Yesaia 55 – AKCB & CARST

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 55:1-13

Osukɔm Ho Ɔfrɛ

1“Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa,

mommra nsu no ho;

na mo a munni sika,

mommra mmɛtɔ na munni!

Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusu

a munntua hwee.

2Adɛn nti na mosɛe sika wɔ nea ɛnyɛ aduan ho

ne mo ahoɔden wɔ nea ɛmmee ho?

Muntie, muntie me na munni nea eye,

na mo kra ani begye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho.

3Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn;

muntie me, na mo kra anya nkwa.

Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa,

me dɔ a to ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.

4Hwɛ, mede no ayɛ adansedi ama nnipa no,

wɔn kannifo ne ɔsahene.

5Ampa ara mobɛfrɛ aman a munnim wɔn,

na aman a munnim no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn,

Awurade, mo Nyankopɔn nti,

Israel Ɔkronkronni no,

efisɛ wahyɛ mo anuonyam.”

6Monhwehwɛ Awurade bere a mubehu no.

Momfrɛ no bere a ɔbɛn.

7Ma omumɔyɛfo ntwe ne ho mfi nʼakwan ho

na ɔbɔnefo nso mfi ne nsusuwii ho.

Ma ɔnnan nkɔ Awurade nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,

ɔnnan nkɔ yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.

8“Na mʼadwene nyɛ mo adwene,

na mo akwan nso nyɛ mʼakwan,”

sɛnea Awurade se ni.

9Sɛnea ɔsoro korɔn sen asase no,

saa ara na mʼakwan korɔn sen mo akwan

na mʼadwene nso korɔn sen mo adwene.

10Sɛnea osu ne sukyerɛmma

tɔ fi soro gu fam,

na wɔnnsan nkɔ hɔ bio

wɔ bere a ɛmfɔw asase

mma enguu nhwiren mpaee,

sɛnea ɛbɛsow aba ama ogufo ne aduan ama odifo no,

11saa ara na mʼasɛm a efi mʼanom no te:

Ɛrensan mma me nkyɛn kwa.

Mmom ɛbɛyɛ nea mepɛ

na awie botae a ɛno nti mesomaa no.

12Mode ahosɛpɛw bepue

na wɔagya mo kwan asomdwoe mu;

mmepɔw ne nkoko

betue nnwonto wɔ mo anim,

na mfuw so nnua nyinaa

bɛbɔ wɔn nsam.

13Nsɔe anan mu ɔpepaw befifi,

na nnɛnkyɛnse anan mu ohuam dua befifi.

Eyi bɛyɛ nea ɛhyɛ Awurade anuonyam,

ɛbɛyɛ daapem nsɛnkyerɛnne,

a ɛrentwa mu da.

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Исаия 55:1-13

Вечное священное соглашение

1– Эй, все, кто жаждет,

придите к водам,

даже если у вас нет денег,

приходите, берите пищу и ешьте!

Приходите, берите вино и молоко

без денег, бесплатно!

2Зачем тратить деньги на то, что не хлеб,

свои трудовые – на то, что не насыщает?

Слушайте Меня внимательно и ешьте хорошее;

пусть душа ваша порадуется сытной пище.

3Внимайте и приходите ко Мне;

слушайте – и будете жить.

Я заключу с вами вечное соглашение

согласно Моим обещаниям Довуду,

которые непреложны.

4Вот Я сделал его свидетелем для народов,

вождём и повелителем народов.

5Вот ты призовёшь народы, которых не знал,

и народы, не знавшие тебя, устремятся к тебе

из-за Вечного, твоего Бога,

святого Бога Исроила,

потому что Он прославил тебя.

6Ищите Вечного, пока Его можно найти,

призывайте Его, пока Он близко.

7Пусть нечестивый оставит свой путь

и злой человек – свои помыслы.

Пусть обратится к Вечному,

и Он его помилует,

к нашему Богу,

потому что Он щедр на прощение.

8– Мои мысли – не ваши мысли,

а пути ваши – не Мои пути, –

возвещает Вечный. –

9Как небо выше земли,

так Мои пути выше ваших путей,

и Мои мысли выше ваших мыслей.

10Как дождь и снег нисходят с небес

и не возвращаются, не напоив землю,

но делают её способной рождать и произращать,

чтобы она дала сеятелю зерно

и едоку хлеб,

11так и слово Моё, что исходит из уст Моих:

оно не вернётся ко Мне напрасным,

но совершит то, чего Я хочу,

и достигнет того, для чего Я его посылал.

12Вы выйдете в радости,

проводят вас с миром.

Горы и холмы запоют перед вами песню,

а все деревья в поле будут рукоплескать.

13Вместо терновника вырастет кипарис,

а вместо колючек – мирт.

И будет это для славы Вечного,

знамением вечным, неистребимым.