Yesaia 57 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 57:1-21

1Atreneefo wu,

na obiara nnwen ho wɔ ne koma mu;

wɔfa nyamesurofo kɔ,

na obiara nte ase

sɛ wɔfa atreneefo kɔ

sɛnea wobeyi wɔn afi bɔne mu.

2Wɔn a wɔnantew tee no

wɔhyɛn asomdwoe mu;

wonya ahomegye bere a wɔadeda sɛ awufo.

3“Nanso mo, mommra ha, mo ɔbayifo mma,

mo nguaman ne mmea nguamanfo mma!

4Hena na moreserew no?

Hena na moredi ne ho fɛw

na morebɔ no adapaa yi?

Monnyɛ atuatewfo fekuw

ne atorofo asefo ana?

5Mode ɔpɛ mmoroso bɔ afɔre wɔ adum mu

ne dua biara a adennan ase;

mode mo mma bɔ afɔre wɔ aku a mu dɔ mu

ne abotan mpaapae ase.

6Anyame a wɔyɛ abo trontrom, a ɛwɔ aku a mu dɔ mu no,

wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ.

Yiw, moahwie nsa afɔrebɔde agu wɔn so

na mode aduan afɔrebɔde ama wɔn.

Eyinom nyinaa akyi, mingow me nsam ana?

7Moasiesie mo nnabea wɔ koko a ɛkorɔn so;

ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔre.

8Mo apon ne apongua akyi

na mo de mo abosonsom nsɛsode asisi.

Mufii mʼakyi koyii mo mpa so ntama,

mokɔdaa so na motrɛw mu;

mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam,

na mohwɛɛ wɔn adagyaw mu.

9Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛn

na momaa mo nnuhuam dɔɔso.

Mosomaa mo ananmusifo kɔɔ akyirikyiri;

mosian kɔɔ ɔda mu ankasa!

10Mo nneyɛe maa mo ɔbrɛ,

nanso moanka da se, ‘Yenni anidaso.’

Mopɛɛ ahoɔden foforo

enti moantɔ piti.

11“Hena na wama mo koma atu na wabɔ mo hu sɛɛ

a enti moanni me nokware,

na moankae me

anaa moannwene eyi ho wɔ mo koma mu yi?

So ɛnyɛ komm a mayɛ akyɛ no nti

na munsuro me no ana?

12Mɛda mo trenee ne mo nnwuma adi,

na so remma mo mfaso.

13Sɛ moteɛ mu pɛ mmoa a,

momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo!

Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ,

home kɛkɛ bɛfa wɔn.

Nanso onipa a ɔde me yɛ ne guankɔbea no

bedi asase no so

na wafa me bepɔw kronkron no.”

Koma A Abubu No Awerɛkyekye

14Na wɔbɛka se:

“Monyɛ, monyɛ, munsiesie ɔkwan no!

Munyiyi akwanside mfi me nkurɔfo akwan mu.”

15Na oyi ne nea ɔkorɔn no,

nea ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no se:

“Mete beae a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron,

mene nea ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te,

sɛ mɛkanyan honhom mu hiani no honhom,

na makanyan ne koma a abubu no.

16Meremmɔ sobo afebɔɔ,

na me bo remfuw daa,

sɛ anyɛ saa a onipa honhom bɛtɔ beraw wɔ mʼanim,

onipa ahome a me na mabɔ no.

17Ne nnebɔne adifudepɛ maa me bo fuwii;

metwee nʼaso, na mede abufuw yii mʼani,

nso ɔkɔɔ so yɛɛ nea ne koma pɛ.

18Mahu ne nneyɛe, nanso mɛsa no yare.

Mɛkyerɛ no kwan na makyekye ne werɛ,

19na mama ayeyi aba wɔn a wɔredi awerɛhow wɔ Israel no ano.

Asomdwoe, asomdwoe mmra wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn so,”

sɛɛ na Awurade se. “Na mɛsa wɔn yare.”

20Na amumɔyɛfo te sɛ po a ɛrehuru,

entumi nyɛ komm,

nʼasorɔkye yiyi dontori ne fi.

21“Amumɔyɛfo nni asomdwoe.” Sɛɛ na me Nyankopɔn se.

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 57:1-21

1Ateneneefoɔ wu,

na obiara nnwene ho wɔ nʼakoma mu;

wɔfa Nyamesurofoɔ kɔ,

na obiara nte aseɛ

sɛ wɔfa teneneefoɔ kɔ

sɛdeɛ wɔbɛyi wɔn afiri bɔne mu.

2Wɔn a wɔnante tee no

wɔhyɛne asomdwoeɛ mu;

wɔnya ahomegyeɛ ɛberɛ a wɔadeda sɛ awufoɔ.

3“Nanso, mo, mommra ha, mo ɔbayifoɔ mmammarima,

mo awaresɛefoɔ ne mmaa adwamanfoɔ mma!

4Hwan na moresere no?

Hwan na moredi ne ho fɛ

na morebɔ no adapaa yi?

Monnyɛ atuatefoɔ fekuo

ne atorofoɔ asefoɔ anaa?

5Mode ɔpɛ mmorosoɔ bɔ afɔdeɛ wɔ adum mu

ne dua biara ase;

mode mo mma bɔ afɔdeɛ wɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu

ne abotan mpaapaeɛ ase.

6Anyame a wɔyɛ aboɔ tromtrom, a ɛwɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu no,

wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ.

Aane, moahwie nsã afɔrebɔdeɛ agu wɔn so

na mode aduane afɔrebɔdeɛ ama wɔn.

Yeinom nyinaa akyi, mengo me nsam anaa?

7Moasiesie mo daberɛ wɔ kokoɔ a ɛkorɔn so;

ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔdeɛ.

8Mo apono ne aponnwa akyi

na mo de mo abosonsom nsɛsodeɛ asisi.

Mofirii mʼakyi kɔyii mo mpa so ntoma,

mokɔdaa so na motrɛɛ mu;

mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam,

na mohwɛɛ wɔn adagya mu.

9Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛn

na momaa mo nnuhwam dɔɔso.

Mosomaa mo ananmusifoɔ kɔɔ akyirikyiri;

mo siane kɔɔ ɛda mu ankasa!

10Mo nneyɛɛ maa mo brɛeɛ,

nanso moanka da sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ.’

Monyaa akɔnnɔ ahoɔden foforɔ,

enti mokɔɔ so ara yɛɛ deɛ mopɛ.

11“Hwan na wama mo akoma atu na wabɔ mo hu sei

a enti moanni me nokorɛ,

na moankae me

anaa moannwene yei ho wɔ mo akoma mu?

Mayɛ dinn akyɛre no enti

na monnsuro me anaa?

12Mɛda mo tenenee ne mo nnwuma adi,

na ɛho remma mo mfasoɔ.

13Sɛ moteam pɛ mmoa a,

momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo!

Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ,

ahome kɛkɛ bɛhwete wɔn.

Nanso onipa a ɔde me yɛ ne dwanekɔbea no

bɛdi asase no so

na wafa me bepɔ kronkron no.”

Akoma A Abubu Awerɛkyekyerɛ

14Na wɔbɛka sɛ:

“Monyɛ, monyɛ. Monsiesie ɛkwan no!

Monyiyi akwansideɛ mfiri me nkurɔfoɔ akwan mu.”

15Na yei ne deɛ ɔkorɔn no,

deɛ ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no seɛ:

“Mete beaeɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron,

me ne deɛ ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te,

sɛ mɛkanyane honhom mu hiani no honhom,

na makanyane nʼakoma a abubu no.

16Meremmɔ soboɔ afebɔɔ,

na mebo remfu daa,

sɛ anyɛ saa a, onipa honhom bɛtɔ piti wɔ mʼanim,

onipa ahome a me na mabɔ.

17Wɔn nnebɔne adufudepɛ maa me bo fuiɛ;

metwee wɔn aso, na mede abufuo yii mʼani,

nso wɔkɔɔ so yɛɛ deɛ wɔn akoma pɛ.

18Mahunu wɔn nneyɛɛ, nanso mɛsa wɔn yadeɛ.

Mɛkyerɛ wɔn kwan na makyekye wɔn werɛ,

19na mama ayɛyie aba wɔn a wɔredi awerɛhoɔ wɔ Israel ano.

Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ, mmra wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn so,”

sei na Awurade seɛ. “Na mɛsa wɔn yadeɛ.”

20Na amumuyɛfoɔ te sɛ ɛpo a ɛrehuru,

ɛntumi nyɛ komm,

nʼasorɔkye yiyi atɛkyɛ ne efi.

21“Amumuyɛfoɔ nni asomdwoeɛ.” Sei na me Onyankopɔn seɛ.