Yesaia 46 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 46:1-13

Babilonia Anyame

1Bel bɔ ne mu ase, Nebo brɛ ne dibea ase;

mfurum soa wɔn ahoni.

Nsɛsode a wɔso nenam no mu yɛ duru,

ɛyɛ adesoa ma nea wabrɛ.

2Wɔbɔ mu kotow, bɔ wɔn mu ase;

wontumi nsiw amanehunu ano,

wɔn ankasa kɔ nkoasom mu.

3“Muntie me, Yakobfifo,

mo a moaka wɔ Israelfi nyinaa,

mo a maso mo mu fi mo nyinsɛn mu,

na maturu mo afi bere a wɔwoo mo.

4Mpo kosi mo nkwakoraa bere ne bere a mubefuw dwen mu,

Me ne no, Me ne nea obeso mo mu.

Mabɔ mo na meturu mo;

mɛwowaw mo na megye mo.

5“Hena ho na mode me bɛto, anaa mubebu no me sɛso?

Hena na mode me besusuw no, na mode no atoto me ho?

6Ebinom hwie sikakɔkɔɔ fi wɔn nkotoku mu

na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so;

wɔbɔ sika dwumfo paa, ma ɔde yɛ onyame bi,

na wɔkotow sɔre no.

7Wɔsoa no wɔ wɔn mmati so,

wɔde kosi nʼafa, na ɛka hɔ ara.

Ɛrentumi mfi faako a esi.

Obi teɛ mu frɛ no de, nanso ommua;

ɛrentumi nyi no mfi ne haw mu.

8“Monkae yiye, momma ɛnka mo tirim,

munnwen ho mo atuatewfo.

9Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no;

Mene Onyankopɔn, na obi nni hɔ;

Mene Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me.

10Meda awiei adi fi mfiase,

efi tete, meka nea ɛbɛba.

Meka se: ‘Mʼatirimpɔw begyina,

na mɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’

11Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afi apuei fam;

afi akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botae ma.

Nea maka no, ɛno na mɛma aba mu;

nea madwen ho no, ɛno na mɛyɛ.

12Muntie me, mo a moyɛ akokodurufo,

mo a mo ne trenee ntam kwan ware;

13Mede me trenee rebɛn,

enni akyirikyiri;

na me nkwagye nso renkyɛ.

Mɛma Sion nkwagye,

na mede mʼanuonyam ama Israel.

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 46:1-13

Babilonia Anyame

1Bel bɔ ne mu ase, Nebo kuntun ne mu;

mfunumu soa wɔn ahoni.

Nsɛsodeɛ a wɔso nenam no mu yɛ duru,

ɛyɛ adesoa ma deɛ wabrɛ.

2Wɔbɔ mu kuntun, bɔ wɔn mu ase;

wɔntumi nsi amanehunu ano,

wɔn ankasa kɔ nkoasom mu.

3“Montie me, Ao Yakob fiefoɔ,

mo a moaka wɔ Israel efie nyinaa,

mo a masɔ mo mu firi mo nyinsɛn mu,

na maturu mo afiri ɛberɛ a wɔwoo mo.

4Mpo kɔsi mo nkɔkoraa berɛ ne ɛberɛ a mobɛfu dwono mu,

Me ne no, Me ne deɛ ɔbɛsɔ mo mu.

Mabɔ mo na mɛturu mo;

mɛwowa mo na mɛgye mo.

5“Hwan ho na mode me bɛto, anaa mobɛbu no me sɛso?

Hwan na mode me bɛsusu no, na mode ayɛ mfatoho?

6Ebinom hwie sikakɔkɔɔ firi wɔn mmɔtɔ mu

na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so;

wɔbɔ sika dwumfoɔ paa, ma ɔde yɛ onyame bi,

na wɔkoto sɔre no.

7Wɔsoa no wɔ wɔn mmatire so,

wɔde kɔsi nʼafa, na ɛka hɔ ara.

Ɛrentumi mfiri faako a esie.

Obi team frɛ no deɛ, nanso ɔmmua;

ɛrentumi nyi no mfiri ne haw mu.

8“Monkae no yie, momma ɛnka mo tirim,

monnwene ho mo atuatefoɔ.

9Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no;

Me ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ;

Me ne Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me.

10Meda awieeɛ adi firi ahyɛaseɛ,

ɛfiri tete, meka deɛ ɛrennya mmaeɛ.

Meka sɛ: Mʼatirimpɔ bɛgyina,

na mɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.

11Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afiri apueeɛ fam;

afiri akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botaeɛ ma.

Deɛ maka no, ɛno na mɛma aba mu;

deɛ madwene ho no, ɛno na mɛyɛ.

12Montie me, mo a moyɛ akokoɔdurufoɔ,

mo a mo ne tenenee ntam ɛkwan ware;

13Mede me tenenee repinkyɛ,

ɛnni akyirikyiri;

na me nkwagyeɛ nso, ɛrenkyɛre.

Mɛma Sion nkwagyeɛ,

na mede mʼanimuonyam ama Israel.