Asiria, Awurade Nsa Mu Dade
1Awurade ka kyerɛɛ me se, “Fa nhoma mmobɔwee kɛse no na fa kyerɛwdua biara kyerɛw so. 2Na mɛfrɛ ɔsɔfo Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ me dansefo nokwafo aba.” 3Afei mekɔɔ nkɔmhyɛnibea no ho, na onyinsɛnee, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas. 4Ansa na abarimaa no betumi aka, ‘Mʼagya’ anaasɛ ‘me na’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahode ne Samaria asade nyinaa akɔ.”
5Awurade kasa kyerɛɛ me bio se,
6“Esiane sɛ saa nkurɔfo yi apo
Siloa nsu a ɛsen brɛoo
na wodi ahurusi wɔ Resin
ne Remalia babarima no ho nti,
7Awurade reyɛ de Asubɔnten no
yiri kɛse no atia wɔn,
Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa.
Ebeyiri afa nʼabon nyinaa mu,
na abu afa ne konkɔn so
8na apra abɛfa Yuda, akɔntɔn afa ho,
ateɛ afa mu abɛdeda kɔn mu.
Na atrɛtrɛw akata asase no nyinaa so
Immanuel.”
9Momma ɔko nteɛmu so, mo aman na wɔnnwerɛw mo!
Muntie mo akyirikyiri aman.
Munsiesie mo ho mma ɔko, na wɔnnwerɛw mo!
Munsiesie mo ho mma ɔko, na wɔnnwerɛw mo!
10Hwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so, nanso wɔbɛsɛe no;
da wo nsusuwii adi, nanso ɛrennyina,
efisɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.
Suro Onyankopɔn
11Awurade de ne nsa dennen no too me so, ka kyerɛ me, bɔɔ me kɔkɔ se mennantew saa nkurɔfo yi kwan so. Ɔkae se,
12“Mommfrɛ no tirisopam
biribiara a saa nkurɔfo yi frɛ no tirisopam no;
Munnsuro nea wosuro,
na momma ɛmmɔ mo hu.
13Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wubu no ɔkronkron,
ɔno na ɛsɛ sɛ wusuro no,
ɔno na ne ho yɛ hu,
14ɔbɛyɛ kronkronbea:
nanso Israel ne Yuda de,
ɔbɛyɛ hintibo
ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase.
Na ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem de,
ɔbɛyɛ afiri a ebeyi wɔn.
15Wɔn mu bebree bɛwatiri;
wɔbɛhwe ase a wɔrensɔre bio,
wobesum wɔn afiri na ayi wɔn.”
16Kyekyere kɔkɔbɔ adanse no
sɔw mmara no ano ma mʼasuafo.
17Mɛtwɛn Awurade
a wayi nʼani afi Yakobfi so
mede me werɛ bɛhyɛ ne mu.
18Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no ni. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne agyiraehyɛde wɔ Israel, na yefi Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔw so no nkyɛn.
19Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkohu samanfrɛfo ne nnunsifo a wɔkasa aso mu na emu ntew a, adɛn nti na wommmisa wɔn Nyankopɔn? Adɛn nti na mubisa ade wɔ awufo nkyɛn ma ateasefo? 20Sɛ wɔannyina mmara ne adanse yi so anka asɛm yi a, wunni adekyee mu hann. 21Wɔde ahohiahia ne ɔkɔm bɛnantenantew asase no so; na sɛ wɔtɔ beraw a, wɔn bo befuw na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn. 22Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wubehu ahohiahia ne sum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛn sum kabii mu.
Fremtidige assyriske angreb
1Derpå sagde Herren til mig: „Tag en stor tavle og skriv med tydelig skrift navnet: Maher-Shalal Hash-Baz.8,1 Navnet betyder: „Hurtigt bytte, hastigt rov.” 2Gør det med to pålidelige mænd som vidner: Urija, som er præst, og Zekarja, Jeberekjas søn.”
3Derefter gik jeg ind til min hustru, og hun blev gravid og fødte en søn. Da sagde Herren til mig: „Kald ham Maher-Shalal Hash-Baz, 4for endnu inden drengen har lært at sige ‚mor’ eller ‚far’, vil assyrerkongen plyndre Damaskus’ rigdomme og røve Samarias skatte.”
5Herren talte igen til mig: 6„Fordi mit folk har forkastet Shiloas friske vand8,6 En berømt dam i Jerusalem, der fik vand fra Gihonkilden, her symbol på Guds hjælp. Navnet betyder „udsendelse”, og henviser nok til, at Gud gerne vil sende hjælp, men folket vil ikke tage imod hjælpen. Jf. Joh. 9,7.11. og foretrækker Arams kong Retzin og Israels kong Peka, 7vil jeg sende en mægtig oversvømmelse fra Eufratfloden imod dem: Assyrerkongen og hans mægtige hære vil oversvømme landet. Floden vil gå over sine bredder, 8skylle ind over Judas land og nå helt frem til hovedstaden. Hele ‚Immanuel’s land vil bliver angrebet af fjenden.”
9Gør blot klar til krig, I folkeslag, men I kan ikke stå jer imod Herren! Hør efter, I fjerne lande. Gør bare alt, hvad I kan. I vil dog blive slået engang. 10Hold blot krigsråd og indgå alliancer. Det nytter intet, for Gud er med os.
Om at have tillid til Gud
11Herren opfordrede mig kraftigt til at stå fast og ikke følge flertallet. Henvendt til os, der fulgte ham, sagde han: 12„I skal ikke kalde noget for en sammensværgelse, bare fordi andre gør det. Bliv ikke grebet af panik som flertallet. 13Det er mig, I skal respektere, frygte og ære, for jeg er Herren, den Almægtige. 14Jeg er som en helligdom og et tilflugtssted, men også som en anstødssten, som både Israel og Juda vil snuble over, en fælde, som Jerusalems indbyggere vil blive fanget i. 15Mange vil snuble og falde over den. 16Skriv det ned, som jeg har sagt, og sæt segl på bogrullen, så de, der følger mig, kan holde fast ved mit ord.”
17Jeg har forventning til, at Herren griber ind, selv når han vender ryggen til Israels folk. Jeg sætter al min lid til ham. 18Her er jeg sammen med de børn, som Herren gav mig. Vi er som tegn8,18 Esajas betyder „Jahve frelser”. Se noterne til 7,3.14 og 8,1. for Israels folk fra Herren, den Almægtige, som bor på Zions bjerg.
19Måske vil nogle sige til jer: „Prøv at spørge de clairvoyante til råds, dem der mumler og hvisker. Skal man ikke søge råd hos sine guder og adspørge de døde angående de levende, 20så man kan få vejledning og hjælp?” Men de, der siger sådan, famler i mørket. 21De kommer til at vandre modløse og sultne gennem landet. Hungersnøden vil gøre dem bitre, så de forbander både kongen og Gud. 22Hvad enten de spejder mod det høje eller ser sig omkring på jorden, er der kun modgang og håbløst mørke omkring dem.
Messiashåbet
23Men mørket skal ikke ruge for altid
over det land, som tynges af trængsler.
Herren har ydmyget Zebulon
og bragt skam over Naftalis land.
Men engang vil vejen til havet igen få ære,
og landet øst for Jordanfloden,
de fremmede folkeslags Galilæa.