Yoɛl 3 – AKCB & BPH

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yoɛl 3:1-21

Aman No Atemmu

1“Saa nna no mu,

mede Yuda ne Yerusalem ahonyade bɛsan aba.

2Mɛboa aman nyinaa ano,

na mede wɔn aba Yehosafat bon mu.

Ɛhɔ na mebu wɔn atɛn

wɔ nea wɔyɛɛ mʼagyapade, a ɛyɛ Israelfo ho,

efisɛ wɔbɔɔ me nkurɔfo hwetee aman so,

na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu.

3Wɔbɔɔ me nkurɔfo so ntonto,

Wɔtɔn mmerantewa de mu sika bɔɔ aguaman.

Wɔtɔn mmeawa nso de gyee nsa,

a wɔbɛnom.

4“Dɛn na mowɔ tia me, Tiro ne Sidon ne mo Filisti amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so were ana? Sɛ saa na ɛte de a, monhwɛ yiye. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka. 5Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapade a ɛsom bo, na mosoa koguu mo abosonnan mu. 6Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafo3.6 Helafo ne Foenikefo dii gua fi afe 800 AWA. sɛnea ɛbɛyɛ a, wobefi wɔn asase so akɔ akyirikyiri.

7“Nanso, mɛsan de wɔn afi faako a mokɔtɔn wɔn no aba, na nea moayɛ no nyinaa, metua mo so ka. 8Mɛtontɔn mo mmabarima ne mo mmabea ama Yudafo, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfo, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa.

9Mompae mu nka eyi wɔ aman so:

Munsiesie mo ho mma ɔko!

Monkanyan asraafo!

Momma mo mmarima akofo no ntwiw mmra, na wɔmmɛko.

10Momfa mo funtumnnade no mmɔ afoa,

na momfa mo asosɔw mmɔ mpeaw.

Ma nea wɔayɛ mmerɛw nka se,

“mewɔ ahoɔden!”

11Monyɛ ntɛm mmra,

mo amanaman a moatwa ahyia,

mommɛboa mo ho ano wɔ hɔ.

Fa wʼakofo bra, Awurade!

12“Wɔnkanyan aman no;

wontu nteɛ nkɔ Yehosafat bon no mu,

efisɛ ɛhɔ na mɛtena

na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn.

13Munhwim kantankrankyi no,

efisɛ otwabere no adu so.

Mommra, muntiatia bobe no so,

efisɛ nsakyiamoa no ayɛ ma

na ahina no ayɛ ma abu so.

Saa ara na wɔn amumɔyɛ dɔɔso!”

14Nnipadɔm, nnipadɔm

wɔ gyinaesi subon no mu!

Awurade da no abɛn

wɔ gyinaesi subon no mu.

15Owia ne ɔsram beduru sum,

na nsoromma renhyerɛn bio.

16Awurade bɛbobɔ mu afi Sion,

ne nne gyegyeegye afi Yerusalem,

asase ne ɔsoro bɛwosow.

Nanso Awurade bɛyɛ guankɔbea ama ne nkurɔfo,

ɔbɛyɛ abandennen ama Israelfo.

Onyankopɔn Nkurɔfo Nhyira

17“Afei mubehu sɛ, me Awurade, mo Nyankopɔn,

mete Sion, me bepɔw kronkron so.

Yerusalem bɛyɛ kronkron;

na ananafo rentu wɔn so sa bio.

18“Saa da no, nsa foforo bɛsosɔ afi mmepɔw no mu,

na nufusu ateɛ wɔ nkoko so;

Nsu bɛba Yuda nsuwansuwa mu,

na asuti betue afi Awurade fi,

na agugu akasia subon no so nsu.

19Nanso Misraim bɛdan amamfo,

na Edom nso bɛyɛ nweatam,

esiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda nti.

Ɛhɔ na wohwiee mogya a enni fɔ gui.

20Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔ

na Yerusalem de, wɔbɛtena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.

21So merentɔ wɔn mogya a edi bem no so were ana?

Mɛtɔ kɛ.”

Awurade te Sion!

Bibelen på hverdagsdansk

Joels Bog 3:1-5

Gud lover at udgyde sin Ånd

1Engang herefter vil jeg udgyde af min Ånd over hele menneskeheden. Alle vil komme til at profetere, både mænd og kvinder. De gamle vil få åbenbaret min vilje gennem drømme, de unge vil få det gennem syner. 2Selv mine ringeste tjenere vil blive fyldt med min Ånd, og de skal profetere. 3Jeg vil gøre utrolige ting i himmelrummet og på jorden: Blodsudgydelser, ildebrande og røgskyer. 4Solen skal formørkes, og månen skal blive mørkerød som blod, før Herrens store og frygtindgydende dag kommer. 5Men enhver, der råber til Herren om hjælp, vil blive reddet.

På Zions bjerg og i Jerusalem skal der være frelse at få, sådan som Herren har lovet. Ja, alle som hører Herren til, vil blive reddet.