Yesaia 51 – AKCB & NASV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 51:1-23

Sion Daapem Nkwagye

1“Muntie me, mo a mopɛ trenee akyi kwan;

na mohwehwɛ Awurade;

Monhwɛ ɔbotan a wotwaa mo fii mu no

ne abopaebea a wotuu mo fii hɔ no;

2Monhwɛ Abraham, mo agya,

ne Sara a ɔwoo mo no.

Bere a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofo,

na mihyiraa no maa nʼase trɛwee.

3Awurade bɛkyekye Sion werɛ ampa ara

na ne yam bɛhyehye no wɔ ne nnwiriwii no ho;

ɔbɛyɛ ne nweatam ahorow sɛ Eden,

nʼasase a ada mpan bɛyɛ sɛ Awurade turo.

Wobehu anigye ne ahosɛpɛw,

aseda ne nnwonto wɔ ne mu.

4“Muntie me, me nkurɔfo;

monyɛ aso mma me, me man:

Mmara no befi me nkyɛn akɔ;

na mʼatɛntrenee bɛyɛ hann ama aman no.

5Me trenee reba ntɛm so,

me nkwagye nam kwan so,

na me basa de atɛntrenee bɛbrɛ aman no.

Asupɔw no bɛhwɛ me

na wɔde anidaso bɛtwɛn me basa.

6Momma mo ani so nhwɛ ɔsorosoro,

monhwɛ asase wɔ fam;

ɔsorosoro betu ayera sɛ wusiw

na asase bɛtetew sɛ atade

na wɔn a wɔte so bewuwu sɛ nwansena.

Nanso me nkwagye bɛtena hɔ daa,

me trenee to rentwa da.

7“Muntie me, mo a munim nea ɛteɛ,

mo a me mmara wɔ mo koma mu:

Munnsuro nnipa animka

anaa momma wɔn ahohora ntu mo koma.

8Na nnwewemmoa bɛwe wɔn te sɛnea wɔwe atade;

asunson bɛsɛe wɔn te sɛnea wɔsɛe kuntu.

Nanso me trenee bɛtena hɔ daa,

me nkwagye befi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso so.”

9Nyan, nyan! Awurade basa,

hyɛ ahoɔden adurade;

nyan te sɛ nna a atwa mu no,

te sɛ tete awo ntoatoaso mu no.

Ɛnyɛ wo na wutwitwaa Rahab mu asinasin no,

na wuhwirew asuboa kɛse no mu no?

10Ɛnyɛ wo na womaa po yowee,

asubun mu nsu no,

nea ɔpaee kwan wɔ po bun mu no

sɛnea wɔn a wɔagye wɔn no betumi atwa?

11Wɔn a Awurade apata ama wɔn bɛsan aba.

Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion;

anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn abotiri,

anigye ne ahosɛpɛw bɛboro wɔn so,

awerɛhow ne apinisi betu ayera.

12“Me, me ara, mene wo werɛkyekyefo.

Hena ne wo a wusuro ɔdesani,

nnipa mma a wɔyɛ sare yi.

13Na wo werɛ afi Awurade, wo yɛfo

nea ɔtrɛw ɔsorosoro mu

na ɔhyɛɛ asase ase no,

a da biara na woabɔ hu

ɔhyɛsoni no abufuw nti,

nea ɔde ɔsɛe asi nʼani so no ana?

Na ɔhyɛsoni no abufuw wɔ he?

14Ɛrenkyɛ, wobegyaa nneduafo ahufo no;

wɔrenwuwu wɔ afiase amoa mu,

na aduan remmɔ wɔn.

15Na mene Awurade, wo Nyankopɔn

nea ɔhwanyan po, ma nʼasorɔkye woro so.

Asafo Awurade ne ne din.

16Mede me nsɛm ahyɛ wʼanom,

na mede me nsa ase nwini akata wo so.

Me a mede ɔsorosoro sii hɔ

na mehyɛɛ asase ase,

na meka kyerɛ Sion se, ‘Moyɛ me nkurɔfo.’ ”

Awurade Abufuwhyew Kuruwa No

17Nyan, nyan!

Sɔre, Yerusalem!

Wo a woanom afi Awurade nsam

nʼabufuw kuruwa no,

wo a woanom apɔɔdɔ mu nsa atu puw

nea ɛma nnipa tɔ ntintan no.

18Ne mma a ɔwoo wɔn nyinaa no

obiara nni hɔ a ɔkyerɛ no kwan;

mma a ɔtetew wɔn nyinaa no

obiara nni hɔ a oso ne nsa mu.

19Saa ɔhaw prenu yi aba wo so,

hena na ɔbɛkyekye wo werɛ?

Nnwiriwii ne ɔsɛe, ɔkɔm ne afoa,

hena na ɔbɛhyɛ wo den?

20Wo mma atotɔ beraw;

wɔdeda mmɔnten so baabiara,

te sɛ ɔtwe a afiri ayi no.

Awurade abufuw aba wɔn so,

wo Nyankopɔn animka no.

21Enti tie eyi, wo a worehu amane

woabow, nanso ɛnyɛ nsa na abow wo.

22Sɛɛ na Otumfo Awurade se,

wo Nyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban:

Hwɛ, magye afi wo nsa mu,

kuruwa a ɛma wotɔɔ ntintan no,

kuruwa a ɛyɛ mʼabufuw pɔɔdɔ no,

worennom bio.

23Mede bɛhyɛ wɔn a wɔhaw mo no nsa mu,

wɔn a wɔka kyerɛɛ mo se,

“Butuw fam na yɛnnantew wo so

na wode wʼakyi yɛɛ fam,

te sɛ abɔnten sɛ wɔnnantew so no.”

New Amharic Standard Version

ኢሳይያስ 51:1-23

የዘላለም ድነት ለጽዮን

1“እናንት ጽድቅን የምትከታተሉ፣

እግዚአብሔርን የምትፈልጉ ስሙኝ፤

ተቈርጣችሁ የወጣችሁበትን ዐለት፣

ተቈፍራችሁ የወጣችሁባትንም ጕድጓድ ተመልከቱ።

2ወደ አባታችሁ ወደ አብርሃም፣

ወደ ወለደቻችሁም ወደ ሣራ ተመልከቱ፤

በጠራሁት ጊዜ አንድ ራሱን ብቻ ነበር፤

ባረክሁት፤ አበዛሁትም።

3እግዚአብሔር ጽዮንን በርግጥ ያጽናናታል፤

ፍርስራሾቿንም በርኅራኄ ይመለከታል፤

ምድረ በዳዋን እንደ ዔድን፣

በረሓዋንም እንደ እግዚአብሔር ተክል ቦታ ያደርጋል፤

ተድላና ደስታ፣

ምስጋናና የዝማሬ ድምፅ በእርሷ ይገኛሉ።

4“ወገኔ ሆይ፤ አድምጠኝ፤

ሕዝቤ ሆይ፤ ስማኝ፤

ሕግ ከእኔ ይወጣል፤

ፍርዴም ለሕዝቦች ብርሃን ይሆናል።

5ጽድቄ በፍጥነት እየቀረበ፣

ማዳኔም እየደረሰ ነው፤

ክንዴም ለመንግሥታት ፍትሕን ያመጣል፤

ደሴቶች ወደ እኔ ይመለከታሉ፤

ክንዴንም በተስፋ ይጠብቃሉ።

6ዐይኖቻችሁን ወደ ሰማያት አንሡ፤

ወደ ታች ወደ ምድርም ተመልከቱ፤

ሰማያት እንደ ጢስ በንነው ይጠፋሉ፤

ምድር እንደ ልብስ ታረጃለች፤

ነዋሪዎቿም እንደ ዐሸን ፈጥነው ይረግፋሉ፤

ማዳኔ ግን ለዘላለም ይኖራል፤

ጽድቄም መጨረሻ የለውም።

7“እናንት ጽድቅን የምታውቁ፣

ሕጌንም በልባችሁ ያኖራችሁ ሰዎች ስሙኝ፤

ሰዎች ሲዘብቱባችሁ አትፍሩ፤

ሲሰድቧችሁ አትደንግጡ።

8ብል እንደ ልብስ ይበላቸዋል፤

ትል እንደ በግ ጠጕር ይውጣቸዋል፤

ጽድቄ ግን ለዘላለም፣

ማዳኔም ከትውልድ እስከ ትውልድ ጸንታ ትኖራለች።”

9የእግዚአብሔር ክንድ ሆይ፤

ተነሥ፤ ተነሥ! ኀይልን ልበስ፤

እንዳለፉት ዘመናት፣

በጥንት ትውልዶችም እንደ ሆነው ሁሉ ተነሥ።

ረዓብን የቈራረጥህ፣

ታላቁን ዘንዶ የወጋህ አንተ አይደለህምን?

10የዳኑት እንዲሻገሩ ባሕሩን፣

የታላቁን ጥልቅ ውሆች ያደረቅህ፣

በጥልቁም ውስጥ መንገድ ያበጀህ፣

አንተ አይደለህምን?

11እግዚአብሔር የተቤዣቸው ይመለሳሉ፤

በዝማሬ ወደ ጽዮን ይገባሉ፤

የዘላለማዊ ደስታን አክሊል ይቀዳጃሉ፤

ተድላና ደስታ ያገኛሉ፤

ሐዘንና ልቅሶም ከእነርሱ ይሸሻል።

12“የማጽናናችሁ እኔ፣ እኔው ብቻ ነኝ፤

ሟች የሆኑትን ሰዎች፣

እንደ ሣር የሚጠወልጉትን የሰው ልጆች

ለምን ትፈራለህ?

13የፈጠረህን፣

ሰማያትን የዘረጋውን፣

ምድርን የመሠረተውን እግዚአብሔርን ረስተሃል፤

ሊያጠፋህ ከተዘጋጀው፣

ከጨቋኙ ቍጣ የተነሣ፣

በየቀኑ በሽብር ትኖራለህ፤

ታዲያ የጨቋኙ ቍጣ የት አለ?

14ዐንገታቸውን የደፉ እስረኞች በፍጥነት ነጻ ይወጣሉ፤

በታሰሩበትም ጕድጓድ ውስጥ አይሞቱም፤

እንጀራ አያጡም።

15ሞገዱ እንዲተምም ባሕሩን የማናውጥ፣

እኔ እግዚአብሔር አምላክህ ነኝና፤

ስሙም የሰራዊት ጌታ እግዚአብሔር ነው።

16ቃሌን በአፍህ አኖርሁ፤

በእጄ ጥላ ጋረድሁህ፤

ሰማያትን በስፍራቸው ያስቀመጥሁ፣

ምድርን የመሠረትሁ፣

ጽዮንንም፣ ‘አንቺ ሕዝቤ ነሽ’ ያልሁ እኔ ነኝ።”

የእግዚአብሔር የቍጣ ጽዋ

17ከእግዚአብሔር እጅ፣

የቍጣውን ጽዋ የጠጣሽ፣

ዝቃጩ እንኳ ሳይቀር፣

ሰዎችን የሚያንገደግደውን ዋንጫ የጨለጥሽ፣

ኢየሩሳሌም ሆይ፤ ተነሺ፤

ተነሺ፤ ተነሺ።

18ከወለደቻቸው ወንዶች ልጆች ሁሉ፣

የመራት አንድም አልነበረም፤

ካሳደገቻቸው ወንዶች ልጆች ሁሉ፣

እጇን ይዞ የወሰዳት ማንም አልነበረም።

19እነሆ፤ በጥፋት ላይ ጥፋት መጥተውብሻል፤

ታዲያ ማን ያጽናናሻል?

እነርሱም መፈራረስና ጥፋት፣ ራብና ሰይፍ ናቸው፤

ታዲያ ማን ያስተዛዝንሽ51፥19 የሙት ባሕር ጥቅልሎች፣ የሰብዓ ሊቃናት ትርጕም፣ የቩልጌትና የሱርስቱ ቅጅ ከዚህ ጋር ይስማማሉ፤ የማሶሬቱ ቅጅ ግን፣ ታዲያ እንዴት አስተዛዝንሻለሁ ይላል።?

20ወንዶች ልጆችሽ ዝለዋል፤

በወጥመድ እንደ ተያዘ ሚዳቋ፣

በየጐዳናው አደባባይ ላይ ተኝተዋል።

የእግዚአብሔር ቍጣ፣

የአምላክሽም ተግሣጽ ሞልቶባቸዋል።

21ስለዚህ አንቺ የተጐዳሽ፣

ያለ ወይን ጠጅ የሰከርሽ ይህን ስሚ።

22ሕዝቡን የሚታደግ አምላክሽ፣

ጌታ እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤

“እነሆ፤ ከእጅሽ፣

ያንገደገደሽን ጽዋ ወስጃለሁ፤

ያን ጽዋ፣ የቍጣዬን ዋንጫ፣

ዳግም አትጠጪውም፤

23ባስጨነቁሽ፣

‘በላይሽ ላይ እንድንሄድ ተነጠፊልን’

ባሉሽ እጅ ላይ አደርገዋለሁ፤

ጀርባሽን እንደ መሬት፣

እንደ መሸጋገሪያም መንገድ አደረግሽላቸው።”