kae se, “Nnɔnhwerew dumien na ɛwɔ da koro mu, meboa ana? Ɛno nti sɛ obi nam hann mu a ɔrenhintiw, efisɛ ɔnam wiase hann mu. 10Nanso sɛ ɔnam anadwo sum mu a obehintiw, efisɛ ɔnam sum mu.”

11Yesu san kae se, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akonyan no.”

12Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, sɛ wada de a ɛno de, na ne ho bɛtɔ no.” 13Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu nanso asuafo no de, na wosusuw sɛ nna ara na wada.

14Ɛno nti Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee se, “Lasaro awu; 15nanso mo nti ɛyɛ me anigye sɛ na minni hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”

16Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo no se, “Momma yɛne Kyerɛkyerɛfo no nyinaa nkɔ na yɛne no nkowu.”

Lasaro Wu Ne Ne Sie

17Yesu duu Betania no na Lasaro awu ama wɔasie no ma adi nnaanan. 18Efi Betania rekɔ Yerusalem no nnu akwansin abien, 19na saa bere no na Yudafo bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebegyam wɔn wɔ wɔn nua no wu no ho. 20Marta tee sɛ Yesu reba no, ofii adi kohyiaa no, na Maria de, ɔtenaa fie.

21Marta ka kyerɛɛ Yesu se, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu! 22Minim mpo sɛ saa bere yi mu biribiara a wubebisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no ɔbɛyɛ.”

23Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo nua no bɛsan anya nkwa bio.”

24Marta buaa no se, “Awurade, minim sɛ owusɔre da no ɔno nso bɛsɔre.”

25Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me na minyan awufo ma wɔn nkwa. Obiara a ogye me di no sɛ wawu mpo a ɔbɛsan anya nkwa. 26Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di ana?”

27Marta buae se, “Awurade, migye midi. Migye di sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.”

Yesu Su Lasaro

28Marta kaa saa asɛm yi wiee no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kokoa mu ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo no aba na wabisa wo ase.” 29Maria tee saa asɛm yi no ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa Yesu. 30Saa bere no na Yesu mmeduu akuraa no ase hɔ ɛ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no. 31Bere a Yudafo a wɔne Maria wɔ fie hɔ regyam no no huu sɛ wasɔre mpofirim refi adi no wodii nʼakyi, efisɛ na wosusuw sɛ ɔrekɔ da no so akosu.

32Maria duu faako a Yesu wɔ no, ɔkotow ne nan ase kae se, “Ao Awurade, sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu.”

33Yesu huu sɛ Maria ne Yudafo a wɔka ne ho no resu no, ɛhaw no yiye na ne werɛ howee. 34Obisaa wɔn se, “Ɛhe na musiee no?”

Wobuaa no se, “Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo.”

35Yesu sui.

36Yudafo no huu sɛ ɔresu no wɔkae se, “Eyi kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no.”

37Wɔn mu bi kae se, “Onipa a ɔmaa onifuraefo huu ade no munnnye nni sɛ anka obetumi agye Lasaro nkwa ana?”

Yesu Nyan Lasaro Fi Awufo Mu

38Asɛm a nkurɔfo no kaa no maa Yesu werɛ howee. Afei ɔkɔɔ ɔda a wɔde ɔbo ahini ano no so. 39Yesu hyɛɛ wɔn se, “Munyi ɔbo a ehini ɔda no ano no.”

Marta a ɔyɛ owufo no nuabea no kae se, “Awurade, ɛbɛyɛ nnaanan ni a wosiee no nti saa bere yi de, ɔbɔn.”

40Yesu ka kyerɛɛ Marta se, “Manka ankyerɛ wo se sɛ wugye di a wubehu Onyankopɔn anuonyam?”

41Woyii ɔbo no fii ɔda no ano. Afei Yesu hwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpae se, “Agya, meda wo ase sɛ wutie me. 42Minim sɛ wutie me daa nyinaa nanso esiane nnipa a wɔwɔ ha nti na mereka eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye adi sɛ wo na wosomaa me.”

43Ɔkaa eyi wiee no, ɔteɛɛ mu dennen se, “Lasaro, sɔre bra!” 44Lasaro sɔre bae a ntama a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan ne ho ntama no na ɔnkɔ.”

Yudafo Bɔ Yesu Ho Pɔw

45Yudafo a wɔbɛsraa Maria na wohuu nea Yesu yɛe no mu bebree gyee no dii. 46Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifo no hɔ kɔkaa nea esii no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

47Enti Farisifo no ne asɔfo mpanyin no hyiaa baguafo no kae se, “Dɛn na yɛreyɛ? Monhwɛ anwonwade a saa onipa yi reyɛ! 48Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ nea ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa begye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a Roma aban bebisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.”

49Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ ɔsɔfopanyin no kae se, “Mo de munnim hwee! 50Munnim sɛ eye ma mo sɛ onipa baako bewu ama nnipa no nyinaa sen sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?”

51Emfi ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ esiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanyin saa bere no nti na ɔhyɛɛ nkɔm se, “Yesu bewu de agye mo nkwa,” 52na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom ɛnam eyi so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa na wɔayɛ ɔman baako. 53Efi saa bere no, Yudafo mpanyin no faa adwene sɛ wobekum Yesu.

54Eyi nti Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea, na ofii hɔ kɔɔ sare so kurow bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafo no kɔtenaa hɔ.

55Na Yudafo Twam Afahyɛ no rebɛn nti nnipa pii fii wɔn nkuraa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekodwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no. 56Na wɔrehwehwɛ Yesu ahu no. Ɛno nti woduu asɔredan mu hɔ no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Mugye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi ana?” Ebinom kae se, “Yennye nni.” 57Saa bere yi na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim faako a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkyere no.

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 11:1-57

Lasaro

1Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kuro a na Maria ne ne nua Marta firi mu. Ɛda bi, saa ɔbarima yi yareeɛ. 2Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no, ɔno na ɔhwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tirinwi pepaeɛ no. 3Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, wo dɔfoɔ no yare.”

4Yesu tee nkra no, ɔkaa sɛ, “Ɛnyɛ saa yadeɛ yi na ɛbɛkum Lasaro. Mmom, Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa yadeɛ yi so hyɛ ne ho animuonyam, na saa animuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.” 5Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabaa Marta ne Lasaro asɛm yie. 6Ɛberɛ a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare dendeenden no, wankɔ saa ɛberɛ no ara mu; ɔtenaa hɔ nnanu. 7Afei, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma yɛnsane nkɔ Yudea.”

8Nanso, asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛnkyɛree biara na Yudafoɔ no pɛɛ sɛ wɔsi wo aboɔ ɛnna afei wose yɛnsane nkɔ hɔ bio yi?”

9Yesu kaa sɛ, “Nnɔnhwere dumienu na ɛwɔ da koro mu, meboa anaa? Ɛno enti, sɛ obi nam hann mu a, ɔrensunti, ɛfiri sɛ, ɔnam ewiase hann mu. 10Nanso, sɛ ɔnam anadwo sum mu a, ɔbɛsunti, ɛfiri sɛ, ɔnam sum mu.”

11Yesu sane kaa sɛ, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akɔnyane no.”

12Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, sɛ wada deɛ a, ɛnneɛ na ne ho bɛtɔ no.” 13Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu, nanso asuafoɔ no deɛ, na wɔsusu sɛ nna ara na wada.

14Ɛno enti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ, “Lasaro awu; 15nanso mo enti, ɛyɛ me anigye sɛ na menni hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”

16Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ, “Momma yɛne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no nyinaa nkɔ na yɛne no nkɔwu.”

Lasaro Owuo Ne Ne Sie

17Yesu duruu Betania no, na Lasaro awu ma wɔasie no ma adi nnanan. 18Ɛfiri Betania rekɔ Yerusalem no nnuru akwansini mmienu, 19na saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn wɔ wɔn nua no wuo no ho. 20Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔfirii adi kɔhyiaa no, na Maria deɛ, ɔtenaa efie.

21Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu! 22Menim mpo sɛ saa ɛberɛ yi mu biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no, ɔbɛyɛ.”

23Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua no bɛsane anya nkwa bio.”

24Marta buaa no sɛ, “Awurade, menim sɛ owusɔreɛ da no ɔno nso bɛsɔre.”

25Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa. 26Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?”

27Marta buaa sɛ, “Awurade, megye medi. Megye medi sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba ewiase no.”

Yesu Su Lasaro

28Marta kaa saa asɛm yi wieeɛ no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kɔkoam ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no aba na wabisa wʼase.” 29Maria tee saa asɛm yi no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa Yesu. 30Saa ɛberɛ no na Yesu mmɛduruu akuraa no ase hɔ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no. 31Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ efie hɔ regyam Maria no hunuu sɛ wasɔre ɔherɛ so refiri adi no, wɔdii nʼakyi, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ ɔrekɔ da no so akɔsu.

32Maria duruu faako a Yesu wɔ no, ɔtotoo ne nan ase kaa sɛ, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha, a anka me nua no anwu.”

33Yesu hunuu sɛ Maria ne Yudafoɔ a wɔka ne ho no resu no, ɛhaa no yie na ne werɛ hoeɛ. 34Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhe na mosiee no?”

Wɔbuaa no sɛ, “Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo.”

35Yesu suiɛ.

36Yudafoɔ no hunuu sɛ ɔresu no, wɔkaa sɛ, “Yei kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no.”

37Wɔn mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔmaa onifirani hunuu adeɛ no, monnnye nni sɛ anka ɔbɛtumi agye Lasaro nkwa anaa?”

Yesu Nyane Lasaro Firi Awufoɔ Mu

38Asɛm a nkurɔfoɔ no kaeɛ no maa Yesu werɛ hoeɛ. Afei, ɔkɔɔ ɛda a wɔde ɛboɔ ahini ano no so. 39Yesu hyɛɛ wɔn sɛ, “Monyi ɛboɔ a ɛhini ɛda no ano no.”

Marta a ɔyɛ owufoɔ no nuabaa no kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ nna ɛnan ni a yɛbɛsiee no enti saa ɛberɛ yi deɛ, ɛbɔn.”

40Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ, sɛ wogye di a wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam?”

41Wɔyii ɛboɔ no firii ɛda no ano. Afei, Yesu hwɛɛ ɛsoro, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, meda wo ase sɛ wotie me. 42Menim sɛ wotie me daa nyinaa, nanso ɛsiane nnipa a wɔwɔ ha enti na mereka yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛgye adi sɛ wo na wosomaa me.”

43Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔteaam denden sɛ, “Lasaro, sɔre bra!” 44Lasaro sɔre baeɛ a ntoma a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane ne ho ntoma no na ɔnkɔ.”

Yudafoɔ Bɔ Yesu Ho Pɔ

45Yudafoɔ a wɔbɛsraa Maria na wɔhunuu deɛ Yesu yɛeɛ no mu bebree gyee no diiɛ. 46Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifoɔ no hɔ kɔkaa deɛ ɛsiiɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

47Enti Farisifoɔ no ne asɔfoɔ mpanin no hyiaa badwafoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ? Monhwɛ anwanwadeɛ a saa onipa yi reyɛ! 48Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ deɛ ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa bɛgye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a, Roma aban bɛbisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.”

49Kaiafa a saa ɛberɛ no na ɔyɛ ɔsɔfopanin no kaa sɛ, “Mo deɛ, monnim hwee! 50Monnim sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu ama nnipa no nyinaa sene sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?”

51Ɛmfiri ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, ɛsiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanin saa ɛberɛ no enti na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, “Yesu bɛwu de agye mo nkwa,” 52na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom, ɛnam yei so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa, na wɔayɛ ɔman baako. 53Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yudafoɔ mpanin no faa adwene sɛ wɔbɛkum Yesu.

54Yei enti, Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea, na ɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ so kuro bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafoɔ no kɔtenaa hɔ.

55Na Yudafoɔ Twam Afahyɛ no rebɛn enti nnipa pii fifirii wɔn nkuraaseɛ kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔdwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no. 56Na wɔrehwehwɛ Yesu ahunu no. Ɛno enti, wɔduruu asɔredan mu hɔ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Mogye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi anaa?” Ebinom kaa sɛ, “Yɛnnye nni.” 57Saa ɛberɛ yi na asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim baabi a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkye no.