Yesaia 47 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 47:1-15

Babilonia Asehwe

1“Sian kɔ, tena mfutuma mu,

Ɔbabea Babilonia;

tena fam na mfa ahengua,

Babiloniafo hemmea kuropɔn.

Wɔremfrɛ wo bio se,

nsiforo anaa nea ne ho yɛ na.

2Fa awiyammo na yam esiam;

yi wo nkataanim no.

Ma wʼatade so kɔ soro, na wo nan ho ngu hɔ,

na fa nsuwansuwa no mu.

3Wʼadagyaw bɛda adi

na wʼanimguase so renkata.

Mɛtɔ were;

meremfa obiara ho nkyɛ no.”

4Yɛn Gyefo, Asafo Awurade ne ne din,

ɔno ne Israel Kronkronni.

5“Tena ase dinn, kɔhyɛ sum mu,

Babiloniafo hemmea kurow;

wɔremfrɛ wo bio se

ahenni ahorow so hemmea.

6Me bo fuw me nkurɔfo,

na miguu mʼagyapade ho fi;

mede wɔn hyɛɛ wo nsa,

na woanhu wɔn mmɔbɔ.

Nkwakoraa koraa mpo,

wosoaa wɔn konnua duruduru.

7Wokae se, ‘Mɛkɔ so daa,

ayɛ ɔhemmea afebɔɔ.’

Nanso woannwen saa nneɛma yi ho

na woansusuw nea ebetumi asi ho.

8“Afei tie, wo oguamanfo,

woredwudwo wo ho wɔ wo bammɔ mu

na woka kyerɛ wo ho se,

‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me.

Merenyɛ okunafo da

na merenni awommawu.’

9Saa nneɛma abien yi bɛto wo

prɛko pɛ, da koro pɛ:

awommawu ne kunayɛ.

Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara,

wʼabayisɛm bebrebe yi

ne ntafowayi a mu yɛ den nyinaa akyi.

10Wode wo ho ato wʼamumɔyɛ so

na waka se, ‘Obiara nhu me.’

Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwan

bere a woka kyerɛ wo ho se,

‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’

11Amanehunu bɛto wo,

na worenhu ɔkwan ko a wobɛfa so ayi afi hɔ.

Ɔhaw bi bɛba wo so

a worentumi mfa mpata nyi mfi hɔ;

atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wo

bɛba wo so mpofirim.

12“Kɔ so yɛ wo ntafowayi

ne wʼabayisɛm bebrebe

a wode adi dwuma fi wo mmofraase no.

Ebia wubedi nkonim,

ebia wode ehu bɛba.

13Woabrɛ wɔ afotufo bebrebe a woanya no mu!

Ma wo nsoromma ho anyansafo mmra anim,

wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no, ka nea ɛreba ɔsram biara mu no,

ma wonnye wo mfi nea ɛreba wo so no mu.

14Nokwarem, wɔte sɛ gyentia;

ogya bɛhyew wɔn.

Na wontumi nnye wɔn ankasa ho

mfi ogyaframa anoden no ho.

Nnyansramma biara nni ha a ɛbɛka obiara hyew;

ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.

15Nea wobetumi ayɛ ama wo ara ne no,

eyinom na wo ne wɔn abrɛ

na wo ne wɔn anantew fi mmofraase.

Wɔn mu biara kɔ so yɛ ne mfomso;

ɔbaako mpo nni hɔ a obetumi agye wo.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 47:1-15

巴比伦的覆灭

1巴比伦的少女啊,

下来坐在尘土中吧!

迦勒底的姑娘啊,

坐在没有宝座的地上吧!

因为你必不再娇柔细嫩。

2你要推磨磨面,

揭下面纱,掀起裙子,

露出大腿,涉水过河。

3你必赤身裸体,

露出羞处。

我必报仇,不放过一人。

4我们的救赎主是以色列的圣者,

祂名叫万军之耶和华。

5迦勒底的姑娘啊,

要静静地坐着,进入黑暗中,

因为你不再被称为列国之后。

6我曾向我的子民发怒,

让我的产业被玷污,

把他们交在你手中。

你对他们毫不留情,

甚至让老人负极重的轭。

7你声称要永远做王后,

不把这些事放在心上,

也不思想以后的结局。

8“淫逸安舒的人啊,听着!

你以为天地间唯你独尊,

你必不致寡居,

也不会遭丧子之痛。

9谁知寡居、丧子二事却忽然在同一天临到你身上。

即使你懂得许多邪术和符咒,

也于事无补。

10“你肆无忌惮地行恶,

自以为没有人看见。

你被自己的聪明智慧欺骗,

自以为天下无双。

11你必大祸临头,

不知如何祛灾避祸。

灾祸必落在你身上,

无可挽回。

你意想不到的祸患必突然来到。

12“你自幼就勤练符咒和五花八门的邪术,继续施展吧!

也许会有用处,

也许会令人害怕。

13众多的计谋使你疲惫不堪,

让那些观天象、

每月说预言的占星家来救你脱离将临的灾祸吧!

14“看啊,他们不过像枯草,

必遭焚烧,

无法救自己脱离烈焰。

这火并非取暖的炭火,

也不是人可以靠近的火。

15你自幼交往的占星家帮不上你,

他们都四散奔逃,无人救你。