Yesaia 36 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 36:1-22

Sanaherib Hunahuna Yerusalem

1Ɔhene Hesekia adedi mfe dunan so no, Asiriahene Sanaherib bɛtow hyɛɛ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no so dii so. 2Afei Asiriahene somaa nʼananmusifo fi Lakis a asraafo dɔm kɛse ka ne ho kohyiaa Ɔhene Hesekia wɔ Yerusalem. Bere a ɔsahene begyinaa nsudorobɛn bi a efi Atifi Tare de kɔ Ntamahorofo Atenae hɔ no, 3Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfi no ntotoe so; Sebna a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne Asaf babarima Yoa a na ɔno nso yɛ ɔkyerɛwfo kohyiaa no.

4Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monka nkyerɛ Hesekia se,

“ ‘Asɛm a otumfo, Asiriahene ka ni: Dɛn na wode wo ho to so a ɛma wugye wo ho di saa? 5Woka se wowɔ akodi ho nyansa ne nʼahoɔden, nanso woka nsɛm hunu. Hena na ɔtaa wʼakyi a enti wotew mʼanim atua? 6Hwɛ wʼani da Misraim so, demmire a emu abu a ɛte sɛ pema a wutweri a ɛbɛwɔ wo nsa mu apira wo no! Saa na Misraimhene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no nyinaa. 7Ebia wobɛka se, “Yɛde yɛn ho to Awurade, yɛn Nyankopɔn so!” Ɛnyɛ ɔno na ɔhene Hesekia atutu nʼabosonnan ne afɔremuka nyinaa, ahyɛ Yudafo sɛ wɔnsom wɔ afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem ha nko ara so no?

8“ ‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Sɛ wubenya apɔnkɔsotefo mpenu, afi wo asraafo mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so. 9Na wʼasraafo ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso dae, sɛ wubetumi ne me wura asraafo no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛw no mpo adi asi. Minim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo mmoa so. 10Bio, wugye di sɛ, maba sɛ merebɛtow ahyɛ asase yi so asɛe no kwa a Awurade nsa nni mu? Awurade ankasa ka kyerɛɛ me se menkɔko ntia saa asase yi na mensɛe no.’ ”

11Na Eliakim, Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔsahene no se, “Yɛsrɛ mo, monka Arameike kasa nkyerɛ mo asomfo, efisɛ, yɛte ase yiye. Monnka Hebri36.11 Hebri kasa yɛɛ kasa a na wɔde di nkitaho saa bere no. Efi 5 AWK no, Hebri kasa bɛyɛɛ Yudafo kasa. na nnipa a wɔwɔ ɔfasu no so no bɛte ase.”

12Na Senaherib nanmusini no buae se, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wobetua kuropɔn yi. Ɔkɔm ne osukɔm werɛmfo bɛde nkurɔfo no ara kosi sɛ, wobedi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”

13Afei ɔsahene no sɔre gyina kasaa wɔ Hebri mu se, “Muntie saa nkra yi a efi ɔhempɔn, Asiriahene nkyɛn no! 14Sɛnea ɔhene no se ni: Mommma Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo! 15Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkae se, ‘Awurade begye yɛn! Wɔremfa saa kurow yi mma Asiriahene’ no mma mo tirim nyɛ mo dɛ.

16“Munntie Hesekia. Nea Asiriahene ka ni: Mo ne me nyɛ asomdwoe nhyehyɛe na mommra me nkyɛn. Na afei, mɛma mo mu biara adi ɔno ankasa bobe ne borɔdɔma na woanom nsu afi ɔno ankasa abura mu, 17kosi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo de yi so, awi ne nsa foforo asase, aduan ne bobe mfuw asase.

18“Mommma Hesekia nka se, ‘Awurade begye yɛn,’ mfa nnaadaa mo. Ɔman bi so nyame atumi agye ne man afi Asiriahene nsam pɛn ana? 19Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Na Sefarwaim anyame no nso wɔ he? Wɔagye Samaria afi me nsam ana? 20Ɔman bɛn so nyame na watumi agye ne manfo afi me tumi ase? Na afei ɛbɛyɛ dɛn na Awurade betumi agye Yerusalem afi me nsam.”

21Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuae biara, efisɛ na Hesekia aka akyerɛ wɔn se wɔnnkasa.

22Afei Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfi no ntotoe so, Sebna a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔkyerɛwfo kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntade mu, kɔkaa nea ɔsahene no aka akyerɛ no no.

Japanese Contemporary Bible

イザヤ書 36:1-22

36

セナケリブ、エルサレムを脅かす

1ヒゼキヤ王の治世の第十四年に、アッシリヤの王セナケリブがユダの要塞化された町々を残らず占領しました。 2それからだいぶたってからのことです。王はラキシュから大軍をつけて使者を送り、エルサレムのヒゼキヤ王と交渉させました。使者の一行は、布さらしの野を通る道のほとりの、上の貯水池の出口近くに陣を張りました。 3ヒルキヤの子でイスラエルの首相のエルヤキム、王の書記官シェブナ、それにアサフの子で王の秘書官のヨアフが休戦交渉の委員となり、彼らに会いに出かけました。 4使者は、次のようなヒゼキヤ王への伝言を突きつけました。

「アッシリヤの大王は、エジプトのファラオの助けをあてにするのは愚か者だと仰せになっている。 5ファラオの約束など、ぼろきれ同然だ。口先だけでは勝てない。それなのに、おまえは彼の助けをあてにし、私に手向かった。 6エジプトは危険な同盟軍だ。何をしでかすかわかったものじゃない。寄りかかってきたら手を刺してやろうと、杖の先をとがらせて待っている。忘れるな、今までこの国に助けを求めた者は、例外なくひどい目に会ったのだぞ。 7ひょっとしたらおまえは、『われわれは神にお頼りしている』と殊勝なことを言うかもしれない。だが、よく考えてみろ。その神にしてからが、ヒゼキヤ王が丘の上の神殿や祭壇を片っ端から壊したあげく、ユダの民に、エルサレムの祭壇の前でだけ拝めと命じた、あの神ではないか。 8-9わが主君、アッシリヤの大王は、ちょっとした賭けをしたいと言っておられる。どうかな、そちらの兵は二千とは残っていまい。もし残っていたら、大王は二千頭の馬をくれてやろうとおっしゃる。それで編成した、吹けば飛ぶような軍隊では、わが軍の一番弱い部隊ですら撃退できまい。エジプトの助けなどあてにならないからだ。 10それだけではない。そもそも、ここまでわざわざ出かけて来たのも、主がこの国を占領せよと言ったからだ。『さあ、行って、ユダを滅ぼせ。』そう、神は言ったのだ。」

11これを聞いたエルヤキムとシェブナ、それにヨアフは、使者に頼みました。「私どもはアラム語(当時の国際共通語)がよくわかります。どうか、ヘブル語でなくアラム語で話してください。城壁の上にいる者たちに聞かれたくありませんので……。」 12ところが、相手はますます居丈高に答えました。「大王は、おまえたちだけでなくエルサレム中の者に知らせたいと思っておられるのだ。おまえたちが降伏しなければ、この都はすっかり包囲され、だれもが飢えと渇きに我慢できなくなって、自分の糞を食べ、自分の尿を飲むようになることを知らせたいと。」

13こう言うと、城壁の上で聞き耳を立てているユダヤ人たちに、大声でどなりました。「アッシリヤの大王のおことばを、よおく聞け。大王はこう仰せだ。 14『ヒゼキヤにだまされるな。彼がどんなにもがいても、おまえたちを救えない。 15神を信じろ、神がついていれば、アッシリヤ王に征服されることはないと言われても、耳を貸すな。 16ヒゼキヤの言うことを聞くな。大王はすばらしい条件を出しておられる。さあ、降伏のしるしに貢ぎ物を出せ。門を開けて出て来い。そうすれば、もれなく畑と庭と飲み水を与え、 17いずれ、こことよく似た国へ連れて行ってやろう。穀物もぶどうもよく取れる、豊かな国だ。 18気休めにすぎないヒゼキヤのことばにつられて、こんなすばらしい特権をふいにするな。これまでに、大王の無敵の軍隊を負かした神々がいたか。 19ハマテやアルパデがどんな目に会ったか覚えているだろう。彼らの神々は彼らを救ったか。セファルワイムとサマリヤの場合はどうだ。今、彼らの神々はどこにいる。 20これらの国々の神が、私の手から人々を救い出したか。そんな例があったら、その神の名を挙げてみろ。なのに、おまえたちの神に限ってエルサレムを救えるとでも考えているのか。頭を冷やして、よく考えてみることだ。』」

21人々は押し黙ってひと言も答えません。ヒゼキヤがそう命じておいたからです。 22首相のエルヤキム、王の書記官シェブナ、それに王の秘書官ヨアフは、絶望のしるしに、着ている服をずたずたに裂き、ヒゼキヤのところへ帰って一部始終を報告しました。