Yesaia 58 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 58:1-14

Nokware Mmuadadi

1“Monteɛ mu dennen, monnnyae.

Momma mo nne so sɛ torobɛnto.

Mompae mu nka me nkurɔfo atuatew nkyerɛ wɔn

na monka Yakobfi nso nnebɔne nkyerɛ no.

2Da biara da wɔhwehwɛ me;

ayɛ sɛ wɔpere sɛ wobehu mʼakwan,

te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ nea ɛteɛ

na wɔmpoo ne Nyankopɔn ahyɛde.

Wobisa me hɔ gyinae a ɛteɛ

na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn.

3Wɔka se, ‘Adɛn nti na yɛadi mmuada

na woanhu yi?

Adɛn nti na yɛabrɛ yɛn ho ase,

na woanhwɛ yi?’

“Nanso mo mmuada da no, moyɛ nea mopɛ

na musisi mo adwumayɛfo nyinaa.

4Ntɔkwaw ne akasakasa na mode wie mo mmuadadi,

ne akuturuku a mode bobɔ mo ho.

Morentumi nni mmuada sɛnea moyɛ no nnɛ yi

na moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ ɔsoro.

5Eyi ne mmuadadi a mepɛ ana?

Da koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no ana?

Ɛne sɛ obi si ne ti ase te sɛ mfea

na ɔtena atweaatam so ne nsõ mu nko ara ana?

Eyi na mofrɛ no mmuadadi,

da a ɛsɔ Awurade ani yi ni ana?

6“Saa mmuadadi yi na mepɛ:

sɛ mubeyiyi ntɛnkyew nkɔnsɔnkɔnsɔn

na moasan konnua ahama,

sɛ mubegyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so

na moabubu konnua biara.

7So ɛnsɛ sɛ mo ne wɔn a ɔkɔm de wɔn kyɛ mo aduan

na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena;

na muhu nea ɔda adagyaw a mumfura no ntama

na munnyi mo ani mfi mo ankasa mo nkurɔfo ne mo abusuafo so ana?

8Ɛno na mo hann bepue te sɛ ahemadakye,

na mo ayaresa aba ntɛm so;

afei mo trenee bedi mo anim,

na Awurade anuonyam bɛbɔ mo kyidɔm.

9Afei mobɛfrɛ, na Awurade begye mo so;

mobɛteɛ mu ahwehwɛ mmoa, na ɔbɛka se: Mini.

“Sɛ muyi nhyɛso konnua,

nsa a moteɛ wɔ nnipa so ne ntwatoso fi hɔ,

10na sɛ mohaw mo ho ma wɔn a ɔkɔm de wɔn

na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nea ehia wɔn a,

ɛno de, mo akanea bɛhyerɛn wɔ sum mu,

na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinae.

11Awurade bɛkyerɛ mo kwan bere biara;

ɔbɛma mo nea ehia mo wɔ asase wosee so

na ɔbɛhyɛ mo nipadua den.

Mobɛyɛ sɛ turo a wogugu so nsu yiye,

sɛ asuwa a mu nsu nyow da.

12Mo nkurɔfo bɛsan asi teteete nnwiriwii no,

na wɔato fapem a akyɛ no;

wɔbɛfrɛ mo Nea Osiesie Afasu a Abubu no,

Nea Ogye Atenae Si Hɔ.

13“Sɛ mohwɛ mo anammɔntu so yiye Homeda

na moanyɛ nea mopɛ wɔ me da kronkron no,

sɛ mofrɛ Homeda no anigye da

na mudi Awurade da kronkron no ni

na moamfa mo ara mo akwan so

na moanyɛ nea mopɛ anaa moanka nsɛnhunu a,

14ɛno de mubenya anigye wɔ Awurade mu

na mɛma mo anantew asase no sorɔnsorɔmmea so

na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapade so.”

Awurade na waka.

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 58:1-14

Nokorɛ Mmuadadie

1“Monteam denden, monnnyae.

Momma mo nne so sɛ totorobɛnto.

Mompae mu nka me nkurɔfoɔ atuateɛ nkyerɛ wɔn

na monka Yakob efie nso nnebɔne nkyerɛ no.

2Ɛda biara da wɔhwehwɛ me;

ayɛ sɛ wɔpere sɛ wɔbɛhunu mʼakwan,

te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ deɛ ɛtene

na wɔmpoo wɔn Onyankopɔn ahyɛdeɛ.

Wɔbisa me hɔ asɛntenenee

na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn.

3Wɔka sɛ, ‘Adɛn enti na yɛadi mmuada

na woanhunu yi?

Adɛn enti na yɛabrɛ yɛn ho ase,

na woanhwɛ yi?’

“Nanso mo abuada da no, moyɛ deɛ mopɛ

na mosisi mo adwumayɛfoɔ nyinaa.

4Ntɔkwa ne akasakasa na mode wie mo abuadadie,

ne akuturuku a mode bobɔ mo ho.

Morentumi nni mmuada sɛdeɛ moyɛ no ɛnnɛ yi

na moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ soro.

5Yei ne mmuadadie a mepɛ anaa?

Ɛda koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no anaa?

Ɛne sɛ obi si ne tiri ase te sɛ demmire

na ɔtena ayitoma so ne nsõ mu nko ara anaa?

Yei na mofrɛ no abuadadie yi,

ɛda a ɛsɔ Awurade ani yi ni anaa?

6“Saa mmuadadie yi na mepɛ:

sɛ mobɛyiyi ntɛnkyea nkɔnsɔnkɔnsɔn

na moasane kɔnnua nhoma,

sɛ mobɛgyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so

na moabubu kɔnnua biara.

7Ɛsɛ sɛ mo ne wɔn a ɛkɔm de wɔn kyɛ mo aduane

na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena.

Sɛ mohunu deɛ ɔda adagya a, momfira no ntoma

na monnyi mo ani mfiri mo yɔnko onipa so.

8Ɛno na mo hann bɛpue te sɛ ahemadakye,

na mo ayaresa aba ntɛm so;

afei mo tenenee bɛdi mo anim,

na Awurade animuonyam bɛbɔ mo kyidɔm.

9Afei mobɛfrɛ, na Awurade bɛgye mo so;

mobɛteam apɛ mmoa, na ɔbɛka sɛ: Me nie.

“Sɛ moyi nhyɛsoɔ kɔnnua,

nsa a motene wɔ onipa so ne ntwatoso firi hɔ,

10na sɛ moha mo ho ma wɔn a ɛkɔm de wɔn

na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no deɛ ɛhia wɔn a,

ɛnneɛ mo nkanea bɛhyerɛn wɔ esum mu,

na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinaeɛ.

11Awurade bɛkyerɛ mo ɛkwan ɛberɛ biara;

ɔbɛma mo deɛ ɛhia mo wɔ asase wesee so

na ɔbɛhyɛ mo onipadua den.

Mobɛyɛ sɛ turo a wɔgugu so nsuo yie,

sɛ asuwa a emu nsuo nwe da.

12Mo nkurɔfoɔ bɛsane asi teteete mmubuiɛ no,

na wɔato fapem a akyɛre no;

wɔbɛfrɛ mo Deɛ Ɔsiesie Afasuo a Abubu no,

Deɛ Ɔsiesie Adan a Abubu.

13“Sɛ mohwɛ mo anammɔntuo so yie Homeda

na moannyɛ deɛ mopɛ wɔ me da kronkron no,

sɛ mofrɛ Homeda no anigyeɛ da

na modi Awurade da kronkron no ni

na moamfa mo ara mo akwan so

na moanyɛ deɛ mopɛ anaa moanka nsɛmhunu a,

14ɛnneɛ mobɛnya anigyeɛ wɔ Awurade mu

na mɛma mo anante asase no sorɔnsorɔmmea so

na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapadeɛ so.”

Awurade na aka.