Yesaia 43 – AKCB & NVI-PT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 43:1-28

Israel Agyenkwa Koro

1Na afei, sɛɛ na Awurade se,

nea ɔbɔɔ wo, Yakob

nea ɔnwen wo, Israel;

“Nsuro na magye wo;

mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea.

2Sɛ wofa nsu mu a,

mɛka wo ho;

na sɛ wutwa nsubɔnten no a,

ɛremmu mfa wo so.

Sɛ wonantew ogya no mu a,

worenhyew;

ogyaframa no renhye wo.

3Na mene Awurade, wo Nyankopɔn,

Israel Kronkronni, wo Agyenkwa.

Mede Misraim yɛ mpata ma wo

na mede Kus ne Seba si wʼanan mu.

4Sɛ wosom bo ma me na wowɔ anuonyam wɔ mʼanim

na medɔ wo nti,

mede nnipa bɛsesa wo,

na mede nkurɔfo asesa wo nkwa.

5Nsuro, efisɛ meka mo ho;

mede wo mma befi apuei fam aba

na maboa wɔn ano afi atɔe fam.

6Mɛka akyerɛ atifi fam se, ‘Munnyaa wɔn!’

ne anafo fam se, ‘Munnye wɔn ntena ha.’

Momfa me mmabarima mfi akyirikyiri mmra

na me mmabea mfi asase ano mmra,

7obiara a me din da no so,

nea mebɔɔ no de hyɛɛ me ho anuonyam,

nea menwen no na meyɛɛ no.”

8Momfa wɔn a wɔwɔ ani, nanso wonhu ade

wɔn a wɔwɔ aso nanso asisiw no mmra.

9Aman no nyinaa boa wɔn ho ano,

na nnipa no hyia mu.

Wɔn mu hena na ɔkaa eyi fii mfiase

na ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn?

Ma wɔmmfa wɔn nnansefo mmra mmedi adanse sɛ wodi bem,

sɛnea afoforo bɛte na wɔaka se, “Ɛyɛ nokware.”

10“Mone me nnansefo, ne mʼasomfo a mapaw no,”

sɛɛ na Awurade se,

“Sɛnea mubehu na moagye me adi

na moate ase sɛ me ne no.

Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim,

na mʼakyi nso obiara remma.

11Me, Me ara, Mene Awurade,

na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me.

12Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka se,

Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu.

Mone me nnansefo,” Awurade na ose sɛ, “Mene Onyankopɔn.

13Yiw, na efi teteete no me ne no.

Obiara rentumi nnye mfi me nsam

sɛ meyɛ biribi a, hena na obetumi adan no?”

Onyankopɔn Ahummɔbɔ Ne Israel Huammɔdi

14Sɛɛ na Awurade se,

wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no:

“Mo nti, mɛsoma akɔ Babilonia,

na mede Babiloniafo nyinaa bɛba sɛ aguanfo

wɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu.

15Mene Awurade, wo Kronkronni no,

Israel Yɛfo, wo Hene.”

16Sɛɛ na Awurade se,

nea ɔbɔɔ kwan wɔ po mu,

kwan a ɛda asubun mu,

17nea ɔtwee nteaseɛnam ne apɔnkɔ,

asraafo ne ne nkekaho nyinaa,

na wɔkaa hɔ a wɔansɔre bio,

wɔadum wɔn te sɛ kanea mu ntamabamma:

18“Momma mo werɛ mfi kan nneɛma no

monntɔ nnkɔ nea atwam no so.

19Hwɛ, mereyɛ ade foforo!

Mprempren, ɛrepue; na munhu ana?

Merebɔ kwan afa nweatam so

na mereyɛ nsuwansuwa wɔ asase wosee so.

20Mmoa a wɔyɛ keka hyɛ me anuonyam,

adompo ne mpatu,

efisɛ mema nsu wɔ nweatam so

ne nsuwansuwa wɔ asase wosee so,

de ma me nkurɔfo, wɔn a mapaw wɔn no nsu,

21nnipa a meyɛɛ wɔn maa me ho

sɛ wɔmpae mu nka mʼayeyi.

22“Nanso, womfrɛɛ me, Yakob,

wonhaw wo ho wɔ me ho, Israel.

23Momfaa nguan mmrɛɛ me sɛ ɔhyew afɔrebɔde,

na momfaa mo afɔrebɔ nhyɛɛ me anuonyam nso.

Memmaa aduan afɔre nyɛɛ mo adesoa

na memfaa nnuhuamgye nhaw mo.

24Montɔɔ nnuhuam mmrɛɛ me,

na mommaa mo afɔrebɔde mu srade mmuu me so.

Mmom, mode mo bɔne asoa me

na mode mo mfomso ho haw abɛto me so.

25“Me, me ara, mene nea ɔpepa

mo bɔne, me nti,

na menkae mo amumɔyɛ bio.

26Monhwehwɛ nea atwa mu no mu bio mma me,

momma yɛmmɔ mu nnye asɛm no ho akyinnye;

ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wunni fɔ no.

27Mo agya a odii kan no yɛɛ bɔne;

mo kasamafo tew mʼanim atua.

28Enti magu mo asɔredan mu atitiriw anim ase,

na mede Yakob ama ɔsɛe

na mede Israel ama ahohora.

Nova Versão Internacional

Isaías 43:1-28

O Único Salvador de Israel

1Mas agora assim diz o Senhor,

aquele que o criou, ó Jacó,

aquele que o formou, ó Israel:

“Não tema, pois eu o resgatei;

eu o chamei pelo nome; você é meu.

2Quando você atravessar as águas,

eu estarei com você;

quando você atravessar os rios,

eles não o encobrirão.

Quando você andar através do fogo,

não se queimará;

as chamas não o deixarão em brasas.

3Pois eu sou o Senhor, o seu Deus,

o Santo de Israel, o seu Salvador;

dou o Egito como resgate para livrá-lo,

a Etiópia43.3 Hebraico: Cuxe. e Sebá em troca de você.

4Visto que você é precioso e honrado à minha vista,

e porque eu o amo,

darei homens em seu lugar,

e nações em troca de sua vida.

5Não tenha medo, pois eu estou com você,

do oriente trarei seus filhos

e do ocidente ajuntarei você.

6Direi ao norte: ‘Entregue-os!’

e ao sul: ‘Não os retenha’.

De longe tragam os meus filhos,

e dos confins da terra as minhas filhas;

7todo o que é chamado pelo meu nome,

a quem criei para a minha glória,

a quem formei e fiz”.

8Traga o povo que tem olhos, mas é cego,

que tem ouvidos, mas é surdo.

9Todas as nações se reúnem,

e os povos se ajuntam.

Qual deles predisse isso

e anunciou as coisas passadas?

Que eles façam entrar suas testemunhas,

para provarem que estavam certos,

para que outros ouçam e digam: “É verdade”.

10“Vocês são minhas testemunhas”, declara o Senhor,

“e meu servo, a quem escolhi,

para que vocês saibam e creiam em mim

e entendam que eu sou Deus43.10 Ou ele.

Antes de mim nenhum deus se formou,

nem haverá algum depois de mim.

11Eu, eu mesmo, sou o Senhor,

e além de mim não há salvador algum.

12Eu revelei, salvei e anunciei;

eu, e não um deus estrangeiro entre vocês.

Vocês são testemunhas de que eu sou Deus”,

declara o Senhor.

13“Desde os dias mais antigos eu o sou.

Não há quem possa livrar alguém de minha mão.

Agindo eu, quem o pode desfazer?”

A Misericórdia de Deus e a Infidelidade de Israel

14Assim diz o Senhor, o seu Redentor, o Santo de Israel:

“Por amor de vocês mandarei inimigos contra a Babilônia

e farei todos os babilônios43.14 Ou caldeus; também em 47.1,5; 48.14 e 20. descerem como fugitivos

nos navios de que se orgulhavam.

15Eu sou o Senhor, o Santo de vocês,

o Criador de Israel e o seu Rei”.

16Assim diz o Senhor,

aquele que fez um caminho pelo mar,

uma vereda pelas águas violentas,

17que fez saírem juntos os carros e os cavalos,

o exército e seus reforços,

e eles jazem ali, para nunca mais se levantarem,

exterminados, apagados como um pavio:

18“Esqueçam o que se foi;

não vivam no passado.

19Vejam, estou fazendo uma coisa nova!

Ela já está surgindo! Vocês não a reconhecem?

Até no deserto vou abrir um caminho

e riachos no ermo.

20Os animais do campo me honrarão,

os chacais e as corujas,

porque fornecerei água no deserto

e riachos no ermo,

para dar de beber a meu povo, meu escolhido,

21ao povo que formei para mim mesmo

a fim de que proclamasse o meu louvor.

22“Contudo, você não me invocou, ó Jacó,

embora você tenha ficado exausto por minha causa, ó Israel.

23Não foi para mim que você trouxe ovelhas para holocaustos43.23 Isto é, sacrifícios totalmente queimados.,

nem foi a mim que você honrou com seus sacrifícios.

Não o sobrecarreguei com ofertas de cereal,

nem o deixei exausto com exigências de incenso.

24Você não me comprou nenhuma cana aromática,

nem me saciou com a gordura de seus sacrifícios.

Mas você me sobrecarregou com seus pecados

e me deixou exausto com suas ofensas.

25“Sou eu, eu mesmo,

aquele que apaga suas transgressões, por amor de mim,

e que não se lembra mais de seus pecados.

26Relembre o passado para mim;

vamos discutir a sua causa.

Apresente o argumento

para provar sua inocência.

27Seu primeiro pai pecou;

seus porta-vozes se rebelaram contra mim.

28Por isso envergonharei os líderes do templo,

e entregarei Jacó à destruição

e Israel à zombaria.