Yesaia 48 – AKCB & NVI-PT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 48:1-22

Israel Ɔsoɔdenfo

1“Muntie eyi, Yakobfifo

mo a wɔde Israel din frɛ mo,

na moyɛ Yuda asefo,

mo a mobɔ Awurade din ka ntam,

na mofrɛ Israel Nyankopɔn,

nanso ɛnyɛ nokware anaa trenee mu,

2mo a mofrɛ mo ho kurow kronkron no mma

na mode mo ho to Israel Nyankopɔn so,

Asafo Awurade ne ne din.

3Mehyɛɛ nneɛma a atwa mu no ho nkɔm dedaada,

mebɔɔ nkae, na medaa no adi;

afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu.

4Na minim sɛnea moyɛ asoɔden fa

mo kɔn ho ntin yɛ dade

na mo moma yɛ kɔbere mfrafrae.

5Enti, mekaa saa nsɛm yi kyerɛɛ mo dedaada

ansa na ɛrebesisi no, mebɔɔ mo nkae

sɛnea morentumi nka se,

‘Mʼahoni na wɔyɛe:

me dua nsɛsode ne me dade nyame na ɔhyɛe.’

6Moate eyinom nyinaa; monhwɛ wɔn nyinaa.

Morennye wɔn nto mu ana?

“Efi saa bere yi de rekɔ mɛka nsɛm foforo akyerɛ mo,

ɛfa nneɛma a ahintaw a munnim ho.

7Afei na wɔayɛ koraa, ɛnkyɛe;

ebesi nnɛ no na anka montee ho hwee.

Enti morentumi nka se,

‘Yiw na minim dedaw!’

8Wontee, na wontee ase;

efi tete nyinaa wʼaso asiw.

Na minim sɛ woyɛ ɔfatwafo;

wɔfrɛɛ wo otuatewfo fi ɔyafunu mu.

9Me din nti metwentwɛn mʼabufuw so;

mʼayeyi nti miyi fi wo so,

sɛnea merensɛe wo koraa.

10Hwɛ mahoa mo ho, ɛnyɛ sɛnea wɔnan dwetɛ ho;

mmom, masɔ wo ahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu.

11Me nti, me nti, na meyɛ eyi.

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din?

Memma obi nnye mʼanuonyam.

Israel Ahofadi

12“Tie me, Yakob,

Israel a mafrɛ no;

Me ne no;

Me ne odikanfo ne okyikafo.

13Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem,

na me nsa na ɛtrɛw ɔsorosoro mu;

sɛ mefrɛ wɔn a,

wɔn nyinaa bɔ mu sɔre.

14“Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmetie:

ahoni no mu nea ɔwɔ he na waka saa nsɛm yi dedaw?

Awurade boafo a wapaw no

bɛma nʼatirimpɔw a etia Babilonia aba mu;

ne basa betia Babiloniafo.

15Me, me na makasa.

Yiw, mafrɛ no.

Mede no bɛba,

na obewie nʼadwuma nkonimdi so.

16“Montwiw mmɛn me na muntie eyi:

“Efi nkaebɔ a edi kan no, menkasaa wɔ kokoa mu;

bere biara a ebesi no, na mewɔ hɔ.”

Na afei Asafo Awurade

de ne Honhom asoma me.

17Sɛɛ na Awurade se,

mo gyefo, Israel Kronkronni no:

“Mene Awurade mo Nyankopɔn,

nea ɔkyerɛ mo nea eye ma mo,

na ɔkyerɛ mo ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so.

18Sɛ mudii mʼahyɛde so a,

anka mo asomdwoe ayɛ sɛ asubɔnten,

na mo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.

19Anka mo asefo ayɛ sɛ nwea,

na mo mma ayɛ sɛ ne mmosea a wontumi nkan;

wɔn din rempepa da

wɔrensɛe mfi mʼanim.”

20Mumfi Babilonia,

munguan mfi Babiloniafo nkyɛn!

Momfa osebɔ nteɛmu mmɔ nkae

na mompae mu nka eyi.

Momfa nkɔ nsase ano;

monka se, “Awurade abegye ne somfo Yakob.”

21Osukɔm anne wɔn bere a odii wɔn anim, wɔ nweatam ahorow so no,

ɔmaa nsu fii ɔbotan mu ba maa wɔn;

ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsu tue fii mu.

22“Asomdwoe nni hɔ mma amumɔyɛfo.” Sɛɛ na Awurade se.

Nova Versão Internacional

Isaías 48:1-22

Israel Obstinado

1“Escute isto, ó comunidade de Jacó,

vocês que são chamados pelo nome de Israel

e vêm da linhagem de Judá,

vocês que fazem juramentos pelo nome do Senhor

e invocam o Deus de Israel,

mas não em verdade ou retidão;

2vocês que chamam a si mesmos cidadãos da cidade santa

e dizem confiar no Deus de Israel;

o Senhor dos Exércitos é o seu nome:

3Eu predisse há muito as coisas passadas,

minha boca as anunciou, e eu as fiz conhecidas;

então repentinamente agi, e elas aconteceram.

4Pois eu sabia quão obstinado você era;

os tendões de seu pescoço eram ferro,

a sua testa era bronze.

5Por isso há muito contei a você essas coisas;

antes que acontecessem eu as anunciei a você

para que você não pudesse dizer:

‘Meus ídolos as fizeram;

minha imagem de madeira e meu deus de metal as determinaram’.

6Você tem ouvido essas coisas;

olhe para todas elas.

Você não irá admiti-las?

“De agora em diante eu contarei a você coisas novas,

coisas ocultas, que você desconhece.

7Elas foram criadas agora, e não há muito tempo;

você nunca as conheceu antes.

Por isso você não pode dizer:

‘Sim, eu as conhecia’.

8Você não tinha conhecimento nem entendimento;

desde a antiguidade o seu ouvido tem se fechado.

Sei quão traiçoeiro você é;

desde o nascimento você foi chamado rebelde.

9Por amor do meu próprio nome eu adio a minha ira;

por amor de meu louvor eu a contive,

para que você não fosse eliminado.

10Veja, eu refinei você, embora não como prata;

eu o provei na fornalha da aflição.

11Por amor de mim mesmo,

por amor de mim mesmo, eu faço isso.

Como posso permitir que eu mesmo seja difamado?

Não darei minha glória a nenhum outro.

A Libertação de Israel

12“Escute-me, ó Jacó,

Israel, a quem chamei:

Eu sou sempre o mesmo;

eu sou o primeiro e eu sou o último.

13Minha própria mão lançou os alicerces da terra,

e a minha mão direita estendeu os céus;

quando eu os convoco,

todos juntos se põem em pé.

14“Reúnam-se, todos vocês, e escutem:

Qual dos ídolos predisse essas coisas?

O amado do Senhor cumprirá seu propósito contra a Babilônia;

seu braço será contra os babilônios.

15Eu, eu mesmo, falei;

sim, eu o chamei.

Eu o trarei,

e ele será bem-sucedido em sua missão.

16“Aproximem-se de mim e escutem isto:

“Desde o primeiro anúncio

não falei secretamente;

na hora em que acontecer, estarei ali.”

E agora o Soberano, o Senhor, me enviou,

com seu Espírito.

17Assim diz o Senhor, o seu redentor,

o Santo de Israel:

“Eu sou o Senhor, o seu Deus,

que ensina o que é melhor para você,

que o dirige no caminho em que você deve ir.

18Se tão somente você tivesse prestado atenção às minhas ordens,

sua paz seria como um rio,

sua retidão, como as ondas do mar.

19Seus descendentes seriam como a areia,

seus filhos, como seus inúmeros grãos;

o nome deles jamais seria eliminado

nem destruído de diante de mim”.

20Deixem a Babilônia,

fujam do meio dos babilônios!

Anunciem isso com gritos de alegria

e proclamem-no.

Enviem-no aos confins da terra; digam:

O Senhor resgatou seu servo Jacó.

21Não tiveram sede quando ele os conduziu através dos desertos;

ele fez água fluir da rocha para eles;

fendeu a rocha, e a água jorrou.

22“Não há paz alguma para os ímpios”, diz o Senhor.