Yesaia 49 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 49:1-26

Awurade Somfo No

1Muntie me, mo mpoano aman;

monyɛ aso mo akyirikyiri aman

ansa na wɔrebɛwo me no, Awurade frɛɛ me

ɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me.

2Ɔyɛɛ mʼano sɛ afoa nnamnam,

Ɔde me hintaw ne nsa ase nwini mu;

ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam

na ɔde me hyɛɛ ne boha mu.

3Ɔka kyerɛɛ me se, “Woyɛ me somfo,

Israel, wo mu na mɛda mʼanuonyam adi.”

4Nanso mekae se, “Mabrɛ agu

masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee

nanso nea ɛwɔ me wɔ Awurade nsam

na mʼakatua wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.”

5Na afei, Awurade kasa se,

nea ɔnwen me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne somfo

sɛ memfa Yakob nsan mmra ne nkyɛn

na me mmoaboa Israel ano mma no no,

wahyɛ me anuonyam wɔ Awurade ani so

na me Nyankopɔn ayɛ mʼahoɔden.

6Ɔka se,

“Ɛyɛ ade ketewa bi ma wo sɛ wobɛyɛ me somfo

sɛ wode Yakob mmusuakuw bɛsan aba

na wode Israelfo a mede wɔn asie bɛsan aba.

Mɛma moayɛ amanamanmufo nyinaa kanea,

ɛnam mo so na wobegye wiasefo nyinaa nkwa.”

7Sɛɛ na Awurade se,

Ogyefo ne Israel ɔkronkronni no

de kɔma nea aman buu no animtiaa na wokyii no,

ahemfo somfo no;

“Ahene behu wo na wɔasɔre

ahenemma behu wo na wɔakotow wo

esiane Awurade a ɔyɛ ɔnokwafo,

Israel ɔkronkronni a wayi wo no nti.”

Israel Si Ne Dedaw Mu

8Sɛɛ na Awurade se:

“Bere a ɛsɛ mu no, mebua wo,

na nkwagyeda no, mɛboa wo;

mɛkora wo na mede wo ayɛ

apam ama nkurɔfo no,

de agye asase no asi hɔ

akyekyɛ agyapade ahorow a asɛe no bio,

9wobɛka akyerɛ nneduafo se, ‘Mumfi mmra!’

ne wɔn a wɔwɔ sum mu se, ‘Momfa mo ho nni!’

“Wobedidi wɔ akwan ho

wobenya adidibea wɔ koko kesee biara so.

10Ɔkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn;

nweatam so hyew ne owia ano hyew renka wɔn,

nea ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan

na ɔde wɔn akɔ nsuaniwa ho.

11Mɛyɛ me mmepɔw nyinaa akwan,

na mʼatempɔn nso mɛma akrɔn.

12Hwɛ, wufi akyirikyiri bɛba

ebinom befi atifi fam, ebinom befi atɔe fam

ebinom nso befi Sinin mantam mu.”

13Momfa anigye nteɛ mu, ɔsoro;

di ahurusi, asase;

mompae mu nnwonto mu, mmepɔw!

Na Awurade kyekye ne nkurɔfo werɛ,

na obehu nʼamanehunufo mmɔbɔ.

14Nanso Sion kae se, “Awurade agyaw me hɔ,

Awurade werɛ afi me.”

15“Ɛna werɛ betumi afi ne ba a otua nufu ano

a ɔrennya ayamhyehye mma ɔba a waturu no no ana?

Ebia ne werɛ befi,

na me werɛ remfi wo!

16Hwɛ, makurukyerɛw wo din agu me nsa yam

wʼafasu wɔ mʼani so daa.

17Mo mmabarima resan aba ntɛm so;

na wɔn a wɔsɛe mo no refi mo nkyɛn akɔ.

18Momma mo ani so nhwɛ mo ho nhyia;

mo mmabarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn.

Sɛ mete ase yi” sɛnea Awurade se,

“mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛde ama mo ho

mubefura wɔn sɛ ayeforokunu.

19“Ɛwɔ mu sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa

maa mo asase daa mpan,

afei nnipa bɛhyɛ wo so ma, ama aboro wo so,

na wɔn a wɔsɛee wo no bɛkɔ akyirikyiri.

20Mmofra a wɔwoo wɔn wɔ mo nna bɔne mu no

bɛka ama moate sɛ,

‘Ɛha sua ma yɛn dodo;

momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’

21Na wobɛka wɔ wo koma mu se,

‘Hena na ɔwoo eyinom maa me?

Na meyɛ ɔwerɛhowni ne obonin;

wotuu me kɔɔ asase foforo so na wɔpoo me.

Hena na ɔtetew eyinom?

Wogyaw me nko ara

na eyinom, he na wofi bae?’ ”

22Sɛɛ na Asafo Awurade se:

“Hwɛ, menyama amanamanmufo,

mɛma me frankaa no so akyerɛ nkurɔfo no

wobeturu wo mmabarima wɔ wɔn nsa so aba

na wɔbɛsoa wo mmabea wɔ wɔn mmati so.

23Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu,

na wɔn ahemmea ayɛ ɛnanom a wɔbɛhwɛ mo.

Wɔbɛkotow mo a wɔn anim butubutuw fam;

wɔbɛtaforo mo nan ase mfutuma.

Afei mubehu sɛ mene Awurade.

Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn huammɔ.”

24Wobetumi agye asade afi akofo nsam;

anaa wobetumi agye nnommumfo afi otirimɔdenfo nsam?

25Nanso, sɛɛ na Awurade se:

“Yiw, wobegye nnommumfo afi akofo nsam

na wɔagye asade afi otirimɔdenfo nsam;

me ne wɔn a wɔne wo nya no benya

na megye wo mma nkwa.

26Mema wɔn a wɔhyɛ wo so no awe wɔn ankasa honam;

wɔn mogya bɛbow wɔn sɛnea wɔanom nsa.

Afei adesamma nyinaa behu

sɛ me, Awurade, me ne wʼAgyenkwa no,

wo Gyefo, Yakob Tumfo No.”

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 49:1-26

Awurade Somfoɔ No

1Montie me, mo mpoano aman;

monyɛ aso mo akyirikyiri aman

ansa na wɔrebɛwo me no, Awurade frɛɛ me

ɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me.

2Ɔyɛɛ mʼano sɛ akofena nnamnnam,

Ɔde me hintaa ne nsa ase nwunu mu;

ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam

na ɔde me hyɛɛ ne bɔha mu.

3Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me ɔsomfoɔ,

Israel, wo mu na mɛda mʼanimuonyam adi.”

4Nanso mekaa sɛ, “Mabrɛ agu

masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee

nanso mede me ho ato Awurade so

na mʼakatua wɔ me Onyankopɔn nkyɛn.”

5Na afei, Awurade akasa:

deɛ ɔnwonoo me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne ɔsomfoɔ

na memfa Yakob nsane mmra ne nkyɛn

na me mmoaboa Israel ano mma no no.

Awurade ahyɛ me animuonyam

na me Onyankopɔn ayɛ mʼahoɔden.

6Ɔka sɛ,

“Wobɛyɛ me ɔsomfoɔ a wode Yakob mmusuakuo bɛsane aba,

na wode Israelfoɔ a mede wɔn asie nso bɛsane aba.

Nanso, mɛma woayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea,

ɛnam wo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.”

7Sei na Awurade seɛ,

Ɔgyefoɔ ne Israel Ɔkronkronni no

de asɛm yi kɔma deɛ ɔman no buu no animtia na wɔkyirii no,

deɛ ɔyɛ sodifoɔ ɔsomfoɔ no:

“Ahene bɛhunu wo na wɔasɔre

ahenemma bɛhunu wo na wɔakoto wo

ɛsiane Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ,

Israel ɔkronkronni a wayi woɔ no enti.”

Israel Si Ne Dada Mu

8Sei na Awurade seɛ:

“Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo,

na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo;

mɛkora wo na mede wo ayɛ

apam ama nkurɔfoɔ no,

de agye asase no asi hɔ

akyekyɛ agyapadeɛ ahodoɔ a asɛe no bio.

9Wobɛka akyerɛ nneduafoɔ sɛ, ‘Momfiri mmra!’

ne wɔn a wɔwɔ esum mu sɛ, ‘Momfa mo ho nni!’

“Wɔbɛdidi wɔ akwan ho.

Wɔbɛnya adidibea wɔ kokoɔ bonini biara so.

10Ɛkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn;

anweatam so hyeɛ ne owia ano hyeɛ renka wɔn.

Deɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan

na ɔde wɔn akɔ nsutire ho.

11Mɛyɛ me mmepɔ nyinaa akwan,

na mʼakwantempɔn nso mɛma akorɔn.

12Hwɛ, wɔfiri akyirikyiri bɛba

ebinom bɛfiri atifi fam, ebinom bɛfiri atɔeɛ fam

ebinom nso bɛfiri Sinin mantam mu.”

13Momfa anigyeɛ nteam, Ao ɔsoro;

di ahurisie, Ao asase;

monto nnwom, Ao mmepɔ!

Na Awurade kyekye ne nkurɔfoɔ werɛ,

na ɔbɛhunu nʼamanehunufoɔ mmɔbɔ.

14Nanso, Sion kaa sɛ, “Awurade agya me hɔ,

Awurade werɛ afiri me.”

15“Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano

a ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa?

Ebia ne werɛ bɛfiri,

na me werɛ remfiri wo!

16Hwɛ, makrukyire wo din agu me nsa yam

wʼafasuo wɔ mʼani so daa.

17Mo mmammarima resane aba ntɛm so;

na wɔn a wɔsɛe mo no refiri mo nkyɛn akɔ.

18Momma mo ani so na monhwɛ mo ho nhyia;

mo mmammarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn.

Sɛ mete ase yi” sɛdeɛ Awurade seɛ,

“mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛdeɛ ama mo ho

mode wɔn bɛfira sɛ ayeforɔkunu.

19“Ɛwom sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa

maa mo asase daa mpan deɛ,

nanso, afei nnipa bɛhyɛ mo so ma, ama aboro mo so,

na wɔn a wɔsɛee mo no bɛkɔ akyirikyiri.

20Mmɔfra a wɔwoo wɔn wɔ mo nnabɔne mu no

bɛka ama moate sɛ,

‘Ɛha sua ma yɛn dodo;

momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’

21Na wobɛka wɔ wʼakoma mu sɛ,

‘Hwan na ɔwoo yeinom maa me?

Na meyɛ ɔwerɛhoni ne obonini;

wɔtuu me kɔɔ asase foforɔ so na wɔpoo me.

Hwan na ɔtetee yeinom?

Wɔgyaa me nko ara

na yeinom, ɛhe na wɔfiri baeɛ?’ ”

22Sei na Asafo Awurade seɛ:

“Hwɛ, mɛnyama amanamanmufoɔ,

mɛpagya me frankaa no akyerɛ nkurɔfoɔ no.

Wɔbɛturu mo mmammarima wɔ wɔn nsa so aba

na wɔbɛsoa mo mmammaa wɔ wɔn mmatire so.

23Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu,

na wɔn ahemaa ayɛ maamenom a wɔbɛhwɛ mo.

Wɔbɛkoto mo a wɔn anim butubutu fam;

wɔbɛtafere mo nan ase mfuturo.

Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade;

Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn hwammɔ.”

24Hwan na ɔbɛtumi agye afodeɛ afiri akofoɔ nsam;

anaa hwan na ɔbɛtumi agye nnommumfoɔ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam?

25Nanso, sei na Awurade seɛ:

“Aane, mɛgye nnommumfoɔ afiri akofoɔ nsam

na mɛgye afodeɛ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam;

me ne wɔn a wɔne mo nya no bɛnya

na mɛgye mo mma nkwa.

26Mema wɔn a wɔhyɛ mo so no awe wɔn ankasa honam;

wɔn mogya bɛbo wɔn sɛdeɛ wɔanom nsã.

Afei adasamma nyinaa bɛhunu

sɛ me, Awurade, me ne wʼAgyenkwa no,

mo Gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ No.”