Yesaia 4 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 4:1-6

1Saa da no, mmea baason

beso ɔbarima baako mu aka se,

“Yɛbɛbɔ yɛn ho akɔnhama

na yɛn ankasa apɛ yɛn adurade;

ma wo din nna yɛn so kɛkɛ.

Yi ahohora fi yɛn so!”

Awurade Baa No

2Saa da no Awurade Baa no bɛyɛ fɛ na anya anuonyam, na asase no so aba bɛyɛ ahohoahoa ne anuonyam ama Israel nkae no. 3Wɔn a wɔaka wɔ Sion, a wɔte Yerusalem no, wɔbɛfrɛ wɔn kronkron, wɔn a wɔakyerɛw wɔn din aka ateasefo ho wɔ Yerusalem nyinaa. 4Awurade bɛhohoro Sion mmea ho fi; ɔde atemmu honhom ne ogya honhom bɛpepa mogya nkekae a ɛwɔ Yerusalem. 5Afei, Bepɔw Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano wɔ hɔ nyinaa, Awurade de wusiw mununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya a ɛdɛw akata wɔn so anadwo; ntama kyinii bɛkata anuonyam yi nyinaa so. 6Ɛbɛyɛ hintabea ne onwini wɔ awia anoden mu, na osu ne ahum mu nso, ɛbɛyɛ guankɔbea ne hintabea.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 4:1-6

1那时,七个女人将拉着一个男人,说:“我们会负责自己的吃穿,只求你娶我们,让我们归在你名下,好除掉我们嫁不出去的羞辱。”

耶路撒冷的复兴

2到那日,耶和华的苗必长得茂盛华美,这地方的出产必成为以色列幸存者的骄傲和光荣。 3-4主必以公义的灵和焚烧的灵洗净锡安的污秽,清除耶路撒冷的血迹。所有锡安剩余的人,即留在耶路撒冷、名字记录在生命册上的人都将被称为圣洁之民。 5耶和华必在日间用烟云遮蔽整个锡安山和那里的会众,在夜间用火光照亮他们。祂的荣耀必遮盖一切, 6是白日避暑的亭子,是躲避狂风暴雨的避难所和藏身处。